Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 3/8 kr. 26-27
  • So Ɛyɛ Mfomso sɛ Yɛbɛbɔ Onyankopɔn Din?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛyɛ Mfomso sɛ Yɛbɛbɔ Onyankopɔn Din?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Adwene?
  • Mmara Nsɛm a Ɛto so Abiɛsa
  • So Ɛho Hia?
  • Onyankopɔn Din—Sɛnea Wɔde Di Dwuma ne Nea Ɛkyerɛ
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Onyankopɔn Din
    Nyan!—2017
  • Hyɛ Yehowa Din Kɛse no Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Sɛnea Wubetumi Ahu Onyankopɔn Din
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 3/8 kr. 26-27

Bible No Adwene

So Ɛyɛ Mfomso sɛ Yɛbɛbɔ Onyankopɔn Din?

MFEHAHA pii ni na Yudasom akyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn din, Yehowa, yɛ kronkron dodo sɛ wɔbɛbɔ.a (Dwom 83:18) Nyamekyerɛfo pii aka sɛ ɛnkyerɛ obu sɛ wɔbɛbɔ Ɔbɔadeɛ nuonyamfo no din atu ase, na mpo ɛkyerɛ bu a wobu Mmara Nsɛm Du a ɛbara ‘Onyankopɔn din a obi bɛbɔ no kwa’ no so. (Exodus 20:7, King James Version) Wɔ afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. mu no, Mishnah no de too gua sɛ “obiara a ɔbɛbɔ Edin kronkron no sɛnea wɔakyerɛw no no” nni “kyɛfa biara wɔ wiase a ɛreba no mu.”—Sanhedrin 10:1.

Nea yebetumi ahyɛ no nsow no, sɛ Kristoman mu nhomanimfo pii rekyerɛ Bible no ase a, wodi Yudafo atetesɛm yi mu nnyinasosɛm no akyi. Sɛ nhwɛso no, The New Oxford Annotated Bible ka wɔ ne nnianim nsɛm mu sɛ: “Wofii ase gyaee din pa a wɔde bɛfrɛ Onyankopɔn koro pɛ no, te sɛ nea na anyame afoforo wɔ hɔ a na ɛsɛ sɛ wɔma nsonsonoe a ɛda Onyankopɔn ne wɔn ntam no da adi, wɔ Yudasom mu ansa na Kristofo bere reba, na ɛne Kristofo Asɔre no gyidi nhyia wɔ baabiara.” Ne saa nti, wɔde asɛmfua “AWURADE” na asi din kronkron no ananmu wɔ saa nkyerɛase no mu.

Dɛn Ne Onyankopɔn Adwene?

Nanso so adwene a nsɛm asekyerɛfo ne nyamekyerɛfo yi kura no da Onyankopɔn nsusuwii adi? Sɛ biribiara da nkyɛn a, Onyankopɔn amfa ne din ansie adesamma; mmom no, ɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn. Wɔ Bible no afã a wɔde Hebri kyerɛwee a wɔtaa frɛ no Apam Dedaw no mu no, Onyankopɔn din Yehowa no pue bɛboro mpɛn 6,800. Bible kyerɛwtohɔ ma ɛda adi sɛ nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa ka wɔn a na wonim Onyankopɔn din na wɔde di dwuma no ho. Bere a Hawa woo n’abakan no, ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] adaworoma, manya ɔbarima.”—Genesis 4:1.

Mfehaha pii akyi, bere a Onyankopɔn frɛɛ Mose sɛ onkodi Israel man anim nyi wɔn mfi Misraim nkoasom mu no, Mose bisaa Onyankopɔn sɛ: “Na sɛ midu Israelfo nkyɛn, na meka mekyerɛ wɔn sɛ: Mo agyanom Nyankopɔn na asoma me mo nkyɛn, na wɔka kyerɛ me sɛ, Ne din de dɛn a, dɛn na minse wɔn?” Ɛbɛyɛ sɛ na Mose susuw sɛ ebia Onyankopɔn bɛbɔ din foforo bi na akyerɛ no. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Israel mma sɛ: [Yehowa, NW], mo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn yi, eyi ne me din de kosii daa, na eyi na wɔmfa nkae me awo ntoatoaso nyinaa mu.” (Exodus 3:13, 15) Ɛda adi pefee sɛ nokware Nyankopɔn no ante nka sɛ ne din no yɛ kronkron dodo ma ne nkurɔfo sɛ wɔbɛbɔ.

Nokwarem no, Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔatra ase wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu no afi obu mu abɔ Onyankopɔn din a wonsuro. Ná Boas, Onyankopɔn somfo nokwafo no de nsɛm “[Yehowa, NW] nni mo akyi” na ekyia n’adwumayɛfo bere nyinaa. So nkyia a ɛte saa no maa adwumayɛfo no ho dwiriw wɔn? Dabi. Asɛm no ka sɛ: “Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: [Yehowa, NW] nhyira wo.” (Rut 2:4) Sɛ́ anka wobebu saa nkyia yi sɛ animtiaa a wobu Onyankopɔn no, wobuu no sɛ ɔkwan a wɔfa so hyɛ no anuonyam di no ni wɔ wɔn da biara da asetra mu. Ɔkwan a ɛte saa ara so no, Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.”—Mateo 6:9.

Mmara Nsɛm a Ɛto so Abiɛsa

Nanso mmara a ɛwɔ Mmara Nsɛm Du no mu nea ɛto so abiɛsa no nso ɛ? Exodus 20:7 ka no pen sɛ: “Mmɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn din kwa, na [Yehowa, NW] remma nea ɔbɔ ne din kwa no ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ.”

Sɛ́ obi bɛbɔ Onyankopɔn din “kwa” no kyerɛ dɛn ankasa? The JPS Torah Commentary, a Jewish Publication Society tintimii no kyerɛkyerɛ mu sɛ Hebri asɛm a wɔkyerɛkyerɛ mu wɔ atifi hɔ sɛ “kwa” (lash·shaw’ʹ) no betumi akyerɛ “atoro” anaa “hunu.” Nhoma koro no ara toa so sɛ: “Sɛnea [Hebri asɛm yi] mu nna hɔ no ma kwan ma asɔretiafo de [bara] ntanhunu wɔ asɛnnibea, atoro ntanka, anaa Edin kronkron no a wɔbɔ no kɛkɛ anaa wɔde di dwuma sɛnea wɔpɛ biara no.”

Yudafo nhoma yi si so dua ma ɛfata sɛ nea ɛka ‘Onyankopɔn din a wɔbɔ no kwa’ no ho ne sɛ wɔde bedi dwuma ɔkwan a ɛmfata so. Nanso so yebetumi aka ma afata sɛ Onyankopɔn din a yɛbɛbɔ bere a yɛreka ne ho asɛm akyerɛ afoforo anaa bere a yɛrebɔ yɛn soro Agya no mpae no, yɛ ade a “wɔbɔ no kɛkɛ anaa wɔde di dwuma sɛnea wɔpɛ biara”? Yehowa da n’adwene adi wɔ nsɛm a ɛwɔ Dwom 91:14 no mu sɛ: “Na sɛ ɔfam me ho yi, megye no, mɛma no so, na onim me din.”

So Ɛho Hia?

Engiresi nkyerɛase foforo a wɔato din The Five Books of Moses, a Everett Fox yɛe no anni afoforo akyi. Nkyerɛase yi mfa “AWURADE,” a afoforo taa de yɛ adwuma no, na mmom “YHWH” na edi dwuma ma Onyankopɔn din, “esiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔkyerɛw no sɛnea anka Hebri akenkanfo behu no no nti.” Fox si so dua sɛ: “Ɔkenkanfo no behu no ntɛm ara sɛ Bible mu Nyankopɔn no din ankasa pue wɔ nhoma yi mu sɛ ‘YHWH.’” Ogye tom sɛ Onyankopɔn din no betumi ayɛ “hwanyann” ama ɔkenkanfo no bere a n’ani bɔ so no. Nanso bere a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔrenkata Onyankopɔn din so wɔ ne nkyerɛase mu no, ɔde ka ho sɛ: “Mekamfo kyerɛ sɛ wɔmfa ‘AWURADE’ a wɔtaa de di dwuma no nni dwuma bere a wɔkenkan no den no, na mmom afoforo nso betumi afa ɔkwan a wɔn ankasa pɛ so.” Nanso, so ɛyɛ nea obiara pɛ a ɔyɛ, sɛnea afoforo gye tom, anaa sɛnea akokwaw no no ho asɛm?

Dabi. Ɛnyɛ sɛ Bible no hyɛ nkuran sɛ yɛmfa Onyankopɔn din nni dwuma ɔkwan pa so nko, na mmom ɛde ho ahyɛde ma! Wɔ Yesaia 12:4a no, wɔka Onyankopɔn nkurɔfo ho asɛm sɛ wɔteɛm denneennen sɛ: ‘Monkamfo Yehowa, mommɔ ne din.’ Afei nso, odwontofo no ka wɔn a wɔfata Onyankopɔn atemmu no ho asɛm sɛ: ‘Hwie w’abufuw gu amanaman a wonnim wo ne ahenni a wɔmmɔ wo din no so.’—Dwom 79:6; hwɛ Mmebusɛm 18:10; Sefania 3:9 nso.

Enti ɛwom sɛ ebinom mmɔ Yehowa din a ɛwɔ anuonyam no esiane mmara nsɛm a ɛto so abiɛsa no a wɔnte ase yiye nti de, nanso wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn ampa no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ ne din. Yiw, bere biara a ɛfata sɛ wɔyɛ saa no, ‘wɔma wohu ne nneyɛe, aman mu, na wɔka sɛ wɔama ne din so.’!—Yesaia 12:4b.

[Ase hɔ asɛm]

a  Wɔ Bible no fã a ɛwɔ Hebri mu (Apam Dedaw) no mu no, wɔde nkyerɛwde anan a wobetumi akyerɛw no YHWH na egyina hɔ ma Onyankopɔn din. Ɛwom sɛ yennim ɔkwan pɔtee a na wɔfa so bɔ Nyankopɔn din no de, nanso wɔ Twi kasa mu no, wɔtaa bɔ no “Yehowa.”

[Kratafa 26 mfonini ahorow]

Dwom nhoma no fã bi a efi Po a Awu mu Nhoma Mmobɔwee no mu. Onyankopɔn din, Yehowa (YHWH), no pue wɔ Hebri nkyerɛwee a akyɛ paa no mu sen nhoma mmobɔwee no nkae nyinaa

[Asɛm Fibea]

Courtesy of the Shrine of the Book, Israel Museum, Jerusalem

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena