Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 5/8 kr. 14-15
  • Afe 2000 Ho Hia Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afe 2000 Ho Hia Dɛn?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa, Bere Sodifo
  • “Bere Bɛn na Eyinom Bɛba?”
  • Bere Bɛn Na Mfirihyia Apem a Ɛto So Abiɛsa No Fi Ase?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • 2000—So Ɛyɛ Afe a Wɔahyɛ No Agyirae?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Fa Wo Ho To Yehowa So​—Ɔno Na Ɔhyɛ “Bere Ne Nna”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Mmere Ne Nna A Ɛhyɛ Yehowa Nsa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 5/8 kr. 14-15

Bible No Adwene

Afe 2000 Ho Hia Dɛn?

AFE 2000 ho nhia nnipa dodow no ara koraa wɔ nyamesom fam te sɛ nea ɛte wɔ Atɔe fam nsase ne nsase afoforo pii so no. Sɛ nhwɛso no, Yudafo, Nkramofo, ne Hindufo nyinaa wɔ wɔn nyamesom kalenda a ɛne Atɔe fam de nhyia. Ɛdefa nyamesom ne amanne ahorow mmere ho no, Chinafo de kalenda a emu ɔsram biara yɛ nnafua aduasa na edi dwuma. Enti, afe 2000 ho nhia nnipa ɔpepepem pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no ahe biara, na ebia ɛte saa wɔ wiase nnipa dodow no ara fam.a

Nanso, wɔ Atɔe fam nsase so titiriw no, nnipa pii de anigye rehwɛ Gregory kalenda so mfirihyia apem a edi hɔ a abɛn pɛɛ no kwan. Wɔ ebinom fam no, ɛnyɛ anigye kɛkɛ. Wobu afe 2000 sɛ bere titiriw bi, sɛ abakɔsɛm mu nsakrae bere. Nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wogye Bible di kyerɛ sɛ Bible nkɔmhyɛ pii benya ne mmamu afe 2000. Ebinom hwɛ kwan sɛ anwonwade akɛse befi soro aba. Afoforo suro asiane bi—wiase awiei. So Bible ka saa akwanhwɛ yi ho asɛm bi?

Yehowa, Bere Sodifo

Wɔka Bible Nyankopɔn no ho asɛm sɛ ‘Nea ne Nna Akyɛ.’ (Daniel 7:9) Ɔno na odi bere so pɛpɛɛpɛ, sɛnea ɛda adi wɔ n’abɔde pii dwumadi ho, efi kyinhyia a okyinnsoromma ahorow di kosi akɔneaba a nneɛma nketenkete di so. N’ankasa wɔ ne bere nhyehyɛe a odi so pɛpɛɛpɛ. Bible ka sɛ, ‘Wahyehyɛ mmere horow ne trabea hye ato hɔ ama nnipa.’ (Asomafo no Nnwuma 17:26) Yehowa yɛ Bere Sodifo nokwafo.

Enti Bible ka mmerebu ho asɛm pefee. Ɛde kyerɛwtohɔ a ɛyɛ nnidiso nnidiso ma, na ɛma wotumi bu mmere san akyi kodu adesamma abakɔsɛm mfiase so. Akontaabu a ɛte saa no da no adi sɛ afe 4026 A.Y.B. ne afe a Onyankopɔn bɔɔ Adam. Bɛyɛ mfirihyia 2,000 akyi na wɔwoo Abraham. Bere a wɔwoo Yesu no, na mfirihyia 2,000 foforo atwam.

Ebinom a wosua Bible mmerebu abu wɔn ankasa akontaa ahorow a ɛtwe adwene si mmere pɔtee bi a ɛbɛba daakye so. Sɛ nhwɛso no, ebinom gyina bɛyɛ mfirihyia 2,000 a ɛdeda Adam, Abraham, ne Yesu ntam no so hyɛ ahude bi a ɛbɛba wɔ Yesu awo akyi mfirihyia 2,000 awiei no ho nkɔm. Eyi yɛ mmerebu ho nsɛm a wɔkyerɛ sɛ egyina Bible mmerebu so pii no ho nhwɛso biako pɛ.

Ampa, Bible ka bere a Yehowa Nyankopɔn de ne ho begye nnipa nsɛm mu ayi abɔnefosɛm afi hɔ, na ɔde wiase foforo aba ho asɛm. Bible nkɔmhyɛ ka “awiei bere,” “nneɛma nhyehyɛe awiei,” “nna a edi akyiri,” ne ‘Yehowa da,’ ho nsɛm. (Daniel 8:17; Mateo 24:3, NW; 2 Timoteo 3:1; 2 Petro 3:12) Nanso, “awiei” a wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Bible mu no mfa afe 2000 ho hwee. Biribiara nni Kyerɛwnsɛm mu a ɛka Gregory kalenda no mfirihyia mpem abien awiei ho asɛntitiriw bi.

“Bere Bɛn na Eyinom Bɛba?”

Yesu asomafo no kyerɛɛ Onyankopɔn bere nhyehyɛe ho anigye kɛse bere a wobisaa Yesu sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, bere bɛn na eyinom bɛba, na dɛn na ɛbɛyɛ wo ba a woaba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne?” no. (Mateo 24:3, NW) Nnipa pii wɔ daakye ho anigye a ɛte saa ara nnɛ. Ɛfata sɛ obi nya Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛho hia saa ne bere a ebenya ne mmamu no ho anigye kɛse. Nanso, nyansa wom sɛ yebegye Onyankopɔn gyinabea wɔ asɛm no ho atom, na yɛakyerɛ obu wɔ ho.

Yehowa nam ne Ba no so ada n’adwene adi, na ɔde asɛm yi ho mmuae a emu da hɔ ama. Aka bere tiaa bi ma Yesu aforo akɔ soro no, n’asuafo no bisaa no bere a Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛbam no ho asɛm bio. Yesu buae sɛ: “Ɛnyɛ mo asɛm sɛ mubehu bere anaa nna a agya no ahyɛ ato hɔ n’ankasa ne tumi mu.” (Asomafo no Nnwuma 1:7; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Ná Yesu adi kan aka akyerɛ n’asuafo no bere bi sɛ: “Da no ne dɔn ko no de, obiara nnim, ɔsoro abɔfo ne ɔba no mpo nnim, gye agya no nko.”—Mateo 24:36.

Ɛda adi pefee sɛ, ɛdefa bere a Bible nkɔmhyɛ ahorow benya ne mmamu daakye ho asɛm de enni onipa tumi mu sɛ ‘obehu mmere no anaa nna no.’ Onyankopɔn ayɛ sɛ ɔrennyi nsɛm a ɛte saa adi nkyerɛ yɛn. (Mateo 24:22-44) So yebetumi asakra Onyankopɔn atirimpɔw ɔkwan bi so denam “da no ne dɔn ko no” a yɛn ankasa bɛkyerɛ bere a ɔmpene so no? Ɛda adi sɛ eyi rentumi nyɛ yiye. (Numeri 23:19; Romafo 11:33, 34) Bible ka sɛ: “[Yehowa] agyina de, egyina hɔ daa.” (Dwom 33:11) Sɛ́ ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no, odi nkonim bere nyinaa.—Yesaia 55:8-11.

Ɛmfa ho sɛ Onyankopɔn wɔ tumi sɛ ɔkora ‘mmere anaa nna no a wobehu so wɔ n’ankasa tumi mu’ no, nnipa pii pɛ sɛ wɔbɔ wɔn tirim ka ho biribi. Ebinom yɛ wɔn ho ɔsɛe ho adiyifo. Eyi nti na ɔsomafo Paulo de akwankyerɛ pɔtee maa Tesalonikafo no wɔ asiane a ɛwom sɛ wobetie wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyehyɛ mmere ho no. Ɔkyerɛwee sɛ: ‘Yɛsrɛ mo sɛ mommma wɔnnnan mo adwene ntɛm, na wonntu mo bo honhom anaa asɛm anaa nhoma a wose efi yɛn nkyɛn ho, sɛ ebia Awurade da no anya adu. Mommma obiara nnnaadaa mo biribiara fam.’—2 Tesalonikafo 2:1-3.

Yehowa Adansefo wɔ gyidi a emu yɛ den sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ahorow a ɛfa daakye ho no bɛbam pɛpɛɛpɛ wɔ ne bere a wahyɛ ato hɔ, ɛda ne dɔn a wahyɛ mu. (Habakuk 2:3; 2 Petro 3:9, 10) Na yegye di sɛ nsɛm yi besisi nnansa yi ara. (2 Timoteo 3:1-5) Nanso, yɛmmɔ yɛn tirim nka ho biribi anaasɛ yennyina nkyerɛkyerɛ a abu so nnɛ no akyi.b Nokwarem no, afe 2000, anaa 2001, anaa bere foforo biara a abɛn a nnipa ahyɛ ato hɔ ne Yehowa bere nhyehyɛe nni hwee yɛ.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ yɛbɛka paa a, nea wɔfrɛ no mfirihyia mpem abiɛsa no fi ase January 1, 2001. Mfirihyia apem a edi kan no amfi ase ohunu (0), na mmom efii ase afe 1. Nanso, ɔmanfo de asɛm “mfirihyia mpem abiɛsa” ka afe 2000 ho asɛm. Saa asɛm yi twe adwene si nneɛma pii a nkurɔfo hwɛ kwan sɛ ebesisi wɔ afe 2000 no so.

b September 1, 1997, Ɔwɛn-Aban no kae wɔ kratafa 22 sɛ: “Yehowa Adansefo anya ɔpɛ sɛ wobehu bere a Yehowa da no bɛba. Esiane saa ɔpɛ no nti, wɔabɔ mmɔden sɛ wobebu bere a ɛbɛba no ho akontaa wɔ mmere bi a atwam. Nanso saa a wɔayɛ no ama wɔayɛ sɛ Yesu asuafo a wodi kan no a wɔantie wɔn Wura kɔkɔbɔ a ese ‘yennim da ko a bere no bedu’ no. (Marko 13:32, 33) Fɛwdifo adi Kristofo anokwafo ho fɛw wɔ nneɛma bi a wɔhwɛɛ kwan a amma ntɛm ho. (2 Petro 3:3, 4) Nanso, Petro si so dua sɛ Yehowa da no bɛba, wɔ Ne bere a wahyɛ mu.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena