Akodi De Awerɛhosɛm Ba
WƆN a wɔkɔhwehwɛ Tete Nneɛma Akorae a ɛwɔ London, England no ho dwiriw wɔn yiye wɔ dɔn soronko bi a ɛkyerɛ nea daakye bɛyɛ a wohu no ho. Saa dɔn yi mma wonhu bere ankasa. N’atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma nkurɔfo ahu biribi titiriw a akɔ so wɔ afeha yi mu—akodi. Sɛ dɔn no twa ne ho a, ɛde nɔma biako ka nea akyerɛ dedaw no ho wɔ anibu 3.31 biara mu. Nɔma biara a dɔn no de ka ho no gyina hɔ ma ɔbarima, ɔbea, anaa abofra biara a wawu wɔ akodi mu wɔ afeha 20 yi mu .
Dɔn no fii adekan no ase wɔ June 1989 mu. Ebewie December 31, 1999 ɔdasum. Saa bere no dɔn no bɛkyerɛ sɛ nnipa ɔpepem ɔha na awuwu wɔ akodi mu wɔ mfe 100 a atwam no mu.
Susuw ho hwɛ—nnipa ɔpepem ɔha! Wɔboro nnipa a wɔwɔ England so mmɔho abien. Nanso, akontaabu yi nka ahude a wɔn a akodi akunkum wɔn no hui ne yaw a wodii no ho asɛm. Saa nso na ɛnka amanehunu a wɔn a wɔawuwu yi adɔfo hyia no ho hwee—ɛnanom ne agyanom, nuabeanom ne nuabarimanom, akunafo ne nyisaa ɔpepem pii a wontumi nkan wɔn. Nea akontaabu no ma yehu ni: Yɛn afeha yi ne afeha a wɔakunkum nnipa wom sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu; yentumi mfa emu atirimɔdensɛm no ntoto hwee ho.
Afeha 20 yi mu nsɛm nso ma yehu sɛnea nnipa aben wɔ awudisɛm mu. Ansa na yɛn afeha 20 a akode afoforo a wɔyɛ abu so wom reba no, na wɔntaa nyɛ akode foforo. Bere a wiase nyinaa ko a edi kan fii ase wɔ 1914 mu no, na mmarima a wɔyɛ asraafo wɔ Europa no bi tra apɔnkɔ so de mpeaw na edi ako. Ɛnnɛ, wɔnam mfiri a ɛma wohu ade wɔ TV so ne kɔmputa dwumadi so tumi tow aprɛm kɔ asase no fa pɔtee bi kokunkum nnipa ma ɛyɛ nwonwa. Wɔ mfe a adi ɛno akyi aba mu no, wiase no anya nkɔanim soronko wɔ atuo, ntwitwiridii, po ase akohyɛn, wimhyɛn a wɔde di ako, akode a wɔde awuduru a ekunkum mmoawammoawa ne nnipa ne afifide ayɛ mu, na“ɔtopae” de, yɛnka.
Anwonwasɛm ne sɛ, nnipa anya nkɔanim wɔ akodi mu araa ma afei de abɛyɛ agodie a nnipa suro. Te sɛ Frankenstein anansesɛm a ɛfa sasabonsam bi a okum ne wura ho no, ɔko abɛyɛ biribi a ebetumi atɔre wɔn a wɔama abenya tumi kɛse a ɛte saa no ase. So wobetumi abrɛ sasabonsam yi ase anaasɛ wobetumi ayi no afi hɔ? Yebesusuw asɛmmisa yi ho wɔ nsɛm a edidi so no mu.
[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 3]
U.S. National Archives photo
U.S. Coast Guard photo
By Courtesy of the Imperial War Museum