Anidaso a Nokware Som De Ma
ƐYƐ yɛn su sɛ yɛbɛka nneɛma a yɛn ani gye ho na ɛkanyan yɛn no ho asɛm. Eyi yɛ ade biako nti a Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔbɛka Bible mu nkrasɛm a ɛyɛ anigye no akyerɛ afoforo no. Saa nsɛm no a ɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Ahenni mu no de nsɛmmisa a ehia nkurɔfo ankasa te sɛ daakye, ahobammɔ, akwahosan, ne anigye, ho mmuae ma.—Luka 4:43.
Nanso nea edi kan no, dɛn ne Onyankopɔn Ahenni no?
Anidaso a Ɛyɛ Anigye
Onyankopɔn Ahenni no yɛ aban a ne Ba, “Asomdwoe-hene” no, di so. Bible no ka ne ho asɛm sɛ: “Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ . . . Asomdwoe-hene; na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.”—Yesaia 9:6, 7.
Bible nkɔmhyɛ foforo kaa nea ebesi daakye, yiw, yɛn ankasa bere yi ne wɔn a wobedi so ho asɛm sɛ: “Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, . . . na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã na ɛno de, ebegyina daa.”—Daniel 2:44.
Onyankopɔn Ahenni yi a Kristo, Asomdwoe Hene no di so no bɛma mpae a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ no anya ne mmamu, ɛka sɛ: “Yɛn agya a wowɔ soro . . . , w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Sɛ Onyankopɔn Ahenni no ba a, dɛn na ɛbɛkyerɛ ama yɛne asase no? Susuw Yehowa Nyankopɔn ankasa bɔhyɛ a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no ho hwɛ. Wɔkyerɛkyerɛ ebinom mu wɔ nkratafa yi mu.
Asɛm a Efi Onyankopɔn Hɔ
Ɛnsɛ sɛ yɛma bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ ase hɔ no so kata, na eyi ma yɛkae nea enti a ɛsɛ sɛ yɛka ɔsom ho asɛm no. Yesu ka siei sɛ ansa na nneɛma nhyehyɛe yi bɛba awiei no, n’akyidifo bɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14; 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:8.
Onyankopɔn Ahenni ho asɛm yi na Yehowa Adansefo rebɔ no dawuru wɔ wiase nyinaa no. Seesei wotintim nsɛmma nhoma yi hokafo, Ɔwɛn-Aban no, wɔ kasa ahorow 130 mu, na wɔakyerɛw asɛm “Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ” wɔ nea ɛboro ɔpepem 22 a wotintim no mu biara akyi.
Sɛ onyansafo no, ɛsɛ sɛ wugyina ntease so si w’asetra ho gyinae. (Mmebusɛm 18:13) Ne saa nti, yɛto nsa frɛ wo sɛ wo ankasa sua Onyankopɔn Ahenni a ɛyɛ anigye no ne nea ɛbɛkyerɛ ama wo no ho ade pii. Esiane eyi nti, nnyae sɛ wobɛka Bible ho asɛm. Asɛm biara nni hɔ a ɛtɔ asom, ɛyɛ anigye, na ɛho hia sen saa.—Yohane 17:3.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 8, 9]
Asase So Paradise Ho Bɔhyɛ Ahorow
Asomdwoe pii bɛba asase so. “Ɔtreneeni besi frɔmm, ne bere so, na asomdwoe pii bɛba akosi sɛ ɔsram nni hɔ bio.”—Dwom 72:7, 8.
Wobenyan awufo mpo aba nkwa mu. “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.”—Asomafo no Nnwuma 24:15.
Obiara benya akwahosan pa daa. “[Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:3, 4.
Nkurɔfo besisi wɔn ankasa adan atra mu. “Na wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba.” Yesaia 65:21.
Aduan bebu so. “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi, na nkurow no asoa sɛ asase so wura.”—Dwom 72:16.