Mmofra Bisa Sɛ . . .
Dɛn Nti na Mente M’awofo Nkyɛn?
“Ná asetra te dɛn bere a mente m’awofo nkyɛn no? Wɔ nsɛm pii mu no, metumi aka sɛ na ɛyɛ awerɛhow paa. Sɛ wunni awofo a wobeyi ɔdɔ adi akyerɛ wo bere a worenyin no a, ɛyɛ den yiye.”—Joaquín.
“Ɔhaw a emu yɛ den a mihyiae yɛ bere a na ɛsɛ sɛ awofo de wɔn nsa bɛhyɛ me sukuu kyerɛwtohɔ kratasin ase no. Me werɛ howee yiye na metee nka sɛ mayɛ ankonam. Ɛtɔ mmere bi a, mete nka saa ara.”—Abelina a wadi mfe 16.
ƐYƐ awerɛhosɛm wɔ yɛn bere yi mu—mmofra ɔpepem pii a wɔrenyin a wɔnte wɔn awofo nkyɛn. Ɔko ama ɔpepem pii ayɛ nyisaa wɔ Europa Apuei fam. AIDS yare no de ɔhaw a ɛte saa ara aba Afrika. Mmofra no bi wɔ hɔ a wɔn awofo apo wɔn. Na ɔko anaa asiane ama mmusua mu atetew.
Ná tebea ahorow a ɛte sɛ eyinom abu so wɔ Bible mmere mu mpo. Sɛ nhwɛso no, wɔaka nyisaa tebea ho asɛm mpɛn pii wɔ Kyerɛwnsɛm mu. (Dwom 94:6; Malaki 3:5) Ná ɔko ne tebea foforo a ɛyɛ awerɛhow paapae mmusua mu saa bere no. Bible no ka abeawa bi a wɔtew no fii n’awofo ho bere a Siria akofofo dɔm faa no dommum no ho asɛm.—2 Ahene 5:2.
Ebia woyɛ mmofra ɔpepem pii a wɔn nso nte wɔn awofo nkyɛn no mu biako. Sɛ saa a, wunim sɛnea tebea a ɛte saa no betumi ayɛ awerɛhow ankasa no. Dɛn nti na eyi ato wo?
Ɛnyɛ Wo Mfomso
So wususuw sɛ ebia Onyankopɔn na ɔretwe w’aso wɔ ɔkwan bi so? Anaa ebia woma wo bo fuw w’awofo denneennen sɛ wowui—te sɛ nea ebia wɔhyɛɛ da. Nea edi kan koraa no, nya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bo mfuw wo. Saa ara na na ɛnyɛ sɛ w’awofo no hyɛɛ da sɛ wobegyaw wo. Owu yɛ amanehunu a abɛda adesamma a wɔnyɛ pɛ so, na ɛtɔ da a ɛto awofo bere a wɔn mma da so susua. (Romafo 5:12; 6:23) Ɛda adi sɛ Yesu Kristo ankasa huu sɛnea na n’agya Yosef a ɔhwɛɛ no na ɔdɔ no no wu te.a Nokwarem no, na eyi mfi bɔne bi a Yesu ayɛ.
Kae nso sɛ, yɛte “mmere a emu yɛ den mu.” (2 Timoteo 3:1-5) Basabasayɛ, ɔko, ne nsɛmmɔnedi akunkum nnipa ɔpepem pii wɔ afeha yi mu a anyɛ nyiyim. Ebinom nso ahyia ‘ɛbere ne asiane’ a etumi to obiara no. (Ɔsɛnkafo 9:11) Sɛnea ebia w’awofo wu no yaw te biara no, mfomso no mfi wo. Sɛ anka wobɛbɔ wo ho sobo anaasɛ wobɛma awerɛhow amene wo no, nya Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa owusɔre ho no mu awerɛkyekye.b Yesu ka siei sɛ: “Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Abelina, a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no ka sɛ: “Ɔdɔ a mewɔ ma Yehowa ne owusɔre mu anidaso na ayɛ me mmoa kɛse.”
Na sɛ w’awofo da so te ase, na wɔapo wo nso ɛ? Onyankopɔn hwehwɛ sɛ awofo tete wɔn mma na wɔhwɛ wɔn. (Efesofo 6:4; 1 Timoteo 5:8) Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, awofo binom ada “ɔdɔ” a wonni mma wɔn mma adi ma ɛyɛ nwonwa. (2 Timoteo 3:3) Wɔ ebinom fam no, nea ɛma wɔpo wɔn mma ne ohia buruburoo, nnubɔnenom, afiasenna, anaa sadweamyɛ. Ɛda adi sɛ, awofo binom nso wɔ hɔ a pɛsɛmenkominya nti na wɔpo wɔn mma. Sɛnea asɛm no te biara no, obi ne n’awofo ntam a ɛtetew yɛ ɔhaw. Nanso eyi nkyerɛ sɛ biribi atoto wɔ wo fam anaasɛ wubebu wo ho fɔ adi awerɛhow. Nokwarem no, w’awofo na wobebu nea wɔde ayɛ wo no ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn. (Romafo 14:12) Nanso, sɛ tebea bi a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye te sɛ asiane anaa yare bi na ahyɛ w’awofo ma wɔne wo ntam atetew a, ɛnde asodi no nna obiara so! Anidaso wɔ hɔ bere nyinaa sɛ mubetumi ahyia bio, sɛ ɛte sɛ nea anidaso nni mu ahe biara wɔ mmere bi mu mpo a.—Fa toto Genesis 46:29-31 ho.
Asɛm a Ɛyɛ Yaw
Wɔ ne nyinaa mu no, ebia wubehyia ɔhaw ahorow a anibere wom. Nhwehwɛmu bi a Amanaman Nkabom Mmofra Foto no yɛe a wɔato din sɛ, Mmofra Wɔ Ɔko Mu, no da no adi sɛ: “Mmofra a wonni ahwɛfo ne wɔn a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ—wɔn a . . . ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛtra ase, wonnya mmoa a ɛbɛma wɔanyin yiye, na wɔyɛ wɔn basabasa. Tew a wɔtew abofra fi n’awofo ho no betumi ayɛ adehwere a ɛyɛ yaw no mu biako.” Ebia worebɔ mmɔden sɛ wubedi adwenemhaw ne abasamtu so.
Kae Joaquín, a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no. N’awofo tetew wɔn aware mu, na afei wɔpoo ɔne ne nuanom. Bere a n’awofo gyaee aware no na wadi afe biako pɛ, na ne nuabeanom mpanyimfo na wɔtetee no. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na metaa bisa nea enti a yenni awofo sɛnea me nnamfonom wɔ bi no. Sɛ na mihu sɛ agya bi ne ne ba redi agoru a, me yam a anka na ɔyɛ m’agya.”
Mmoa a Wobɛhwehwɛ
Ɛwom sɛ sɛ woannya awofo antete wo a ɛyɛ den de, nanso ɛnkyerɛ sɛ wubedi nkogu wɔ asetra mu. Sɛ wunya mmoa a, ɛnyɛ ɔhaw mu nko na wubefi, na mmom wubetumi adi yiye. Ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubegye eyi atom, titiriw sɛ woredi awerɛhow ne yaw a. Nanso kae sɛ, nkate a ɛte saa no fata, na ɛrenkɔ so nhaw wo daa. Wɔ Ɔsɛnkafo 7:2, 3, no, yɛkenkan sɛ: “Nkɔmmɔdi fi kɔ ye sen asanom fi kɔ . . . Awerɛhow ye sen ɔserew, na anim mmɔbɔmmɔbɔyɛ mu na akoma nam yɛ yiye.” Yiw, ɛyɛ nea ɛfata na mfaso wɔ so sɛ wubesũ na woadi awerɛhow bere a amanehunu bi aba no. Ebia wubehu sɛ mfaso wɔ so sɛ wobɛka w’asɛm akyerɛ adamfo bi a ɔwɔ ntease anaasɛ asafo no muni bi a ne ho akokwaw, na wo ne no abɔ ɛyaw a woredi no ho nkɔmmɔ.
Ampa, ebia wobɛyɛ w’adwene sɛ wobɛtew wo ho afi afoforo ho. Nanso Mmebusɛm 18:1 bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea watew ne ho hwehwɛ anoyi daa; na ade biara ho yɛ no ahi.” Eye sɛ wobɛhwehwɛ mmoa afi obi a ɔwɔ ayamye ne ntease hɔ. Mmebusɛm 12:25 ka sɛ: “Onipa komam awerɛhow botow no, na asɛmpa ma koma tɔ yam.” Sɛ woka ‘w’awerɛhosɛm’ kyerɛ obi a, wubetumi anya saa “asɛmpa” no.
Hena na wubetumi aka akyerɛ no? Hwehwɛ mmoa fi Kristofo asafo no mu. Yesu hyɛ bɔ sɛ, ɛhɔ na wubetumi anya “nuabarimanom ne nuabeanom ne ɛnanom” a wɔbɛdɔ wo na wɔadwen wo ho. (Marko 10:30) Joaquín ka sɛ: “Fekubɔ a me ne Kristofo anuanom nyae no maa mihuu abrabɔ wɔ ɔkwan soronko so. Asafo nhyiam a mekɔe daa no maa minyaa Yehowa ho dɔ kɛse, na minyaa ɔpɛ sɛ mɛsom no. Anuanom mmarima a wɔn ho akokwaw de honhom mu mmoa ne afotu maa m’abusua no. Ɛnnɛ, me nuanom mpanyimfo binom yɛ bere nyinaa asomfo.”
Kae nso sɛ, Yehowa yɛ “nyisaa agya.” (Dwom 68:5, 6) Wɔ Bible mmere mu no, Onyankopɔn hyɛɛ ne nkurɔfo sɛ wɔne nyisaa nni no mmɔborohunu ne trenee mu. (Deuteronomium 24:19; Mmebusɛm 23:10, 11) Na odwen mmofra a wɔnte wɔn awofo nkyɛn nnɛ no ho saa ara. Enti dan kɔ Onyankopɔn hɔ wɔ mpaebɔ mu, na nya awerɛhyem sɛ odwen wo ho na ɛno nti obetie wo. Ɔhene Dawid kyerɛwee sɛ: “M’agya ne me na gyaw me, na [Yehowa, NW] de ogye me. Ma w’ani nna [Yehowa, NW] so, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru.”—Dwom 27:10, 14.
Ne nyinaa akyi no, abofra a ɔnte n’awofo nkyɛn hyia da biara da asetra mu nsɛnnennen. Ɛhe na wobɛtra? Wobɛyɛ dɛn adi sikasɛm ho dwuma? Asɛm a ɛbɛba akyiri yi bɛka sɛnea wobetumi adi ɔhaw ahorow yi bi so nkonim.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ansa na Yesu rewu no, ɔde ne na hyɛɛ ne suani Yohane nsa, biribi a sɛ n’agya Yosef te ase a, anka ɔrenyɛ da.—Yohane 19:25-27.
b Sɛ wopɛ sɛ wunya sɛnea wubetumi agyina w’awofo wu ano ho nsɛm a, hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . .” mu nsɛm a epuei wɔ August 22 ne September 8, 1994 Engiresi Nyan! no mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]
“Ɔdɔ a mewɔ ma Yehowa ne owusɔre mu anidaso na ayɛ me mmoa kɛse”
[Kratafa 17 mfonini]
Ɛtɔ mmere bi a, wubetumi ate nka sɛ woayɛ ankonam
[Kratafa 18 mfonini ahorow]
Nnamfo a wobetumi aboa wo na wɔahyɛ wo nkuran wɔ asafo no mu