Dɛn na Mmea Benya Daakye?
“ADESAMMA abakɔsɛm yɛ nea mmarima adi mmea so ɛyaw ne ɔkwammɔne so.” Saa na na Nsusuwii Ahorow a Wɔda no Adi a wɔkyerɛw ho asɛm wɔ Amerika wɔ mfe 150 a atwam ni wɔ Seneca Falls, New York, a wɔde kasa tiaa mmea a wosisi wɔn no kenkan.
Akyinnye biara nni ho sɛ nkɔso aba fi saa bere no, nanso sɛnea Amanaman Nkabom nhoma The World’s Women 1995 (Wiase Mmea 1995) ka no, pii da so wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Ɛbɔ amanneɛ sɛ: “Ɛnkyɛ na nsonsonoe aba mmea ne mmarima asetra, nhomasua ne adwuma hokwan a wɔwɔ, akwahosan, ahobammɔ a ankorankoro wɔ ne bere a wɔde gye wɔn ahome mu.”
Eyi a nnipa pii ahu no ama amanaman ayeyɛ mmara a wɔde bɔ hokwan ahorow a mmea wɔ ho ban. Nanso mmara ahorow ntumi nsesa koma, baabi a nsisi ne adwemmɔne gye ntini no. Sɛ nhwɛso no, susuw mmeawa a wosi tuutuu no tebea ho. Newsweek kaa amanaman ntam animguasesɛm yi ho asɛm sɛ: “Ntease wɔ mmara a wɔyɛ sɛ wɔde rebara mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa wɔ nna fam no mu, nanso ɛntaa nyɛ adwuma.” Saa ara na mmara a wɔyɛ nsiw basabasayɛ ano. Human Development Report 1995 (Nnipa Nkɔso Ho Amanneɛbɔ 1995) ka sɛ: “Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ basabasa a wɔyɛ mmea abu so wɔ wiase mmaa nyinaa. Mmara dodow no ara nyɛ nea ebetumi abara basabasayɛ—gye sɛ mprempren amammerɛ ne asetram gyinapɛn ahorow sesa.”—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
“Amammerɛ ne asetram gyinapɛn ahorow” taa gyina atetesɛm a agye ntini so—ade a ɛyɛ den sɛ wobetumi asesa. Ɔbea bi a ofi Mediterranea Supɔw so ka sɛ: “Atetesɛm ama mmarima gye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔde mmea yɛ adwuma mmom sen sɛ wɔbɛdɔ wɔn ahwɛ wɔn. Ne saa nti, ɔbea nni ano, hokwan, ne ɔkwan biara a ɔbɛfa so ama n’asetra atu mpɔn.”
Okununom ne Agyanom a Wɔbɛkyerɛkyerɛ Wɔn
Nnyinasosɛm a Wogyina So Yɛ Ade a wɔbɔɔ ho pɔw wɔ mmea nhyiam a wɔyɛe wɔ 1995 mu wɔ Beijing, China, ase no daa no adi sɛ “adeyɛ a obiara boa ma wodi ho dwuma ntɛm so” nkutoo so na wɔnam betumi anya “wiase a asomdwoe, atɛntrenee ne tema” wom a wobebu mmea.
Ɛsɛ sɛ adeyɛ biara a ɛbɛma mmea anya ‘asomdwoe, atɛntrenee, ne tema’ pii wɔ wɔn asetram no fi ase wɔ fie, wɔ okununom ne agyanom fam. Eyi mu no, Yehowa Adansefo gye di sɛ Bible nkyerɛkyerɛ ne ade titiriw a ɛma wotumi yɛ. Wɔahu sɛ sɛ mmarima nya hu sɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ wɔne wɔn yerenom ne wɔn mmabea di nsɛm wɔ obu ne tema mu a, wɔde sie wɔn koma mu di ho dwuma.
Wɔ Afrika Mfinimfini no, Pedro, ɔbarima warefo bi a ɔwɔ mma baanan no di ne yere ahiade ho dwuma seesei. Ɔboa no ma wɔhwɛ wɔn mma, na sɛ ahɔho ne wɔn abusua no bedidi a, ɔno mpo na ɔma wɔn aduan. Tema a ɛte saa ho yɛ na ankasa wɔ ne man mu. Dɛn na ɛma onya ne yere ho anisɔ na ɔne no yɛ biako no?
Pedro kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a mifii ase suaa Bible no, mihuu okunu asɛyɛde ho nnyinasosɛm atitiriw abien. Anya nkɛntɛnso kɛse wɔ sɛnea mibu me yere so. Nea edi kan, 1 Petro 3:7 kyerɛkyerɛ mu sɛ, ɛsɛ sɛ okunu di ne yere ni sɛ ‘ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den.’ Nea ɛto so abien, Efesofo 5:28, 29 ka sɛ, ɛsɛ sɛ okunu dɔ ne yere sɛ ‘n’ankasa nipadua.’ Esiane sɛ mede saa afotu no adi dwuma nti, yɛanya abusuabɔ a emu yɛ den. Enti ɛsɛ sɛ yɛn mmarima no hu hia a Onyankopɔn afotu ho hia kɛse sen amammerɛ ahorow a ɛwɔ baabi a yɛte no.”
Michael a ofi Afrika Atɔe fam no gye tom sɛ ansa na ɔrefi ase ne Adansefo no asua Bible no, na ɔne ne yere nni nsɛm wɔ ɔkwan a ɛfata so. Ɔka sɛ: “Sɛ me bo fuw a, na mebɔ no mpo. Nanso, Bible kyerɛkyerɛɛ me sɛ, ɛsɛ sɛ mesesa m’akwan. Mebɔ mmɔden sɛ medi me ho so seesei na madɔ me yere sɛ m’ankasa me nipadua. Na yɛn baanu nyinaa anya anigye kɛse.” (Kolosefo 3:9, 10, 19) Ne yere, Comfort gye tom sɛ: “Seesei Michael da obu ne ɔdɔ adi kyerɛ me kɛse sen sɛnea okununom dodow no ara a wɔwɔ baabi a yɛte no yɛ no. Yetumi susuw yɛn haw ahorow ho bom yɛ adwuma sɛ abusua.”
Pedro ne Michael suae sɛ wobebu wɔn yerenom na wɔakyerɛ wɔn ho anisɔ efisɛ wotiee Onyankopɔn Asɛm mu akwankyerɛ ahorow a ɛda no adi pefee sɛ yɛn Bɔfo no ani nnye mmea a wosisi wɔn ho koraa no.
Sɛnea Onyankopɔn Dwen Mmea Ho
Onyankopɔn adwen mmea ne wɔn yiyedi ho bere nyinaa. Ɛwom sɛ ɔka kyerɛɛ yɛn awofo a wodi kan no sɛ esiane wɔn atuatew nti, sintɔ bɛma ‘wɔadi’ mmea so de, nanso na eyi nka Onyankopɔn atirimpɔw ho koraa. (Genesis 3:16) Ná wabɔ Hawa ama Adam sɛ ne “boafo” ne ne hokafo. (Genesis 2:18) Wɔ Mose Mmara a wɔde maa tete Israel mu no, Yehowa hyɛɛ da kasa tiaa basabasa a wɔyɛ akunafo, na ɔka kyerɛɛ Israelfo sɛ wɔne wɔn nni no ayamye so na wɔmmoa wɔn.—Exodus 22:22; Deuteronomium 14:28, 29; 24:17-22.
Bere a Yesu resuasua ne soro Agya no, wanni atetesɛm a na pii di akyi wɔ ne bere so a na ebu mmea animtiaa no so. Ɔne mmea kasae wɔ ayamye so—wɔn a na wɔwɔ dimmɔne mpo. (Luka 7:44-50) Afei nso, na Yesu ani gye ho sɛ ɔbɛboa mmea a na wɔyare no. (Luka 8:43-48) Da bi, bere a ohui sɛ na okunafo bi resu ne ba koro a na owui nkyɛe no, ntɛm ara na okohyiaa ayifo no konyan aberante no.—Luka 7:11-15.
Ná mmea ka Yesu asuafo a wodi kan no ho, na wɔne nnipa a wodii kan dii ne wusɔre ho adanse. Bible kamfoo mmea te sɛ Lidia, Dorka, ne Priska wɔ ahɔhoyɛ su, tema, ne akokoduru ho nhwɛso a wɔyɛe ho. (Asomafo no Nnwuma 9:36-41; 16:14, 15; Romafo 16:3, 4) Na wɔtetee tete Kristofo no ma wɔdaa obu adi kyerɛɛ mmea. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ ne yɔnko ɔsɛmpatrɛwfo Timoteo sɛ ommu “mmea mpanyin sɛ ɛnanom, mmabaa sɛ nuabeanom, wɔ ahotew nyinaa mu.”—1 Timoteo 5:2.
Mmea a Wɔanya Obu
Sɛ woyɛ Kristoni barima a, wobɛda obu a ɛte saa ara adi akyerɛ mmea. Woremfa atetesɛm nyi wo ho ano nyɛ wɔn basabasa. Afei nso, mmea a wo ne wɔn bedi no obu so no betumi adi wo gyidi ho adanse a emu yɛ den. (Mateo 5:16) Salima, ababaa bi a ofi Afrika, ka sɛnea onyaa Kristofo nnyinasosɛm a wɔde dii dwuma ma ohui so mfaso ho asɛm sɛ.
“Minyinii wɔ baabi a wɔyɛ mmea ne mmeawa basabasa. Ná me maame yɛ adwuma nnɔnhwerew 16 da koro, nanso nea ne nsa kae ara ne anwiinwii, bere a wantumi anwie biribi yɛ no. Nea enye koraa no, na me papa hwe me maame bere a wanom nsa pii no. Wɔyɛɛ mmea foforo a wɔwɔ yɛn hɔ no saa ara. Nanso na minim sɛ nneyɛe a ɛte saa nye—na abasamtu ne awerɛhow rehyɛ yɛn asetra ma. Nokwarem no, na ɛte sɛ nea ɔkwan biara nni hɔ a wɔbɛfa so asesa tebea yi.
“Nanso, bere a miduu mpanyin afe so no, mifii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Bere a mekenkan ɔsomafo Petro nsɛm a ɛkae sɛ ɛsɛ sɛ wodi mmea ni no, me ho dwiriw me. Nanso, misusuwii sɛ ‘ɛnyɛ ade a nkurɔfo de afotu yi bedi dwuma, titiriw esiane yɛn hɔ atetesɛm nti.’
“Nanso, bere a mekɔɔ Ahenni Asa so, baabi a Adansefo no yɛɛ wɔn nhyiam horow no, mmarima ne mmea nyinaa ne me dii no ayamye so. Nea ɛyɛɛ me nwonwa kɛse koraa ne sɛ, okununom a na wɔwɔ wɔn mu no hwɛɛ wɔn yerenom yiye. Bere a mihuu nnipa no yiye no, mihui sɛ na eyi yɛ ade a wɔhwehwɛ sɛ Adansefo no nyinaa yɛ. Ɛwom sɛ na mmarima no bi fi mmusua a ɛte sɛ me de no bi mu de, nanso afei de na wɔda obu adi kyerɛ mmea. Na mepɛ sɛ meyɛ abusua kɛse a ɛte sɛ eyi muni.”
Ano Aduru Koraa
Obu a Salima hui no amma kwa. Efi nkyerɛkyerɛ adwuma bi a egyina Onyankopɔn Asɛm so a ɛboa nkurɔfo ma wɔkyerɛ obu ma wɔn ho wɔn ho sɛnea Onyankopɔn yɛ no. Eyi yɛ ade a wobetumi ayɛ no nnɛ ne nea wɔbɛyɛ wɔ baabiara bere a Onyankopɔn Ahenni di asase nyinaa so no ho adanse. (Daniel 2:44; Mateo 6:10) Ɔsoro nniso yi beyi nsisi nyinaa afi hɔ. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: ‘Sɛ Yehowa atemmu ka asase a, wiasefo sua trenee.’—Yesaia 26:9.
Seesei mpo, trenee ho nkyerɛkyerɛ resesa nnipa ɔpepem pii nsusuwii. Sɛ ateasefo nyinaa bɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no nkoa a, saa nkyerɛkyerɛ yi bɛkɔ so wɔ wiase nyinaa, na ɛde mmarima nhyɛso a wɔde ba mmea so, ade a Adam bɔne de bae no, bɛba awiei. Yesu Kristo, Onyankopɔn Hene a wapaw no no, remma kwan mma nsisi a wɔde ba mmea so no nsɛe ne nniso. Bere a Bible reka Kristo nniso no ho asɛm no, ɛka sɛ: “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.”—Dwom 72:12-14.
Nsɛm a ɛtoatoa so yi atwe adwene asi mmea haw ahorow so. Nanso, yegye tom sɛ wɔayɛ mmarima pii nso basabasa. Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, mmarima a wɔwɔ tumi na wɔyɛ abɔnefo ayɛ mmarima ne mmea nyinaa ahodwiriwde a enni ano. Na mmea bi nso ayɛ saa ara. Sɛ nhwɛso no, Bible ka mogya a edi bem a mmea atirimɔdenfo te sɛ Isebel, Atalia, ne Herodia, hwie gui no ho asɛm.—1 Ahene 18:4, 13; 2 Beresosɛm 22:10-12; Mateo 14:1-11.
Enti, adesamma nyinaa hia Onyankopɔn wiase foforo a ɛwɔ N’ahenni ase no. Sɛ saa da no ba nnansa yi ara a, wɔrenyɛ nyiyim ntia mmea anaa mmarima na wɔrenyɛ wɔn basabasa bio. Mmom no, da biara bɛyɛ nea ‘anigye wom’ ama obiara.—Dwom 37:11.
[Kratafa 13 mfonini]
Kristofo okununom di Bible akwankyerɛ akyi, na wobu wɔn yerenom di wɔn ni