Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 10/8 kr. 3
  • Paradise a Ɔhaw Nnim—So Ɛyɛ Adaeso Ara Kwa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Paradise a Ɔhaw Nnim—So Ɛyɛ Adaeso Ara Kwa?
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Paradise—Ɛne Dɛn?
  • Paradise Wɔ Asase So—Nnaadaa Anaa Nokwasɛm?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Paradise
    Nyan!—2013
  • “Yebehyia Wɔ Paradise!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Bible Mu Nnyinaso Ma Anidaso Wɔ Paradise Mu
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 10/8 kr. 3

Paradise a Ɔhaw Nnim—So Ɛyɛ Adaeso Ara Kwa?

“ASOMDWOE wɔ hɔ ankasa!” Ná kwae bi a emu nnua nhaban te sɛ mpaane a ɛda Redfish Ɔtare ho wɔ Idaho mantam mu wɔ U.S.A. no mu ayɛ dinn. Ɔkwantufo no kae sɛ: “Saa pɛpɛɛpɛ na misusuw sɛ paradise bɛyɛ.”

Ná owia no ahyerɛn Mediterrania supɔw a ɛne Cyprus no kesee fam mpoano. Asorɔkye bɔɔ brɛoo wɔ mpoano hɔ. Bere a nsrahwɛfo no te adidibea bi a ɛwɔ abotan so rehwɛ saa afɛfɛde yi no, ɔteɛɛm sɛ: “Eyi yɛ paradise!”

Yɛn mu pii ani gye ho sɛ yɛbɛkaakae mmeae a ɛte sɛ eyi no. Nanso wɔn a wɔte hɔ no hu sɛ da biara asetra mu nsɛnnennen wɔ mmeae a ɛhɔ te sɛ Paradise no: ogya a ɛhyew Rocky Mountains so kwae no, efĩ a wɔde gu po mu a ɛka mpataa ne afei nnipa nso—sɛ yɛrenka amanaman ne mmusua ntam akodi a ɛde nkwa to asiane mu no ho asɛm a.

Paradise—Ɛne Dɛn?

Woyɛ paradise ho mfonini dɛn? The New Shorter Oxford English Dictionary a wɔyɛe 1993 mu no de ne nkyerɛase a edi kan ma sɛ: “Eden turo a wɔkaa ho asɛm wɔ Genesis 2, 3 no.” Eyi twe adwene si baabi a Onyankopɔn de onipa a odi kan, Adam, toe a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu nhoma a edi kan no mu no so. Wɔ saa mfiase Paradise no mu no, nnua ahorow “a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi” fifii.—Genesis 2:9.

Nkyerɛase a ɛto so abien a saa nsɛm asekyerɛ nhoma no de ma no de “paradise” bata “Ɔsoro ho, wɔ Kristofo ne Nkramofo nyamekyerɛ mu,” na afei ɛde ka ho sɛ: “Seesei ɛyɛ anwensɛm titiriw.” Nanso, wɔ yɛn kwantufo nsrahwɛfo no fam de, na paradise yɛ “baabi a ɛhɔ yɛ fɛ kɛse anaa anigye wɔ hɔ,” sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma no nkyerɛase a ɛto so abiɛsa kyerɛ no.

Afeha a ɛto so 16 mu Britaniani mansoafo Sir Thomas More kyerɛwee nhoma bi a ɔtoo din Utopia, na ɔkaa ayɛsɛm mu ɔman bi a ɛhɔ mmara, aban, ne asetram tebea yɛ pɛ ho asɛm wɔ mu. Ná ɛte sɛ nea ɛnyɛ nokware araa ma ɛnnɛ, Webster’s New Collegiate Dictionary no de “Utopia” ho nkyerɛase bi ma sɛ “asetra mu nkɔso ho nhyehyɛe a entumi nyɛ yiye.”

Wɔ People’s Temple kuw no kannifo Jim Jones akyidifo no fam no, na Utopia yɛ Guyana kwae no a wobetwa mu nnua asiesie mu. Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔ 1978 mu no, saa paradise a na wɔn ani da so yi bɛyɛɛ baabi a wɔn mu bɛboro 900 wuwui—ɛyɛɛ ahude ampa! Ne saa nti, ɛtɔ da bi a, nkurɔfo de paradise ho adwene no bata akuw foforo a wɔn nneyɛe yɛ ahodwiriw na ɛhaw adwene ho.

Wɔ wiase a nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ abu so, baabi a yare haw mpanyin ne mmofra nyinaa, ne baabi a nitan ne ɔsom mu nsɛmnsɛm paapae ɔmamfo mu no, ɛnyɛ bere nyinaa na nneɛma a ɛyɛ fɛ a atwa yɛn ho ahyia no tumi ma yɛn ani gye. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo susuw sɛ paradise nyɛ biribiara sɛ adaeso ara kwa! Nanso eyi mmaa nnipa bi nnyaee sɛ wobenya paradise anaasɛ wɔbɛyɛ bi mpo ama wɔn ho. Nkonim bɛn na wɔadi?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena