Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 12/8 kr. 25-28
  • Ɔtare Victoria—Afrika Asasetam so Po Kɛse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔtare Victoria—Afrika Asasetam so Po Kɛse
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nile Fibea
  • Ɔtare no So Asetra
  • Nsu no mu Mmoa Ahorow
  • Nsu a Wɔrehaw Mu Mmoa
  • Afrika Asubɔnten A Ɛkyɛn So Wɔ Nneɛma Pii Mu
    Nyan!—1984
Nyan!—1998
g98 12/8 kr. 25-28

Ɔtare Victoria—Afrika Asasetam so Po Kɛse

Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Kenya hɔ

WƆ Afrika mfinimfini pɛɛ no, Engiresini barima bi nkutoo tuu kwan wɔ afe 1858 mu faa kwae ne asase a obiara nkɔɔ so da mu. Bere a na ɔne Afrikafo adesoafo kakraa bi na ɛretu kwan, na yare ne ɔbrɛ ne adwenem naayɛ ahyɛ ne so no, ɔhyɛɛ ne mmarima no nkuran sɛ wɔnkɔ wɔn anim. Ná John Hanning Speke rehwehwɛ biribi titiriw a ne hu yɛ den—baabi a Nile fi.

Bere a asasetam so nsu kɛse bi a Arab nkoatɔfo frɛɛ no Ukerewe ho nsɛm hyɛɛ Speke nkuran no, ɔbɔɔ mmɔden faa kwae a ɛtrɛw yiye no mu. Awiei koraa, bere a akwantufo kakra no nantew nnafua 25 akyi no, wohuu ade fɛfɛ bi. Asasetam so po kɛse bi a emu nsu yɛ nsu pa na ɛda wɔn anim yi. Speke kyerɛw akyiri yi sɛ: “Mannya adwenem naayɛ bio sɛ ɔtare a mihu no mu na saa asubɔnten a ɛkanyan anigye no fi, beae a wɔaka ho nsɛm pii na abɔrehufo pii repɛ ahu no.” Ɔde England hemmaa a na osi so saa bere no—Victoria—din too nea ohui no de hyɛɛ no anuonyam.

Nile Fibea

Ɛnnɛ, ɔtare a ɛda so ara kura saa din no agye din sɛ wiase ɔtare a ɛto so abien a ɛso sen biara a emu nsu yɛ nsu pa—Ɔtare Superior, a ɛda Amerika Kusuu fam, no nkutoo na ɛsõ sen no. Te sɛ ahwehwɛ kɛse bi a ɛrehyerɛn wɔ nkyempɛ wia so no, Ɔtare Victoria a ani hyerɛn no tɛtrɛtɛ yɛ kilomita ahinanan 69,484. Ɔtare yi a nkyempɛ no twam wɔ ne kusuu fam no, da Great Rift Valley no apuei ne n’atɔe ntam, na ne fã kɛse no ara da Tanzania ne Uganda ne Kenya hye so.

Asubɔnten titiriw a ekogu ɔtare no mu ne Asubɔnten Kagera a ɛwɔ Tanzania, a n’asuti wɔ Rwanda mmepɔw mu no. Nanso, nsu a ɛsen kogu Victoria mu no mu dodow no ara fi nsu a ɛtɔ boa ano wɔ asase kɛse a atwa ho ahyia a ne kɛse bɛboro kilomita ahinanan 200,000 no mu. Ɔkwan biako pɛ a nsu no fa mu pue no wɔ Jinja, wɔ Uganda. Saa beae yi no, nsu no sen kɔ kusuu fam ma ɛdan Nile Fitaa. Ɛwom sɛ ɛnyɛ Ɔtare Victoria mu nkutoo na Nile Asubɔnten no fi de, nanso ɛno mu na nsu dodow no ara fi ba, na ɛma enya nsu pa daa, na ɛno na ɛkosi Egypt nyinaa wɔde tra ase.

Ɔtare no So Asetra

Ɔkorow a ɛrekɔ, a asorɔkye fitaa a ɛnam mu no ama ayɛ sɛ afofantɔ ataban biako a agyina ntenten no nam ɔtare no ani. Mframa a efi asase a atwa ho ahyia so ba daa no bɔ hyɛmma ketewa no, na epia no kɔ ɔtare no mfinimfini. Edu awia a, mframa no sesa, na ɛsan de no ba baabi a ɛbɔɔ no fii no. Supɔw no so apofofo no ayɛ saa ade yi mfe mpempem pii.

Nkuraa ase adan a wɔde nhaban akuru atwa Victoria nsu no ho ahyia. Wɔ nkuraasefo a wɔte Nile ho fam no, nsunam ne wɔn aduan titiriw, na ɔtare no na ɛma wonya wɔn ano aduan daa. Ɔpofoni fi ne dwumadi ase ansa na owia apue. Mmarima no sesaw nsu a ɛwɔ wɔn korow a enwini no mu fi mu, na wɔtra mu kɔ nsu a ɛso ayɛ kusuu no so. Bere a wɔbom to dwom no, wɔhare ɔkorow no kɔ nsu no mu akyirikyiri, na wɔsa wɔn abrannaa. Mmea no gyina nsu no ano hwɛ ahyɛmma nketewa a ɛdom no. Wofi hɔ ntɛm ara, efisɛ nnwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ.

Bere a mmofra di agoru wɔ nsu no mu baabi a ɛhɔ nnɔ no, mmea no si nneɛma wɔ ɔtare no mu, na wɔsaw nsu a wɔbɛnom nso fi mu. Awiei koraa no, nsu no ano dwumadi ba awiei. Bere a mmea no soso nsu wɔ nhina mu a wonkura mu, de wɔn mma ahyehyɛ wɔn akyi, na wɔn nsa abien nyinaa kurakura nkɛntɛn a nneɛma a wɔasi wom mu no, wɔde nkakrankakra kodu fie. Ɛhɔ no, wɔkɔhwɛ wɔn mfuw nketewa a aburow ne adua wom, twitwa nnyina, na wɔde nantwibin ne nsõ fra kwaw wɔn dɔte adan. Wɔ nsu no ano akyirikyiri baabi no, mmea no fi ahokokwaw mu de ɛdowa nwene hama a emu yɛ den ne nkɛntɛn a ɛyɛ fɛ. Wote sɛ abonnua resu bere a mmarima bi bu nnua akɛse de sen nkorow no.

Sɛ onwini redwo a, mmea no san de wɔn ani kyerɛ po kɛse a ani tew no so. Abrannaa fitaa biara a wobehu wɔ asu no so akyirikyiri no bɛkyerɛ sɛ mmarima no reba. Eyi na wɔde ahopere hwɛ kwan, wɔde anigye twɛn sɛ wobehu wɔn kununom ne nam a wɔde bɛba no.

Nkuraa nketewa a ɛwɔ ɔtare no ano ne mu nsupɔw no so nyinaa nya ahɔho a wokura asomdwoe nsɛm. Ahɔho no bi nantew, na ebinom nso fa ɔkorow kɔ akuraa biara ase. Nnipa no wɔ ahobrɛase, na wɔn ho pere wɔn sɛ wobetie. Wɔn ani gye ho titiriw sɛ wɔbɛkenkan Bible ho nhoma ahorow a wɔatintim wɔ wɔn ankasa Nile hofo ne Bantu kasa mu no.

Nsu no mu Mmoa Ahorow

Mpataa ahorow bɛboro 400 na ɛwɔ Ɔtare Victoria mu, na wɔn mu bi yɛ nea wonhu wɔ wiase baabiara. Mpataa a abu so wom sen biara ne nea wɔfrɛ no apatrɛ no. Wɔde din ahorow bi te sɛ aboa a n’akyi hyerɛn, hyɛn kɔkɔɔ, ne Kisumu apɔtorɔ ano na ɛka saa apataa ketewa fɛfɛ yi ho asɛm. Mpatrɛ bi wɔ akwan soronko a wɔfa so bɔ wɔn mma ho ban. Sɛ asiane reba a, apataa a ɔyɛ ɔwofo no bue n’anom hoo, na ne mma nketewa no de mmirika kɔhyehyɛ mu de bɔ wɔn ho ban. Sɛ asiane no fi hɔ a, opuw wɔn ba na wɔsan fi wɔn dwumadi ase.

Nsunoma a wɔn ho yɛ fɛ ahorow wɔ Ɔtare Victoria ho. Grebe, po so anene ne anhinga kɔ nsu no ase fi ahokokwaw mu de wɔn ano hwirenhwiren no kyere mpataa. Asukɔnkɔn nantew beae a ɛhɔ nnɔ no, na otutu ne nan nkakrankakra kɔ n’anim tẽẽ yɛ dinn twɛn sɛ apataa bi a onnim sɛ ɔwɔ hɔ betwam wɔ n’anim. Wɔ nsu no ani no, pokupoku boaboa wɔn ho ano wɔ akuw mu te sɛ wimhyɛn kɛse. Sɛ wɔreguare sɛ kuw a, wotwa mpataa kuw ho hyia, na afei wɔde wɔn ano kɛse a ɛte sɛ kɛntɛn no yiyi wɔn ba soro. Anomaa a ne ho yɛ den wɔ wim hɔ ne ɔkɔre a n’ataban mu yɛ den no. Sɛ otu fi dua a esi nsu no ho so a, ɔde ahoɔden ba fam a mframa ama n’ataban agyina kyirenn, na ɔsɔ apataa fi ɔtare no ani a ɔmmrɛ ho. Ankyem a wɔn ho yɛ fɛ mmirebuw a ɛwɔ demmire dɔtɔ kusuu mu atwa ɔtare no ho ahyia, na wutumi te akyenkyena su wɔ nsu no ho akyirikyiri wɔ ɔkanto kwae mu.

Anɔpa ne anwummere no, wote susuno su a ano yɛ den no wɔ ɔtare a ɛso atɛm dinn no so akyirikyiri. Sɛ edu awia a, wɔdeda nsu no ano te sɛ abotan mfitamfitaa a ɛso yɛ toro a ne fã tɛ nsu ani. Nnipa a wɔte ɔtare no ho no yɛ ahwɛyiye wɔ Nile mu adɛnkyɛm a wɔn ho yɛ hu no ho. Ɛwom sɛ nnipa akum mmoa a wɔwea fam a wɔn ho yɛ hu yi mu dodow no ara de, nanso wɔn mu kakraa bi da so wɔ Ɔtare Victoria no mmeae a atew ne ho koraa no.

Nsu a Wɔrehaw Mu Mmoa

Afrika nnipa dodow adɔɔso fi bere a edi kan a John Speke huu Victoria no. Nnipa bɛboro ɔpepem 30 na wɔte ɔtare no ho a seesei emu nsu a ani tew no so na wonya wɔn ano aduan ankasa. Mmere a atwam no, na hɔnom apofofo no wɔ akwan a wɔn ankasa fa so yi nam. Bere a wɔwɔ nsɔwa, ɛdowa asawu, darewa, ne peaw a wɔde yi nsunam no, na wotumi kyere dodow a wohia. Ɛnnɛ, bere a asawu a emu kwan soso ne nea ne hama yɛ den a etumi du akyiri yi nam tɔn pii baa so no, mpataa pii a woyi no de ɔtare no mu abɔde a nkwa wom no reto asiane mu.

Mpataa foforo a wɔde wɔn abegu nsu no mu asesa nneɛma ma hɔnom mpataayi adwuma no asɛe. Nea ama ɔtare no mu haw ayɛ kɛse ne sukooko, wura bi a ɛwɔ nsu no ani a ɛsow nhwiren fɛfɛ bi no. Wura a wɔde fi Amerika Kesee fam baa hɔ no nyin ntɛmntɛm araa ma agye ɔtare no ano fã kɛse no ara ne nsuwansuwa a ɛbɛbɔ ɔtare no mu no ano kwan ma ahyɛmma a wɔde fa nneɛma, ahyɛmma a ɛde nnipa twa nsu, ne hɔnom apofofo akorow nnya kwan nkɔ nsu no ano ne adum a wogyina so foro hyɛn no ho. Ɔtare no ho kwae a wobu gu, nsufĩ a wɔto gu mu, ne mfiridwuma nyinaa de ɔtare no daakye ato asiane mu.

So Ɔtare Victoria bɛkɔ so atra hɔ? Wɔresusuw asɛmmisa yi ho, na obiara nhyɛ da nnim sɛnea wobedi ne haw pii no ho dwuma. Nanso, Ɔtare Victoria yɛ adebɔ mu ade a akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛkɔ so atra asase so bere tenten bere a Onyankopɔn Ahenni ayi wɔn a ‘wɔresɛe asase’ afi hɔ no.—Adiyisɛm 11:18.

[Kratafa 28 adaka/mfonini]

Apataa a Ɔrekunkum Ɔtare no Mu Mpataa Foforo

Ɔwɔ srade pii, odidi pii, ɔdɔ ntɛmntɛm, na otumi nyin yɛ anammɔn asia. Ɛyɛ dɛn? Lates niloticus! Saa apataa kɛse yi a odidi pii yi a wɔtaa frɛ no Nile mu apataa a wɔde no baa Ɔtare Victoria mu wɔ 1950 mfe mu no akunkum ɔtare no mu mpataa yiye. Wɔ mfe 40 mu no, wabɔ mmɔden awe ɔtare no mu mpataa ahorow 400 no mu bɛyɛ fã. Saa mpataa yi a wɔretɔre wɔn ase no ama asɛm ato ɛhɔfo ɔpepem pii a wɔnam mpatrɛ, ne hɔnom mpataa foforo so nya wɔn ano aduan no. Saa mpataa nketewa yi nso na wɔma ɔtare no mu tew. Ebinom di nwaw a wɔde dwensɔyaw a ɛyɛ hu ba no, na ɛnam saayɛ so siw yare no ano. Afoforo di mmire ne nsu mu afifide foforo a ɛregye nsam seesei no. Saa afifide yi a ɛredɔɔso a wɔnyɛ ho hwee no de nsusɛe aba, tebea a ɛma afifide a ɛreporɔw no sɛe nsu no mu mframa pa. Bere a hɔnom mpataa kakraa bi pɛ na aka a wɔredi ɔhaw yi ho dwuma no, nsu no “mmeae a awu,” n’afã a mframa pa nni hɔ no ayɛ kɛse, na ɛrekum mpataa pii mpo. Bere a onnya mpataa pii nni no, Nile mu apataa a odidi pii no adan kɔ aduan foforo so—n’ankasa mma! Seesei apataa a ɔretɔre ɔtare no mu mpataa foforo ase no retɔre n’ankasa ase!

[Asase mfonini wɔ kratafa 25]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

UGANDA

KENYA

TANZANIA

ƆTARE VICTORIA

[Kratafa 25 mfonini]

Adanse a wodi wɔ Ɔtare Victoria ano

[Kratafa 26 mfonini]

Ankyem

[Mfonini wɔ kratafa 26, 27]

Pokupoku

[Kratafa 27 mfonini]

Nantwinoma

[Mfonini wɔ kratafa 26, 27]

Nile mu dɛnkyɛm

[Mfonini wɔ kratafa 26, 27]

Asukɔnkɔn a ogyina susono akyi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena