Bere a Ɔdɔ Sisi Aso
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SPAIN HƆ
FA NO sɛ w’ani nhu ade yiye, na ɔbea a wopɛ sɛ woware no no nam sum mu reba. Saa na ɛte wɔ afofantɔnini fam. Nanso saa aboa a ne ho yɛ fɛ yi wɔ su atitiriw bi a ɛmma eyi nyɛ asɛnnennen biara mma no.
Sɛ edu ahohoru bere a, afofantɔnini yere ne ho didi yɛ kɛse. Enti, wɔ osutɔbere mu no, afofantɔnini a ne ho ayɛ fɛ yi fi adi, a ɔwɔ aduan pii a ɛbɛhwɛ no ne nkwa nna nyinaa—a wɔ ne fam no, ɛyɛ asram abien pɛ no.
Bere a afei de afofantɔnini yi nnwen aduan ho bio no, ɔde n’adwene nyinaa si ɔkwan a ɔbɛfa so anya ne hokafo so. Nanso, sɛ ɛnyɛ akwaa soronko bi a ɔwɔ a, anka ɛbɛyɛ den yiye sɛ obehu kwan akɔ afofantɔbere bi ho.
Nkwaa abien a ɛte sɛ aya pue wɔ afofantɔ yi ti ketewaa no ho. Ebetumi aba sɛ saa aya nketenkete no yɛ akwaa a edi mu a ɛte hua sen biribiara wɔ asase so. Afei nso, etumi ma no te aboa biara hua, anaa “hua” biara a efi afofantɔbere ho.
Ɛwom sɛ afofantɔ abere susua koraa de, nanso hua a efi wɔn ho ba no tumi ma afoforo hu wɔn ntɛm. Afofantɔnini no akwaa a ɛte sɛ aya no tumi te hua araa ma sɛ afafantɔbere wɔ akyiri bɛyɛ kilomita 11 mpo a, otumi te ne ho hua. Enti awiei koraa no, afafantɔnini no tumi di akwanside biara so na onya ne hokafo. Wɔ nkoekoemmoa mu mpo no, ɔdɔ tumi sisi aso—sɛnea yɛahu wɔ mfatoho yi mu no.
Nneɛma pii a ɛyɛ nwonwa na edi mu te sɛ eyi ahyɛ Onyankopɔn abɔde ma! Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW] wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa.”—Dwom 104:24.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 30]
© A. R. Pittaway