Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 5/8 kr. 12-13
  • So Adaemone Wɔ Hɔ Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Adaemone Wɔ Hɔ Ankasa?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneyɛe a Wɔagow Mu
  • Gye a Wonnye Nni De Ɔhaw Ba
  • Nnaadaafo Amumɔyɛfo
  • Nea Bible Ka Fa Abɔfo Ho
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Tumi a Yesu Wɔ Wɔ Adaemone So
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Abɔfo Ho?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Mmofra—Hena Nkyerɛkyerɛ na Mutie?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 5/8 kr. 12-13

Bible No Adwene

So Adaemone Wɔ Hɔ Ankasa?

WƆ AFEHA a ɛto so 17 ne 18 mu no, wotuu abayifo so sa denneennen wɔ Europa mmeae pii. Wɔyɛɛ nnipa pii a wɔbɔɔ wɔn bayie no ayayade a ɛyɛ hu. Ebinom a wɔbɔɔ wɔn atoro sobo no gye toom kɛkɛ sɛ wɔyɛ abayifo de twaa ayayade a na wɔreyɛ wɔn no so. Wokunkum nnipa pii esiane huhuhuhu anaa susu a wosusuw sɛ wɔyɛ abayifo nti.

Ɛwom sɛ abayisɛm yɛ adaemonesɛm bi a egyina Kyerɛwnsɛm so de, nanso ɛda adi sɛ ade a wɔyɛ tiae saa bere no yɛ katee dodo. Wɔnhyɛɛ Kristofo sɛ wɔnyɛ abayifo anaa afoforo a wodi ahonhomsɛm biara ayayade anaasɛ wonkunkum wɔn. (Romafo 12:19) Nneyɛe bɛn na ɛrekɔ so nnɛ?

Nneyɛe a Wɔagow Mu

Ɛnnɛ Kristoman mu nnipa dodow no ara mmu ahonhomsɛmdi a ɛte saa no aniberesɛm. Esiane asɛmpɛ nti ebia ebinom de wɔn ho bɛhyɛ nsoromma mu hwɛ, ntafowayi, abosonkɔm, ne abayisɛm mu, nanso wommu saa ahonhomsɛmdi yi sɛ adaemonesɛm. Ɛtɔ mmere bi a, wɔn a wogye nkurɔfo ani, agumadifo, ne amanyɛfo paem ka sɛ wɔde wɔn ho hyɛ ahonhomsɛmdi mu. Nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm bi ka sɛ, nhoma ne sini ahorow bi ka abayifo ne asumanfo ho asɛm sɛ “nnipa a wɔn ho yɛ anigye na wɔsakra wɔn ho kakra a anwonwade a wɔyɛ no mpira obiara.” Nneɛma a wɔyɛ de gye mmofra ani anaa wɔde kyerɛ wɔn ade no betumi ahyɛ ahonhomsɛmdi ho nkuran.

Saa nneyɛe a wɔagow mu a daa wɔda no adi wɔ adaemonesɛm ho no betumi ama obi anya gyidi sɛ ahonhommɔne nni hɔ. So wugye di sɛ adaemone wɔ hɔ, na wɔrebɔ mmɔden yiye sɛ wobepira yɛn? Nea ɛte biara no, nnipa dodow no ara bɛka nnɛ sɛ wɔne adaemone nnyaa nkitahodi anaasɛ wonhuu wɔn dwumadi da. So adaemone wɔ hɔ ankasa?

Gye a Wonnye Nni De Ɔhaw Ba

Wɔn a wɔkyerɛ sɛ wogye Bible di nanso wonnye nni sɛ adaemone wɔ hɔ no wɔ ɔhaw bi mu. Sɛ wonnye nni sɛ adaemone wɔ hɔ ankasa a, na wɔreda no adi sɛ wonnye Bible nni. Dɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn Asɛm, Bible, kyerɛkyerɛ sɛ ahonhommɔne a wɔwɔ tumi a ɛboro nnipa de so wɔ hɔ.

Bible nhoma a edi kan, Genesis, ka sɛnea abɔde a onim nyansa bi nam ɔwɔ so daadaa Hawa ma ɔtew atua tiaa Onyankopɔn ho asɛm. (Genesis 3:1-5) Bible nhoma a etwa to, Adiyisɛm, ka ɔdaadaafo tirimɔdenfo yi ho asɛm sɛ “ɔwɔ dedaw,” a “wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no.” (Adiyisɛm 12:9) Satan tumi daadaa abɔfo foforo ma wɔtew atua. (Yuda 6) Wɔ Bible mu no, wɔfrɛ abɔfo a wɔahwe ase yi adaemone. Wɔyɛ adwuma wɔ asase so ha, na wɔafa Onyankopɔn ne n’asomfo ho abufuw kɛse.—Adiyisɛm 12:12.

Satan ne adaemone no wɔ tumi a wɔde kɛntɛn nkurɔfo so, pira wɔn, na wɔne nnipa di nkitaho. (Luka 8:27-33) Wɔde mfe mpempem pii asua sɛnea nnipa te. Wonim sɛnea wɔde nnipa mmerɛwyɛ bedi dwuma. Bible bɔ mmere bi a wɔhyɛnee nnipa mu anaasɛ wonyaa mmarima, mmea, ne mmofra so tumi koraa ho amanneɛ. (Mateo 15:22; Marko 5:2) Wotumi de nyarewa anaa nipadua mu haw te sɛ anifurae ba. (Hiob 2:6, 7; Mateo 9:32, 33; 12:22; 17:14-18) Wotumi fura nkurɔfo adwene ani nso. (2 Korintofo 4:4) Adaemone no gu so reyɛ adwuma te sɛ wɔn kannifo Satan a ɔte sɛ “gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene” no no. (1 Petro 5:8) Nsɛm pii wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ adaemone wɔ hɔ. Sɛ wugye Bible di a, ɛnde wugye tom sɛ abɔde amumɔyɛfo a aniwa nhu wɔn no wɔ hɔ ankasa.

Nnaadaafo Amumɔyɛfo

Nanso ɔkwan bɛn so na adaemone a wɔwɔ tumi no dwumadi kɔ so nnɛ a ɛmma ehu mma wiase bere nyinaa? Dɛn nti na wɔ a wɔwɔ hɔ ne wɔn dwumadi nna adi kɛse? Bible bua sɛ: “Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo.” (2 Korintofo 11:14) Ɔbonsam yɛ ɔdaadaafo. Mpɛn pii no, adaemone dwumadi te sɛ biribi a empira, na eye mpo. Enti ɛyɛ den sɛ wubehu.

Satan ne n’adaemone kɔ so haw nnipa wɔ akwan ahorow so, sɛnea wɔyɛe wɔ Bible mmere mu no. Bere bi na ebinom a wɔyɛ nokware Kristofo seesei no de wɔn ho hyehyɛ ahonhomsɛmdi mu; wobetumi akyerɛ sɛnea adaemone ntua yɛ hu fa. Ɛnnɛ, ebia nea ɛsen bere biara no, adaemone de wɔn tumi a ɛboro nnipa de so no redaadaa nkurɔfo ma wɔde wɔn ho ahyɛ ahonhomsɛmdi mu koraa. Ɛnsɛ sɛ yebu wɔn tumi adewa. Nanso, wɔyɛ pii daadaa nkurɔfo ma wɔtwe wɔn ho fi Onyankopɔn ho sen ayayade a wɔyɛ wɔn no. Bible ka sɛ, Satan ne n’adaemone ‘redaadaa amanaman nyinaa.’ (Adiyisɛm 12:9) Wɔde ayɛ wɔn botae sɛ wɔnam anifere ne nnaadaa kwan so bɛbrɛ yɛn ase wɔ honhom fam.

Adaemone wɔ hɔ ankasa. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛkyerɛ mogyahwiegu pii ne adesɛe a ɛkɔ so wɔ adesamma mu nnɛ no mu? Nnipa fi awosu mu pɛ sɛ wɔtra ase asomdwoe ne anigye mu. Nanso adaemone hyɛ amumɔyɛ ho nkuran, na wɔwɔ tumi sɛ wɔbɛkɛntɛn nnipa adwene so asɛe no.

Nanso, Yehowa ne ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn—a ɔwɔ tumi sen adaemone. Ɔma yɛn ahoɔden bɔ yɛn ho ban wɔ “ɔbonsam nnɛɛdɛe” ho. (Efesofo 6:11-18) Ɛnsɛ sɛ yenya adaemone ho suro bɔne, efisɛ Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ: “Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn.”—Yakobo 4:7.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 12]

Sipa Icono

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena