Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Akwati M’adamfo Nhyɛso?
“M’adamfo yɛɛ n’ade sɛ nea watɔ me. Ná ɔmma minnya me ho atwaye koraa.”—Hollie.
ABEBUSƐM a nyansa wom bi ka sɛ: “Adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ne ho sen onua.” (Mmebusɛm 18:24) Na sɛ wowɔ adamfo a ɔte wo ase, mo ani ka mo ho, anaa ɔne w’adwene hyia a, akyinnye biara nni ho sɛ wobɛpɛ sɛ wo ne no yɛ nneɛma bom. Abofra bi a wɔfrɛ no Caroline ka sɛ: “Nea ama me ne Kristofo asafo no mufo bi anya adamfofa a emu yɛ den ne nneɛma a yɛyɛ bom no.” Sɛ́ Yehowa Adansefo no mu biako no, Caroline de ɔsram bi sii hɔ a ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔde nnɔnhwerew 60 bɛyɛ asɛmpaka adwuma no. Ne nnamfo yɛɛ nhyehyɛe boaa no saa adwuma yi mu!
Nanso bere a mfaso ahorow wɔ bɔ a wɔbom yɛ ade so no, ɛtɔ mmere bi a, ebetumi ayɛ nea ɛtra so. Hollie a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no te nka sɛ ne nnamfo mu biako hyɛ ne so. Na ɛnyɛ ɔno nko na ɔte nka saa kwan yi so. Hollie ka sɛ: “Ɛte sɛ nea ɛto mmofra foforo nso. Ɛkame ayɛ sɛ wonnya wɔn ho atwaye koraa kosi sɛ ɛde ntawntawdi kɛse bɛba. Afei wɔankasa wɔn ho adapɛn bi.”
Asɛm no ne sɛ, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛka akyerɛ w’adamfo sɛ ɔrehyɛ wo so, na wuhia mmere a wode bɛyɛ kokoam nneɛma. Ebia wubesuro sɛ wubepira w’adamfo no wɔ nkate fam. Na wubetumi asuro nso sɛ wobɛsɛe mo abusuabɔ no. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ, ɔkwan kakra a mobɛma ada mo adamfofa no mu no bɛboa kɛse sen sɛ ebepira.
Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Wɔ ɔmanfo turo bi a ɛwɔ Sydney, Australia, mu no, na ɛsɛ sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn gye dua kɛse bi ho ban. Dɛn ntia? Efisɛ na nsrahwɛfo pii a wɔkɔ hɔ no de nkakrankakra retiatia dɔte no so resɛe ntini no. Sɛ wɔammɔ dua no ho ban a, anka ewui. Ebetumi aba saa wɔ adamfofa mu. Nkabom ntraso betumi asɛe abusuabɔ bi. Ɔhene Salomo kyerɛwee sɛ: “Mma wo nan nnyɛ wo yɔnko fi ntiantia, na wo ho anyɛ no mfonee na wantan wo.”—Mmebusɛm 25:17.
Ehia sɛ Obi Nya Bere De Yɛ Kokoam Nneɛma
Dɛn nti na Salomo kaa eyi? Ade biako ne sɛ, yɛn nyinaa hia bere bi a yɛde bɛyɛ kokoam nneɛma. Ná Yesu Kristo mpo wɔ ahiade a ɛte saa. Ɛwom sɛ na ɔbɛn n’asuafo de, nanso bere ne bere mu no, na ‘ɔtew ne ho kɔbɔ mpae.’ (Mateo 14:23; Marko 1:35) Saa ara na Isak a na osuro Nyankopɔn no nkutoo gyee bere yɛɛ nneɛma. (Genesis 24:63) Wo nso wuhia bere bi na wode ayɛ nneɛma te sɛ sukuu dwumadi a wɔyɛ wɔ fie, ne wo kokoam Bible adesua. Na sɛ wo nnamfo ansusuw wo ho na wobu wɔn ani gu saa ahiade yi so a, ɛnyɛ den sɛ wo bo befuw.
Ɛnde, nsuro sɛ wobɛma w’adamfo ahu sɛ wuhia bere de ayɛ wo kokoam nneɛma. Esiane sɛ Kristofo dɔ ‘nhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de’ nti, mpɛn pii no nokware yɔnko bɛbɔ mmɔden ate nsɛm ase. (1 Korintofo 13:4, 5; Mmebusɛm 17:17) Abofra bi kyerɛw sɛ: “Aka kakra ma mayɛ me sɔhwɛ a etwa to no, me nnamfo yɛɛ me mmoa kɛse tee m’ase. Sɛ na mihia bere de asua ade a, na mede abotɔyam srɛ wɔn sɛ wɔnkɔ. Ɛyɛ mmerɛw sɛ mɛka nokwasɛm akyerɛ me nnamfo; wonim sɛ yɛn nyinaa wɔ asɛyɛde ahorow.”
Nokwarem no, Mmara Pa no hwehwɛ sɛ wususuw wo nnamfo ho saa ara. (Mateo 7:12) Abofra bi a wɔfrɛ no Tamara kyerɛw sɛ: “Asɛyɛde pii a mewɔ no ama mahu hia a m’adamfo hia bere no yiye.” Na sɛ Tamara reyɛ adwuma wɔ fie a, ne nnamfo nhyɛ no sɛ ɔnyɛ no ntɛm anaa onyae ngu hɔ na wayɛ no akyiri yi. Mmom no, Tamara ka sɛ, “mpɛn pii no wɔboa me ma meyɛ m’adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi abom ayɛ nneɛma akyiri yi.” Bo a saa nnamfo a wɔnyɛ pɛsɛmenkominya no som bɛn ara ni—na bere a wɔde di dwuma bom ma mfaso ba so bɛn ara ni!
‘Trɛw Mu’
Ade foforo wɔ hɔ a enti nyansa wom sɛ wobɛma ɔkwan ada adamfofa mu. Sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn adwene nyinaa ma nipa biako a, yebetumi abu yɛn ani agu abusuabɔ foforo a ɛho hia—te sɛ yɛn awofo ne yɛn nuanom ne Kristofo foforo abusuabɔ so. Yesiw yɛn nkate ne honhom fam onyin nso kwan kɛse. Bible ka sɛ: “Dade sew dade ano, na onipa sew ne yɔnko anim.” (Mmebusɛm 27:17) Ɛda adi sɛ, sɛ wone onipa biako pɛ bɔ a, obetumi ‘asew’ wo kakraa bi pɛ—titiriw sɛ saa nipa no yɛ wo tipɛn a.
Enti Bible nhyɛ nkuran sɛ yɛnyɛ yɛn ho kyenkyenee wɔ nnamfo a yɛpaw mu. Ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛntrɛw mu.’ (2 Korintofo 6:13) Moods and Feelings nhoma no tu fo sɛ: “Sɛ mowɔ abusuabɔ titiriw bi mpo a, ɛho hia sɛ wugye bere ne afoforo nso bɔ.”
Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wode saa afotu no bedi dwuma bere nyinaa. Kristoni aberante bi a wɔfrɛ no Michael ka sɛ: “Ná me ne Troy yɛ biribiara bom, wɔ asafo no mu ne asetram. Ná mframa mfa yɛn ntam koraa. Afei Ɔdansefo abofra foforo baa asafo no mu. Ná me ne no pɛ sɛ yɛbom som sɛ bere nyinaa asɛmpakafo, enti yefii ase yɛɛ nneɛma boom.” Dɛn na efi mu bae? Michael ka sɛ: “Troy ankasa me ho, na bere a mebɔɔ mmɔden sɛ mesiesie yɛn ntam a anyɛ yiye no, me nso me ne no gyaee kasa. Eyi kɔɔ so afe.” Ɔka wɔn adamfofa no ho asɛm sɛ “ade a wɔtwe ho ninkunu.”
Nanso, wɔ abusuabɔ a ɛfata mu no, nnamfo mmu wɔn mu biara sɛ agyapade. Enti sɛ adamfo bi mpɛ mmɔden a wobɔ sɛ wobɛtrɛw mu no a, ehia sɛ woka nea ɛwɔ wo koma mu kyerɛ no. Ebia na w’adamfo no hia awerɛhyem kɛkɛ sɛ woda so ara pɛ n’adamfofa. Ma emu nna hɔ sɛ mobɛkɔ so ayɛ nneɛma abom.
Nokwarem no, ebegye bere ansa na w’adamfo no ate wo ase. Sɛ́ nhwɛso no, Zaneta a wadi mfe dunsia no twee ninkunu ntɛm ara bere a n’adamfo paa fii ase ne afoforo bɔe no. Nanso, Zaneta ka sɛ “esiane mpaebɔ ne kokoam Bible adesua nti,” odii saa nkate yi so. Enti otumi kɔɔ so ne n’adamfo no nyaa abusuabɔ a emu yɛ den. Michael adamfo Troy nso dii ninkunu a ɔtwee no mfiase no so, na wɔbɛyɛɛ nnamfo pa bio. Ebia w’adamfo bɛyɛ saa ara. Nokwarem no, awiei koraa no, trɛw a wobɛtrɛw w’ayɔnkoyɛ mu no so bɛba obiara a ne ho wɔ asɛm no mu mfaso. Debbie a wadi mfe dunson no hu sɛ sɛ ne nnamfo nya nnamfo foforo a, “mpɛn pii no wɔbɛyɛ ɔno nso nnamfo.”
Na sɛ w’adamfo no mpɛ sɛ ogye nsakrae a aba mo abusuabɔ mu yi tom koraa nso ɛ? Ebetumi aba sɛ wunni hwee yɛ sɛ wobɛtew wo ho. Nanso, ansa na wobɛka sɛ ɛno ara ne no no, dɛn nti wummisa w’awofo adwene wɔ asɛm no ho? Anyɛ yiye koraa no, awofo a wosuro Onyankopɔn ankasa ne wo nnamfo a wɔbɛn wo sen biara. Na ebia na wɔwɔ nyansahyɛ ahorow bi a mfaso wɔ so a ebetumi aboa ma mo adamfofa no atra hɔ, na ama moanya mo ho atwaye nso.
Nya Bere Ma Nnamfo Pa
Kɔkɔbɔ bi ni: Trɛw a wobɛtrɛw w’ayɔnkofa mu no nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ woyɛ nyiyim wɔ wo nnamfofa mu. Adamfofa ho nhoma bi ka sɛ: “Ɛnyɛ den sɛ wobɛyɛ sɛ nnipa a wo ne wɔn bɔ kɛse no. Ɛtɔ mmere bi a, eyi betumi aba saa a wunhu. Wubetumi afi ase asusuw nneɛma ho ayɛ ade te sɛ w’atipɛnfo, ɛmfa ho sɛnea ebia wote nka no. Saa kwan yi so no, w’atipɛnfo no betumi adi wo so.” Bible kaa asɛm koro yi ara mfe mpempem pii a atwam ni bere a ɛkaa eyi no: “Nea ɔne anyansafo bɔ no bɛdan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no behu amane.”—Mmebusɛm 13:20, NW.
Sɛ wowɔ sukuu anaa adwuma mu a, ebetumi aba sɛ ehia sɛ wo ne nkurɔfo a wɔn ani nnye Yehowa som ho bɔ. Nanso sɛ worepaw nnamfo a wɔbɛn wo yiye a, kae Bible afotu yi: “Ayɔnko bɔne sɛe ɔbra pa.”—1 Korintofo 15:33, Today’s English Version.
Kae nso sɛ, nea ɛho hia sen nnipa adamfofa biara ne adamfofa a obi ne yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, benya no. Debbie a yɛkaa n’asɛm mfiase no wɔ nnamfo pa pii. Nanso n’afotu ne sɛ “hwɛ hu sɛ wode Yehowa bedi kan bere nyinaa.” Abraham a ɔtraa ase tete mmere mu no yɛɛ saa, na Yehowa ankasa frɛɛ no ‘m’adamfo.’ (Yesaia 41:8) Na susuw eyi ho: Yehowa nkyi sɛ wubenya bere ama wo nnamfo a wɔn nso dɔ no no; nokwarem no, ɔhyɛ ho nkuran. Nokware Adamfo bɛn ara ni!
[Kratafa 23 mfonini]
Nokware nnamfo hu hia a ehia sɛ wɔn mu biara nya bere ma ne ho