Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 12/8 kr. 17
  • Ná Pɔmpɔ Bɔne Yare no Nyɛ Awiei No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ná Pɔmpɔ Bɔne Yare no Nyɛ Awiei No
  • Nyan!—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔyare Bɔne No—Ɔyare Bi a Ɛbaa Europa Wɔ Mfinimfini Mmere no Mu
    Nyan!—2000
  • Mfe Pii a Nnipa de Ahwehwɛ Akwahosan Pa
    Nyan!—2004
  • Nna A Edi Akyiri​—Adanse Bɛn?
    Nyan!—1988
  • Ahaw 10 No
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 12/8 kr. 17

Ná Pɔmpɔ Bɔne Yare no Nyɛ Awiei No

WƆ OCTOBER 1347 mu no, aguadi ahyɛn a efi Apuei fam begyinaa po so hyɛn gyinabea a ɛwɔ Messina, a ɛwɔ Sicily no. Ná ahyɛnkafo no yareyare a na wɔreyɛ awuwu. Ná nneɛma tuntum bi a n’akɛse te sɛ kesua ahonhon wɔn ma mogya ne nsufĩ fi mu reba. Bere a ahyɛnkafo no huu yare no ho sɛnkyerɛnne nea edi kan no, anni nna pii na wɔtee yaw a emu yɛ den, na wowuwui.

Akisi a wofi hyɛn no mu de ahopere kɔfraa kurom hɔ akisi no mu. Ná sommɔre a wɔwɔ ɔyare mmoawa bi a etumi kum nnipa wɔ akisi no ho. Ɛno na ɛmaa nsanyare a wɔfrɛ no Pɔmpɔ Bɔne yare no trɛwee, ɔyaredɔm a ɛyɛ hu sen biara a ebesi saa bere no, na aba pɛn wɔ Europafo abakɔsɛm mu.

Ná yaredɔm no gu ahorow abien. Ná biako a sommɔre a ɔwɔ yare no bi a ɔbɛka obi na ɛma ɛba no nam mogya so na ɛtrɛw, na ɛma obi ho honhon san ma mogya nwini gu ne mu. Biako a aka no nam waw a obi a ɔwɔ yare no bi bɔ anaa nwansi a ɔnwansi so na ɛma afoforo nya bi, na ɛka ahurututu no. Esiane sɛ na yare abien no nyinaa abom aba nti, ɛtrɛwee ntɛmntɛm ma ɛyɛɛ hu. Wɔ mfe abiɛsa pɛ mu no, ekunkum nnipa dodow a wɔwɔ Europa no mu nkyem anan mu biako; bɛyɛ nnipa ɔpepem 25 na wowuwui.

Saa bere no, ná obiara nnim ɔkwan a yare no fa so trɛw. Ebinom susuwii sɛ gyama asasewosow anaa okyinsoromma a ɛnhyehyɛɛ yiye no ama awuduru aba mframa mu. Afoforo susuwii sɛ sɛ obi hwɛ obi a yare no bi ayɛ no kɛkɛ a, obenya bi. Ɛwom sɛ na adwene no gu ahorow de, nanso ɛda adi pefee sɛ na yare no san ntɛmntɛm. Franseni duruyɛfo bi kae sɛ, na ɛte sɛ nea onipa biako pɛ a yare no bi ayɛ no no “betumi de asan wiase nyinaa.”

Ná nkurɔfo nnim sɛnea wobesiw ano ne ɛho aduru biara. Nnipa pii susuw Bible nkɔmhyɛ te sɛ nea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Luka 21:11, a ɛka sɛ yaredɔm bɛba awiei bere no mu no ho. Ɛwom sɛ wonyaa sika pii wɔ asɔre ahorow no mu de, nanso yaredɔm no kɔɔ so araa. Italiani bi kyerɛwee saa bere no sɛ: “Ná wɔmmɔ dɔn biara, na na obiara nsu ɛmfa ho sɛnea na wahwere ade no efisɛ ɛkame ayɛ sɛ na obiara hwɛ owu kwan . . . nkurɔfo kae, na wogye dii sɛ ‘Eyi ne wiase awiei no.’”

Nanso, na ɛnyɛ awiei no nen. Eduu afeha a ɛto so 14 awiei no, na saa yaredɔm no ase atu. Ná wiase da so wɔ hɔ.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 17]

Archive Photos

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena