Biribi a Ɛsom Bo Sen Din a Wogye Wɔ Wiase
Mebɛyɛɛ ɔbo dwumfo a wagye din wɔ Europa mfe bi akyi no, ɔyɔnko dwumfo bi nunuu me sɛ: “Woasɛe w’adwinni dom akyɛde!” Ansa na mɛka nea enti a onunuu me no, ma menkyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a mebɛyɛɛ ɔbo dwumfo no mu.
WƆ AURISINA akuraase baabi a wɔwoo me no, na mmarima no mu dodow no ara yɛ adwuma wɔ tete abopaebea hɔ. Aurisina wɔ Italy kusuu fam a ɛbɛn Trieste ne kan Yugoslavia no. Bere a midii mfe 15 no, me nso mifii ase yɛɛ adwuma wɔ abopaebea a na ɛwɔ akuraa no ase hɔ no. Na ɛyɛ 1939 mu, afe a Wiase Ko II fii ase no. Ɔbo ho adwuma a na meyɛ no maa minyaa ɔpɛ sɛ mɛyɛ ɔbo dwumfo a wagye din. Na mempɛ sɛ mewu nso. Na ɛte sɛ nea mintumi nnu botae abien yi nyinaa ho.
Bere a ɔko no baa awiei wɔ 1945 mu no, me ne me nuabea kɔtrae wɔ Rome. Na mewɔ anidaso sɛ menya kwan wɔ adwinni sukuupɔn no mu. Hwɛ anigye ara a minyae bere a nea na merehwehwɛ no baa mu na wogyee me wɔ sukuu a wɔde mfe abiɛsa kɔ no mu no! Ahyehyɛde ahorow a wɔyɛ adɔe na ɛhwɛɛ me wɔ me sukuukɔ no mu.
Honhom mu Kɔm
Mehwehwɛe nso sɛ mekum me honhom mu kɔm denam asɔre ahorow a mekɔe so, a na Salvation Army ne Waldenfo de ka ho. Mikosuaa ade mpo wɔ Jesuitfo sukuupɔn mu, na da koro bi mekɔɔ nnansa nhyiam bi a na ɔsɔfo panyin bi kyerɛkyerɛ wɔ ase. Wɔ adesua no mu no wɔamma yɛn kwan amma yɛne yɛn ho yɛn ho ammɔ nkɔmmɔ na mmom wɔkae sɛ yentu yɛn ho nsi hɔ mma mpaebɔ, nsusuw nsɛm ho, nka yɛn bɔne nkyerɛ na yentie nea ɔsɔfo panyin no ka no.
Ɛno akyi no, mihui sɛ anhyɛ me gyidi den. Mibisaa ɔsɔfo panyin no sɛ: “Dɛn nti na mannya gyidi a emu yɛ den?”
Ɔsɔfo panyin no yii ano sɛ: “Gyidi yɛ Onyankopɔn akyɛde na ɔde ma obiara a ɔpɛ.” Ne mmuae no buu m’abam araa ma migyaee sɛ mɛhwehwɛ Onyankopɔn na mifii ase de me ho maa m’adwinni ho adesua no nkutoo.
Migyee Din Wɔ Amanaman Mu
Bere a miwiee sukuu wɔ Rome wɔ 1948 akyi no, wɔmaa me kosuaa ade kwa wɔ adwinni sukuupɔn bi mu wɔ Vienna, Austria. Miwiee sukuu no afe a edi hɔ no, na mepenee m’adesua a wɔkae sɛ menkɔtoa so a mintua hwee wɔ Ljubljana, Slovenia (a kan no na ɛyɛ Yugoslavia fa no) no so. Saa bere no, na me botae ne sɛ metu akɔtra Paris wɔ France, beae titiriw a na wodi adwini paa wɔ hɔ no.
Nanso, wɔ 1951 mu no, wɔmaa me hokwan kɔyɛɛ adwuma wɔ Stockholm, wɔ Sweden. Adwene a mede tu kɔɔ hɔ ne sɛ mɛboaboa sika ano na aboa me ma matoa m’adwinni adesua no so wɔ Paris. Nanso, saa bere no mihuu Micky na yɛwaree 1952 mu na yɛtraa Stockholm. Minyaa adwuma wɔ adwinnan ketewa bi mu a na mede abo, abofufu ne abo a wɔde si dan di adwini. Wɔde eyinom mu bi kyerɛ Millesgarden, agodibea bi ne tete nneɛma akorae a ɛwɔ Lidingö kurow a ɛbɛn Stockholm.
Na masua sɛnea tetefo de kɔbere di adwini wɔ Roma—nea wodi kan de dua anaa kankyee bi yɛ ne sɛso no—na mekyerɛɛ kɔbere adwinni wɔ Adwinni Ho Ntetee Sukuu ne Adwinni Ho Sukuupɔn a ɛwɔ Stockholm no. Akyiri yi, wɔmaa mekɔyɛɛ adwuma wɔ Skansen atonnan bi wɔ tete nneɛma akorae bi a wonkuruu so a ɛwɔ Stockholm no mu. Na mpɛn pii, na mede kɔbere anaa sumpii di adwini kyerɛ nkurɔfo wɔ hɔ. Wɔsan faa me sɛ minsiesie tete adwini bi a na ɛyɛ ɔhene a na ɔwɔ Sweden saa bere no, Gustav VI, dea. Wɔde eyinom kyerɛ wɔ Stockholm wɔ Drottningholm Ahemfie ne abankɛse no mu.
Wɔ 1954 ne 1960 ntam hɔ no, nsɛm ho amanneɛbɔfo ne wɔn a wɔyɛ adwinni ho nhwehwɛmu kamfoo m’adwuma. Wɔde m’adwini no mu dodow no ara kyerɛe wɔ Europa nkurow akɛse bebree mu a Stockholm, Rome, Ljubljana, Vienna, Zagreb, ne Belgrade ka ho. Wɔ Belgrade no, Asraafo Panyin Tito ankasa tɔɔ m’adwini no bi fae. Wɔde ɔbea honi bi a mede ɔbo ayɛ no kyerɛe wɔ Nnɛyi Beae a wɔde Adwini kyerɛ wɔ Roma, na wɔde m’adwini no kyerɛ wɔ Albertina Tete Nneɛma Akorae wɔ Vienna. Me kɔbere ne sumpii adwini biako wɔ Nnɛyi Tete Nneɛma Akorae a ɛwɔ Stockholm, na me kɔbere adwini biako nso wɔ Ljubljana Nnɛyi Beae a Wɔde Adwini kyerɛ no.
Mesan Nya Ɔsom Ho Anigye
Yɛwaree mfe kakraa bi akyi no, Micky huu anigye a meresan anya wɔ ɔsom ho no. Mekɔɔ so susuw ho sɛ: ‘Ɛhe na gyidi a na Kristofo a wodi kan no wɔ ɔpɛ sɛ wobewu wɔ ho no wɔ?’ Mifii ase kɔɔ Pentekostfo ne Adventistfo asɔre bio. Meyɛɛ nhwehwɛmu mpo wɔ Nkramofo ne Buddhafo som mu.
Wɔ 1959 mu, ansa na merebɛkɔ adwini a woyi kyerɛ wɔ Milan wɔ Italy ase no, mikodii nna kakra wɔ m’akuraa a ɛne Aurisina ase. Akuraa no asefo kaa ɔbarima bi a na wose onim Bible paa ho asɛm kyerɛɛ me. Na ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Bere a minyaa hokwan ne no kasae no, ɔkyerɛɛ me nneɛma wɔ Bible no mu a na minhuu da. Mihui sɛ onipa yɛ ɔkra—onni ɔkra a ɛtew ne ho fi ne nipadua ho—na onipa kra wu, ɛnyɛ nea entumi nwu te sɛ nea ɔsom afoforo kyerɛkyerɛe no.—Genesis 2:7; Hesekiel 18:4.
Afei nso ɔbarima no kyerɛɛ me sɛ na ɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw wɔ bere a ɔbɔɔ Adam ne Eve no ne sɛ wobewuwu na mmom sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ anigye mu wɔ asase so. Awarefo a wodi kan no wui esiane sɛ wɔyɛɛ asoɔden nti. (Genesis 1:28; 2:15-17) Mihui sɛ Onyankopɔn nam ne Ba a ɔde no mae sɛ agyede no so yɛɛ nsiesiei maa nnipa sɛ wonya daa nkwa, a Adam asoɔden no nti ɛyerae no. (Yohane 3:16) M’ani gyei sɛ mihuu eyinom.—Dwom 37:29; Adiyisɛm 21:3, 4.
Nsakrae Bere
Ɛno akyi bere tiaa bi no, mekɔɔ Sweden na me ne Micky bɔɔ mmɔden sɛ yebehu Yehowa Adansefo. Nanso yɛannya wɔn address. Nanso, nna kakraa bi akyi no, yɛn pon ano dɔn bɔe, na hwɛ, na ɛyɛ wɔn na wɔwɔ yɛn pon ano! Mifii ase kenkan nhoma a wɔde maa me no, na ankyɛ na migye dii sɛ ekura nokware no. Nanso, na mepɛ sɛ me ne me kan adamfo, a ɔyɛ Katolek sɔfopanyin a mihuu no bere a na meresua ade wɔ Rome wɔ 1940 mfe no awiei mu hɔ no kasa de si adwene a manya no so dua. Ɛno nti wɔ January 1961 mu no, mekɔhwehwɛɛ no.
Saa bere no na m’adamfo no na ɔhwɛ Katolekfo asɛmpatrɛw dwumadi so wɔ wiase nyinaa. Hwɛ anwonwade a mekohui! Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mihui sɛ na ɔsɔfopanyin no nni Bible mu mfitiase nimdeɛ mpo. Bere a yɛkaa nea ɛba wɔ owu mu ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ebia nea yegye di seesei ne nea ɛba no nhyia koraa.” Na bere a yesusuw ɔsomafo Petro asɛm a ɛfa Bible bɔhyɛ wɔ “ɔsoro foforo ne asase foforo” ho no, na onnim nea bɔhyɛ yi kyerɛ.—2 Petro 3:13; Yesaia 65:17-25.
Bere a mesan kɔɔ Stockholm no, mifii ase ne Adansefo no mu biako a na me ne me yere ahu no no suaa Bible no daa. M’ani gyei bere a mihui sɛ Micky rekyerɛ adesua no ho anigye pii no. Awiei koraa wɔ February 26, 1961 mu no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne, na wɔbɔɔ Micky asu afe a edi hɔ no.
Adwuma mu Nsakrae Ahorow a Meyɛ
Yɛwoo ɔbabea wɔ 1956 mu ne ɔbabarima wɔ 1961 mu. Esiane sɛ afei de yɛanya abusua a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ wɔn nti, na mihia adwuma a mɛyɛ daa. M’ani gyei sɛ wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ minkosi nkaedum kɛse bi wɔ akuraa a wɔwoo me wɔ hɔ no ase. Ná wɔde bɛkae yɛn man asraafo dɔm a wowuwui wɔ Wiase Ko II mu no. Na nkaedum no bɛyɛ adwuma a ɛbɛma manya me ho. Nanso mesusuw nokwasɛm ahorow ho wiei—a nokwasɛm a ɛne sɛ megya m’abusua ne Kristofo asafo no hɔ asram bebree na makɔtra asase a Komunisfo renya nkɔso wɔ hɔ a ɛrenyɛ mmerɛw sɛ metumi anya honhom fam nkɔso ka ho no—mannye adwuma no.
Adwuma foforo haw m’ahonim. Wɔkae sɛ menyɛ nkaedum fɛfɛ bi wɔ beae foforo a wɔhyew funu wɔ Sweden. Bere a miwiei no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra anobue no ase. Nanso bere a metee sɛ ɔsɔfopanyin a ɔwɔ Stockholm no na ɔrebebue m’adwuma no so no, meyɛɛ m’adwene sɛ me ne nnipa a wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn amammerɛ ne Onyankopɔn Asɛm nhyia koraa no rennya adeyɛ no mu kyɛfa.—2 Korintofo 6:14-18.
Esiane sɛ na mintumi nnya adwuma a mɛyɛ daa sɛ ɔbo dwumfo nti, efii ase yɛɛ den sɛ metumi de m’abusua honam fam nneɛma ama wɔn. (1 Timoteo 5:8) Mede mpaebɔ susuw nea mɛyɛ de anya asetrade no ho. Ɛno akyi no, adansi ho nimdefo bi baa me nkyɛn a okura ɔdan bi mfonini a wayɛ. Ɔkae sɛ mentwa no mfonini. Esiane sɛ na ɔbo adwini a midi no mu osuahu ama minim mfoninitwa yiye nti, mede anigye penee adwuma no so. Wɔ saa mfe no mu no, na adansi adwuma bebree rekɔ so wɔ Sweden, na na ehia sɛ wotwa adan no nsusuwso mfonini. Ɛno nti, minyaa adwuma bebree fii adansi ho animdefo pii hɔ a na metumi ahwɛ m’abusua yiye.
Ɛyɛ saa bere yi na mekɔsraa Italia Amammerɛ Asuae a ɛwɔ Stockholm kɔkaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no. (Mateo 24:14) Na minim asuae no so panyin no na mitumi yɛɛ nhyehyɛe ne no kɔkasae. Ɛyɛ bere a ohui sɛ menyɛ ɔbo dwumfo bio no, na ɔteɛɛm sɛ: “Woasɛe w’adwinni dom akyɛde!” Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ mewɔ asɛyɛde ahorow a ɛho hia wɔ Onyankopɔn ne m’abusua anim.
Ɛsɛ sɛ migye tom sɛ bere bi no na adwinni ne ade a ɛho hia paa wɔ m’asetra mu. Nanso, mibehui sɛ m’adwinni no a mɛtoa so no bɛyɛ te sɛ nea merebɔ mmɔden sɛ mɛsom awuranom baanu. (Mateo 6:24) Migye dii sɛ ade a ɛho hia yiye a metumi ayɛ ne sɛ mɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Ɛno nti misii gyinae sɛ megyae m’adwuma sɛ ɔbo dwumfo no, na Yehowa Nyankopɔn ahyira me gyinaesi no so kɛse.—Malaki 3:10.
Kristofo Som Adwuma mu Hokwan Ahorow
Wɔ 1970 mfiase mu hɔ no, atubrafo bebree a wofi Europa kesee ne apuei fam aba Sweden no fii ase daa Bible mu nokware ho anigye adi. Enti, wɔ 1973 mfiase no, minyaa hokwan ne atubrafo bebree a wɔka Italia, Spania, ne Serbo-Croatia kasa suaa Bible no, na mitumi boa ma wɔtew asafo ne kuw adesua ahorow wɔ saa kasa horow yi mu. Wɔpaw me sɛ menyɛ Kristofo ɔmantam nhyiam ho nhyehyɛe wɔ Italia kasa mu na menhwɛ Bible mu drama so wɔ nhyiam yi ase. Bere bi nso, minyaa hokwan somee asafo ahorow a ɛwɔ Sweden no sɛ ɔmansin so hwɛfo.
Esiane sɛ na meboa ma wɔyɛ ɔmantam nhyiam wɔ Italia kasa mu wɔ Sweden nti, me ne Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Rome no dii nkitaho. Italy anuanom no ka kyerɛɛ me sɛ asafo mu mpanyimfo ho ayɛ na wɔ Italy esiane nkɔso kɛse a aba wɔ asɛnka adwuma no mu wɔ hɔ nti. Ɛno nti wɔ 1987 mu no, me ne Micky tu kɔɔ Liguria a ɛbɛn Genoa wɔ Italy. Saa bere no na yɛn mma no anyinyin a wɔn ankasa hwɛ wɔn ho. Yɛde mfe abien a anigye wom traa Italy na yɛboa ma wɔtew asafo foforo wɔ Liguria. Yɛtee nokware a ɛwɔ Mmebusɛm 10:22, NW, no ase paa: “Yehowa nhyira—ɛno na ɛyɛ ɔdefo.”
Ɛtɔ da bi a me ne Micky bɔ mmɔden sɛ yɛbɛbɔ nhyira a yɛanya afi Yehowa hɔ no mua, na nea yɛka no dɔɔso. Wɔ asafo ahorow a yɛaboa ma wɔatew akyi no, yɛatumi aboa nnipa bebree a yɛn ankasa mma ka ho ma wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ, na afei wɔabɛyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw. Minnuu me ho sɛ misii gyinae sɛ megyae m’adwuma sɛ ɔbo dwumfo a wagye din yiye no, efisɛ mapaw adwuma a akatua kɛse wɔ so sɛ mɛsom yɛn dɔ Nyankopɔn, Yehowa no. Yehowa adaworoma me ne m’adɔfo nam saa kwan no so anya daa nkwa ho anidaso pintinn.—Sɛnea Celo Pertot ka kyerɛe.
[Kratafa 13 mfonini]
Meredi adwini bi wɔ 1955 mu
[Kratafa 15 mfonini]
Me ne me yere