Dɛn Ne Onyankopɔn Atirimpɔw?
NNIPA pii a wonnye nni sɛ ɔdɔ Onyankopɔn bi a ɔyɛ tumi nyinaa wura wɔ hɔ no bisa sɛ: Sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, dɛn nti na wamma kwan ma amanehunu ne amumɔyɛ bebrebe akɔ so wɔ abakɔsɛm nyinaa mu saa? Dɛn nti na wama kwan ma nneɛma asɛe nnɛ saa? Dɛn nti na ɔnyɛ ho biribi mma ɔko, nsɛmmɔnedi, nsisi, ohia, ne nneɛma afoforo a ɛhaw adwene a ɛreyɛ kɛse wɔ asase yi so aman pii so no to ntwa?
Nea ebinom asusuw ne sɛ Onyankopɔn bɔɔ amansan no, de adesamma too Asase okyinnsoromma yi so, na afei ogyaee wɔn sɛ wɔnyɛ nea wɔpɛ. Sɛnea nsusuwii yi kyerɛ no, wontumi mmɔ Onyankopɔn sobo wɔ ɔhaw ne amanehunu a esiane nnipa adifudepɛ ne anibiannaso nti wɔde ba wɔn ho so no ho.
Nanso afoforo bɔ adwene a ɛte saa gu. Sɛ nhwɛso no, abɔde a aniwa hu ho ɔbenfo Conyers Herring a ogye Onyankopɔn di no ka sɛ: “Minnye adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn fi tete ahyehyɛ nneɛma atɔ hɔ na watwe ne ho agyina nkyɛn te sɛ bɛhwɛadeni bi, bere a adesamma ne nneɛma di apere no ntom. Ade biako a enti minnye eyi ntom ne sɛ osuahu a manya wɔ nyansahu mu no mma me biribiara a megyina so de agye adi sɛ ‘ɛdɔn’ bi a ɛte sɛ amansan yi a mfomso biara nni ho wɔ hɔ. Yebetumi akɔ so ayɛ nsakrae pii wɔ . . . nyansahu mu nkyerɛkyerɛ mu, nanso migye di sɛ ɛbɛkɔ so atɔ sin bere nyinaa. Misusuw sɛ ɛyɛ papa mmom sɛ yebenya gyidi wɔ tumi a ɛte ase a ɛma yetumi nya saa nkɔanim no bere nyinaa no mu.”
Onyankopɔn Wɔ Atirimpɔw Ampa
Ná Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ne sɛ nnipa atreneefo a wɔyɛ pɛ bɛtra Asase okyinnsoromma yi so. Odiyifo Yesaia kyerɛwee sɛ: “Na sɛ [Yehowa, NW] a ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no se ni,—ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so.”—Yesaia 45:18.
Sɛ́ anka Onyankopɔn bɛbɔ nnipa tẽẽ ma wɔayɛ asase so ma no, na ɛyɛ n’atirimpɔw sɛ ɔbɛma nnipa awo ahyɛ asase so ma. Bere a Adam ne Hawa tew Onyankopɔn so atua no, eyi ansɛe ne mfitiase atirimpɔw no, na mmom ɛde nsakrae bi a ɛho hia sɛ wɔyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a n’atirimpɔw ma nnipa ne asase anya mmamu, na ɛbae.
Onyankopɔn ama adesamma kwan ma wɔayɛ wɔn ade a ɔmfa ne ho nnye mu tẽẽ bɛyɛ mfirihyia 6,000 a edi kan no mu. Eyi na yɛn awofo a wodi kan no fi wɔn pɛ mu pawee. (Genesis 3:17-19; Deuteronomium 32:4, 5) Ná ma a Onyankopɔn bɛma kwan ma nnipa ade ne ho afi n’akwankyerɛ ho, ne di a nnipa bedi tumi sen sɛ anka Onyankopɔn bedi tumi no, bɛma nnipa anammɔn a n’ankasa ntumi ntutu ne di a ontumi nni ne yɔnko nipa so yiye no ada adi.
Nanso na Yehowa ahu eyi asie sɛ saa na ɛbɛba. Ɔde honhom kaa Bible akyerɛwfo ma wɔkyerɛw too hɔ. Sɛ nhwɛso no, odiyifo Yeremia kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”—Yeremia 10:23.
Onyansafo Salomo kaa amanehunu a ɛba bere a nnipa bɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn mfɛfo so, sɛnea wɔayɛ wɔ mfehaha no mu no ho asɛm. “Eyi nyinaa mahu, na mede me koma mato adwuma a wɔyɛ owia ase nyinaa so: ɛbere bi wɔ hɔ a onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.”—Ɔsɛnkafo 8:9.
Nanso nea ɛne adwene a ɛne sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ‘atwe ne ho agyina nkyɛn te sɛ bɛhwɛadeni bi bere a adesamma ne nneɛma di apere’ no bɔ abira no, ɔwɔ ntease pa a enti wama kwan ama mfirihyia mpempem yi abɛsen kɔ a wamfa ne ho annye nnipa dodow no ara nsɛm mu tẽẽ.
Adi Atirimpɔw Pa Bi Ho Dwuma
Ebia sɛ yɛde adesamma abakɔsɛm mu mfirihyia 6,000 a atwam no toto yɛn nkwa nna a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a ennu mfirihyia 100 no ho a, ɛte sɛ nea ɛyɛ bere tenten. Nanso sɛnea Onyankopɔn bere nhyehyɛe te ne sɛnea obu nna a ɛretwam no, mfirihyia mpempem yi te sɛ nnansia—nea ennu dapɛn biako! Ɔsomafo Petro kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Adɔfo, mommma ade biako yi nnhintaw mo, sɛ da koro yɛ [Yehowa, NW] sɛ mfirihyia apem, na mfirihyia apem yɛ no sɛ da koro.”—2 Petro 3:8.
Afei Petro kɔ so bɔ sobo biara a wɔbɔ Onyankopɔn sɛ ɔyɛ anibiannaso anaa mmɔtohɔ no gu bere a ɔtoa so sɛ: “[Yehowa, NW] nkyɛ ne bɔhyɛ ho, sɛnea ebinom bu sɛ ɛkyɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.”—2 Petro 3:9.
Ne saa nti, sɛ bere a wɔahyɛ ato hɔ no wie du a, Ɔbɔadeɛ no bɛma sɛe a wɔresɛe yɛn okyinnsoromma fɛfɛ yi, to atwa. Ebedu saa bere no na wama nipa kwan a ɛsɛ, ma ɔde akyerɛ sɛ ontumi nni ne ho so, anaa ontumi mfa ɔko, basabasayɛ, ohia, ɔyare, ne nneɛma foforo a ɛde amanehunu ba no mma awiei. Ɛdenam osuahu ankasa a wobenya so no, eyi besi nea Onyankopɔn kyerɛɛ nnipa mfitiase no so dua—sɛ ɛsɛ sɛ wodi ɔsoro akwankyerɛ akyi, na asi wɔn yiye.—Genesis 2:15-17.
Sɛnea Bible nkɔmhyɛ ahorow mmamu ma ɛda adi no, yɛte nneɛma nhyehyɛe bɔne yi “nna a edi akyiri” no awiei bere mu. (2 Timoteo 3:1-5, 13; Mateo 24:3-14) Nnipa nniso a Onyankopɔn mmoa nka ho ne abɔnefosɛm ne amanehunu a wanya ho koma no awiei abɛn. (Daniel 2:44) Ɛrenkyɛ, yebehyia ahohiahia kɛse a ebi mmaa wiase da, na ɛbɛkɔ akowie “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko,” Harmagedon, mu. (Adiyisɛm 16:14, 16) Ɔko a Onyankopɔn de bɛba yi rensɛe Onyankopɔn nsaano adwuma asase no, na mmom ‘ɛbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’—Adiyisɛm 11:18.
Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni
Sɛ Harmagedon ba n’awiei a, nnipa ɔpepem pii benya wɔn ti adidi mu. (Adiyisɛm 7:9-14) Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mmebusɛm 2:21, 22 no benya ne mmamu: “Tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so, na wɔatu nkontompofo afi so.”
Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ mfirihyia apem soronko bi bedi trenee ko a wɔbɛko wɔ Harmagedon no akyi aba. (Adiyisɛm 20:1-3) Eyi na ɛbɛyɛ Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, a ɔbɛyɛ Onyankopɔn soro Ahenni no Hene, Mfirihyia Apem Nniso. (Mateo 6:10) Bere a Ahenni nniso a ɛyɛ anigye yi kɔ so wɔ asase so no, wobenyan nnipa ɔpepem pii afi awufo mu abɛka nnipa ɔpepem pii a wobetwa Harmagedon no ho. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Wɔde wɔn nyinaa bɛsan akɔ pɛyɛ mu, na afei—wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no akyi no—awiei koraa no, mmarima ne mmea a wɔyɛ pɛ, a wɔn nyinaa fi Adam ne Hawa mu bɛyɛ asase so ma. Saa bere no na wɔadi Onyankopɔn atirimpɔw ho dwuma wɔ anuonyam ne nkonimdi mu.
Yiw, Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ “ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam. Na nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo.” (Adiyisɛm 21:4, 5) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛrenkyɛ koraa, saa atirimpɔw no bɛbam.—Yesaia 14:24, 27.
[Kratafa 5 mfonini]
Nnipa bɛtra ase daa wɔ anigye mu wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu