Abɔfo Ho Nokwasɛm
SƐNEA yɛahu no, ɛnyɛ bere nyinaa na nnipa pii adwene a wokura wɔ abɔfo ho ne wɔn ho nsɛm a wɔkeka no ne Bible nkyerɛkyerɛ hyia. So ɛsɛ sɛ yɛma adwenkyerɛ a ɛsono mu biara yi ho hia yɛn? So abɔfo ho nsɛm a abu so a yebegye adi no betumi apira yɛn? Ebetumi apira yɛn ankasa.
Sɛ nhwɛso no, susuw su a “honhom fam nneɛma ho adwene foforo” no ma wonya no ho. Nhoma ahorow a ɛka abɔfo ho nsɛm nnɛ no hyɛ mmofrasɛm ho nkuran sen sɛ anka ɛbɛma wɔn a wɔkenkan no de wɔn adwene adi dwuma. Ɛntaa nhyɛ wɔn a wɔkenkan no nkuran mma wɔn ankasa nhwehwɛ wɔn haw ahorow ano aduro anaasɛ wɔnhwehwɛ nea Bible no ka wɔ ho ne Onyankopɔn adwene. Nhoma ahorow a ɛka abɔfo ho nsɛm no ma yenya awerɛhyem sɛ baabiara a yɛnam no, ɔbɔfo bi a ne yam ye na ɔwɔ ɔdɔ ka yɛn ho ma enti ɛnsɛ sɛ yesuro biribiara, esiane sɛ yɛte wiase a emu yɛ anigye na wɔahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ wom mu. Sɛ asɛm bi to yɛn a, nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛbɛtwɛn ma ɔbɔfo bi de ho akwankyerɛ ama yɛn. Nanso, sɛ saa na asɛm no te a, dɛn nti na Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛmpere nhwehwɛ gyidi’ no?—Yuda 3.
Nhoma ahorow a ɛka abɔfo ho nsɛm hyɛ ahantan ne akɛsesɛm ho nkuran. Ɛma nkurɔfo dwen wɔn nkutoo ho. Sɛnea nhoma ahorow yi kyerɛ no, abɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no pɛ sɛ yehu hia a yɛn ho hia ne mfaso kɛse a ɛwɔ yɛn so. Ɛwom sɛ mfomso nni ho sɛ yebesusuw yɛn ho wɔ ɔkwan pa so de, nanso ade titiriw a “honhom fam nneɛma ho adwene foforo” no ma ɛda adi ne sɛ yɛbɛdɔ yɛn nkutoo ho. Ɔkyerɛwfo biako ka sɛ mmara no mu kɛse ne nea edi kan ne sɛ “wobɛdɔ wo ho sɛ Awurade.” Hwɛ sɛnea eyi ne asɛm a Yesu kae no bɔ abira! Ɔkae sɛ: “Dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan.” (Mateo 22:36-39) Sɛ yɛma Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ ho hia yɛn wɔ asetram a, yɛn ani begye kɛse.
Abɔfo ho asɛm a yɛbɛma ahia yɛn kɛse wɔ yɛn asetram no ne nokware Kristosom nhyia. Ɔsomafo Paulo kasa tiaa ɔsom a wɔde ma abɔfo. (Kolosefo 2:18) Nea ɔsom kyerɛ ne sɛ “wɔde nidi anaa obu bɛma onyame bi anaa tumi bi a ɛboro nnipa de so.” Nanso, nidi ne obu a wɔde bɛma abɔfo no ne ade titiriw a nhoma ahorow a agye din a ɛka abɔfo ho nsɛm no hyɛ wɔn a wɔkenkan no nkuran sɛ wɔnyɛ. Nanso, kae nea esii bere a Satan ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔnsom no no. Yesu buaa sɛ: “Sɔre [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no!” (Luka 4:8) Akyiri yi, bere a ɔsomafo Yohane kotow ɔbɔfo bi no, ɔbɔfo ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, nyɛ sa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wokura Yesu adanse no mu bi: kotow Nyankopɔn!”—Adiyisɛm 19:10.
Sɛnea Abɔfo Betumi Aboa Wo
Onyankopɔn na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwankyerɛ ne mmoa fi ne nkyɛn, na ɛnyɛ abɔfo. Ofi ɔpɛ ne anigye mu da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn a wodi ne trenee gyinapɛn ahorow so no. Ɔsomafo Yohane kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Na nnam a yɛde kɔ ne nkyɛn ne sɛ, yɛsrɛ biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn. Na sɛ yenim sɛ otie yɛn nea yɛsrɛ no ho a, yenim sɛ yɛwɔ nneɛma a yɛasrɛ ne nkyɛn no.”—1 Yohane 5:14, 15.
Yennim Onyankopɔn abɔfo anokwafo no ho nsɛm pii. Nanso, yenim sɛ wɔsom Onyankopɔn, na wɔyɛ adwuma ma ɛne n’atirimpɔw ne n’akwankyerɛ hyia. Wɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛka Onyankopɔn ho nokwasɛm akyerɛ. (Adiyisɛm 14:6, 7) Wɔmpɛ sɛ yɛbɛsom wɔn. Esiane sɛ yentumi nhu wɔn nti, yennim sɛnea Onyankopɔn de wɔn di dwuma ma wɔboa ne nkurɔfo wɔ wɔn da biara da dwumadi mu. Nanso yenim sɛ Yehowa Nyankopɔn bɔ ne nkurɔfo nyinaa ho ban na ɔde akwankyerɛ ma wɔn.
Nhwɛso fɛfɛ a abɔfo anokwafo yi yɛ ma yɛn bɛn ara ni! Wɔhyɛ Onyankopɔn anuonyam na woyi no ayɛ. (Dwom 148:2) Ɛmfa ho sɛ wɔwɔ tumi kɛse no, wɔkyerɛ obu kɛse ma Yehowa tumidi. (Yuda 9) Wɔn ani gye ho kɛse sɛ Onyankopɔn atirimpɔw bɛbam. (1 Petro 1:11, 12) Yesua eyinom fi Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu. Yiw, Bible no ne nhoma a ɛka abɔfo ho nokwasɛm kyerɛ yɛn.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]
Abɔfo no wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛka Onyankopɔn ho nokwasɛm akyerɛ
[Mfonini wɔ kratafa 18, 19]
Bere a ɔsomafo Yohane bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkotow ɔbɔfo bi no, ɔbɔfo no kae sɛ: “Hwɛ, nyɛ sa”