Wiase a Sigaretnom Aka Ne Hɔ
NÁ Bill yɛ ɔbarima yamyefo, nyansafo, ne ɔhoɔdenfo. Ná ɔdɔ n’abusua. Nanso ofii sigaretnom ase ntɛm wɔ n’asetram. Akyiri yi n’ani annye saa suban no ho wɔ n’asetram. Bere a na ɔnom sigaret mpo no, ɔbɔɔ ne mmabarima kɔkɔ sɛ mma wɔnnom bi, na ɔkae sɛ nyansa nnim sɛ wɔbɛyɛ saa. Ná ɛtɔ mmere bi a ɔde ne nsa moamoa sigaret adaka ma ebubu na ɔtow pete ɔdan no mu ka ntam sɛ ɔrennom bio. Nanso ɛnkyɛ na wasan akɔnom bio—odi kan nom wɔ kokoam, na ɛno akyi no ɔnom wɔ baguam.
Kokoram kum Bill mfirihyia 15 a atwam ni bere a ɔtee yaw kɛse nka asram pii no. Sɛ na ɔnnom sigaret a, anka ebetumi aba sɛ ɔte ase nnɛ. Anka ne yere da so ara wɔ okunu; na ne mma nso da so ara wɔ agya.
Ɛwom sɛ na Bill wu no yɛ awerɛhosɛm ma n’abusua de, nanso ɛnyɛ ne nkutoo na wawu wɔ saa kwan yi so. Sɛnea Wiase Akwahosan Ahyehyɛde (WHO), kyerɛ no, nyarewa a tawanom de ba no kunkum nnipa ɔpepem anan afe biara, anaasɛ nipa biako wɔ anibu awotwe biara mu. Tawanom titiriw na ɛde nyarewa a anka wobetumi asiw ano aba wiase nyinaa. Sɛ mprempren tebea yi kɔ so a, ebedu mfirihyia 20 no, sigaretnom bɛyɛ ade a ekunkum nnipa na edi wɔn dɛm sen biara wɔ wiase, na ebekunkum nnipa pii asen wɔn a AIDS, nsamanwaw, awo mu wu, kar akwanhyia, ahodɔmdi ne awudi a wɔaka abom kum wɔn.
Sigaret kum nnipa. Nanso wɔnom wɔ baabiara. WHO ka sɛ anyɛ yiye koraa no nnipa ɔpepepem 1.1 nom sigaret wɔ wiase nyinaa. Eyi yɛ bɛyɛ wiase mpanyimfo mu baasa biara mu biako.
Nhwehwɛmufo bu akontaa sɛ ɛwom sɛ seesei wɔsamana tawa adwumayɛ kuw ma wotua dɔla ɔpepehaha pii de, nanso saa sika yi sua koraa sɛ wɔde toto mfaso a ɛyɛ dɔla ɔpepepem pii a wonya no ho a. Akontaabu kyerɛ sɛ wɔ United States nkutoo no, sigaret adwumayɛ kuw yɛ sigaret ɔpepepem 1.5 da biara. Wɔ wiase nyinaa no, sigaret adwumayɛ kuw ne aban tɔn sigaret bɛboro ɔpepepepem nnum afe biara!
Dɛn nti na nnipa pii kɔ so yɛ biribi a ekum nnipa? Sɛ wunim sigaret nom a, wobɛyɛ dɛn atumi agyae? Wobebua nsɛmmisa a edidi so yi wɔ nsɛm a edi hɔ no mu.