Ahobammɔ a Wonni—Ɛyɛ Ɔhaw a Ɛwɔ Wiase Nyinaa
SO ƐTƆ mmere bi a wote nka sɛ nea w’asetra ne w’asetra kwan da asiane mu ma enti wunni ahotoso? Ɛnyɛ wo nkutoo na wote nka saa. Nnipa ɔpepem pii te nka saa ara. Ahobammɔ a nnipa nni trɛw te sɛ yare, na ɛhaw nkurɔfo fi Moscow kosi Manhattan, na ɔman, nyamesom, anaa aman ahye ntumi nsiw ano.
Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ no, sɛ yɛte nka sɛ yenni ahobammɔ a, “ehu ne dadwen hyɛ yɛn so.” Dadwen yɛ nkate fam adesoa a ɛhyɛ ɔbrɛ, na ebetumi asɛe yɛn akwahosan. Nanso, dɛn na ɛma yɛn ho yeraw yɛn na yɛte nka sɛ yenni ahobammɔ?
Dadwen a Ɛwɔ Europa
Nnipa 6 biara a wɔwɔ Europa Aman Nkabom (EU) mu 1 di hia buruburoo, ɔpepem 18 nnya adwuma nyɛ, na afoforo pii suro sɛ wɔn adwuma befi wɔn nsa. Wɔ EU aman pii mu no, mpanyimfo a wɔto mmofra mmonnaa ama ehu aka awofo. Wɔ EU man bi mu no, nsɛmmɔnedi ma nnipa 3 biara mu 2 ho yeraw wɔn. Esiane adesɛe, amumɔyɛsɛm, ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔresɛe no nti, ehu kɛse aka nnipa foforo a wɔte EU aman mu.
Ɛnyɛ asetra mu basabasayɛ a ɛte saa nko na ɛde nkwa ne asetrade to asiane mu, na mmom asiane a emfi nnipa nso. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1997 ne 1998 mu no, nsu akɛse a ɛtɔe, atɛkyɛ a etwiw faa nkurow so, ne ahum a etui sɛee United States afã bi. Wɔ 1997 mu no, nsu yiri faa Europa Mfinimfini fam bere a Oder ne Neisse nsubɔnten no bu faa so no. Sɛnea Poland atesɛm krataa Polityka a ɛba dapɛn biara kyerɛ no, nsu no yiri faa mfusase akɛse, ne nkuropɔn ne nkurow 86, ne nkuraa bɛyɛ 900. Na mmusua bɛyɛ 50,000 mfuw sɛee, na nnipa bɛyɛ 50 hweree wɔn nkwa. Na 1998 mfiase no, atɛkyɛ twiw faa nkurow so kunkum nnipa pii wɔ Italy kesee fam.
Ankorankoro Ahobammɔ Ho Asɛm
So wɔmmaa yɛn awerɛhyem sɛ ahobammɔ kɛse wɔ hɔ nnɛ sen mfe du a atwam no? So Apuei fam ne Atɔe fam Ntam Ntawntawdi a ɛbaa awiei no nkyerɛ sɛ wɔbɛtew asraafo dodow so? Yiw, ɔman ahobammɔ betumi ayɛ nea atu mpɔn. Nanso, nea ɛkɔ so wɔ fie ne abɔnten so no ka ankorankoro ahobammɔ. Sɛ yɛn adwuma fi yɛn nsa anaasɛ yesusuw sɛ odwowtwafo anaa ɔpanyin bi a ɔto mmofra mmonnaa gyina yɛn aboboano a, ɛnde ɛmfa ho akode pii a wɔbɛsɛe no no, yɛn ho bɛyeraw yɛn na yɛate nka sɛ yenni ahobammɔ.
Ɔkwan bɛn so na nnipa bi regyina asetra a ahotoso nnim yi ano? Nea ɛho hia titiriw no, so ɔkwan bi wɔ hɔ a wɔbɛfa so ma obiara asetra—a wo de ka ho—ayɛ nea ahobammɔ wom daa? Yebesusuw saa nsɛm yi ho wɔ nsɛm abien a edi hɔ no mu.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
UN PHOTO 186705/J. Isaac
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
FAO photo/B. Imevbore