Bible No Adwene
Ɔsom Biako Mu Aware—Dɛn Nti na Ɛho Hia?
ABUSUA bi atra ase rebedidi anwummere. Bere a agya no bɔ mpae no, ɛna no nso bɔ nyame foforo mpae wɔ ne tirim. Wɔ abusua foforo mu nso, ɔyere no som wɔ asɔre dan mu, nanso ne kunu no som wɔ hyiadan mu. Mmusua ahorow bi wɔ hɔ a ɔwofo biako kyerɛkyerɛ mmofra no Papa Buronya ho ade, bere a ɔfoforo no nso ka Yudafo afahyɛ bi ho asɛm kyerɛ wɔn.
Sɛnea nhwehwɛmu bi ada no adi nnansa yi no, tebea horow a ɛtete sɛɛ abu so esiane ware a nkurɔfo reware wɔn a wɔne wɔn nni ɔsom biako mu no nti. Nhwehwɛmu biako daa no adi sɛ wɔ United States no, seesei Katolekfo ɔha biara mu 21 ware wɔn a wɔne wɔn nni gyidi koro mu; wɔ Mormonfo mu no, akontaabu no yɛ ɔha biara mu 30; Nkramofo mu, ɔha biara mu 40; na Yudafo mu no, ɛboro ɔha biara mu 50. Esiane nitan a ada adi wɔ nyamesom mu mfehaha pii no nti, ebinom bu nnipa a ɛsono wɔn som a wɔwareware wɔn ho no sɛ ade a wɔnam so pene nneɛma bi so. Atesɛm krataa mu sɛnkyerɛwfo bi kyerɛwee sɛ: “Ɛsɛ sɛ wogye aware afrafra ahorow no mu biara tom.” So eyi ne Bible no adwene?
Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Bible no mpene abusua anaa ɔman mu nyiyimu ho adwene a ɛnteɛ no so. Onyankopɔn Asɛm nhyɛ animhwɛ ho nkuran. Ɔsomafo Petro kaa eyi ho asɛm pefee sɛ: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Bere koro no ara mu no, Bible no kyerɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Yehowa nokware asomfo ware wɔ “Awurade mu nko.” (1 Korintofo 7:39) Dɛn ntia?
Aware Atirimpɔw
Onyankopɔn pɛe sɛ aware yɛ abusuabɔ a emu yɛ den. (Genesis 2:24) Ná Onyankopɔn adwene wɔ aware ho no sen sɛ ɛbɛyɛ ayɔnkofa bi ara kwa bere a ɔyɛɛ aware ho nhyehyɛe no. Bere a Yehowa de dwumadi hyɛɛ awarefo a wodi kan no nsa sɛ wɔnyɛn wɔn mma na wɔnhwɛ asase a wɔte so no so no, ɔkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔbom yɛ adwuma de yɛ n’apɛde. (Genesis 1:28) Sɛ wɔyɛ biako na wɔsom Onyankopɔn wɔ saa kwan yi so a, ɛnyɛ ayɔnkofa mu anigye nko na ɔbarima ne ɔbea no benya, na mmom wɔbɛtra ase abom sɛ ahokafo daa.—Fa toto Malaki 2:14 ho.
Yesu kaa eyi ho asɛm bere a ɔkaa nsɛm a wonim no yiye yi: “Wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!” (Mateo 19:6) Yesu de aware nkabom a ɛte saa no totoo kɔndua a ɛda mmoa abien kɔn mu anaa ade a wɔtwe ho. Susuw sɛnea mmoa abien yi a wɔde kɔndua ato wɔn kɔn mu a wɔn mu biara ani kyerɛ baabi foforo yi bɛbrɛ afa no ho hwɛ! Saa ara nso na ebia ɛbɛyɛ den ama wɔn a wɔkɔware wɔ nokware gyidi no akyi no sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm bɛtra ase bere a wɔn ahokafo no sɔre tia wɔn no. Bible no ka ma ɛfata sɛ: “Mone wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro.”—2 Korintofo 6:14.
Aware a Eye
Nokware som mu biakoyɛ tumi hyɛ aware mu den kɛse. Ɔkyerɛwfo bi kae sɛ: “Som a wɔbom som yɛ ade titiriw a ɛde ahoɔden ne anigye ba mmusua ahorow mu no mu biako.” Ɔsɛnkafo 4:9, 10 ka sɛ: “Baanu yɛ sen obiako, efisɛ wɔn brɛ mu akatua pa wɔ hɔ ma wɔn. Na sɛ wɔhwe ase a, obiako bɛma ne yɔnko so.”
Sɛ wɔde wɔn asetra gyina wɔn som so a, ɛnyɛ honam mu nko na ɛbɛka Kristofo awarefo abom, na mmom honhom mu nso. Bere a wɔbom bɔ mpae, bom sua Onyankopɔn Asɛm, kɔ mfɛfo Kristofo nhyiam bom, na wɔka wɔn gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo no, wonya honhom fam abusuabɔ a emu yɛ den a ɛhyɛ wɔn aware mu abusuabɔ no mu den kɛse. Kristoni bea bi kae sɛ: “Nokware som yɛ asetra kwan. Minsusuw sɛ metumi aware obi a ɔnte nea migyina so bɔ me bra no ase.”—Fa toto Marko 3:35 ho.
Wɔn a wɔware wɔ “Awurade mu” no betumi ahwɛ kwan sɛ wɔn ahokafo besua Yesu nhwɛso wɔ abrabɔ mu no. Ɛsɛ sɛ Kristofo kununom ne wɔn yerenom di wɔ ɔdɔ mu sɛnea Yesu ne asafo no dii no. Ɛsɛ sɛ Kristofo ɔyerenom ne wɔn kununom di nsɛm wɔ obu mu. (1 Korintofo 11:3; Efesofo 5:25, 29, 33) Ɛnyɛ sɛ Kristofo yɛ eyi sɛ wɔbɛsɔ wɔn ahokafo ani nko na mmom sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn, a awarefo bebu akonta akyerɛ no wɔ sɛnea wɔne wɔn ho wɔn ho di no ho nti.—Malaki 2:13, 14; 1 Petro 3:1-7.
Bata a wɔbɛbata gyidi biako ho no nso bɛboa Kristofo awarefo ma wɔasiesie wɔn ntam akasakasa asomdwoe mu. Bible no tu Kristofo fo sɛ “wɔnnhwɛ wɔn nko ade, na mmom wɔnhwɛ wɔn mfɛfo de bi.” (Filipifo 2:4) Ɛmfa ho nea obiara pɛ no, awarefo a wokura gyidi koro no bu Onyankopɔn Asɛm sɛ nea wɔnam so siesie wɔn nsɛm biara. (2 Timoteo 3:16, 17) Wɔ saa kwan yi so no, wodi afotu a Bible de ma Kristofo sɛ wonnya “adwenkoro” no so.—1 Korintofo 1:10; 2 Korintofo 13:11; Filipifo 4:2.
Anigye a Wobenya Ama Wɔn Ho Wɔn Ho ne Adwene a Ehyia
Nokwarem no, ɛnyɛ nea ehia wɔ aware mu ara ne sɛ wobenya gyidi biako. Anigye a wobenya ama wɔn ho wɔn ho nso ho hia. (Nnwom mu Dwom 3:5; 4:7, 9; 5:10) Nanso sɛ aware begyina a, adwene a ehyia wɔ nneɛma ho nso ho hia. Sɛnea nhoma Are You the One for Me? kyerɛ no “awarefo a wokura adwene koro no tumi nya hokwan pii a wɔde bɛma anigye ne biakoyɛ atra wɔn aware mu daa.”
Awerɛhosɛm ne sɛ, ebi mpo a nnipa a wɔn ani gye wɔn ho yi nhwɛ nka nneɛma a wɔn adwene nhyia wɔ ho no ho asɛm kosi wɔn aware no akyi. Sɛ mfatoho no, fa no sɛ woretɔ ofie bi esiane sɛ w’ani gye sɛnea ɛte no ho nti. Bere a wutu kɔ mu no akyi ansa na wuhu sɛ enni fapem papa. Esiane fapem a ehinhim yi nti, efie no mu nneɛma a ɛyɛ fɛ no nyinaa bɛyɛ nea mfaso nni so. Saa ara na ebia obi betumi akyerɛ onipa a ɔwɔ ɔsom foforo mu ho anigye—nanso sɛ wɔware a, etumi bɛyɛ ɔhaw kɛse.
Susuw nsɛnnennen a ebetumi asɔre wɔ aware a ɛsono awarefo no biara som mu no ho hwɛ: Ɛhe na abusua no bɛsom? Nyamesom ntetee bɛn na mmofra no benya? Hena som na abusua no de ne sika bɛboa? So ɔhokafo biako bɛhyɛ ɔfoforo no ma ɔde ne ho ahyɛ ɔsom amanne ne nnapɔnna a ɔfoforo no bu no abosonsom no mu anaa? (Yesaia 52:11) Aware biara hwehwɛ sɛ ɔhokafo biara yɛ nsakrae a ɛfata; nanso, sɛ́ obi begyae Bible nnyinasosɛm mu—de abɔ n’aware ho ban no mpo—nsɔ Onyankopɔn ani.—Fa toto Deuteronomium 7:3 ,4; Nehemia 13:26, 27 ho.
Sɛnea ɛbɛyɛ na asomdwoe atra aware mu no, awarefo binom a ɛsono wɔn gyidi no mu biara som ɔkwan a ɔpɛ so. Awerɛhosɛm ne sɛ, som a obiara som ɔkwan a ɔpɛ so no ma wɔhwere honhom fam yiyedi wɔ aware no mu. Kristoni bea bi a ɔware ɔbarima bi a ɛsono ne gyidi kae sɛ: “Ɛwom sɛ yɛaware mfe 40 ni de, nanso me kunu nnim sɛnea mete ankasa.” Nea ɛne no bɔ abira no, aware a ahokafo no nyinaa som “wɔ honhom ne nokware mu” no, Onyankopɔn wɔ wɔn aware no mu. Sɛnea Bible no ka no anwensɛm kwan so no, “hama a ɛbɔ ho abiɛsa no rentew ntɛm so.”—Yohane 4:23, 24; Ɔsɛnkafo 4:12.
Mmofra no Nso Ɛ?
Wɔn a ebia wɔresusuw gyidi afrafra aware ho no bɛte nka sɛ wobetumi ama wɔn mmofra no asua wɔn gyidi ahorow no nyinaa na wama wɔn kwan ma wɔapaw. Yiw, mmara ma kwan sɛ awofo no nyinaa de abrabɔ pa ne ɔsom mu nkyerɛkyerɛ bɛtete wɔn mma, na awiei koraa no, mmofra no nso ankasa sisi wɔn gyinae.a
Bible no kyerɛkyerɛ mmofra sɛ wontie wɔn awofo baanu no nyinaa asɛm “wɔ Awurade mu.” (Efesofo 6:1) Mmebusɛm 6:20 ka no saa kwan yi so sɛ: “Me ba, bu w’agya mmara nsɛm, na ntow wo na kyerɛ nkyene.” Sɛ́ anka wɔbɛma wɔasua nkyerɛkyerɛ foforo no, mmofra a wɔn awofo baanu a wɔtete wɔn no nyinaa wɔ gyidi koro mu no yɛ biako wɔ nea Bible no ka ho asɛm sɛ “Awurade biako, gyidi biako, asubɔ biako” no mu.—Efesofo 4:5; Deuteronomium 11:19.
“Wɔ Awurade mu” Ampa
Sɛ obi a wo ne no kura gyidi koro aware de anigye ba a, so ɛyɛ papa sɛ wobɛware obiara a wɔfrɛ ne ho sɛ Kristoni? Bible no bua sɛ: “Nea ɔka sɛ ɔte [Yesu] mu no, ɛsɛ no sɛ ɔnantew sɛnea ɔno nso nantewee.” (1 Yohane 2:6) Ne saa nti, ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔresusuw aware ho no hwehwɛ yɔnko Kristoni a ɔbɔ ne ho mmɔden ankasa sɛ obedi Yesu akyi. Ɛsɛ sɛ nea ɔbɛba abɛyɛ wo hokafo no yɛ obi a wahyira ne nkwa so ama Onyankopɔn agye asubɔ. Ɛsɛ sɛ osua Yesu nipasu a ɛne ɔdɔ no, ne nsiyɛ a ɔde kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no. Sɛnea na ɛte wɔ Yesu fam no, ɛsɛ sɛ ɔma n’abrabɔ gyina Onyankopɔn asɛm so.—Mateo 6:33; 16:24; Luka 8:1; Yohane 18:37.
Sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware no de boasetɔ twɛn ɔhokafo a ɔfata wɔ Onyankopɔn asomfo mu a, ɛma wɔyɛ sɛnea wɔde Onyankopɔn di kan wɔ wɔn asetra mu ho nhwɛso. Awiei koraa no, nhwɛso a ɛte saa no bɛboa ama wɔanya anigye ne akomatɔyam wɔ wɔn aware mu.—Ɔsɛnkafo 7:8; Yesaia 48:17, 18.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ “Bible no Adwene: So Ɛsɛ sɛ Mmofra Paw Ɔsom a Wɔn Ankasa Pɛ?” a ɛwɔ Nyan! a ɛbae wɔ March 8, 1997, mu no nkratafa 24-5. Afei nso, hwɛ Yehowa Adansefo Ne Nhomasua a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii wɔ 1995 mu no nkratafa 24-5.
[Kratafa 28 adaka]
Nea Ɛbɛboa Mmusua a Wɔn Som Gu Ahorow
Esiane nsɛm bi nti, nnɛ, awarefo pii nni ɔsom biako mu. Ebia ankorankoro binom apaw ahokafo afi nyamesom afoforo mu. Nanso awarefo pii fii ase wɔ gyidi biako mu, na akyiri yi wɔn mu paapaee esiane sɛ wɔn mu biako kɔɔ ɔsom foforo mu nti. Ebia nsɛm foforo bi nso wɔ hɔ a ɛde ɔsom mu mpaapaemu ba abusua mu. Nanso ɛmfa ho sɛnea ɛte biara no, ɛnsɛ sɛ wogyina wɔn adwene a enhyia wɔ ɔsom mu no so bu aware mu ntanka no adewa. Sɛ ahokafo no nni ɔsom biako mu mpo a, Bible no hyɛ nidi ne ahotew a ɛsɛ sɛ ɛtra hɔ daa wɔ aware mu no ho nkuran. (1 Petro 3:1, 2) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ onua bi wɔ ɔyere a onnye nni, na ɔbea no pene sɛ ɔne no tra a, onnnyaa no.” (1 Korintofo 7:12) Sɛ wɔde Bible akwankyerɛ di dwuma a, ɛbɛboa ɔwarefo biara ma wɔanya asomdwoe ne obu wɔ aware abusuabɔ no mu.—Efesofo 5:28-33; Kolosefo 3:12-14; Tito 2:4, 5; 1 Petro 3:7-9.