Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 4/8 kr. 30
  • Adwinnade a Ɛkyerɛkyerɛ Hokwan a Nnipa Wɔ Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adwinnade a Ɛkyerɛkyerɛ Hokwan a Nnipa Wɔ Mu
  • Nyan!—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hokwan a Asɛyɛde Nka Ho Betumi Ayɛ Yiye?
    Nyan!—1999
  • Dɛn Na Kristoni Bɛyɛ Bere A Wɔagye Hokwan Ahorow A Ɔwɔ Afi Ne Nsam No?
    Nyan!—1980
Nyan!—2000
g00 4/8 kr. 30

Adwinnade a Ɛkyerɛkyerɛ Hokwan a Nnipa Wɔ Mu

SUKUUNI bi a wadi mfe dunson a ɔte Granada, Spain, a wɔfrɛ no Rut Jiménez Gila kyerɛkyerɛfo too nsa frɛɛ no ma ɔkyerɛw hokwan a nnipa wɔ ho asɛm. Bere a owiee ne dwumadi no, Europa fekuw a ɛhwɛ ma wɔyɛ sɔhwɛ wɔ sukuu a ɛwɔ Brussels, Belgium, no ka kyerɛɛ no wɔ adapɛn bi akyi sɛ wɔapaw ɔne sukuufo bi afi Spain sɛ wonkogyina wɔn man no ananmu. Akyiri yi, ɔkyerɛw krataa yi kɔmaa Nyan! nsɛmma nhoma no akyerɛwfo.

“Na mihia hokwan a nnipa wɔ ho nsɛm a aba foforo, na minyaa biribiara a na mihia no wɔ November 22, 1998 Engiresi ‘Nyan!’ a n’asɛmti ne ‘Will There Ever Be Human Rights for All?’ [So Nnipa Nyinaa Benya Hokwan Biako Da Bi?] no mu. Mepaw nsɛm foforo a ɛka mmea daakye ne Okunkɛse no ho asɛm fii ‘Nyan!’ nsɛmma nhoma afoforo nso mu de kyerɛkyerɛɛ hokwan a nnipa wɔ a wɔmma wonnya no mu. [Hwɛ April 8, 1998, ne August 8, 1998 ‘Nyan!’ mu.] Bere a na mereyɛ nhwehwɛmu no, mibehui sɛ nsɛm pii wɔ ‘Nyan!’ mu a ebi nni nsɛmma nhoma ne nhoma biara mu. M’ani gyee mfonini ahorow no nso ho kɛse na mede bi baa me kyerɛwtohɔ ahorow no mu.

“Esiane akatua a minya fii krataa a mekyerɛw no mu nti, wɔde me kɔɔ Finland ma mikodii dapɛn wɔ hɔ na mitumi kyerɛkyerɛɛ hokwan a nnipa wɔ ne nsɛm pii a ‘Nyan!’ nsɛmma nhoma no ka fa ho no mu.

“Meda mo ase paa sɛ daa mudi kan ka wiase nsɛm kyerɛ yɛn. Ɛmmra sɛ Yehowa behyira mo daa na ama nnipa ɔpepem pii atumi anya nsɛm a ɛtete saa no so mfaso.”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 30]

Rut ne n’adansedi krataa a onyae no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena