Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 2/8 kr. 7-9
  • Nokware Nyankopɔn Koro No a Yebehu No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware Nyankopɔn Koro No a Yebehu No
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Edin a Wɔde Hu No
  • Yehowa Anaa Yahwe?
  • So Ɛho Hia Ankasa?
  • Nokware Nyankopɔn No Su Horow
  • Wɔada Nokware Nyankopɔn no Adi
  • Hena Ne Yehowa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Sɛ Yennim Sɛnea Wɔbɔ Onyankopɔn Din Ankasa a, Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛbɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Onyankopɔn​—Ɔne Hena?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • A4 Onyankopɔn Din Pue Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm No Mu
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 2/8 kr. 7-9

Nokware Nyankopɔn Koro No a Yebehu No

ƐKAME ayɛ sɛ nnipa asom anyame fi bere tenten a wɔatra ase nyinaa. Anyame no adɔɔso araa ma ɛyɛ den sɛ yebehu anyame ne anyamewa a wɔasom wɔn wɔ asase so no nyinaa dodow—nanso ɛbɛyɛ ɔpepem.

Afei bere a yɛabehu sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ no, yebisa sɛ, Anyame a wɔasom wɔn wɔ asase so nyinaa fi tete de besi nnɛ no mu hena ne nokware Nyankopɔn no? Yebetumi ahu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nokware Nyankopɔn koro pɛ na ɔwɔ hɔ no pefee wɔ Bible no mu wɔ Yohane 17:3: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”

Edin a Wɔde Hu No

Ntease wom sɛ onyame biara a ɔwɔ nipasu benya n’ankasa din a ɛbɛma wada nsow wɔ anyame afoforo a wɔn nso wɔ wɔn ankasa din ho. Ne papa mu no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ edin a onyame no ankasa de ama ne ho, sen nea n’asomfo no abɔ wɔn tirim de ato no.

Nanso wɔ eyi mu no, nokwasɛm bi a asete yɛ den paa sɔre. Bere a ɔsom ahorow a atim no wɔ din a wɔde frɛ wɔn anyame no, Yudafo ne Kristoman mu asɔre ahorow ntumi nyaa din pɔtee bi mmaa onyame a wɔsom no no. Mmom no, wɔde abodin te sɛ Awurade, Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ, ne Agya na ɛfrɛ no.

Bere a David Clines rekyerɛw wɔ nhoma Theology mu no, ɔkae sɛ: “Bɛyɛ sɛ afeha a ɛto so anum ne abien A.Y.B. ntam no, asɛnkɛse bi too Onyankopɔn: ne din yerae. Sɛ mɛkyerɛ mu yiye a, Yudafo gyaee Onyankopɔn din Yahwe bɔ, na wofii ase de edin nkyerɛkyerɛmu ahorow frɛɛ Yahwe: Onyankopɔn, Awurade, Edin no, Ɔkronkroni no, Nea Ɔwɔ hɔ, ne mpo Beae no. Faako a na wɔakyerɛw Yahwe wɔ Bible mu mpo no, na akenkanfo bɔ din no, Adonai. Bere a asɔrefie no sɛee korakora akyi no, wogyaee edin a na wɔbɔ bere a wɔreyɛ ɔsom mu amanne a na wɔntaa nyɛ no mpo bɔ, ma enti wɔn werɛ fii sɛnea wɔbɔ din no mpo.” Nanso obiara ntumi nkyerɛ bere pɔtee a Yudafo a wɔyɛ katee no gyaee Onyankopɔn din a na wɔbɔ ma afoforo te na afei wɔde Hebri nsɛmfua a egyina hɔ ma Onyankopɔn ne Amansan Hene sii ananmu no.

Ɛnde ɛkame ayɛ sɛ ade titiriw a ehia na ama yɛatumi ayɛ nhwehwɛmu ahu “nokware Nyankopɔn koro no” ne sɛ yɛde ne din behu no. Nhwehwɛmu a ɛte saa nyɛ den koraa, efisɛ wɔbɔ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn, Ɔbɔadeɛ no din pefee wɔ Dwom 83:18 sɛ: “Na nnipa nhu sɛ wo, a wo din nkutoo ne YEHOWA no ne ɔsorosoroni asase nyinaa so.”—King James Version.

Yehowa Anaa Yahwe?

Ɛwom sɛ edin Yehowa no pue wɔ King James Version ne Bible nkyerɛase afoforo mu de, nanso ebinom pɛ sɛ wɔde edin Yahwe no di dwuma mmom sen Yehowa. Edin no mu nea ɛwɔ he na eye?

Wɔde Hebri kasa na ɛkyerɛw Bible nsaano nkyerɛwee a akyɛ sen biara no. Onyankopɔn din pue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu, na wɔde anom nkyerɛwde anan—YHWH anaa JHVH—na akyerɛw. Wɔtaa frɛ anom nkyerɛwde anan yi Tetragrammaton, anaa Tetragram a wonya fii Hela nsɛmfua abien a ɛkyerɛ “nkyerɛwde anan” mu. Afei sɛnea wɔbɔ din no pɛpɛɛpɛ ho asɛnnennen sɔre efisɛ na wɔde anom nkyerɛwde nkutoo na ɛkyerɛw tete Hebri, a na ɛnne nkyerɛwde biara nka ho a ɛbɛboa ɔkenkanfo no. Enti sɛ ebia wɔbɛbɔ Tetragrammaton no Yahwe anaa Yehowa no gyina ɛnne nkyerɛwde a ɔkenkanfo no de bɛka anom nkyerɛwde anan no ho so. Ɛnnɛ, Hebrifo nhomanimfo pii gye Yahwe tom sɛ saa na na wɔbɔ din no ankasa.

Nanso, Yehowa na agye din. Ɔkwan bɛn so? Wɔagye sɛnea wɔbɔ din Yehowa no atom wɔ Twi mu mfehaha pii. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔde sɛnea wɔbɔ din yi di dwuma no gyae sɛnea wɔbɔ edin Yeremia, ne mpo Yesu a wɔagye atom no bɔ. Ebehia sɛ wɔsesa Yeremia bɔ no Yir·meyahʹ anaa Yir·meyaʹhu, sɛnea wɔbɔ din no wɔ mfitiase Hebri kasa mu no, na Yesu bɛba abɛyɛ Ye·shuʹaʽ (Hebri) anaa I·e·sousʹ (Hela). Ɛno nti na Bible asuafo pii, a Yehowa Adansefo ka ho, te nka sɛ sɛnea agye din no ma ɛyɛ papa sɛ wɔde nea agye din yiye wɔ Engiresi kasa mu dedaw, “Jehovah,” ne sɛnea wɔbɔ no wɔ kasa ahorow mu no di dwuma.

So Ɛho Hia Ankasa?

Ebia ebinom begye kyim aka sɛ sɛ́ wɔde Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn din ankasa bɛfrɛ no anaa wɔnyɛ saa no ho nhia ankasa, na ɛdɔɔso ma wɔn sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn din sɛ Agya anaa Onyankopɔn kɛkɛ. Nanso nsɛmfua yi yɛ abodin na ɛnyɛ edin, na ɛnyɛ obi din ankasa anaa edin bi a ɛda obi adi. Bible mmere mu no, na wɔde asɛmfua a wɔde gyina hɔ ma Nyankopɔn (ʼElo·himʹ, Hebri), gyina hɔ ma nyame biara—Filistifo nyame a na wɔfrɛ no Dagon mpo. (Atemmufo 16:23, 24) Enti sɛ́ Hebrini bɛka akyerɛ Filistini sɛ ɔno, Hebrini no som “Nyankopɔn” na wankyerɛ Hebri Nyankopɔn no din a ɛrentumi mma onhu nokware Nyankopɔn a ɔsom no no.

Nea ɛyɛ anigye no, asɛm bi a ɛwɔ The Imperial Bible-Dictionary a wɔyɛe wɔ 1874 mu no ka sɛ: “Baabiara a [Yehowa] pue no, ɛyɛ din pa, a egyina hɔ ma Onyankopɔn nkutoo; bere a nea Elohim gyina hɔ ma ankasa yɛ din hunu, na mpɛn pii no egyina hɔ ma Opumpuni no, nanso ɛnyɛ bere nyinaa. . . . Hebrini betumi aka sɛ Elohim no, nokware Nyankopɔn no, de abɔ atoro anyame nyinaa abira; nanso ɔrenka da sɛ Yehowa no, efisɛ Yehowa yɛ nokware Nyankopɔn no nkutoo din. Bere nyinaa ɔka sɛ me Nyankopɔn . . . ; nanso ɔnka da sɛ me Yehowa, efisɛ sɛ ɔka sɛ me Nyankopɔn a, na ɔrekyerɛ Yehowa. Ɔka Israel Nyankopɔn, na ɔnka da sɛ Israel Yehowa, efisɛ Yehowa foforo biara nni hɔ. Otumi ka Nyankopɔn teasefo no, nanso ɔnka Yehowa teasefo, efisɛ onim sɛ Yehowa yɛ ɔteasefo.”

Nokware Nyankopɔn No Su Horow

Nokwarem no, obi din kɛkɛ a yebehu no nkyerɛ sɛ yenim no ahe biara. Yɛn mu dodow no ara nim amanyɛfo a wɔagye din pii din. Ebi mpo a yenim mmarima ne mmea a wɔagye din wɔ aman foforo so din yiye. Nanso wɔn din kɛkɛ a yebehu—mpo sɛnea yɛbɛbɔ no pɛpɛɛpɛ—no nkyerɛ sɛ yenim saafo no ankasa anaasɛ yenim nipa ko a wɔyɛ. Saa ara na, sɛ yebehu nokware Nyankopɔn koro no a, ɛsɛ sɛ yehu ne su horow na yɛkyerɛ ho anigye.

Ɛwom sɛ ɛyɛ nokware sɛ nnipa rentumi nhu nokware Nyankopɔn no da de, nanso ofi ayamye mu ama wɔakyerɛw ne ho nsɛm pii wɔ Bible mu. (Exodus 33:20; Yohane 1:18) Woyii Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no soro trabea ho anisoadehu kyerɛɛ Hebri adiyifo no bi. Ɛnyɛ nidi kɛse ne anuonyam a ɛyɛ nwonwa ne tumi nko na wɔkaa ho asɛm, na mmom sɛnea ɛhɔ dwo, wɔahyehyɛ biribiara yiye, ɛhɔ fɛ, ne sɛnea ɛhɔ yɛ anika nso.—Exodus 24:9-11; Yesaia 6:1; Hesekiel 1:26-28; Daniel 7:9; Adiyisɛm 4:1-3.

Yehowa Nyankopɔn daa ne su horow a ɛyɛ anigye no bi adi kyerɛɛ Mose, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Exodus 34:6, 7 no: [Yehowa, Yehowa, NW], Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii, nea ɔkora adɔeyɛ ma mpem mpem, na ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi.” Wunnye ntom sɛ Onyankopɔn su ahorow yi a yebehu no bɛtwe yɛn abɛn no, na sɛ́ obi ankasa no, ɛma yenya ɔpɛ sɛ yebesua ne ho nsɛm pii?

Bere a onipa biara ntumi nhu Yehowa Nyankopɔn wɔ n’anuonyam fɛfɛ mu no, wɔakyerɛw sɛ Yesu Kristo daa sɛnea ne soro Agya, Yehowa Nyankopɔn te ankasa adi bere a na ɔwɔ asase so sɛ nipa no. Bere bi Yesu kae sɛ: “Ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu agya no sɛ ɔyɛ; efisɛ biribiara a ɔno yɛ no, ɛno ara na ɔba no nso yɛ.”—Yohane 5:19.

Enti yebetumi ahu afi eyi mu sɛ ayamye, ayamhyehye, odwo, ne nnipa ho dɔ a na Yesu wɔ, ne afei nso, dɔ a na ɔdɔ trenee na ɔtan amumɔyɛ denneennen no nyinaa yɛ su a Yesu sua fii N’agya, Yehowa Nyankopɔn hɔ bere a na Yesu ne no te soro ansa na ɔrebɛyɛ onipa wɔ asase so no. Enti, sɛ yebehu nea edin Yehowa no kyerɛ ankasa a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛwɔ biribiara a yebegyina so akyerɛ ɔdɔ ama din kronkron no, ahyɛ no anuonyam, akamfo na yɛama so, na yɛanya mu ahotoso.

Nokware Nyankopɔn koro no a yɛbɛfa saa kwan yi so ahu no no yɛ nea ɛto rentwa da, sɛnea wɔma ɛda adi pefee wɔ Yohane 17:3 wɔ New World Translation of the Holy Scriptures mu no. Ɛha no, adeyɛsɛm a ɛteɛ “sɛ wobenya” no boa yiye, efisɛ wɔde mprempren kabea a wɔde kyerɛ biribi a ɛrekɔ so na edii dwuma, sen sɛ wɔde mprempren kabea kɛkɛ bedi dwuma. Ne saa nti yɛkenkan sɛ: “Eyi kyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no bae, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.” Yiw, nokware Nyankopɔn koro Yehowa ne ne Ba, Yesu Kristo ho nimdeɛ a yɛbɛkɔ so anya no yɛ ade a ɛnsɛ sɛ yegyae da.

Wɔada Nokware Nyankopɔn no Adi

Enti wotumi hu nokware Nyankopɔn no pefee fi atoro anyame pii no ho. Ɔno ne ade nyinaa so tumfoɔ a Ɔbɔɔ amansan a Asase okyinnsoromma ne nnipa a wɔtete so ka ho no. Ɔwɔ din a ɛda nsow—Yehowa, anaa Yahwe. Ɔnyɛ nyame baasa anaa Baasakoro a wontumi nkyerɛkyerɛ mu biara fã. Ɔyɛ ɔdɔ Nyankopɔn, na nea eye nkutoo na ɔpɛ sɛ n’abɔde a ɛyɛ adesamma no nya. Nanso ɔyɛ atɛntrenee Nyankopɔn, na ɔrennya wɔn a wɔawe ahinam so sɛ wɔbɛsɛe asase na wɔhyɛ akodi ne basabasayɛ ho nkuran no ho koma nkosi daa.

Yehowa ada ne bo a wasi sɛ ɛnyɛ abɔnefosɛm ne amanehunu nko na obeyi afi asase so, na mmom ɔbɛdan no paradise a nnipa komapafo betumi atra so daa wɔ anigye mu adi. (Dwom 37:10, 11, 29, 34) Mprempren Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn de ne Ba, Yesu, asi ade so sɛ Onyankopɔn Ahenni no soro Hene, na ɛrenkyɛ, Yesu de saa wiase foforo a trenee te mu no bɛba, na wasan de Paradise tebea aba yɛn asase yi so.—Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10.

Yɛwɔ awerɛhyem sɛ afei de ɛrenyɛ wo den sɛ wubebua asɛmmisa a ɛne sɛ, So Onyankopɔn wɔ hɔ ampa? no, na woada nokware Nyankopɔn koro no adi.

[Kratafa 9 mfonini]

Yesu Kristo daa Yehowa adi sɛ nokware Nyankopɔn koro no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena