So Wɔbɛma Obiara Kwan Ma Ɔde N’ahonim Adi Dwuma Wɔ Mexico?
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ MEXICO HƆ
WƆAMA nyamesom mu ahofadi hokwan wɔ mmara mu wɔ Mexico. Nanso, nsɛm bi da so ara wɔ mmara no mu a ɛmma ɔsom mu ahofadi a ɛwɔ hɔ no nni mu. Sɛ nhwɛso no, mmara mma kwan koraa wɔ ɔman yi mu sɛ obi begyina n’ahonim so apo asraadi. Ɛno nti na National Autonomous University (UNAM) a ɛyɛ Mmara Mu Nhwehwɛmu a ɛwɔ Mexico no pɛe sɛ wɔyɛ amanaman ntam nhyiam a wɔato din sɛ “Ahonim Mu a Wobefi Ayɛ Ade Wɔ Mexico ne Wiase Nyinaa.” Ɛwom sɛ UNAM Asuae a ɛyɛ Mmara Mu Nhwehwɛ mu no hyɛ aban no ase de, nanso atirimpɔw no ne sɛ ɛbɛhwehwɛ mmara ahorow a wɔahyehyɛ ne sɛnea wɔde yɛ adwuma no mu. Wɔtoo nsa frɛɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Mexico no nanmusini bi sɛ ɔmmɛkyerɛkyerɛ asɛmti a ɛne “Yehowa Adansefo ne Ahonim Mu a Wofi Yɛ Ade” mu.
Abenfo De Wɔn Ho Gye Asɛm no Mu
Ɔbenfo Janvier Martínez Torrón, a ɔwɔ Granada Mmaranim Sukuupɔn a ɛwɔ Spain no kaa “Wiase Mmara a Ɛfa Ahonim Mu a Wofi Yɛ Ade Ho” ho asɛm, na ɔdaa no adi sɛ, hokwan a obi wɔ sɛ ɔde n’ahonim di dwuma na ɔpaw sɛ onni mmara anaa ahyɛde bi so no yɛ nea wogye tom wɔ wiase nyinaa. Ɔkaa asɛm a esii wɔ Spain a ɛfa Yehowa Adansefo ho ne nea esii wɔ Greece a ɛfa Kokkinakis ho no ho asɛm.a
Ɔbenfo Jose Luis Soberanes Fernández, a ɔwɔ UNAM Asuae a Ɛyɛ Mmara Mu Nhwehwɛmu no kaa, “Nea Mexicofo Nim Wɔ Asɛm No Ho” ho asɛm. Bere a na ɔretwe adwene asi Mmara a Edi Kan no mu asɛm a ɛka sɛ: “Mmara biara mma kwan sɛ nyamesom gyidi nti obi bebu n’ani agu ɔman no mmara so. Obiara ntumi nka sɛ nyamesom mu ntease horow bi nti ɔrenni n’asɛyɛde a ɔman yi mmara hwehwɛ sɛ odi ho dwuma no so” so no, ɔkaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetumi ka no pen sɛ Mexico Nyamesom Fekubɔ ne Baguam Som Adwuma Ho Mmara no bara obi ahonim mu a obefi ayɛ ade no denneennen.” Ɔbenfo Soberanes nso ka de twaa to sɛ: “Yɛn nyinaa gye tom sɛ ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ mmara bi fa hokwan a obi wɔ sɛ ofi n’ahonim mu yɛ ade wɔ Mexico no ho.”
Ɔtwee adwene sii nokwasɛm yi so sɛ, afe biara Adansefo mmofra ɔhaha pii a wɔwɔ Mexico no hyia wɔn nhomasua ho nsɛnnennen esiane Bible no a wogyina so po sɛ wobekyia frankaa no nti. Wɔmma Adansefo mmofra no bi nnya kwan mpo nkɔ sukuu. Nanso, ɛdenam Bagua a Ɛhwɛ Hokwan Ahorow a Nnipa Wɔ So a wɔde asɛm no kɔdan wɔn so no, wɔn mu pii nsa aka hokwan a wɔwɔ sɛ wɔkɔ sukuu no bio. Sukuu mu mpanyimfo abɔ mmɔden sɛnea ɛbɛyɛ a wɔmma wonyi mmofra adi wɔ sukuu mu, nanso akyerɛkyerɛfo binom abu wɔn ani agu mmɔdenbɔ a ɛte saa no so. Ɛwom sɛ atumfoɔ no pene Adansefo no gyinabea no so de, nanso wɔnhyɛɛ mmara pɔtee bi a sukuu horow a ɛwɔ Mexico no betumi adi akyiri.
Wɔkaa ahonim mu a nyamesom kuw ahorow fi po nneɛma afoforo nso ho asɛm wɔ nhyiam no ase, a emu bi ne hyɛ a wɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ adwuma wɔ nna bi a wobu no sɛ ɛyɛ kronkron mu, ntade a ɛne wɔn gyidi ahorow nhyia a wɔma wɔhyɛ de kɔ adwuma, ne afoforo pii. Wɔkaa asraadi ne ayaresa ahorow a wɔpo nso ho asɛm wɔ nhyiam no ase.
Yehowa Adansefo ne Kaesare
Yehowa Adansefo a wɔwɔ Mexico no baa dwumadibea no muni bi kaa wɔn gyidi titiriw ho asɛm tiawa. Ɔkyerɛkyerɛɛ Bible mu nnyinasosɛm ahorow a wodi akyi, te sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ Luka 20:25, a ɛkyerɛ Kristofo sɛ ‘wɔmfa Kaesare de mma Kaesare’ no mu. Ɔtwee adwene sii Romafo 13:1, a ɛka sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo kyerɛ obu ma atumfoɔ no nso so. Osii so dua sɛ Yehowa Adansefo yɛ ɔman mma a wodi mmara so, wɔbɔ mmɔden sɛ wobetua wɔn tow, wobu bra pa, wodi wɔn afie ni, na wɔde wɔn mma kɔ sukuu.
Afei ɔkyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛmma Adansefo nkyia frankaa, a ɛwɔ Mmara Nsɛm Du no mu wɔ Exodus 20:3-5 no mu sɛ: “Nnya anyame foforo nka me ho. Nyɛ ohoni bi anaa ade a ɛwɔ wim wɔ ɔsoro anaa nea ɛwɔ asase so wɔ fam anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase nsɛso biara mfa; nkotow wɔn, na nsom wɔn.”
Yehowa Adansefo som Onyankopɔn nkutoo, na wɔnsom ohoni biara. Nanso, wommu ɔman frankaa animtia anaasɛ wɔrenka ho asɛmmɔne da.
Nea ɛbɛyɛ na wasi adwene a Yehowa Adansefo wɔ wɔ asɛm yi ho so dua kɛse no, ɔde Purple Triangles video no kyerɛe. Video yi kyerɛ sɛnea Yehowa Adansefo gyinaa pintinn wɔ Nasi Germany (1933-45) nniso no ase. Ɛka Kusserow abusua mufo a wokuraa wɔn gyidi mu pintinn wɔ Nasi nniso no ase ho asɛm.b
Ɔkyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a Yehowa Adansefo gyina so nnye mogya no mu. (Genesis 9:3, 4; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Ɔkyerɛkyerɛɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw ahorow ho nhyehyɛe a wɔayɛ wɔ wiase nyinaa no mu. Bio nso, osii mmɔden a nnuruyɛfo a wɔte asɛm ase atumi abɔ na wɔayɛ Yehowa Adansefo oprehyɛn a wɔamma wɔn mogya no so dua.
Nnipa bɛyɛ 100 na na wɔkɔ nhyiam yi ase da biara, na na wɔn mu pii yɛ mmaranimfo. Adwumayɛbea a Ɛhwɛ Nyamesom Nsɛm So wɔ Mexico no ananmusifo nso kɔɔ nhyiam no ase. Wɔn a na wɔwɔ hɔ no nyinaa tee nsɛm a animdefo ka faa ahonim mu a obi fi yɛ ade no ho. Saa adwene yi yɛ foforo koraa ma mmarahyɛfo a wɔwɔ Mexico no, ɛwom mpo sɛ ɛyɛ mmara a aman pii a wɔde dodow amammu yɛ adwuma te sɛ France, Portugal, Spain, ne United States ne afei aman a kan no na anka wɔyɛ Kɔmunist aman te sɛ Czechia ne Slovakia gye tom de.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ nsɛm “Europa Asennibea Kunini Gye Hokwan a Wɔde Ka Asɛm Tom Wɔ Greece” ne “Asɛmpa no a Wɔbɔ Ho Ban Wɔ Mmara Kwan So” a epuee wɔ September 1, 1993, ne December 1, 1998 Ɔwɛn-Aban mu no.
b Hwɛ asɛm “My Family’s Love for God Despite Prison and Death.” (“Ɔdɔ a M’abusua no Wɔ Ma Nyankopɔn Ɛmfa Ho Afiasenna ne Owu”) a ɛwɔ September 1, 1985, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu. Hwɛ January 15, 1994, Ɔwɛn-Aban no kratafa 5 nso.
[Mfonini wɔ kratafa 27]
Hokwan a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Mexico wɔ a wɔde ka asɛm no som bo ma wɔn