Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 1/8 kr. 14-15
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Honhom Kronkron?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Ne Onyankopɔn Honhom Kronkron?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tumi a Wɔda no Adi
  • Honhom Kronkron no Dwumadi Ahorow
  • Onyankopɔn Tumi a Ɔde Di Ma Yɛn
  • Dɛn ne Honhom Kronkron?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛma Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Yɛn Kwan?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Kwan—Asomafo No Bere So Ne Ɛnnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Honhom Kronkron No—Onyankopɔn Adeyɛ Tumi
    So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 1/8 kr. 14-15

Bible No Adwene

Dɛn Ne Onyankopɔn Honhom Kronkron?

“Na ɛbae sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, no ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei, na honhom kronkron sianee ɔhonam tebea mu te sɛ aborɔnoma baa no so, na ɛnne bi fi soro kae sɛ: Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani.”—Luka 3:21, 22.

WƆ ƆKASA bi a ɔsomafo Paulo mae wɔ nyansapɛfo bi anim wɔ tete Hela no mu no, ɔfrɛɛ Onyankopɔn “ɔsoro ne asase wura.” Paulo kae sɛ Onyankopɔn yi na “ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa,” na ɔno na “ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ɔhome ne ade nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 17:24-28) Ɛyɛ dɛn na Onyankopɔn yɛ eyinom nyinaa? Ɛdenam ne honhom kronkron anaa n’adeyɛ tumi no so.

Afei nso Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn wɔ ‘tumi dodow ne ahoɔden kɛse.’ (Yesaia 40:26) Yiw, Onyankopɔn na ɔbɔɔ amansan a ɛda ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse adi no nyinaa.

Tumi a Wɔda no Adi

Ɛnnɔɔso kɛkɛ sɛ obi bɛka sɛ honhom kronkron no yɛ Onyankopɔn tumi. Eyi te saa efisɛ tumi so betumi akata, anaa atra obi anaa biribi mu dinn, te sɛ tumi a ɛwɔ battery a ɛda hɔ a enwui mu. Nanso Kyerɛwnsɛm no ka Onyankopɔn honhom ho asɛm sɛ biribi a ɛreyɛ adwuma, ɔkwan bi so no, te sɛ anyinam ahoɔden a efi battery mu ba biribi mu no. (Genesis 1:2) Enti, Onyankopɔn honhom kronkron no yɛ ne tumi a ɛyɛ adwuma, n’adeyɛ tumi.

Ɛtɔ mmere bi a, Bible no ka honhon kronkron no ho asɛm sɛ edi biribi ho dwuma anaasɛ ɛwɔ beae soronko bi a atew ne ho afi Onyankopɔn ho. (Mateo 28:19, 20; Luka 3:21, 22; Asomafo no Nnwuma 8:39; 13:4; 15:28, 29) Ebinom a wɔakenkan nsɛm a ɛtete saa no fa no sɛ ɛsono honhom kronkron no na ɛsono Onyankopɔn. Dɛn nti na wɔde ɔkasa a ɛte saa di dwuma wɔ Kyerɛwnsɛm no mu? So ɛsono honhon kronkron no na ɛsono Onyankopɔn?

Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn wɔ gyinapɛn a ɛkorɔn koraa sen nneɛma a wabɔ. Ɔyɛ honhom a yentumi mfa yɛn desani aniwa nhu no. (Yohane 4:24) Bible no ka sɛ Yehowa Nyankopɔn te ɔsoro, na ofi hɔ de n’aniwa hwɛ adesamma. (Dwom 33:13, 14) Ntease wɔ eyi mu. Ɛsɛ sɛ Ɔbɔadeɛ no korɔn sen nneɛma a ɔde yɛ adwuma no. Odi wɔn so tumi, ɔde wɔn di dwuma sɛnea ɔpɛ, ɔnwene wɔn, na ɔma wɔn akwankyerɛ.—Genesis 1:1.

Onyankopɔn fi faako a ɔte a nnipa aniwa ntumi nhu no betumi ayɛ ama biribi asi bere biara ne baabiara. Ne saa nti, ɛho nhia sɛ ɔwɔ faako a n’adeyɛ tumi no yɛ adwuma no. Obetumi asoma ne honhom no ma adi biribi ho dwuma. (Dwom 104:30) Ɛrenyɛ den mma nnɛyi nnipa a wɔde remote control kyinkyim wɔn mfiri wɔ fie no sɛ wɔbɛte eyi ase. Ɛnnɛ yegye tumi a aniwa ntumi nhu te sɛ anyinam ahoɔden, anaa nea ɛnam mframa mu no di. Saa ara na Onyankopɔn betumi de ne tumi kronkron, anaa honhom a aniwa nhu no, ayɛ biribiara a ɔbɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ a ɔremfi beae bi nkɔ beae foforo.—Yesaia 55:11.

Wɔ Bible mmere mu no, ebia na ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛte eyi ase. Akyinnye biara nni ho sɛ sɛnea ɛkaa honhom kronkron no ho asɛm sɛ tumi bi a atew ne ho no, ɛboaa akenkanfo ma wohuu sɛnea Onyankopɔn de ne tumi di dwuma ɛmfa ho sɛ n’ankasa nkɔ faako a ɛreyɛ adwuma no. Sɛ Bible no ka sɛ honhon kronkron no ayɛ biribi a, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ Onyankopɔn ankasa na wayɛ anaa ɔde ne tumi adi dwuma wɔ nnipa anaa biribi mu ama adi n’apɛde ho dwuma.

Honhom Kronkron no Dwumadi Ahorow

Yehowa de ne honhom no na ɛbɔɔ nneɛma a nkwa wom ne nea nkwa nnim nyinaa. (Dwom 33:6) Afei nso Onyankopɔn nam nsuyiri so de dii dwuma sɛee awo ntoatoaso anuɔdenfo a na wɔasen wɔn kɔn bi. (Genesis 6:1-22) Adeyɛ tumi koro yi ara na Onyankopɔn de dii dwuma de yii ne Ba no nkwa a ɛsom bo no bɛhyɛɛ Yudani baabun Maria awotwaa mu.—Luka 1:35.

Ɛtɔ mmere bi a, honhom no kanyan nkurɔfo ma wɔde akokoduru kasa wɔ atamfo anim, a mpɛn pii no ɛde wɔn nkwa to asiane mu. (Mika 3:8) Nhwɛso pii nso wɔ Bible no mu a ɛfa nkɔmhyɛ ho titiriw a wɔnam tumi yi so maa mmarima ne mmea nyaa nhumu anaa ntease soronko. Eyi yɛ honhom no dwumadi a ɛda nsow, esiane sɛ onipa biara ntumi nkyerɛ nea ebesi daakye pɛpɛɛpɛ.—2 Petro 1:20, 21.

Afei nso honhom no betumi ama ankorankoro anya tumi a wɔde yɛ anwonwade. Sɛ nhwɛso no, ɛdenam tumi yi so no, Yesu tumi dii abɔde mu tumi so, saa nyarewa, na onyanee awufo mpo. (Luka 4:18-21; 8:22-26, 49-56; 9:11) Honhom no dii dwuma titiriw maa wɔhyehyɛɛ tete Kristofo no, na ɛkanyanee wɔn ma wɔsom sɛ Onyankopɔn adansefo ma wiase nyinaa.—Asomafo no Nnwuma 1:8; 2:1-47; Romafo 15:18, 19; 1 Korintofo 12:4-11.

Onyankopɔn Tumi a Ɔde Di Ma Yɛn

So nnipa a wɔyɛ Onyankopɔn asomfo nnɛ no betumi atwe honhom a ɛnsa da yi bi? Yiw! Onyankopɔn de ne honhom kronkron no bi ma ne nkurɔfo ma ɛboa wɔn ma wɔte n’apɛde ase di ho dwuma. Ɔde ne honhom no ma wɔn a wofi nokwaredi mu bɔ ho mpae, a wɔwɔ koma pa na wodi n’ahyɛde so no. (1 Korintofo 2:10-16) Saa honhom no betumi ama nnipa a wɔnyɛ pɛ no “tumi a ɛboro so,” na ama wɔatumi de nokwaredi asom Onyankopɔn ɛmfa ho akwanside ahorow. Enti akyinnye biara nni ho sɛ nnipa a wosuro Onyankopɔn nyinaa pɛ sɛ wonya Onyankopɔn honhom na wɔkora so.—2 Korintofo 4:7; Luka 11:13; Asomafo no Nnwuma 15:8; Efesofo 4:30.

Ɛrenkyɛ Onyankopɔn de ne tumi a ano yɛ den no bedi dwuma de ayi ntɛnkyea ne amanehunu a ɛrekɔ so wɔ wiase bɔne yi mu no afi hɔ, na ama watew ne din kronkron a ɛkorɔn no ho. Honhom kronkron bedi aboa wiase nyinaa, na aba a ɛbɛsow no bɛda adi ma obiara ahu, na ɛde anuonyam ama ne Fibea no.—Galatifo 5:22, 23; Adiyisɛm 21:3, 4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena