Paradise a Ɔhaw Nnim a Wɔhwehwɛ
AWAREFO bi a wofi Britain kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ nyinaa ne sɛ yebenya asetra kwan bi a ne bere atwam a ɔhaw nnim, baabi a obiara dwen ne yɔnko ho.” Wosii gyinae sɛ wɔbɛhwehwɛ paradise supɔw bi a osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ hɔ, na wɔakyekye ɔman bi a wɔbɛbom atra asomdwoe mu. Akyinnye biara nni ho sɛ wobɛte wɔn nkate no ase. Hena na n’ani rennye ho sɛ ɔbɛtra paradise a ɔhaw nnim mu?
So Obi Ho a Ɔbɛtew Ne Ano Aduru?
Wɔn a wɔhwehwɛ paradise no pii ani gye ho sɛ wɔbɛtra supɔw bi so, efisɛ wɔn ho a wɔbɛtew no ma wonya ahobammɔ bi. Ebinom paw nsupɔw a atew ne ho wɔ Panama Pacific Mpoano anaasɛ nsupɔw a ɛwɔ Caribbean, te sɛ nea atew ne ho gu Belize no. Afoforo dan wɔn adwene kɔ mmeae a ɛyɛ anigye wɔ India Po so no so—sɛ nhwɛso no, Seychelles.
Adwuma a ɛne sɛ wɔbɛkyekye ɔman bi a atew ne ho no yɛ den. Sɛ sika pii wɔ hɔ mpo a, aban mmara a ɛwɔ hɔ no rentumi mma wonnya asase bi ntɔ ntɛm. Nanso fa no sɛ sɛ wutumi nya supɔw bi a eye a osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ hɔ a, w’ani begye wɔ hɔ? So wo paradise no bɛyɛ nea ɔhaw nnim?
Nsupɔw a atew ne ho a ɛwɔ Britain mpoano no yɛ nea nnipa adɔɔso wɔ so seesei. Obiakofo asetra ne asomdwoe titiriw na wɔn a wɔaba hɔ foforo no rehwehwɛ. Ɔbarima bi a ne nkutoo te Eorsa supɔw a ne kɛse yɛ hɛkta 100 a atew ne ho wɔ Scotland atɔe fam mpoano so no kyerɛ sɛ ɔnte nka sɛ ɔyɛ ankonam efisɛ ɔwɔ nneɛma pii yɛ sɛ ɔhwɛ ne nguan a wɔn dodow yɛ ɔha biako no so. Afoforo a wɔtew wɔn ho kɔtra supɔw bi so no bɛyɛ ankonam ntɛm. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ ebinom abɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn ho dɔm, a na wohia ogye.
Nnipa pii gye di sɛ supɔw bi a ɛhɔ yɛ anigye na osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ hɔ no bɛyɛ paradise. Wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛtra beae a ɛhɔ dwo a wim tebea nhaw adwene. Nanso ɔhyew a ebetumi aba asase so na ama po nsu ayiri ho a wosusuw no ama nnipa pii a wɔte supɔw so no abɔ hu. Saa ara na wɔn a wɔte nsupɔw a ɛda fam a ɛka bom yɛ Tokelau asase a ɛwɔ Pacific Atɔe fam ne afei Maldivefo a wɔahwete wɔ India Po so nsupɔw a ɛnkɔ soro nsen po bɛboro anammɔn asia so no te nka sɛ wɔwɔ asiane mu.
Wɔ Aman a Wɔhwɛ Ma Nsupɔw Nketewa Nya Nkɔso nkabom no mu no, nniso ahorow bɛyɛ 40 aka wɔn ti apam ho sɛ wɔbɛhwehwɛ wɔn tebea no ho mmoa. Ɛwom sɛ wɔn a wɔte supɔw nketewa so wɔ nkwa tenten, na mmofra nwu kɛse wɔ hɔ de, nanso wɔkɔ so hyia nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho haw ahorow a emu yɛ den. Fango a wɔtow gu nsu mu ne po a wɔde efĩ agu mu no ma nsupɔw no bi sikasɛm sɛe. Afoforo bɛyɛ mmeae a wɔtow wura a edi awu a aman akɛse no mpɛ no gu.
Nsupɔw a wɔn a wɔhwehwɛ paradise no pɛ sɛ wɔde yɛ wɔn afie no ankasa mpo de asiane bi ba. Ɔkwan bɛn so? Nsrahwɛfo a wɔsen yuu kɔ nsupɔw no mpoano a ɛhɔ yɛ anigye no ma ɛhɔ kyere kɛse, na ɛma nneɛma kakra a wɔwɔ no so tew. Nsrahwɛfo yi ma efĩ ho haw no yɛ kɛse. Sɛ nhwɛso no, wɔ Caribbean no, nsufĩ a nsrahwɛfo ɔpepem 20 a wɔkɔ hɔ afe biara yɛ no mu nkyem du mu biako na wɔhwɛ di ho dwuma yiye.
Biribi a ɛte saa ara kɔ so wɔ mmeae foforo a ɛhɔ yɛ anigye. Fa Goa a ɛwɔ India atɔe fam mpoano no sɛ nhwɛso. The Independent on Sunday a ɛwɔ London no kae sɛ: “Nsrahwɛ bebrebe ‘resɛe paradise bi.’” Akontaabu a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ da no adi sɛ nsrahwɛfo dodow kɔɔ soro fi 10,000 wɔ 1972 mu kosii bɛboro ɔpepem biako wɔ 1990 mfe no mfiase. Kuw bi bɔ kɔkɔ sɛ ahɔhodan wuranom ahopɛfo a wɔn ho pere wɔn sɛ wobenya nsrahwɛfo pii ho sika no de Goa abɔde a nkwa wom a wonni atrae pii ne wɔn amammerɛ a ɛda nsow no reto asiane mu. India aban amanneɛbɔ bi si so dua sɛ wɔasisi ahɔhodan wɔ mpoano hɔ a wɔamfa mmara kwan so na esisii. Wɔatu anhwea, abubu nnua, adwiriw anhweatam. Wɔtow nsufĩ gu mpoano hɔ anaasɛ ɛsen kɔ ɛmo fuw a ɛbemmɛn hɔ mu, na ɛma efĩ trɛw.
So Nsɛmmɔnedi Nni Hɔ?
Nsɛmmɔnedi a ɛrenya nkɔanim no sɛe mmeae bi a agye din sɛ asomdwoe wɔ hɔ sen biara no mpo. Amanneɛbɔ bi a n’asɛmti ne “Awudi Wɔ Paradise” fi Caribbean supɔw ketewa Barbuda so bae. Eyi kyerɛkyerɛɛ nnipa baanan a na wɔwɔ hyɛmma fɛfɛ bi a ebegyinaa supɔw no mpoano a wokum wɔn yayaaya no mu. Nsɛm a ɛtete sɛɛ no ma nsɛmmɔnedi a atrɛw wɔ ɔmantam no mu no haw nkurɔfo kɛse.
Ná amanneɛbɔ bi a ɛwɔ The Sunday Times a ɛwɔ London mu a ɛfa Amerika Mfinimfini fam man bi ho no asɛmti ne “Adutɔn mu Basabasayɛ Kuw Di Ako Wɔ ‘Paradise.’” Ɛhɔnom samufo bi dii nokwasɛm a ɛne sɛ asomdwoe nni hɔ no ho abooboo, na ɔkae sɛ: “Seesei ɛyɛ nea abu so sɛ wobɛsɔre anɔpa no wubehu sɛ abofra a wadi mfe 16 da mogyatɔw mu wɔ abɔnten so.”
Wɔn a wɔde yɛ wɔn botae sɛ wobenya paradise tebea no wɔ anidaso sɛ wobenya nnipa a wɔbɛte wɔn ho ase atra asomdwoe mu. Nanso dɛn ne nokwasɛm no? Wɔ awarefo a wofi Britain a yɛbɔɔ wɔn din mfiase no fam no, ankyɛ na ntawntawdi sɔree. Wɔn a wɔde akwammisa kɔe sɛ wɔbɛkɔ akɔka wɔn dwumadi no ho no bi nyaa ɔpɛ ankasa sɛ wɔde nhyehyɛe no bɛyɛ sikapɛ. Ɔbarima a ofii nhyehyɛe no ase no kae sɛ: “Yɛmpɛ akannifo. Adwene no ne sɛ yɛde yɛn nneɛma bɛbom ma biribiara akɔ so pɛpɛɛpɛ. Mefrɛ no Utopia man.” Eyi nyɛ bere a edi kan a wɔayɛ dwumadi a ɛte saa.—Hwɛ adaka “Paradise Asetra a Wɔasɔ Ahwɛ” no mu.
Afoforo bi a wɔhwehwɛ paradise gye di sɛ wɔnam loto a wobedi so betumi adu wɔn botae no ho. Nanso ɛyɛ den sɛ sika fam mfaso a wonya no saa kwan yi so no de anigye bɛba. Wɔ February 1995 mu no, The Sunday Times bɔɔ amanneɛ sɛ ɔham a emu yɛ den sii nipa a ɛde besi nnɛ wadi loto kɛse sen biara wɔ Britain no abusuafo mu; loto a odii no amfa biribiara ammrɛ wɔn sɛ “abufuw, nitan ne abasamtu.” Eyi yɛ ade a ɛtaa si wɔ tebea a ɛtete saa mu.
Bere a sɛnkyerɛwfo Bernard Levin yɛɛ akɔnnɔ a adesamma wɔ ma Utopia mu nhwehwɛmu no, ɔkaa “ɔpɛ a emu yɛ den a nkurɔfo nya sɛ wobenya wɔn ho ntɛm” no ho asɛm, na ɔka sɛ: “Te sɛ adaeso pii no, ɛnkyɛ na adan ade a ɛyɛ hu. Nsɛm a edi mũ pii wɔ hɔ a ɛfa wɔn ho a wɔpɛ sɛ wonya ntɛm a ekowie asiane ankasa mu no ho (a ahodɔmdi ka ho), na yɛrentumi nka sɛ ɛbae ara kwa.”
Atemmuda Kuw Ahorow no Nso Ɛ?
Paradise ho nhyehyɛe afoforo ama basabasayɛ pii aba. Bere a atesɛm krataa bi rebɔ ntua a aban nnwumakuw a ɛhwɛ ma wɔde mmara yɛ adwuma de baa Branch Davidian fie wɔ Waco, Texas, so wɔ 1993 mu ho amanneɛ no, ɛkaa “atuo a ɛyɛ hu, afoforo adwene a wɔsɛe no ne atemmuda diyifo” a ɛde basabasayɛ no bae ho asɛm. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ eyi nkutoo ne asɛm a asi.
Bhagwan Shree Rajneesh, India honhom fam kannifo bi a wanya ne baabi kɔ no akyidifo no kyekyee atrae bi wɔ Oregon, nanso wɔn mpɔtam hɔfo no ani annye wɔn nneyɛe ho. Wɔn kannifo no ade dodowpɛ ne nna mu nkitahodi a wodii akyi no sɛee kyerɛ a wɔkyerɛe sɛ wɔakyekye “atrae a anigye wom” no.
Akuw pii a nnipa a wɔwɔ paradise ho anidaso da wɔn ano no hwehwɛ sɛ wɔn akyidifo bɛyɛ amanne soronko bi, a ɛtɔ da bi a, ekowie basabasayɛ ne ntawntawdi mu. Atesɛm krataa sɛnkyerɛwfo Ian Brodie kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Akuw no ma wɔn a wɔte nka sɛ wɔwɔ tebea bɔne mu anaa wontumi nnyina wiase nhyɛso ahorow ankasa ano no nya guankɔbea ne fekubɔ bi a ɛwɔ nhyehyɛe pa.” Nanso, ne nsɛm no di nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa pii ani begye paradise asetra ho no ho adanse.
Paradise a Ɔhaw Nnim
Ɛte sɛ nea basabasayɛ a yɛabobɔ din no dodow nni ano: efĩ, nsɛmmɔnedi, nnubɔnenom, nnipa nkyereso, abusua mu ntawntawdi, amammui mu basabasayɛ—sɛ yɛrenka ɔhaw ahorow a nnipa nyinaa taa hyia, te sɛ yare ne owu, ho asɛm a. Nea ɛsɛ sɛ yɛka ara ne sɛ okyinnsoromma yi so baabiara nni hɔ a yebenya paradise bi a ɔhaw nnim koraa. Sɛnea Bernard Levin ka no: “Ahyɛnsode tuntum bi wɔ nea nnipa atumi ayɛ ho, na ɛkame ayɛ sɛ akyɛ te sɛ nnipa ara. Ɛno ne ade a ɛmma wontumi ne wɔn ho wɔn ho ntra anigye ne biakoyɛ mu no.”
Nanso, wiase nyinaa paradise bi bɛba a ɔhaw biara nnim ankasa. Tumi bi a ɛboro nnipa de so na ɛbɛma aba. Nokwarem no, nnipa bɛboro ɔpepem anum reyɛ ho ade mprempren, na wɔanya biakoyɛ ne asomdwoe tebea kakra wɔ wɔn mu dedaw. Ɛhe na wubetumi ahu wɔn? Wobɛyɛ dɛn atumi anya anidaso ne mfaso koro a wɔwɔ seesei no bi? Na bere tenten bɛn na saa Paradise a ɛreba no bedi?
[Kratafa 6 adaka]
Paradise Asetra a Wɔasɔ Ahwɛ
Wɔ afeha a ɛto so 19 mfiase no, Franseni asetra ho nimdefo Étienne Cabet (1788-1856) ne n’ahokafo 280 kyekyee atrae bi wɔ Nauvoo, Illinois, a na egyina asetra pa ho adwene a na okura no so. Nanso wɔ mfe awotwe mu no, ntawntawdi sɔree wɔ atrae hɔ araa ma ankyɛ na egui, sɛnea akuw a ɛtete saa yɛe wɔ Iowa ne California no.
Franseni foforo, Charles Fourier (1772-1837), nyaa adwene sɛ ɔne afoforo bɛbom ayɛ kuayɛ ahyehyɛde bi a wɔbɛsakra emufo dwumadi bere ne bere mu. Ná nkonim a kuw no nyinaa bedi na ɛbɛkyerɛ sika a obiara benya. Nanso ahyehyɛde a egyina saa nsusuwii yi so wɔ France ne United States nyinaa no antra hɔ ankyɛ.
Bɛyɛ saa bere no ara no, Walesni asetra mu sesɛwfo Robert Owen (1771-1858) bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛkyekye nkuraa bi a ɛhɔfo ayɛ biako a nnipa ɔha bɛbom atra akuraa biara ase, a wɔn nyinaa wɔ gyaade ne adidibea biako. Ná mmusua no mu biara bɛtra wɔn ankasa afie na wɔahwɛ wɔn mma akosi sɛ wobedi mfe abiɛsa. Ɛno akyi no, na ɔman no nyinaa bɛhwɛ wɔn. Nanso Owen sɔhwɛ ahorow no dii nkogu, na ɔhweree n’ankasa agyapade pii.
John Noyes (1811-1886) na ɔkyekyee nea The New Encyclopædia Britannica frɛ no “utopia aman a ɛwɔ United States a adi nkonim sen biara” no. Bere a n’akyidifo poo ɔyere biako aware, na wɔnam ntease a wɔn nyinaa benya ara kwa so maa nna mu nkitahodi ho kwan no, wɔkyeree Noyes wɔ awaresɛe ho.
The Sunday Times a ɛwɔ London no bɔ amanneɛ sɛ, Laissez Faire City, “Utopia man a sikasɛm ho haw nnim” bi a ɛwɔ Amerika Mfinimfini fam no yɛ mmɔden a wɔabɔ nnansa yi sɛ wɔbɛkyekye Utopia man a ɛte saa. Wɔmaa nkurɔfo de wɔn sika hyɛɛ dwumadi no mu. Wɔde akwanhwɛ a ɛne sɛ wɔbɛtra “afeha a ɛto so 21 mu kurow bi a ɛyɛ nwonwa” mu daadaa wɔn a na wɔrehwehwɛ paradise no too nsa frɛɛ wɔn sɛ obiara mfa $5,000 mmra, na wɔmmɛka ho mma wonni gua bi a wosusuw sɛ mfaso wom, na wɔnhwehwɛ nkurɔfo a wɔn nso bɛpɛ sɛ wɔde wɔn sika bɛhyɛ aguadi no mu. Atesɛm krataa no kae sɛ, wɔbɔ amanneɛ sɛ, nea sika bebrebe yi yɛ ara ne sɛ ebetwa wimhyɛn tikiti ama wɔn ma wɔakɔhwɛ dwumadi no “bere a wɔatumi adan ɔman bi adwene ma wɔama wɔn baabi asi ahɔhodan ketewa bi wɔ hɔ no.” Anidaso pa biara nni hɔ sɛ wɔayɛ “paradise” bi wɔ hɔ.
[Kratafa 7 mfonini]
Wɔn a wɔhwehwɛ paradise no pii ani gye supɔw ho. Nanso ɛnnɛ nsɛmmɔnedi sɛe mmeae a asomdwoe wɔ hɔ sen biara no mpo