Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 8/8 kr. 8-11
  • Boa Wo Mma Ma Ensi Wɔn Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Wo Mma Ma Ensi Wɔn Yiye
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tebea a Ɛfata
  • Nkamfo
  • Nkitahodi
  • Abufuw a Wobedi So
  • Asomdwoe ne Obu a Yebekura Mu
  • Honhom Fam Ahiade Ho Dwumadi
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Monkyerɛkyerɛ Mo Mma Mma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • So Bible Betumi Aboa Wo Ma Woatete Wo Mma?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 8/8 kr. 8-11

Boa Wo Mma Ma Ensi Wɔn Yiye

ƐDEFA mmofra ntetee ho no, awofo pii bɔre hwehwɛ ano aduru a nokwasɛm no ne sɛ ɛbɛn wɔn wɔ wɔn ankasa afie mu no. Mmusua pii wɔ Bible, nanso sɛ́ anka wɔde bedi dwuma wɔ mmofra ntetee mu no, wogya to nhoma pon so ma ɛho bɔ ntuw.

Ɛwom, nnipa pii adwene mu yɛ wɔn naa wɔ Bible a wɔde bedi dwuma sɛ abusua asetra kwankyerɛfo no ho. Wɔbɔ gu sɛ nea ne bere atwam, na ɛyɛ katee dodo. Nanso sɛ yɛde nokwaredi hwehwɛ Bible mu a, yebehu sɛ ɛyɛ nhoma a mfaso wɔ so ma mmusua. Ma yɛnhwɛ sɛnea ɛte.

Tebea a Ɛfata

Bible ka kyerɛ agya sɛ ommu ne mma sɛ “ngodua a wɔatetɛw atwa [ne] pon ho ahyia.” (Dwom 128:3, 4) Duforo ketewa ntumi nnyin nsow aba bere a wɔnyɛ ho adwuma yiye, ennyaa aduannuru, dɔte ne fɔnwini a ɛfata. Saa ara na mmofra ntetee a etu mpɔn nso hwehwɛ adwumayɛ ne ɔhwɛ. Mmofra hia tebea a eye na ama wɔanyin ayɛ mpanyin.

Ade a edi kan a ɛboa wɔ tebea a ɛte saa mu ne ɔdɔ—wɔ awarefo ne awofo ne mmofra ntam. (Efesofo 5:33; Tito 2:4) Abusuafo pii dodɔ wɔn ho wɔn ho nanso wonhu hia a ehia sɛ wɔda ɔdɔ a ɛte saa adi. Nanso, susuw ho hwɛ: Sɛ wokyerɛw w’adamfo bi krataa na woammɔ address angu akyi, amfa stamp antim so, anaa woamfa ammena a, so wubetumi aka sɛ wo ne w’adamfo no adi nkitaho? Saa ara na Bible kyerɛ sɛ ɔdɔ ankasa sen nkate a ɛma koma ani gye; ɛnam nsɛm ne nneyɛe so da ne ho adi. (Fa toto Yohane 14:15 ne 1 Yohane 5:3 ho.) Onyankopɔn yɛɛ ho nhwɛso, de nsɛmfua daa ɔdɔ a ɔwɔ ma ne Ba no adi: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.”—Mateo 3:17.

Nkamfo

Ɔkwan bɛn so na awofo betumi ada ɔdɔ a ɛte saa adi akyerɛ wɔn mma? Nea edi kan no, hwɛ nneɛma pa a wɔyɛ no. Ɛyɛ mmerɛw sɛ wobenya mmofra ho mfomso. Osuahu a wonni, wɔn ho a ɛnkokwawee, ne wɔn pɛsɛmenkominya bɛda adi wɔ akwan horow pii so da biara da. (Mmebusɛm 22:15) Nanso wɔbɛyɛ nneɛma pa pii da biara. Emu nea ɛwɔ he na wode w’ani besi so? Onyankopɔn mfa n’ani nsi yɛn mfomso ahorow so, na mmom, ɔkae papa a yɛyɛ no. (Dwom 130:3; Hebrifo 6:10) Ɛsɛ sɛ yɛne yɛn mma di wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so.

Aberante bi ka sɛ: “Wɔ me fie asetra nyinaa mu no, menkae sɛ wɔkamfoo me da—wɔ biribi a mayɛ wɔ fie anaa sukuu mu ho.” Awofo, mummmu mo ani nngu mo mma ahiade titiriw yi so! Ɛsɛ sɛ wɔkamfo mmofra nyinaa wɔ nnepa a wɔyɛ ho. Ɛno bɛtew ‘akomatu’ a ɛbɛma wɔasusuw sɛ ani rensɔ nea wɔbɛyɛ biara, a wɔde benyin no so.—Kolosefo 3:21.

Nkitahodi

Ɔkwan foforo a eye a wubetumi afa so ada ɔdɔ a wowɔ ma wo mma adi ne sɛ wubedi afotu a ɛwɔ Yakobo 1:19 no akyi: ‘Yɛ ntɛm tie, yɛ nyaa kasa, yɛ nyaa fa abufuw.’ So woboa wo mma ma wɔkasa, na wutie nea wɔka no ankasa? Sɛ wo mma nim sɛ wobɛka wɔn anim ansa na wɔakasa awie mpo, anaasɛ sɛ wuhu sɛnea wɔte nka ankasa a, wo bo befuw a, ɛnde ebia wɔde wɔn nsɛm bɛhyɛ wɔn mu. Nanso sɛ wonim sɛ wubetie wɔn ankasa a, akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɛda wɔn nsɛm adi akyerɛ wo.—Fa toto Mmebusɛm 20:5 ho.

Nanso, sɛ wɔda su bi a wonim sɛ enye adi nso ɛ? So ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ wode abufuw ka ho biribi, woka n’anim, anaa woteɛ ne so? Ɛwom, mmofra abufuw bi wɔ hɔ a ɛma ɛyɛ den sɛ ‘wobɛyɛ nyaa akasa, ayɛ nyaa afa abufuw.’ Nanso susuw Onyankopɔn ne ne mma nhwɛso no ho bio. So ɔma tebea no yɛ hu ara ma ne mma suro sɛ wɔbɛka sɛnea wɔte nka ankasa akyerɛ no? Dabi! Dwom 62:8 ka sɛ: “Nkurɔfo, momfa no ho nto [Onyankopɔn] so daa. Munyi mo yam nkyerɛ no, Onyankopɔn ne yɛn guandɔbea.”

Enti bere a na Abraham ahaw wɔ Onyankopɔn gyinae a na wasi sɛ ɔbɛsɛe Sodom ne Gomora nkurow ho no, wantwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛka akyerɛ ne soro Agya no sɛ: “Eyi mpare wo sɛ wubedi saa asɛm yi . . . Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee anaa?” Yehowa anka Abraham anim; Otiee no, na ɔmaa ne koma tɔɔ ne yam. (Genesis 18:20-33) Onyankopɔn tumi tɔ ne bo ase da odwo adi bere a ne mma da nkate a ɛmfata na ntease biara nnim koraa mpo adi no.—Yona 3:10–4:11.

Saa ara na ehia sɛ awofo ma tebea no yɛ nea ɛbɛma mmofra ate nka sɛ ɛnyɛ ade a ɛyɛ hu sɛ wɔbɛda wɔn nkate ankasa adi, ɛmfa ho sɛnea ebia ɛbɛhaw adwene no. Enti sɛ wo ba de abufuw da nkate a emu yɛ den adi a, tie. Sɛ anka wobɛka n’anim denneennen no, gye abofra no nkate no tom na boa no ma ɔnka nea enti ɔyɛ saa nkyerɛ wo. Sɛ nhwɛso no, wubetumi aka sɛ: ‘Ɛte sɛ nea wo bo afuw asiamasi. So wopɛ sɛ woka nea esii kyerɛ me?’

Abufuw a Wobedi So

Nokwarem no, ɔwofo biara nni hɔ a ɔwɔ boasetɔ te sɛ Yehowa. Na mmofra taa sɔ wɔn awofo boasetɔ hwɛ kosi ase. Sɛ wo bo taa fuw wo ba bere ne bere mu a, mma no nnyɛ wo sɛ eyi nti woyɛ ɔwofo a ɔmfata. Ɛtɔ mmere bi a, na wudi bem sɛ wo bo fuw. Onyankopɔn ankasa bo tumi fuw ne mma ma ɛfata, a wɔn a ɔpɛ wɔn asɛm yiye mpo bi ka ho. (Exodus 4:14; Deuteronomium 34:10) Nanso, N’asɛm no kyerɛ yɛn sɛ yenni yɛn abufuw so.—Efesofo 4:26.

Ɔkwan bɛn so? Ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ papa sɛ wubegyae nsɛm akyi di kosi bere bi, na ama woanya bere de adwudwo w’abufuw ano. (Mmebusɛm 17:14) Na kae sɛ, Ɔyɛ abofra! Nhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ ade asusuw nneɛma ho te sɛ ɔpanyin. (1 Korintofo 13:11) Ebia te a wobɛte nea enti a wo ba yɛ ade wɔ ɔkwan bi so ase no bɛbrɛ w’abufuw ase. (Mmebusɛm 19:11) Mma wo werɛ mmfi da sɛ ɛsono sɛ obi adi mfomso, ɛna ɛsono koraa sɛ ɔyɛ nipa bɔne. Ebia teɛ a wobɛteɛteɛm agu abofra so sɛ ɔyɛ abofra bɔne no bɛma wasusuw sɛ, ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ papa?’ Nanso ɔdɔ mu a wubefi ateɛ abofra so no bɛboa no ma wayɛ ade pa bere foforo.

Asomdwoe ne Obu a Yebekura Mu

Asomdwoe ne obu ho adwene a awofo bɛkyerɛkyerɛ wɔn mma no ne nsɛnnennen a wohyia no mu biako. Wɔ nnɛ wiase a wɔma biribiara ho kwan mu no, nnipa pii ntumi nhu sɛ ebia ɛyɛ papa mpo sɛ wɔde anohyeto ahorow besisi wɔn mma anim. Bible bua sɛ: “Abaa ne animka ma nyansa, na abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.” (Mmebusɛm 29:15) Ebinom ani nnye asɛmfua “abaa” no ho, na wosusuw sɛ ɛkyerɛ ayayade a wɔyɛ mmofra wɔ ɔkwan bi so. Nanso, ɛnte saa. Ná Hebri asɛmfua ma “abaa” no gyina hɔ ma poma, te sɛ nea na oguanhwɛfo de di dwuma kyerɛ ne nguan kwan—na ɛnyɛ sɛ ɔde hwe—wɔn.a Enti abaa no gyina hɔ ma nteɛso.

Wɔ Bible mu no, nea nteɛso kyerɛ ara ne sɛ wobɛkyerɛkyerɛ. Ɛno nti na Mmebusɛm nhoma no ka no bɛyɛ mpɛn anan sɛ, ‘tie nteɛso’ no. (Mmebusɛm 1:8; 4:1; 8:33; 19:27) Ɛsɛ sɛ mmofra hu sɛ sɛ wɔyɛ papa a wonya akatua, nanso sɛ wɔyɛ bɔne a ɛde ɔhaw brɛ wɔn. Ebia asotwe bɛbrɛ adwene a ɛnteɛ ase, sɛnea akatua—te sɛ nkamfo—betumi ahyɛ suban pa ho nkuran no. (Fa toto Deuteronomium 11:26-28 ho.) Sɛ ɛba sɛ awofo de asotwe rema a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobesuasua Onyankopɔn nhwɛso no, efisɛ ɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ ɔbɛteɛ wɔn so ‘sɛnea ɛfata.’ (Yeremia 46:28) Mmofra binom nhia kasatia pii na ama wɔayɛ wɔn ade sɛnea ɛsɛ. Afoforo hia nteɛso a emu yɛ den. Nanso, ade a ebetumi apira abofra wɔ nkate fam ne honam fam ankasa no rentumi nyɛ nteɛso a ɛyɛ ‘sɛnea ɛsɛ’ da.

Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra nea eye ne nea enye ka nteɛso a ɛkari pɛ no ho. Wɔakyerɛkyerɛ eyinom pii mu pefee wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Bible kyerɛ obu a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ma obi agyapade. (Deuteronomium 19:14) Ɛto ahye ankasa, na ɛma obi ani a egye basabasayɛ ho anaa pira a wɔhyɛ da pira obi yɛ ade a ɛnteɛ. (Dwom 11:5; Mateo 7:12) Ɛto nna mu nkitahodi ano hye, na ɛkasa tia mogyafra. (Leviticus 18:6-18) Na ɛpene ankorankoro ne nkate fam nneyɛe anohye so, na ɛbara dimmɔne a yɛde bɛfrɛ afoforo anaa atɛnnidi foforo. (Mateo 5:22) Anohyeto ne ahye yi a yɛbɛkyerɛ mmofra—denam nea yɛka ne yɛn nhwɛso so no—ho hia na ama asomdwoe atra abusua mu.

Ade biako a ɛma asomdwoe ne obu tra abusua mu ne te a wɔbɛte tebea horow a ɛwɔ abusua mu ase. Wɔ ɛnnɛ mmusua pii mu no, tebea horow a ɛtete saa no nna adi anaasɛ wonhu. Wɔ mmusua binom mu no, ɔwofo bi bɛka nsɛnnennen bi a ɛyɛ atirimsɛm akyerɛ abofra, nsɛm a ɛsen nea abofra no betumi adi ho dwuma. Wɔ mmusua bi mu no, wɔma mmofra kwan ma wɔyɛ akwankyerɛfo nkumaa, sisi gyinae ma abusua mũ no nyinaa. Nneɛma a ɛtete saa yɛ mfomso, na epira. Ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ wɔma wɔn mma wɔn ahiade—sɛ́ ɛyɛ honam fam, nkate fam, anaa honhom fam—na ɛnyɛ mmofra no. (2 Korintofo 12:14; 1 Timoteo 5:8) Susuw Yakob a ɔgow n’abusua mũ nyinaa ne wɔn a wɔka ne ho nantew mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenyɛ ɔhaw mma mmofra a wɔwom no ho. Ɔtee wɔn mmerɛwyɛ ase na ɔyɛɛ ade ma ɛne no hyiae.—Genesis 33:13, 14.

Honhom Fam Ahiade Ho Dwumadi

Biribiara nsen honhom fam yiyedi wɔ abusua tebea a eye mu. (Mateo 5:3) Mmofra wɔ honhom fam ahiade kɛse. Wɔwɔ nsɛmmisa pii: Dɛn nti na yɛte ase? Hena na ɔyɛɛ asase ne emu mmoa, nnua, ne ɛpo? Dɛn nti na nnipa wuwu? Dɛn na ɛba wɔ ɛno akyi? Dɛn nti na nneɛma bɔne to nnipa pa? Ɛte sɛ nea nsɛm no to ntwa da. Mpɛn pii no, ɛyɛ awofo na wɔmpɛ sɛ wosusuw nneɛma a ɛtete saa ho.b

Bible hyɛ awofo nkuran sɛ wonnye bere mfa honhom fam ntetee mma wɔn mma. Ɛka ntetee a ɛte saa ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛkanyan ɔdɔ so te sɛ nkɔmmɔbɔ a ɛkɔ so wɔ awofo ne mmofra ntam. Awofo betumi akyerɛkyerɛ wɔn mma Onyankopɔn ne N’asɛm ho ade bere a wɔbom nantew, tra fie, ne bere a wɔrekɔda—bere biara a ɛbɛyɛ yiye.—Deuteronomium 6:6, 7; Efesofo 6:4.

Bible yɛ pii sen kamfo a ɛkamfo honhom fam dwumadi kyerɛ no. Ɛde nnwinnade a wobehia nso ma. Anka ɛbɛyɛ dɛn na woabua mmofra nsɛmmisa a ɛwɔ atifi hɔ no? Mmuae no wɔ Bible mu. Emu da hɔ, ɛyɛ anigye, na ɛma wonya anidaso kɛse wɔ wiase a anidaso nnim yi mu. Nea ɛsen saa no, Bible mu nyansa a wo mma benya no betumi ama wɔanya ahotoso a edi mũ, akwankyerɛ a enni huammɔ wɔ nnɛ mmere a nneɛma atoto yi mu. Fa ɛno ma wɔn, na ebesi wɔn yiye ankasa—mprempren ne daakye.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ Nyan!, January 8, 1993, nkratafa 11-12.

b Wɔayɛ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no ma wɔde ayɛ abusua adesua, na ekura aware ne mmofra ntetee ho akwankyerɛ a efi Bible mu pii. Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na etintimii.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

Hwehwɛ ɔkwan bi a wobɛfa so de nkamfo pɔtee bi ama wo ba daa

[Kratafa 9 adaka]

Sɛnea Wobɛboa Mmofra Ma Asi Wɔn Yiye

• Ma wonnya tebea a eye a wɔbɛte nka sɛ wɔdɔ wɔn na wɔn ho hia

• Kamfo wɔn daa. Ka nsɛm pɔtee

• Yɛ otiefo pa

• Sɛ abufuw ba a, gyae nsɛm akyi di kosi bere bi ansa

• Fa ɔhye ne anohyeto a emu da hɔ ma

• Fa asotwe a ehia ma abofra biara

• Nhwehwɛ pii mfi wo ba hɔ sɛnea ɛnsɛ

• Di honhom fam ahiade ho dwuma denam Onyankopɔn Asɛm a mubesua no daa so

[Kratafa 10 adaka]

Edii Ne Bere Sofo Anim

BIBLE nnyinasosɛm ahorow boaa tete Israelfo maa wonyaa abusua asetra mu gyinapɛn a na ɛkorɔn sen aman a na atwa wɔn ho ahyia no nyinaa. Abakɔsɛm kyerɛwfo Alfred Edersheim ka sɛ: “Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bɛka abusua asetra a ɛfata bi anaa abusua no mpo, sɛnea yɛte nsɛm yi ase no, ho asɛm wɔ Israelfo ahye akyi.” Sɛ nhwɛso no, wɔ tete Romafo mu no, mmara no maa agya tumi a anohyeto nnim wɔ abusua no mu. Ná obetumi atɔn ne mma akɔ nkoasom mu, wama wɔayɛ adwuma sɛ apaafo, anaa wakum wɔn mpo—afa ne ho adi.

Ná Yudafo no ho yɛ Romafo no bi nwonwa sɛ wɔyɛ wɔn mma brɛbrɛ. Nokwarem no, afeha a edi kan no mu Roma abakɔsɛm kyerɛwfo Tacitus kyerɛw nsɛm a ɛkanyan nitan tiaa Yudafo no kaa sɛ “eduu bere bi no,” na wɔn amammerɛ “aporɔw, na na ɛyɛ abofono.” Afei ofii ase bobɔɔ “amammerɛ” a ɛtete saa no din. Nea ɔde kaa ho ne: “Ɛyɛ bɔne ma wɔn sɛ obi bekum akokoaa a wɔawo no foforo biara.”

Bible de gyinapɛn a ɛkorɔn sen saa mae. Ɛkyerɛkyerɛɛ Yudafo no sɛ mmofra som bo—ná ɛsɛ sɛ wobu wɔn sɛ agyapade a efi Nyankopɔn ankasa hɔ—na na ɛsɛ sɛ wɔne wɔn di no saa kwan no so. (Dwom 127:3) Ɛda adi sɛ wɔn mu pii de afotu a ɛte saa no dii dwuma. Ná wɔn kasa mpo da eyi adi. Edersheim ka sɛ sɛ nsɛmfua a wɔde gyina hɔ ma ɔbabarima ne ɔbabea no da nkyɛn a, na tete Hebri kasa wɔ nsɛmfua akron a wɔde gyina hɔ ma mmofra, a ebiara ka asetra mu gyinapɛn foforo ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, na wɔwɔ asɛmfua a wɔde gyina hɔ ma abofra a otua nufu ano, ne foforo ma nea wɔatwa no nufu. Ná wɔwɔ asɛmfua a wɔde gyina hɔ ma mmofra a wɔanyin kakra a na ɛkyerɛ sɛ wɔn ho reyɛ den. Na wɔ wɔn a wɔadu mpanyin afe so no fam no, na wɔwɔ asɛmfua a nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ ‘sɛ́ obi bɛtete ne ho.’ Edersheim ka sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ na wɔn a wɔhyɛ da hwɛ abofra asetra sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkyerɛkyerɛ baabi a abofra biara anyin adu wɔ n’asetra mu no bɛyɛ wɔn a na wɔn ani kũ wɔn mma ho.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena