Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 11/8 kr. 20-21
  • Dɛn na Ɛde Abayisɛm Ba?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Ɛde Abayisɛm Ba?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahiade a Wɔn Nsa Ntumi Nka
  • Honhom Fam Yiyedi Ankasa—Efi He?
  • Dɛn Na Wunim fa Abayisɛm ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu Fa Abayisɛm ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Europefoɔ Hwehwɛ Abayifoɔ
    Nyan!—2014
  • Nkonyaayi, Asumansɛm, Ne Abayisɛm Ho Nokwasɛm
    Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 11/8 kr. 20-21

Bible No Adwene

Dɛn na Ɛde Abayisɛm Ba?

“ABAYIFO.” Dɛn na saa asɛmfua no de ba w’adwenem? So ɛyɛ mmerewa bi a wɔn anim huhuuhu a wɔreto aduru bɔne anaa mmea bi a wosi tuutuu a wɔne Satan redi nkitaho mfonini? Nea ɛne saa adwene a nnipa pii kura bɔ abira no, ɛnnɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ abayifo no yɛ nnipa a womfa saa nsusuw wɔn. Wɔn mu binom yɛ animdefo a wobu wɔn, te sɛ mmaranimfo, akyerɛkyerɛfo, nhoma akyerɛwfo, ne ayarehwɛfo. Nyamesom ahyehyɛde ahorow a wɔde wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi te sɛ ɔsom a wɔsom abɔde ne nananom a wɔawuwu mu no retrɛw wɔ wiase nyinaa.a Polisifo panyin bi a ɔwɔ Russia kae sɛ: “Baabiara a wobɛkɔ wɔ Russia nnɛ no, wubehu sɛ abayisɛm kɔ so da biara wɔ nnipa asetram. Wɔ United States no, wobu akonta sɛ abayifo anaa “Abayisomfo,”b sɛnea ebinom frɛ wɔn ho no, bɛyɛ 50,000 kosi 300,000 na wɔwɔ hɔ.

Ɛnnɛ wɔtaa kyerɛ asɛmfua “bayie” ase sɛnea wɔpɛ biara, na ɛsono sɛnea obiara te ase. Nnɛyi abayisɛm a anya nkɔanim no gyina nyamewa a wɔsom no, ne abɔde som a ahonhonsɛmdi pii wom so. Abayifo no bi de wɔn ho hyɛ abayisɛm mu a obiara nka wɔn ho—wɔn nkutoo na wɔyɛ wɔn amanne, hwehwɛ mmere mu nsakrae mu, sɛnea ɔsram no sakra ne ho, ne abɔde afoforo ho nneɛma. Afoforo nso ka wɔn ho bom yɛ amanne, a mpɛn pii no abayifo 13 na wɔwɔ kuw biara mu.

Ɛda adi sɛ adwene a nkurɔfo kura wɔ abayifo ho nnɛ wɔ Apuei fam no yɛ soronko koraa wɔ adwene a na ɛma wɔhyew abayifo wɔ Bagyim Bere mu no ho. Nanso, ɛnnɛ mpo ɛtɔ mmere bi a, wɔyɛ abayifo ayayade kɛse. Sɛ nhwɛso no, wɔ October 1998 mfiase no, basabasayɛ kuw bi de sekan kunkum nnipa bɛboro 150 a na wosusuw sɛ wɔyɛ abayifo wɔ Indonesia. Wɔ South Africa nso, abayifo a wɔyɛ wɔn basabasa a wɔde too gua wɔ 1990 ne 1998 ntam no yɛ 2,000, emu 577 de, wokunkum wɔn. Wɔ nneɛma mmienu yi—wɔn a wɔn ani gye abayisɛm ho ne wɔn a wɔtan abayifo—mu no, ɛsɛ sɛ Kristofo bu asɛm yi dɛn?

Ahiade a Wɔn Nsa Ntumi Nka

Dɛn na ɛma nkurɔfo de wɔn ho hyɛ abayisɛm mu nnɛ? Wɔka sɛ obu a wɔwɔ ma abɔde ne nkwa no na ɛma wɔyɛ saa. Nokwarem no, ebinom kyerɛkyerɛ mu pefee sɛ wɔmfa mmoa mmɔ afɔre wɔ wɔn amanne ahorow mu. Afoforo nso ka sɛ wɔde wɔn ho hyɛ abayisɛm mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nkurɔfo a wobetumi ne wɔn asusuw nsɛm ho, anya wɔn mu ahotoso, na wɔne wɔn ahwehwɛ honhom fam botae koro. Ɔbea bi a ɔde ne ho ahyɛ abayisɛm mu nnɛ ka sɛ: “Obiara a minim no a ɔyɛ ɔbosonsonni no pɛ adamfofa . . . Wɔyɛ nnipa a woye ankasa.” Wɔn mu pii ka sɛ wɔne Satan nni hwee yɛ, na wɔka no pefee mpo sɛ onyame bɔne biara ho asɛm nni wɔn som no mu.

Wɔn mu pii fam no, ntease titiriw nti a wɔde wɔn ho hyɛ abayisɛm mu ne sɛ wobedi yiye wɔ honhom fam na wɔakwati nyamesom mu abasamtu ahorow. Bere a ɔbea Phyllis Curott a ɔyɛ Abayifo kuw bi sɔfo panyin no reka abayifo kuw a ɔwom ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Na yɛn nyinaa ani nnye nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe a na ɛkɔ so wɔ ɔsom a wɔde tetee yɛn mu no ho.” Curott kyerɛkyerɛ mu sɛ nnɛyi abayifo no bɔ mmɔden sɛ wobenya asɛmmisa a ɛne, ‘Yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ayɛ ade kronkron bio?’ no ho mmuae. Nanso so abayisɛm na ɛma wonya honhom fam yiyedi ankasa?

Honhom Fam Yiyedi Ankasa—Efi He?

Bible no kyerɛkyerɛ mu pefee sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro ne Amansan Hene no. (Dwom 73:28; 1 Petro 1:15, 16; Adiyisɛm 4:11) Ɔto nsa frɛ nnipa nyinaa sɛ wɔnhwehwɛ no na ‘wobehu no.’ (Asomafo no Nnwuma 17:27) Enti, nokware Nyankopɔn Yehowa ho nimdeɛ a edi mu a yebenya no nkutoo na ɛbɛma yɛanya honhom fam yiyedi ankasa. Yebetumi ayɛ eyi denam N’asɛm, Kyerɛw Kronkron no a yebesua so. Bible kyerɛwfo Yakobo ka eyi de ma yenya awerɛhyem: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.”—Yakobo 4:8.

Nanso Onyankopɔn Asɛm bɔ yɛn kɔkɔ wɔ atoro ahonhom ho. (1 Yohane 4:1) Ɛka sɛ Satan Ɔbonsam, Yehowa tamfo kɛse no, ne n’adaemone na wɔhyɛ ahonhonsɛmdi a ɛkɔ so nnɛ no akyi.c Sɛnea Bible no kyerɛ no, Satan afura nnipa pii “adwene ani.” Nokwarem no, “ɔredaadaa amanaman nyinaa,” a wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ abayisɛm mu nso ka ho—sɛ wɔka sɛ wɔsom Ɔbonsam anaasɛ wɔnsom no no. Adɛn ntia?—2 Korintofo 4:4; Adiyisɛm 12:9.

Abayisɛm mu nneyɛe ne amanne ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no te sɛ anwonwade a wɔyɛ wɔ Satansom mu no ara. Enti, abayisɛm ho anigye kɛkɛ a wɔka sɛ wɔkyerɛ no betumi ama obi de ne ho ahyɛ ahonhonsɛmdi mu. Nokwarem no, Satan atumi adaadaa nnipa pii wɔ saa kwan yi so.

Nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yegye tom ne sɛ, ɛyɛ tumi a ebinom hwehwɛ anaasɛ bɔne a wɔpɛ sɛ wɔyɛ de tua afoforo ka nti na ɛtɔ da a, wɔde wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu nnɛ no. Jennifer, ɔbea bayifo bi kae sɛ: “Awudisɛm nti na ebinom de wɔn ho hyɛ abayisɛm mu.” Sɛnea ɛte biara no, sɛ ebia nkurɔfo de wɔn ho hyɛ abayisɛm mu gyigye wɔn ani anaasɛ wɔde di awu no, ebetumi ama wɔakɔ Satan ne adaemone no nkɛntɛnso ase koraa. Ebia ebinom bɛka sɛ ahonhommɔne nni hɔ, nanso ka a wɔka saa no ma ahonhommɔne no tumi daadaa wɔn kɛse.—Fa toto 1 Korintofo 10:20, 21 ho.

Bible no kasa tia asumansɛm, abayisɛm, ntafowayi, ne kaberɛkyere, ne akwan biara a obi fa so bisa afunu. Ɛka pefee sɛ: “[Yehowa, NW] akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa.” (Deuteronomium 18:10-12) Nokwarem no, Kristofo asi wɔn bo sɛ “wɔbɛyɛ nnipa nyinaa yiye,” na wɔaboa nnipa pii ma wɔade wɔn ho afi ahonhonsɛm biara ho. (Galatifo 6:10; Asomafo no Nnwuma 16:14-18) Nanso, Kristofo twe wɔn ho fi atorosom biara, a abayisɛm nso ka ho ho.—2 Korintofo 6:15-17.

[Ase hɔ nsɛm]

a “Abɔde som” kyerɛ sɛ asase ne abɔde a nkwa wom nyinaa yɛ anyame na ɛwɔ nkwa koro no ara a anyame wɔ no bi; “nananom a wɔawuwu som” nso kyerɛ ɔsom a wɔde ma anyame a na wɔwɔ hɔ ansa na Kristosom reba no.

b Sɛnea The American Heritage College Dictionary kyerɛ no, “abayisom yɛ ɔsom a wɔde ma abɔde, a efii ase wɔ Europa apuei fam ansa na Kristosom reba” na wɔfrɛ wɔn a wɔwɔ saa som yi mu no sɛ abayisomfo.

c “Bible no Adwene” afã a ɛwɔ Nyan! mu no de nsɛmmisa a ɛte sɛ nea edidi so yi ho mmuae ama, “So Ɔbonsam Bi Wɔ Hɔ?” (January 8, 1990 Engiresi de, nkratafa 12-13) ne “So Adaemone Wɔ Hɔ Ankasa?” (May 8, 1998, nkratafa 12-13).

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 20]

Picture Book of Devils, Demons and Witchcraft/Ernst and Johanna Lehner/Dover

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena