Nsɛm no Mu Nokwasɛm a Wɔhwehwɛ
ƐSONO sɛnea obiara bu abɔfo ho nsɛm a ɔte no nnɛ no. Yenni kan nka wɔn a wogye nsɛm a ɛte sɛɛ di no ho asɛm. Wɔka sɛ esiane sɛ nsɛm a ɛtete sɛɛ abu so nti, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ nokware. Nea ɛto so abien ne wɔn a wonnye nni no. Wogye kyim ka sɛ adanse biara nni abɔfo ho nsɛm a nkurɔfo ka no ho a enti ɛsɛ sɛ yegye di. Wɔka sɛ gye a nnipa pii gye biribi di no nkyerɛ sɛ dekode no yɛ nokware. Bere bi a atwam mpo no, na nkurɔfo taa ka maamewata ho nsɛm pii. Wɔn a wɔto so abiɛsa no ne wɔn a wonhu nea wɔnyɛ wɔ asɛm no ho no. Ɛdefa wɔn a wonnim asɛm no ho hwee ho no, Angels—Opposing Viewpoints nhoma no ka sɛ: “Nnipa pii ka sɛ wɔahu abɔfo pɛn. Wonni adanse biara a ɛkyerɛ sɛ wɔahu abɔfo ampa; ɛyɛ gyidi ara kɛkɛ. Nanso, wɔn a wonnye nni no nni adanse biara a wɔde bɛbɔ wɔn nsusuwii no agu, ɛwom sɛ wɔn mu kakraa bi bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa de.”
Nnipa pii gye tom sɛ Bible no ne nhoma a ɛfata a ɛka honhom mu nsɛm.a Ebetumi aboa yɛn ma yɛahwehwɛ abɔfo ho nsɛm a wɔka nnɛ no mu. Sɛnea ebia wunim no, Bible no ma yenya awerɛhyem sɛ abɔfo yɛ honhom abɔde a wɔwɔ hɔ ankasa, wɔwɔ tumi, na wɔwɔ anuonyam. Bible no ka abɔfo a wɔde nsɛm brɛɛ nnipa na wogyee Onyankopɔn asomfo fii amanehunu mu ho asɛm.—Dwom 104:1, 4; Luka 1:26-33; Asomafo no Nnwuma 12:6-11.
Bible no ma yehu nso sɛ abɔfo bɔne wɔ hɔ. Saa honhom abɔde yi daadaa nnipa, na wɔma wɔtwe wɔn ho fi Onyankopɔn ho. (2 Korintofo 11:14) Enti Bible no fi ntease pa mu tu yɛn fo sɛ: “Munnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn anaa?” (1 Yohane 4:1) Sɛ nhwɛso no, sɛ yebegye nkɔm a odiyifo ahyɛ adi a, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛhwɛ Nyankopɔn Asɛm no mu ahwɛ sɛ nea waka no yɛ nokware anaa. Nokwarem no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhwehwɛmu wɔ abɔfo a nkurɔfo ka sɛ wohu wɔn nnɛ no ho. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atumi de abɔfo a wɔka sɛ wɔayi wɔn ho adi akyerɛ nnipa nnɛ no atoto nea wɔaka wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no ho?
Abɔfo Ho Nsɛm a Wɔka no Nte Saa
Ma yenni kan nka nsɛm abien a ɛnteɛ a nnipa pii ka fa abɔfo ho no ho asɛm. Abɔfo amfi wɔn asetra ase sɛ nnipa sɛnea nnipa pii gye di no. Wɔtraa ase mfe pii wɔ soro ansa na Onyankopɔn rebɔ asase so nneɛma. Bible no ka sɛ bere a Onyankopɔn “hyɛɛ asase ase no . . . , Onyankopɔn mma [abɔfo] no nyinaa bɔɔ ose.”—Hiob 38:4-7.
Asɛm foforo a ɛnyɛ nokware a wɔka fa abɔfo ho nso ne sɛ wɔn ani gye bɔne ho. Nanso, abɔfo anokwafo no gyina Onyankopɔn trenee mmara ahorow akyi na wodi n’akwankyerɛ so. Wɔsom Onyankopɔn, na ɛnyɛ nnipa.—Dwom 103:20.
Yɛn Honhom Fam Yiyedi Ho Hia Abɔfo
Nea edi akoten wɔ abɔfo ho nsɛm a wɔka no nnɛ mu ne nkurɔfo a wogye wɔn fi asiane mu no. Wɔ nhoma bi a nkurɔfo pii atɔ bi mu no, wɔkaa abeawa kumaa bi a nsa bi a aniwa nhu soo no mu twee no nkakrankakra fii ofi bi a na ogya atom mu ho asɛm. Nhoma foforo nso ka kɔlegefo baanu a na sukyerɛma atɔ agu wɔn kar a wɔte mu so ma atim nti wonhu nea wɔnyɛ no ho asɛm. Mpofirim ara, lɔre bi bɛtwee wɔn fii asiane no mu a wɔanhu kwan a lɔre no faa so! Yɛkenkan Ann a na ɔyare kokoram nso ho asɛm wɔ nhoma foforo mu. Aka nnansa ma wɔde no akɔ ayaresabea ma wɔayɛ oprehyɛn no, ɔhɔho tenten bi baa ne fie. Ɔka kyerɛɛ no sɛ wɔfrɛ no Thomas na Onyankopɔn na asoma no. Thomas soo ne nsa, na hann bi a ano yɛ hyew twaa Ann ho hyiae. Bere a wɔde no kɔe sɛ wɔnyɛ no oprehyɛn no, nnuruyɛfo no ho dwiriw wɔn. Na kokoram no atu ayera!
Nsɛm a ɛtete saa ma asɛmmisa yi sɔre, Sɛ obiara wɔ ɔbɔfo a ɔbɔ ne ho ban a, dɛn nti na ebinom nya ahobammɔ na afoforo pii de wonnya bi? Yare, akodi, ɔkɔm ne asiane afoforo akunkum nnipa pii a wɔn dodow nni ano. Ɛda adi sɛ, wɔn mu pii bɔ mpae denneennen hwehwɛ mmoa. Dɛn nti na wɔn abɔfo a wɔbɔ wɔn ho ban nnye wɔn?
Bible no de asɛmmisa yi ho mmuae ma. Ɛka sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim. (Asomafo no Nnwuma 10:34) Afei nso, bere a yɛn honam fam yiyedi ho asɛm hia Onyankopɔn abɔfo anokwafo yi no, yɛn honhom fam yiyedi ho asɛm na ehia wɔn titiriw. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ nyansa wɔ asɛmmisa kwan so sɛ: “Wɔn [abɔfo] nyinaa nyɛ ahonhom asomfo a wɔn a wɔbɛyɛ nkwagye no difo no nti wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom?” (Hebrifo 1:14) Honam fam mmoa so mfaso yɛ kakraa bi, nanso honhom fam mmoa betumi ama yɛanya mfaso a ɛtra hɔ daa.
Abɔfo ho nsɛm a yɛte no yɛ nea mfaso biara nni so. Wɔka sɛ abɔfo boa ma ɔbaatan bi a wabrɛ sesa ne mpasotam, wɔkae obi a ɔrekodi gua ma ɔtɔ mankyese, na wɔboa afirikafo ma wohu mmeae a ɛsɛ sɛ wɔde wɔn kar sisi. Ababaa bi a ɔwɔ Scotland ka wɔ fɛwdi so sɛ: “Mede me kar sii baabi a wɔmma kwan wɔ St Mary Kwantempɔn no so adapɛn abiɛsa, na meka kyerɛɛ me bɔfo sɛ omfi ɔdɔ ne mmɔborohunu mu mmɔ ho ban. Sɛ wɔn a wɔhwɛ ma wodi mmara so wɔ karkwan so no mu biara hu a, ɔbɛda ɔdɔ kɛse adi na watwa me kar no ho akɔ a ɔrenkye me. Wonnya nkyee me.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ ebinom de nnɛyi bɔfo a ɔbɔ obi ho ban no toto ɔyamyefo bi anaa sɛnea wɔn a wɔanyinyin susuw no, Papa Buronya ho.
Abɔfo Anokwafo Nka Asɛm a Ɛne Onyankopɔn Asɛm Bɔ Abira
Abebusɛm ne afotusɛm a wɔka sɛ abɔfo de ma no abu so wɔ nhoma ahorow a ɛka abɔfo ho nsɛm no mu. Sɛ nhwɛso no, nhoma biako bi ka sɛ nsɛm a ɛwɔ mu no yɛ nkyerɛkyerɛ a ɔbɔfo panyin Mikael de maa ɔbea bi a ɔwɔ Colorado, U.S.A. “Nsɛm” a Mikael kae no bi ni: “Ɔkwan biara a obi bɛfa so de no bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Gyidi ne nokware hann biara ma obi tumi kɔ Onyankopɔn nkyɛn.” Nanso, Yesu kae sɛ nyamesom akwan abien pɛ na ɛwɔ hɔ na emu biako na Onyankopɔn pene so a ɛkɔ daa nkwa mu. Ɔfoforo a Onyankopɔn mpene so no kɔ daa ɔsɛe mu. (Mateo 7:13, 14) Ɛda adi sɛ, nsɛm abien yi nyinaa ntumi nyɛ nokware.
Ɛnde, dwuma bɛn na “abɔfo” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ “honhom fam nneɛma ho adwene foforo” mu no di wɔ aware ne abrabɔ pa mu? Wɔ nhoma biako mu no, Roseann “bɔfo” ka kyerɛɛ no sɛ: “Wowɔ nnipa pii a wubetumi ne wɔn abɔ nkɔmmɔ, [wo kunu] a wo ne no bɛtra no nyɛ ade a ɛho hia wɔ w’asetra mu bio. Ɛwom sɛ wodɔ no na ɔno nso dɔ wo de, nanso bere aso sɛ motetew mu.” Ogyaee ne kunu no. Nanso Bible no ka sɛ Onyankopɔn tan awaregu a enni nnyinaso biara. (Malaki 2:16) Asɛm foforo bi nso kyerɛ sɛ nnipa baanu bi sɛee aware, a na wogye di sɛ abɔfo di ho ahurusi ma enti wɔbɔɔ wɔn ho ban. Nanso Bible no ka sɛ: “Nsɛe aware.”—Exodus 20:14.
So ebetumi aba sɛ nsɛm a wɔkeka nnɛ no asesa Bible mu nsɛm no? Dabida, Onyankopɔn Asɛm nsesa. Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa ebinom wɔ afeha a edi kan no mu sɛ: ‘Ɛyɛ me nwonwa sɛ moatwe mo ho ntɛm sɛɛ afi nea wafrɛ mo Kristo dom mu no ho akɔ asɛmpa foforo a ɛnyɛ foforo mu, na mmom nnipa bi wɔ hɔ a wɔtane mo ani, na wɔpɛ sɛ wɔdan Kristo asɛmpa no ani. Na sɛ mpo yɛn anaa ɔbɔfo bi fi soro ba bɛka asɛmpa foforo bi kyerɛ mo ka nea moagye no ho a, onnue!’—Galatifo 1:6-8.
“Abɔfo a Wɔhwehwɛ Mmoa Fi Wɔn Nkyɛn!”
Sɛ yɛkɔ ɔhaw ne asiane mu a, so ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi abɔfo hɔ? Eyi ne asɛm a nhoma pii ka. Nhwɛso abien bi ni. Wɔka sɛ Ask Your Angels nhoma no kyerɛ n’akenkanfo ‘sɛnea wobetumi agyina abɔfo ahoɔden so asan anya ahotoso na wɔatumi adu wɔn botae horow ho.’ Nhoma foforo a ɛte sɛ ɛno nso ne Calling All Angels!: 57 Ways to Invite an Angel Into Your Life.
Nanso, Bible no nhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhwehwɛ mmoa mfi abɔfo hɔ. Yesu maa eyi mu daa hɔ wɔ mpaebɔ nhwɛso a ɔde mae no mu. Ɔkae sɛ: “Enti mommɔ mpae sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro. . . . ” (Mateo 6:9; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Saa ara nso na ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom.”—Filipifo 4:6; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
Abɔfo Din Mu
Abɔfo din a yebehu ne ade titiriw a “honhom fam nneɛma ho adwene foforo” no twe adwene si so kɛse. Nhoma ahorow a agye din bobɔ edin a wosusuw sɛ wɔde frɛ abɔfo no ɔpepem pii. Dɛn ntia? Ɛnyɛ sɛ ɛbɛma amanfo ahu din a wɔn ho pere wɔn sɛ wobehu no kɛkɛ; mmom sɛ ɛbɛkanyan wɔn ma wɔayɛ biribi. Eyi ne ntafowayi wɔ abusuabɔ kɛse. Encyclopedia of Angels ka sɛ nea ɛka amanne, ntafowayi ho nneɛma, ne kankye a obi bɛkankye ho no, “edin ahorow a tumi wom anaa ahonhom pɔtee bi din a ‘wɔde bedi dwuma’ no tumi ma obi fi honam fam kɔ ahonhom atrae, na ɛboa ma ntafowayifo no ne . . . ahonhom no di nkitaho.” Nanso, Bible no ka no pefee sɛ: “Mommfa mo ho nnhyɛ ntafowayi mu.”—Leviticus 19:26, NW.
Bible no ankasa bɔ abɔfo anokwafo baanu pɛ din, Mikael ne Gabriel. (Daniel 12:1; Luka 1:26) Bible no nam saa din yi a ɛma yehu no so kyerɛ yɛn sɛ abɔfo yɛ ahonhom nnipa a wɔda nsow. Dɛn nti na ammobɔ edin pii? Nea enti a ɛte saa titiriw ne sɛ ɛremma nkurɔfo mfa dibea a ɛkorɔn ne nidi a ɛmfata mma abɔfo no—dibea a abɔfo no ankasa mpɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ. Enti, bere a Yakob bisaa ɔbɔfo bi sɛ ɔnkyerɛ no ne din no, ɔbɔfo no ankyerɛ. (Genesis 32:29) Akyiri yi, ɔbɔfo a oyii ne ho adi kyerɛɛ Yosua no ammɔ ne din na mmom ɔdaa ne ho adi sɛ “[Yehowa, NW] dɔm so safohene.” (Yosua 5:14) Saa ara na bere a Simson papa bisaa ɔbɔfo bi din no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛdɛn na wubisa me din a ɛyɛ nwonwa yi?” (Atemmufo 13:17, 18) Onyankopɔn abɔfo anokwafo no pɛ sɛ yɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam na yɛhwehwɛ mmoa fi ne nkyɛn, na ɛnyɛ wɔn.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ nsɛm a ɛkyerɛ sɛ Bible no yɛ nhoma a yebetumi de yɛn ho ato so a, hwɛ nhomawa Amansan Nhoma, a Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania tintimii no mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]
“Wɔ wɔn a wɔte nka sɛ Onyankopɔn mmara kyekyere wɔn fam no, . . . Wohu sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔde wɔn ho bɛto [Mmere Foforo] yi mu abɔfo so, . . . efisɛ wɔn yam ye, wɔnnwene adwemmɔne mma obiara. Na obiara betumi anya wɔn hɔ mmoa te sɛ nea obiara tumi tɔ tipae-aduro no.”—Time nsɛmma nhoma
[Kratafa 15 adaka]
Abɔfo ne Abɔde Afoforo a Wɔka sɛ “Wohu” Wɔn Nnɛ
Ɛnnɛ, nnipa pii na wɔka sɛ wɔahu abɔfo ne wɔn akasa. Afoforo nso ka sɛ wɔahu abɔde a wɔwɔ okyinnsoromma afoforo so pɛn. Angels—An Endangered Species nhoma no ma yehu nsɛdi a ɛwɔ kyerɛwtohɔ ahorow yi mu, na ɛka sɛ nkyerɛkyerɛmu koro na ne nyinaa de ma.* Nsɛdi ahorow a ɛwɔ nhoma no mu bi na edidi so yi.
1. Abɔfo ne abɔde afoforo no nyinaa fi okyinnsoromma afoforo so.
2. Wɔn nyinaa yɛ abɔde a wɔkorɔn, honhom fam anaa nimdeɛ fam.
3. Wɔn nyinaa da wɔn ho adi sɛ abɔde a wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwɔ ayamye ne tema.
4. Ɛnyɛ den mma wɔn mu biara sɛ ɔbɛte kasa bi na otumi ka onii a ɔretie no no kasa pɛpɛɛpɛ.
5. Wɔn mu biara tumi tu kɔ baabiara a ɔpɛ.
6. Abɔfo ne abɔde afoforo haran wɔ beae a afoforo hu wɔn no.
7. Wɔn mu biara siesie ne ho kama, wɔtaa hyɛ ntade atenten anaa nea ɛda wɔn ho. Kɔla a wɔpɛ paa ne fitaa anaa bruu.
8. Mpɛn pii no, wɔn nyinaa tenten te sɛ nnipa.
9. Wɔn nyinaa ma adesamma ne okyinnsoromma yi ho asɛm hia wɔn.
10. Nokwasɛm a ɛfa abɔde afoforo ne abɔfo a wɔkyerɛ sɛ wɔahu wɔn ho no gyina adanse a wɔn a wohui no de ma so.
[Ase hɔ asɛm]
Ɛda adi sɛ nea nnipa pii nim ne sɛ ahonhommɔne anaa adaemone na wɔtaa abɔfo anaa abɔde afoforo a wɔkyerɛ sɛ “wohu” wɔn no mu pii akyi. Sɛnea Bible ka no, “Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo.” (2 Korintofo 11:14)—Hwɛ July 8, 1996, Engiresi Nyan!, kratafa 26.
[Kratafa 17 mfonini]
Bible no ka nokwasɛm a ɛfa abɔfo a woyii wɔn ho adi kyerɛɛ nnipa ho asɛm