Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 3/8 kr. 9-12
  • Ɛnnɛyi Nkoayɛ—N’awiei Abɛn!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛnnɛyi Nkoayɛ—N’awiei Abɛn!
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkurɔfo Nsusuwii a Ɛsɛ sɛ Wɔsesa No
  • Afoforo a Yebedi Wɔn Ni na Yemmu Yɛn Ho Nsen Wɔn
  • Nniso Mu Nsakrae
  • So Wudi Wɔn Ni?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Momma Yenni Yɛn Ho Ni Mfa Nhyɛ Yehowa Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • So Wudi Afoforo Ni Bere a Woretu Wɔn Fo No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Wobedi Nnipa Nyinaa Ni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 3/8 kr. 9-12

Ɛnnɛyi Nkoayɛ—N’awiei Abɛn!

“Sɛ nipa biako nya ahofadi a, obiara ani gye. Na sɛ nipa biako hu amane a, ɛma ahofadi a obiara wɔ no ho ba asɛm.”—Victor Schoelcher, Franseni Sɛnkyerɛwfo ne Ɔmanyɛfo, 1848.

THE UNESCO Courier samufo no bisa sɛ: “Dɛn na atoto a enti daa obi pɛ sɛ ɔbrɛ ne yɔnko nnipa ase na obu wɔn animtiaa? Na adɛn nti na wɔnka ade bɔne a ɛte saa a afoforo yɛ tia wɔn yɔnko nnipa no ho hwee bere a Hokwan a Nnipa Wɔ ahyehyɛde no mpo wɔ hɔ no?”

Ɛyɛ den sɛ wɔbɛma asɛm no ho mmuae. Adifudepɛ nti na wɔde mmofra di paa kɛse na wɔde ebinom yɛ nkoa esiane ɛka a wɔde no nti. Mmeawa a wɔtɔn wɔn ma wosi tuutuu anaa wɔhyɛ wɔn ma wɔware no fi ohia ne nimdeɛ a wonni. Ɔsom mu nkoayɛ gyina ɔsom mu nneyɛe ne amanne ahorow so. Ɛyɛ nna mu ɔbrasɛe nti na mmarima binom tu kwan kɔ Bangkok anaa Manila kɔhwehwɛ mmarimaa anaa mmeawa a AIDS nyɛɛ wɔn no. Sɛnea ɔsomafo Paulo a na ɔyɛ mmaranimfo wɔ afeha a edi kan mu kae no, eyinom nyinaa yɛ nneɛma a ɛkɔ so wɔ wiase a nnipa a wɔyɛ “ahopɛfo, sikapɛfo, . . . wɔn a wonni dɔ, . . . wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka,” wom no fã. (2 Timoteo 3:1-5) Na sɛnea asɛm a tete ɔmanyɛfo Salomo kae kyerɛ no, ɛyɛ nneɛma a ɛkɔ so wɔ wiase a ‘yentumi nteɛ nea akyea no’ na ‘yentumi nkan nea adi kam’ no mu.—Ɔsɛnkafo 1:15.

Nkurɔfo Nsusuwii a Ɛsɛ sɛ Wɔsesa No

So eyi kyerɛ sɛ yɛrentumi nyɛ nkoayɛ ho hwee—sɛ́ ɛyɛ nea na ɛkɔ so tete no anaa sɛnea ɛte nnɛ no? Ɛnte saa koraa!

UN Adwumayɛbea a Ɛhwɛ Hokwan a Nnipa Wɔ so (OHCHR) no ka sɛ “obi nsusuwii” na ɛkyerɛ no sɛ ɔyɛ akoa, na ɛde ka ho sɛ: “Sɛ wogu nkoayɛ mpo a, ɔhaw a ɛde ba no tra hɔ. Bere a wɔagu no bere tenten akyi mpo no ebetumi akɔ so ahaw nkurɔfo adwene—wɔn a wɔde wɔn yɛ nkoa ne wɔn asefo ne wɔn a wɔtɔɔ nkoa no asefo.”

Enti ɔkwan biako a wobetumi afa so agu nkoayɛ ne sɛ wɔbɛma nkurɔfo asesa wɔn nsusuwii—nsrakrae a nkurɔfo bɛyɛ wɔ wɔn koma mu—wɔ wiase nyinaa. Na ɛno hwehwɛ sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ sɛnea wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo no mu—na wɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔdɔ wɔn ho na wodi wɔn ho wɔn ho ni. Ɛhwehwɛ sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔayi pɛsɛmenkominya nsusuwii afi wɔn komam na wɔada abrabɔ pa adi. Hena na obetumi de nkyerɛkyerɛ a ɛte saa ama? OHCHR ka sɛ, “obiara betumi ayɛ ne fam de na ama yɛasiw atirimmɔdenne a wɔyɛ no wiase no ano.”

Susuw nkyerɛkyerɛ adwuma a Yehowa Adansefo Kristofo ayɛ wɔ wiase nyinaa no ho. Nhyehyɛe yi aboa komapafo ma wɔasua sɛnea wɔbɛtwe wɔn ho afi atirimmɔdenne a ɛkɔ so no ho. Wɔnam saa nkyerɛkyerɛ yi so ama nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ aman bɛboro 230 so ahu sɛnea wobedi wɔn mfɛfo nnipa ni. Dɛn nti na nhyehyɛe yi anya nkɔso?

Efisɛ egyina Bible, nhoma a onipa Bɔfo no nam ne honhom so ma wɔkyerɛwee no so. Ɛyɛ nhoma a ɛhyɛ afoforo nkuran ma wodi nkurɔfo ni. Nnipa a wɔasua Bible no denam ɔkyerɛkyerɛ adwuma a Yehowa Adansefo ayɛ so no ahu sɛ yɛn Bɔfo Yehowa ankasa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ nidi. (1 Beresosɛm 16:27) Odi n’abɔde nyinaa ni. Eyinom ne mmarima ne mmea a wɔwɔ aman nyinaa mu, a wɔn dibea ne wɔn sikasɛm mfa ho.—Hwɛ adaka no mu asɛm: “Ahofadi ne Nidi a Nnipa Benya—Efi He?”

Afoforo a Yebedi Wɔn Ni na Yemmu Yɛn Ho Nsen Wɔn

Bible no kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ‘maa nnipa aman nyinaa fi onipa biako mu traa asase so nyinaa.’ (Asomafo no Nnwuma 17:26) Enti, obiara nni hokwan sɛ ɔbɛma ne ho so asen nnipa foforo anaasɛ obedi wɔn so atirimmɔden so. Nnipa a wofi wɔn pɛ mu sua ade no behu sɛ “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; yɛn na yɛasi ɔfa bi so dua no.) Wogye tom sɛ Onyankopɔn dɔ obiara, efisɛ nnipa nyinaa betumi ne no anya abusuabɔ pa. Nokwarem no, “Onyankopɔn dɔ wiase no ara ma ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrensɛe obiara a ogye no di no, na mmom wanya daa nkwa.”—Yohane 3:16, NW.

Ɔkyerɛkyerɛ adwuma a egyina Bible so yi tumi ma nkurɔfo sesa wɔn nipasu koraa. Etumi sakra nkurɔfo koma ne wɔn nsusuwii “ma ɛbɛyɛ foforo koraa.” (Efesofo 4:22-24, Today’s English Version) Ɛma wonya obu ne nidi ma wɔn mfɛfo nnipa. Wosi wɔn bo sɛ ‘wɔbɛyɛ nnipa nyinaa yiye.’ (Galatifo 6:10) Ɛnsɛ sɛ obiara a ɔyɛ nokware Kristoni no de ne ho hyɛ atirimmɔdenne ne nhyɛso a nkurɔfo de ba wɔn mfɛfo nnipa so no mu. Ɛyɛ Yehowa Adansefo anigye sɛ wɔte sɛ Kristofo asafo a na ɛwɔ hɔ afeha a edi kan no mu a na ‘Yudani anaa Helani, akoa anaa ɔdehye, biara nni mu no. Na wɔn nyinaa yɛ biako Kristo Yesu mu.’—Galatifo 3:28.

Nniso Mu Nsakrae

Nanso, ansa na yebetumi agu nkoayɛ nyinaa ase no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsrakrae a edi mu wɔ adesamma abusua no mu. Amanaman Ntam Adwumayɛ Ahyehyɛde no ka sɛ, nea ɛbɛyɛ na wɔatumi ama atirimmɔdenne a nkurɔfo de yɛ wɔn mfɛfo nnipa agyae no, ɛsɛ sɛ wotumi “sakra nneɛma a ɛma nnipa da su a ɛte saa adi no.” Nyansahyɛ binom a ahyehyɛde no kaa ho asɛm ne mmɔden a amanaman no bɛbɔ, biako a wɔbɛyɛ, ne wɔn pɛ mu a wobefi ayɛ ade.

Nea eyi kyerɛ ara ne sɛ obi a ɔwɔ tumi a ɛkorɔn a obetumi ama obiara anya ahofadi bedi okyinnsoromma yi nyinaa so. Boutros Boutros-Ghali a bere bi na ɔyɛ UN kyerɛwfo panyin no kae sɛ ɛwɔ sɛ “wiase nnipa nyinaa” ka wɔn tiri pam ho de di wiase haw no ho dwuma. Nanso ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔn adwene si wɔn pi wɔ eyi yɛ ho. Nneɛma a asisi pɛn wɔ yɛn asetram no kyerɛ sɛ nkurɔfo a wɔwɔ tumi da pɛsɛmenkominya adi na wɔn ani ku wɔn ahiade nkutoo ho sen sɛ wɔn nyinaa bɛka wɔn ti apam ho de adi nneɛma ho dwuma.

Nanso, Bible—nhoma koro no ara a wɔde akyerɛkyerɛ nnipa ɔpepem pii sɛ wonni wɔn mfɛfo nnipa ni—no, da no adi sɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔde wiase nyinaa nniso a ɛte saa no bɛba. Wubetumi ahu bɔhyɛ ahorow a ɛfa wiase foforo a trenee te mu no ho nsɛm pii wɔ Bible no mu. (Yesaia 65:17; 2 Petro 3:13) Ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ ɔbɛsɛe obiara a ɔnnɔ Nyankopɔn ne ne yɔnko nnipa no. Onyankopɔn ada n’atirimpɔw a ɛkyerɛ sɛ ɔbɛma wiase nyinaa nniso bi abedi asase so wɔ trenee mu no adi. Yesu ka kyerɛɛ yɛn wɔ nea yenim no yiye sɛ Awurade Mpaebɔ anaa Yɛn Agya a Wowɔ Soro mu no sɛ yɛmmɔ saa nniso no ho mpae.—Mateo 6:9, 10.

Wɔ saa nniso yi ase no, wobeyi nsisi ne nkoayɛ nyinaa afi hɔ efisɛ Ɔhene Kristo no bedi ade wɔ “atemmu ne trenee mu.” (Yesaia 9:7) Ɔnam ne nniso a trenee te mu no so begye wɔn a wɔrehyɛ wɔn so nyinaa, efisɛ Bible no ka sɛ: “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.”—Dwom 72:12-14.

Sɛ wopɛ sɛ nkoayɛ—sɛnea ɛte biara—ba awiei a, yɛto nsa frɛ wo sɛ sua Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa wiase nniso a ɛbɛma yɛanya ahofadi no ho ade pii. Yehowa Adansefo a wɔwɔ faako a wote no ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woayɛ eyi.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 11]

AHOFADI NE NIDI A NNIPA BENYA—EFI HE?

Ɛyɛ yɛn nyinaa su sɛ yebenya nidi ne ahofadi. Kofi Annan a ɔyɛ UN kyerɛwfo panyin no twee adwene sii biribi a obiara pɛ so bere a obisaa sɛ: “Hena na obetumi agye pɛ a yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛtra ase wɔ ahofadi mu a ehu, amanehunu ne nnipa animhwɛ nnim no ho kyim? . . . Bere bɛn na wotee sɛ obiara reka ahofadi a ebefi hɔ ho asɛm? Ɛhe na wotee sɛ akoa bi reka sɛ n’ani gye nkoayɛ ho?”

Nsɛm a ɛtete saa nyɛ asɛm foforo. Bere a Roma nyansapɛfo Seneca, rebɔ adwene a ɛne sɛ wɔwoo ebinom sɛ wɔmmɛyɛ nkoa no agu no, ɔkyerɛw wɔ ne nkrataa a ɔde kɔmaa Lucilius no mu sɛ: “Meresrɛ maka sɛ ɛsɛ sɛ wuhu sɛ sɛnea wɔwoo wo no saara na wɔwoo w’akoa no, na mframa a ɛfa wo ho, nea wohome, nkwa koro ne owu koro no ara na ɛwɔ hɔ ma mo!”

Imam ʽAlī, a wobu no sɛ Muḥammad nanmusifo a ɔto so anan no kae sɛ, “wɔbɔɔ nnipa nyinaa pɛ.” Saʽdī a na ɔyɛ Persia anwensɛm kyerɛwfo wɔ afeha 13 mu no kae sɛ: “Nnipa nyinaa fi Adam mu na ade biako na wɔde bɔɔ wɔn nyinaa. Sɛ wɔn mu biako hu amane wɔ wiase yi mu a, ɛka wɔn nyinaa.”

Abakɔsɛm a wɔnam Onyankopɔn honhom so kyerɛw wɔ Bible mu no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wodi obiara ni. Sɛ nhwɛso no, Genesis 1:27 ka nipa bɔ ho asɛm sɛ: “Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.” Yɛn Bɔfo no yɛ ahofadi Nyankopɔn. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Na nea [Yehowa, NW] honhom wɔ no, ɛhɔ na ahofadi wɔ.” (2 Korintofo 3:17) Bɔ a Yehowa bɔɔ onipa wɔ ne suban so no kyerɛ sɛ na ɔpɛ sɛ nnipa nya obu, ahotoso, ne nidi ma wɔn ho wɔn ho. Ɔnam ma a ɔbɛma n’abɔde no “afa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu” no so nso bɛhwɛ sɛ wobenya ahofadi ne nidi a ɛte saa no daa.—Romafo 8:21.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Obiara pɛ nidi ne ahofadi

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

BIBLE NKYERƐKYERƐ KA NIDI A YEBENYA AMA NNIPA NE DAAKYE ANIDASO HO ASƐM

Abusua Bible Adesua wɔ Benin

Blue Nile fɛɛfɛ a ɛwɔ Ethiopia yi yɛ paradise a ɛbɛba no ho mfonini

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena