Paradise a Ɔhaw Nnim—Ɛbɛba Nnansa Yi Ara
“WOBƐKA me ho Paradise hɔ.” Hwɛ sɛnea saa nsɛm no maa ɔbarima bi a na wadi bɔne no nyaa awerɛhyem! Dabi, ɛnyɛ sɛ ɔtee nka sɛ ɔbɛkwati hellgya bi akɔ soro bere a wawu no. Mmom no, owifo a na ɔsɛn Yesu nkyɛn no nyaa awerɛkyekye fii anidaso a ɛne sɛ wobenyan no aba nkwa mu bere a wɔasan de Paradise aba okyinnsoromma yi so no mu. Yɛsrɛ sɛ, hyɛ onii ko a ɔkaa Paradise ho asɛm a ɛkanyan anigye no nsow—Onyankopɔn ankasa Ba, Yesu Kristo.—Luka 23:43.
Dɛn na ɛkaa Kristo ma ɔhyɛɛ Paradise ho bɔ no? Ná owifo no asrɛ sɛ: “Yesu, sɛ woba w’ahenni mu a, kae me!” (Luka 23:42) Dɛn ne saa Ahenni yi, na abusuabɔ bɛn na ɛne asase so paradise wɔ? Ɔkwan bɛn so na eyi si so dua sɛ Paradise bɛyɛ nea ɔhaw nnim?
Tumi a Ɛde Paradise no Bɛba
Wo ne yɛn bɛyɛ adwene sɛ nokware paradise betumi aba asase so bere a nnɛyi haw ahorow afi hɔ nkutoo. Ɛde besi nnɛ yi, mmɔden a nnipa abɔ sɛ wobeyi afi hɔ no adi nkogu, sɛnea abakɔsɛm di ho adanse yiye no. Hebrini diyifo Yeremia kae sɛ: “[Yehowa, NW], mahu sɛ . . . enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Ɛnde, hena na obetumi ayi nnɛyi haw ahorow no nyinaa afi hɔ?
Wim Tebea ne Mframa a Wɔsɛe no. Bere a ahum bi a ano yɛ den tui wɔ Galilea Po no so maa asorɔkye kɛse bɔe araa ma anka hyɛn bi regu asu no, hyɛn no mufo no nyanee wɔn hokafo kwantuni no fii ne nnae so. Ɔno nso ka kyerɛɛ po no tiawa sɛ: “Mua w’ano, yɛ komm!” Marko Asɛmpa kyerɛwtohɔ no ka nea esii ho asɛm sɛ: “Mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn.” (Marko 4:39) Nà saa ɔhokafo kwantuni no nyɛ obiara sɛ Yesu. Ná ɔwɔ wim tebea so tumi.
Yesu yi ara na ɔnam ɔsomafo Yohane so ka siei sɛ bere bi bɛba a Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’ (Adiyisɛm 1:1; 11:18) Eyi nyɛ biribi a Onii a oyii nnipa abɔnefo fii wiase nyinaa wɔ Noa bere so Nsuyiri no mu no rentumi nyɛ.—2 Petro 3:5, 6.
Nsɛmmɔnedi ne Basabasayɛ. Bible hyɛ bɔ sɛ: “Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa, NW] no, wɔn na wobenya asase no adi. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:9, 11) Bio nso, ɛyɛ Onyankopɔn, Yehowa, na ɔhyɛ bɔ sɛ obeyi nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ nyinaa afi hɔ, na ɔde Paradise abrɛ ahobrɛasefo.
Ohia ne Ɔkɔm. Ɛnnɛyi amumɔyɛsɛm ma nniso ahorow a ɛwɔ wiase mmeae bi de nnuan a ɛka “pii” sie, na bere koro no ara no aman a wodi hia no ho kɔ so kyere wɔn. Ahyehyɛde ahorow a ɛde mmoa ma, a nnipa a wodwen afoforo ho na wɔtaa akyi no, bɔ mmɔden sɛ wɔde ahiade atitiriw no bɛma, nanso mpɛn pii no wodi nkogu bere a mmara ne nhyehyɛe pa a enni hɔ sɛe ɔkwan a wɔfa so kyekyɛ no. Fa eyi toto nea odiyifo Yesaia yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no ho na hwɛ abirabɔ a ɛwom: “Asafo [Yehowa, NW] bɛtow aman nyinaa pon bepɔw yi so: sradeduan, nsã a akyɛ, srade ne hon, nsã a wɔasɔn so.” (Yesaia 25:6) So ɛno nkyerɛ sɛ ɔkɔm befi hɔ koraa? Saa na ɛte.
Akodi. Mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔnam wiase nyinaa tumidi bi so bedi saa wiase yi so no adi nkogu. Amanaman Apam, a wɔde sii hɔ wɔ 1920 mu no, antumi asiw Wiase Ko II no kwan, na egui. Amanaman Nkabom, a mpɛn pii no wɔka ho asɛm sɛ asomdwoe ho anidaso a ɛsen biara no, di apere sɛ ɛbɛma afãnu a wɔredi ako no agyae wɔ mmeae a ɔko asi hɔ no. N’asomdwoe ho mmɔdenbɔ nyinaa akyi no, akodi kɔ so, sɛ́ ɛyɛ ɔman anaa abusua ntam de no. Onyankopɔn Ahenni nniso no hyɛ bɔ sɛ ebeyi nnɛyi akodi akuw no afi hɔ, na akyerɛkyerɛ ne nkoa wɔ asomdwoe akwan so.—Yesaia 2:2-4; Daniel 2:44.
Abusua mu Mpaapaemu ne Ɔbrasɛe. Abusua mu mpaapaemu abu so. Mmofrabɔnesɛm abu so. Ɔbrasɛe kɔ so wɔ nnipa fekubɔ nyinaa mu. Nanso, efi mfiase no Onyankopɔn gyinapɛn ahorow nsakrae. Yesu kae sɛ “onipa begyaw agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ honam koro . . . Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!” (Mateo 19:5, 6) Yehowa Nyankopɔn hyɛe bio sɛ: “Di w’agya ne wo na ni! . . . na awie wo yiye, na wo nna aware asase so.” (Efesofo 6:2, 3) Wɔde gyinapɛn ahorow a ɛtete saa no bedi dwuma wɔ asase so wɔ Onyankopɔn Ahenni ase.
Yare ne Owu. Odiyifo Yesaia hyɛɛ bɔ sɛ: ‘Yehowa begye yɛn nkwa, na ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!’ (Yesaia 33:22, 24) Kristoni somafo Paulo kae sɛ: “Bɔne so akatua ne owu; na Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Yesu Kristo mu.”—Romafo 6:23.
Yehowa Nyankopɔn nam ne soro nniso a ɛwɔ ne Ba, Kristo Yesu, nsam no so beyi ɔhaw ahorow yi nyinaa afi hɔ. Nanso, ebia wobɛka sɛ, ‘Eyi te sɛ Utopia ho adaeso bi. Nokwarem no, sɛ ɛba mu a, ɛbɛyɛ anigye, nanso ɛbɛba?’
Nokwasɛm Bi a Ɛwɔ Hɔ Nnɛ
Wɔ nnipa pii fam no, paradise a ɔhaw nnim mu a wobenya atra wɔ asase so ha pɛɛ no yɛ akwanhwɛ a ɛrentumi mma mu. Sɛ saa na wote nka a, hwehwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ eyi bɛba ankasa no mu.
Yehowa Adansefo yɛ nnɛyi amanaman ntam fekuw bi a nnipa bɛboro ɔpepem anum a wɔwɔ tebea a asomdwoe a ɛfata wom dedaw wɔ wɔn asafo ahorow 82,000 a ahwete wɔ nsase 233 so mu na wɔwom. Wubetumi akɔ wɔn nhyiam ahorow no mu biako ase, sɛ́ ɛyɛ kɛse anaa ketewa, na dɛn na wubehu?
(1) Beae a Ɛhɔ Yɛ Anigye na Ɛhɔ Tew. Bere a bɔɔlbɔ agumadibea so panyin bi reka nhyiam bi a Yehowa Adansefo yɛe wɔ Norwich, England, ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Asomdwoe tebea a ɛkɔɔ so nnanan no . . . yɛ nea etumi nya obi so tumi. Wubenya asomdwoe a ɛne nea ɛwɔ nnanan a adwennwen ahyɛ no ma a wubedi wɔ nnwuma mu ne da biara da asetra a yɛwom no mu bɔ abira koraa. Adansefo no wɔ biribi a ɛma wɔyɛ soronko ankasa a ɛyɛ den sɛ wobɛkyerɛkyerɛ mu.”
Adansi adwumayɛkuw mu ntetee ho fotufo bi a ɔkɔsraa Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ London hɔ no kae sɛ: “M’ani gyee nea mihui ne nea metee no ho yiye, na asomdwoe ne kommyɛ tebea ankasa a ɛnyɛ adan no mu nko na ɛwɔ, na mmom ɛwɔ [mmarima ne mmea] no mu nso maa me ho dwiriw me kɛse. Mete nka sɛ ɔkwan a mofa so tra ase na mo ani gye no wɔ pii ka kyerɛ wiase nkae a ɔhaw ayɛ no ma no.”
(2) Ahobammɔ ne Asomdwoe. Journal de Montréal sɛnkyerɛwfo bi a ɔwɔ Canada kyerɛwee sɛ: “Menyɛ Ɔdansefo. Nanso meyɛ ɔdansefo wɔ nokwasɛm a ɛne sɛ Adansefo no biribiara kɔ so wɔano wɔano na wɔn nneyɛe yɛ papa ho. . . . Sɛ anka wɔn nkutoo ne nnipa a wɔwɔ wiase a, anka yɛrentoto yɛn apon mu anadwo na yɛmfa awifo abɛn mmɔ ho.”
(3) Onyankopɔn Ahenni nniso no a wodi no nokware da adi wɔ Adansefo no ho. Ɔfã biara a wonni no hyɛ ebinom abufuw, nanso ɛnsɛ sɛ anka ɛba no saa. Ɛnyɛ ɔman a wɔmpɛ sɛ enya nkɔso nti na wɔmfa wɔn ho nhyɛ ɛnnɛyi amammuisɛm a enni nnyinaso pa no mu. Mmom no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade wɔ ɔkwan a ɛsɔ nea ɔnam ɔsoro nniso bi so di tumi, a ɔne asase Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, ani so.
Adansefo no gyidi ahorow a egyina Onyankopɔn Asɛm, Bible, so titiriw no mma wɔmmɛyɛ nyamesom mu awaefo kuw bi. Wofi ayamye mu kyerɛ nnipa nyinaa ho anigye, ɛmfa ho ɔsom ko a wɔwom no. Dabi, wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ saa nnipa yi sɛ wɔnsesa wɔn adwene. Wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua wɔn Kannifo, Kristo Yesu, denam adanse a egyina Kyerɛwnsɛm so a ɛne sɛ ɛrenkyɛ na wɔde Paradise a ɔhaw nnim aba asase so a wɔde ma no so.—Mateo 28:19, 20; 1 Petro 2:21.
(4) Honhom Fam Akwahosan ne Anigye. Nokwarem no, Yehowa Adansefo nkyerɛ sɛ wonhyia ɔhaw biara saa bere yi. Eyi yɛ ade a ɛrentumi mma da wɔ nnipa a wɔanya sintɔ afi bɔne a wonya fii Adam hɔ no mu. Nanso ɛdenam Onyankopɔn honhom kronkron mmoa so no, wɔbɔ mmɔden nya su horow te sɛ “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ [ahosodi, NW].” (Galatifo 5:22, 23) Ɛyɛ wɔn som a wɔnam Kristo Yesu so de ma Yehowa no na ɛka wɔn bom ma wɔn anidaso no mu yɛ den.
Yɛwɔ ahotoso sɛ, baabi a Adansefo no hyiam wɔ mo hɔnom a wobɛkɔ hɔ no bɛma woagye adi sɛ Onyankopɔn bɛdan asase no paradise ankasa.
Ɛnnɛyi haw nyinaa befi hɔ. Awiei koraa no, sintɔ a ɛhaw yɛn no mpo befi hɔ bere a wɔde Kristo agyede afɔrebɔ no di adesamma asoɔmmerɛfo ho dwuma no. Yiw, akwahosan ne anigye a edi mũ betumi ayɛ wo de.
Ahosiesie kakra a wobɛyɛ no bɛboa wo ma woanya akwanhwɛ a ɛte saa no. Bisa Adansefo no ma wɔmma wo Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no bi.a Sɛ wunya eyi a, wubetumi asua nea Onyankopɔn hwehwɛ fi wo hɔ wɔ bere tiaa mu, na ama wo nso woanya paradise a ɔhaw nnim mu atra daa.
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]
Adansefo no gyidi ahorow a egyina Bible so titiriw no mma wɔmmɛyɛ nyamesom mu awaefo kuw bi
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8, 9]
Wɔreto fapem ama paradise a ɔhaw nnim bi seesei
Ɛrenkyɛ yebenya paradise ankasa wɔ asase so baabiara