Adwennwen “Awuduru a Edi Awu Nkakrankakra”
“Yɛte sɛ nkurɔfo ka bere nyinaa sɛ, ‘Nnwennwen pii na woanyare.’ Ebetumi aba sɛ wonnim sɛ awosu pɔtee bi na ɛde ba.”—Oduruyɛfo David Felten.
NÁ JILL, ɛna bi a onni ɔhokafo a ɔwɔ babarima a wadu ne mpanyin afe so, a ne sika a ɛwɔ sikakorabea resa, na ɔne n’awofo ntam abusuabɔ ayɛ basaa no wɔ ntease pa dedaw a enti ɛsɛ sɛ odwennwen. Afei, mpofirim ara, nsawa a ɛkeka na ɛhyehye guu ne nsa ho. Ɔyɛɛ nnuru ahorow, sraa nku a ɛhyew nsawa, ne nnuru a wɔde sa honam keka, nanso eyi mu biara antentam. Mmom no, nsawa no trɛw kaa Jill honam nyinaa, a na n’anim ka ho. Ná adwennwen rebunkam ne so ankasa.
Wɔde Jill kɔɔ honam ani nyarewa ayaresabea a wɔyɛ nkate fam tebea a ayarefo a wɔde wɔn kɔ hɔ wom mu nhwehwɛmu. Oduruyɛfo Thomas Gragg a ɔka ho bi na wosii ayaresabea no ka sɛ: “Yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu nea ɛrekɔ so wɔ wɔn asetram.” Mpɛn pii no, ohu sɛ wɔ aduru a ehia sɛ wɔyɛ akyi no, nkurɔfo a wɔwɔ honam ani nyarewa a emu yɛ den no hia mmoa a ɛbɛma wɔadi adwennwen so. Oduruyɛfo Gragg gye tom sɛ: “Ɛbɛyɛ nea ntease nnim koraa sɛ obi bɛka sɛ sɛnea wote nka anaa wo nneyɛe na ɛma wunya honam ani nyarewa. Nanso yebetumi aka sɛ obi nkate fam tebea betumi adi dwuma titiriw wɔ honam ani nyarewa mu, na ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so kyerɛw nku a wɔde sa honam ani nyarewa ma onipa no a yɛmmoa no mma onni n’adwennwen ho dwuma wɔ n’asetram.”
Jill te nka sɛ sua a osuaa sɛnea obedi adwennwen so no na ɛsaa ne honam ani nyarewa no ankasa. Ɔka sɛ: “Adwennwen no ba bere ne bere mu, nanso me honam nte sɛ nea na ɛte kan no.” So eyi yɛ nwonwa? Dabida. Nnuruyɛfo pii gye di sɛ adwennwen ne ade a mpɛn pii no ɛde honam ani nyarewa dodow no ara ba, a ebi ne ɛpɔ, honam ani yare a ɛso yɛ kɔkɔɔ na ɛkeka, mfoa, ne asokrɔhwe. Nanso ɛnyɛ wo honam ani nkutoo na adwennwen betumi anya so nkɛntɛnso.
Adwennwen ne Wo Nipadua mu Nkwaadɔm a Ɛko Tia Nyarewa
Nhwehwɛmu a wɔayɛ nnansa yi kyerɛ sɛ adwennwen betumi ahaw wo nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa, na ebia ama woanya nsanyare pii. Ɔyare mmoawa ho nimdefo Ronald Glaser ka sɛ: “Adwennwen mma wonyare. Nanso ɛma tumi a wubetumi ayare no yɛ kɛse esiane nea ɛde ba wo nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no so nti.” Adanse a edi mu titiriw wɔ hɔ a enti wɔka sɛ adwennwen ne ɔpakum, atiridii, ne ananse wɔ abusuabɔ no. Ɛwom sɛ yenya ɔyare mmoawa a ɛte saa no bere nyinaa de, nanso mpɛn pii no yɛn nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no ko tia wɔn. Nanso animdefo bi ka sɛ sɛ obi wɔ ahoyeraw mu a, saa ahobammɔ yi ntumi nyɛ adwuma.
Awosu mu nneɛma a ɛfa so yɛ adwuma no yɛ nea wɔntee ase nwiei, nanso ebinom kyerɛ sɛ ahommoa a ɛboa wo ma woyɛ adwuma bere a wudwennwen no betumi asɛe wo nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no dwumadi bere a wokyinkyin mogya no mu no. Mpɛn pii no, eyi nyɛ ade a ɛsɛ sɛ ɛhaw adwene efisɛ saa ahommoa yi di dwuma bere tiaa bi pɛ. Nanso, ebinom ka sɛ sɛ obi hyia adwennwen a ennyae na emu yɛ den a, ne nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no betumi ayɛ mmerɛw araa ma yare atumi akye no.
Eyi betumi aboa akyerɛkyerɛ nea enti a Canada nnuruyɛfo bu akontaa sɛ ayarefo a wɔba wɔn nkyɛn no mu ɔha biara mu 50 kosi 70 na wɔn yare no fi adwennwen no mu, a ebi ankasa ne tipae, kɔdaanna, ɔbrɛ, ne nsono mu yare. Wɔ United States no, wobu akontaa sɛ dodow no ara yɛ efi ɔha biara mu 75 kosi 90. Oduruyɛfo Jean King te nka sɛ ɛnyɛ nea ɔreka agugu mu sɛ: “Adwennwen a wontumi nnyae no te sɛ awuduru a edi awu nkakrankakra.”
Ɛnyɛ Adwennwen Nko na Ɛde Yare Ba Anaa Ebi a Wonni na Ɛmma Wɔnnyare
Wɔ nea yɛasusuw ho nyinaa akyi no, nyansahufo ntumi nhui sɛ ebia adwennwen nkutoo betumi aka nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no ma onipa no ayare anaa. Enti yɛrentumi nka no kyenkyenee sɛ obiara a ohyia adwennwen, a nea wontumi nnyae mpo ka ho no, bɛyare. Saa ara na yentumi nka sɛ dwen a obi nnwennwen no bɛma wanya akwahosan pa, na saa ara na nyansa nnim sɛ worenyɛ aduru esiane atosɛm a ɛne sɛ anidaso ne adwempa a wubenya betumi ama obi yare agyae nti. Ɔbenfo Daniel Goleman bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea efi su a ɛne sɛ wo nneyɛe betumi asa yare biara yi mu aba ne sɛ, ntoto ne adwenem nnaayɛ pii aba wɔ faako a adwene betumi anya yare so nkɛntɛnso akodu no ho, na ebia, nea ɛsɛe asɛm no koraa no, ɛtɔ mmere bi a ɛma nkurɔfo te afobu nka sɛ wɔanya yare bi, esiane abrabɔ mu mfomso bi a wɔadi anaa fata a wɔmfata wɔ honhom fam nti.”
Enti, ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɛyɛ den sɛ yebetumi aka sɛ ade biako pɛ na ɛde yare bi ba. Nanso, abusuabɔ a adwennwen ne yare wɔ no si nyansa a ɛwom sɛ yebesua sɛnea yebedi saa “awuduru a edi awu nkakrankakra” yi so bere biara a yebetumi no so dua.
Ansa na yebesusuw sɛnea yebetumi ayɛ eyi ho no, ma yɛnhwɛ sɛnea adwennwen te ne sɛnea wɔ tebea bi mu no ɛso betumi aba wo mfaso no yiye.
[Kratafa 21 adaka]
Nyarewa Bi a Wɔkyerɛ sɛ Adwennwen na Ɛde Ba
• nneɛma ahorow a ɛhaw nipadua
• ɔkwaha
• ntehyewa
• akyi, kɔn, ne abati yaw
• ɔpakum
• adwenemhaw
• ayamtu
• atiridii
• nsono mu yare
• tipae
• komayare
• kɔdaanna
• asoroben
• akisikuru
• Ɔbarima ne ɔbea nna mu mmerɛwyɛ
• honam ani nyarewa
[Kratafa 22 mfonini]
Yare a wɔde kɔ oduruyɛfo nkyɛn no mu dodow no ara fi adwennwen