Bible No Adwene
So Ɛsɛ Sɛ Yedi Awufo Ni?
“NKATE BI A AGYE NTINI KANYAN NNIPA DODOW NO ARA MA WƆDE OBU MA NIPA A WAWU BERE A WƆNTE NKA SAA MMA ABOA A WAWU.”—ENCYCLOPÆDIA BRITANNICA.
NNIPA dodow no ara di wɔn adɔfo a wɔawuwu no ni wɔ akwan horow so. Wɔ atesɛm nkrataa mu nkaebɔ afa no, wɔnam awufo ho dawuru a wɔbɔ so di wɔn ni, na woyi wɔn ayɛ wɔ nsɛm a wɔde kamfo afoforo kyerɛ mu. Wɔ aman binom so no ayi akɛse a nyamesom amanne ne atetesɛm keka ho no yɛ nea abu so. Guasodeyɛ a wɔyɛ ma awufo no tumi di nna, adapɛn, anaa asram mpo. Wɔde nnipa a na wɔwɔ din a wɔawuwu din toto sukuu ahorow, wimhyɛn gyinabea ahorow, akwan, ne nkurow so. Wɔyɛ nkaedum na wodi nnapɔnna de kae akatakyie.
Nanso, sɛnea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ no, awufo nhu anuonyam biara a yɛde hyɛ wɔn no. (Hiob 14:10, 21; Dwom 49:17) Awufo te ase wɔ wɔn a wɔkae wɔn no nkutoo adwene mu. Bible no ka sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Kyerɛwnsɛm no de owusɔre a ɛbɛba daakye no ho anidaso ma. (Yohane 5:28, 29; 11:25) Nanso enkosi saa bere no, awufo nte ase. Wɔdan dɔte.—Genesis 3:19; Hiob 34:15.
Esiane nea Bible no ka fa awufo tebea ho a emu da hɔ fann yi nti, so mfaso wɔ so sɛ yebedi wɔn ni? So ɛsɛ sɛ Kristofo di atetesɛm ne amammerɛ a ɛfa adɔfo ayiyɛ ne wɔn afunsie ho no akyi?
Amanne Ahorow a Egyina Atoro Nsusuwii So
Sɛ yɛbɛka a, atetesɛm amanne no mu dodow no ara a ɛfa awufo ho no gyina nyamesom nkyerɛkyerɛ horow a enni Bible mu no so. Encyclopædia Britannica ka sɛ, adwene a ɛwɔ amanne bi akyi ne sɛ “ɛbɛbɔ nea wawu no ho ban afi adaemone ntua ho; ɛtɔ da bi a amanne no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛbɔ ateasefo ho ban afi owu a etumi san anaa adwemmɔne a nea wawu no wɔ ho.” Amammerɛ biara a egyina atoro nsusuwii so sɛ awufo kɔ so tra ase wɔ ahonhom atrae bi no ne Bible mu nokwasɛm bɔ abira koraa.—Ɔsɛnkafo 9:10.
Nnipa pii de nidi soronko ma wɔn awufo. Nea ɛka saa ɔsom yi ho ne afɔre ne mpae a wɔbɔ ma nananom a wɔawuwu. Ebinom a wɔde wɔn ho hyɛ saa amanne yi mu no mmu no sɛ ɔsom, na mmom sɛ nidi anaa obu a ɛkɔ akyiri a wɔkyerɛ ma awufo. Nanso, saa nidi a wɔde ma nananom a wɔawuwu yi wɔ nyamesom nnyinaso na ɛne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia. Yesu Kristo kae sɛ: “Sɔre [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no.”—Luka 4:8.
Adwene a Ɛkari Pɛ
Ɛnyɛ bere nyinaa na nidi ne obu a yɛbɛkyerɛ ama awufo no ne atoro nyamesom nkyerɛkyerɛ horow wɔ abusuabɔ. Sɛ nhwɛso no, Bible mu asɛm bi ka sɛnea wodii ɔnokwafo Ɔhene Hesekia ni wɔ ne wu akyi. Onyankopɔn nkurɔfo ‘siee no Dawid mma asiei nea ɛkorɔn, na Yuda ne Yerusalemfo nyinaa dii no ni wɔ ne wu mu.’ (2 Beresosɛm 32:33) Nhwɛso foforo nso ne Yesu de no. Bible no ka sɛ n’asuafo no ‘faa Yesu amu no, na wɔde nwera ne nnuru kyekyeree ne ho, sɛnea Yudafo amusie te no.’—Yohane 19:40.
Nsɛm afoforo pii wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a ɛkyerɛ akwan soronko a wɔfaa so dii funu ne awufo sie ho dwuma. Ná saa nneyɛe yi nyɛ nananom som, na na ennyina gyidi hunu a ɛkyerɛ sɛ awufo kɔ so nya nea ateasefo yɛ so tumi no so. Mmom no, agyamfo no daa obu a emu dɔ a na wɔwɔ ma wɔn adɔfo adi. Bible no nkasa ntia obu a ɛte saa, esiane sɛ egyina nnipa awosu mu nkate horow so nti de, nanso Bible no nhyɛ ayiyɛ a wɔsɛe sika pii wɔ ho anaa wɔyɛ nneɛma ma no tra so wɔ mu no ho nkuran. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɛnhyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔnyɛ wɔn ade te sɛ stoafo anaa sɛ nnipa a wɔnna nkate biara adi bere a wɔn dɔfo bi awu no.
Saa nti, sɛ Yehowa Adansefo kɔ wɔn adɔfo a wɔawuwu ayi ase a, wɔde obu a ɛfata ne nidi ma nea wawu no. (Ɔsɛnkafo 7:2) Ɛdefa nhwiren, ayiyɛ, ne amammerɛ afoforo ho no, Kristofo de ahwɛyiye sisi wɔn ankasa gyinae na ama wɔakwati nneyɛe a ɛne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia. Wɔ eyi yɛ mu no, atɛmpa ne kari a yɛbɛkari pɛ ho hia. Encyclopædia of Religion and Ethics kyerɛkyerɛ mu sɛ “bere ne bere mu no ntease a ɛwɔ amanne bi mu no sakra, ma enti ntease a akyiri yi ebenya no betumi ayɛ soronko wɔ nea na ɛkyerɛ ankasa wɔ mfitiase no ho, na sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu foforo a wonim no yiye no renka hwee mfa mfiase nkyerɛase no ho.”a
So Ɛyɛ Mfomso sɛ Yɛbɛkamfo Wɔn?
Nnyinasosɛm a ɛfa kari a yɛbɛkari pɛ ho no nso fa awufo a yɛbɛkamfo wɔn no ho. Wɔ ayi ase no, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden kyekye nea ne biribi awu no werɛ. (2 Korintofo 1:3-5) Ebia ɔkasafo biako anaa nea ɛboro saa bɛkasa wɔ dwumadi no ase. Nanso ɛbɛyɛ nea ɛmfata sɛ wɔbɛdan dwumadi no ayɛ no guabɔ a egye bere tenten a amanfo de kamfo nea wawu no. Mmom no, ayi no bue hokwan ma wɔkamfo Onyankopɔn su horow a ɛyɛ nwonwa, a ayamye mu a ofi ama yɛn owusɔre ho anidaso no ka ho.
Nanso, eyi nkyerɛ sɛ, su pa a na nea wawu no wɔ a wɔbɛka ho asɛm wɔ afunsie kasa mu no yɛ mfomso. (Fa toto 2 Samuel 1:17-27 ho.) Bere a owufo no adi Onyankopɔn nokware akosi owu mu no, ɔbɛyɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yesua. (Hebrifo 6:12) Ɛyɛ papa sɛ yebesusuw ɔkwan a Onyankopɔn asomfo fa so kura wɔn mudi mu no ho. Nsusuwii pa a ɛte saa a yɛne afoforo bɛkyɛ bere a wɔreyɛ ayi no ma wɔn a wɔte ase no werɛ kyekye na edi nea owufo no tumi yɛe bere a na ɔte ase no ni.
Nokware Kristofo nsom awufo. Wɔmfa wɔn ho nhyɛ amanne horow a agye din a ɛne Bible mu nokware nhyia mu. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Onyankopɔn asomfo po adwene a ɛtra so a ɛne sɛ esiane sɛ awufo yɛ dɔte kɛkɛ nti, ayi ho amammerɛ nyinaa ho nhia na enni atirimpɔw biara ho dwuma. Sɛ wɔn ho nipa wu a wodi ho awerɛhow, na wɔkae wɔn. Nanso Bible mu nokware a ɛne sɛ awufo nhu amane ne owusɔre anidaso a ɛwɔ hɔ no mma wonni yaw ne awerɛhow mmoro so.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɔwɛn-Aban a ɛbae wɔ October 15, 1991, mu no kratafa 31 de akwankyerɛ a edi hɔ yi ma: “Ɛsɛ sɛ nokware Kristoni susuw eyinom ho: So amanne bi a mɛyɛ no bɛma afoforo ahu sɛ migye gyidi ne nneyɛe a ennyina kyerɛwsɛm so tom? Bere ko ne beae no na ebetumi ama woahu mmuae no. Ebia na amanne (anaasɛ adwini bi) kyerɛ biribi wɔ atoro som mu wɔ mfe mpempem pii a atwam no mu, anaasɛ ebia ɛkyerɛ ade koro no ara nnɛ wɔ ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri mu. Nanso bere a wonyɛɛ nhwehwɛmu a egye bere pii no, bisa wo ho sɛ: ‘Adwene bɛn na nnipa dodow no ara kura wɔ faako a mete no?’—Fa toto 1 Korintofo 10:25-29 ho.”
[Kratafa 10 mfonini]
Ayi a wɔde redi Sweden hene Gustav II ni, bere a owui wɔ 1632 mu no
[Asɛm Fibea]
From the book Bildersaal deutscher Geschichte