Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 5/8 kr. 26-27
  • Sɛnea Yebegyina Abasamtu Ano

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Yebegyina Abasamtu Ano
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Betumi Aboa
  • Dɛn Nti Na Abasamtu Wɔ Hɔ Pii Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Yehowa Gye Ɔmanehunufo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Anidaso Di Abasamtu so Nkonim!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Yehowa Hwɛ Ne Nkurɔfo So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 5/8 kr. 26-27

Bible No Adwene

Sɛnea Yebegyina Abasamtu Ano

ƐKAME ayɛ sɛ obiara tumi hyia abasamtu wɔ bere bi mu. Nanso, abasamtu tumi mene ebinom araa ma ɛkaa wɔn nko a na anka wɔawu.

Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn nkoa anokwafo mpo nnee wɔn ho wɔ ɔhaw ne nhyɛso a etumi kowie abasamtu mu ho. Sɛ nhwɛso no, susuw Elia ne Hiob—a na wɔn nyinaa ne Nyankopɔn wɔ abusuabɔ pa no, ho. Bere a Ɔhemmaa tirimmɔdenfo Isebel nti Elia guanee no, ‘ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ne kra nwu.’ (1 Ahene 19:1-4) Amanehunu pii too Hiob, a ebi ne yare bɔne bi a ɛbɔɔ no, ne ne mma du a wowuwui. (Hiob 1:13-19; 2:7, 8) Abasamtu maa ɔkae sɛ: “Amanehunu yi de, anka fanim owu.” (Hiob 7:15, The New English Bible) Ɛda adi sɛ adwennwen hyɛɛ Onyankopɔn nkoa anokwafo yi so ankasa.

Ɛnnɛ, yaw a onyin de ba, obi hokafo a owu, anaa ohia a emu yɛ den, betumi ama ebinom abam abu. Adwenemhaw a enni ano, amanehunu bi a ato obi pɛn, anaa abusua mu haw bi, ma afoforo nso te nka sɛ wɔwɔ ɛpo bun a asorɔkye a ɛrebɔ no nti, wontumi nguare mma po no ano mu. Owura bi kae sɛ: “Ɛyɛ a wote nka sɛ mfaso biara nni wo so—te sɛ nea sɛ wuwu a, obiara nkae wo. Ɛtɔ da a, ankonam a obi yɛ no tumi bunkam no so.”

Ɛtɔ mmere bi a, nneɛma sesa ma obi a n’abam abu tumi nya anigye. Nanso sɛ yɛn tebea no ansakra ɛ? Ɔkwan bɛn so na Bible no betumi aboa yɛn ma yɛagyina abasamtu ano?

Bible Betumi Aboa

Yehowa tumi wowaw Elia ne Hiob wɔ wɔn haw no nyinaa mu. (1 Ahene 19:10-12; Hiob 42:1-6) Hwɛ sɛnea eyi tumi kyekye yɛn werɛ nnɛ! Bible ka sɛ: “Onyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafo pa a wɔanya no nhui.” (Dwom 46:1; 55:22) Ɛwom sɛ abasamtu betumi abunkam yɛn so de, nanso Yehowa hyɛ yɛn bɔ sɛ ɔde ne trenee basa nifa no bɛboa yɛn. (Yesaia 41:10) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya mmoa a ɛte saa?

Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ, ɛdenam mpaebɔ so no, ‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ yɛn koma ne yɛn adwene so Kristo Yesu mu.’ (Filipifo 4:6, 7) Sɛ yɛkɔ ahohia mu a, ebia yentumi nhu ɔkwan a yɛbɛfa so adi ɔhaw no ho dwuma. Nanso, sɛ ‘yɛkɔ so bɔ mpae’ a, Yehowa betumi ahwɛ yɛn koma ne yɛn adwene so, na wama yɛanya ahoɔden a yɛde begyina ɔhaw no ano.—Romafo 12:12; Yesaia 40:28-31; 2 Korintofo 1:3, 4; Filipifo 4:13.

Eye sɛ yɛbɛka yɛn haw no ho asɛm bere a yɛrebɔ mpae no. Ɛwom sɛ ɛbɛyɛ den sɛ yebetumi aka yɛn haw no ho asɛm de, nanso ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛka nea ɛde ɔhaw no bae ho asɛm akyerɛ Yehowa. Ɛsɛ sɛ yɛsrɛ no ma ɔma yɛn ahoɔden a ɛbɛwowaw yɛn da biara da. Wɔma yɛn awerɛhyem sɛ: ‘Yehowa yɛ nea n’afɛrefo pɛ ma wɔn, na otie wɔn sufrɛ, na ogye wɔn.’—Dwom 145:19.

Bere a yɛrebɔ mpae no, ɛsɛ sɛ yɛka yɛn ho kɔ afoforo ho nso. (Mmebusɛm 18:1) Ebinom nam boa a wɔboa afoforo so atumi anya ahoɔden. (Mmebusɛm 19:17; Luka 6:38) Susuw ɔbea bi a wɔfrɛ no Maria,a a na kokoram ayɛ no na afei n’abusuafo baawɔtwe wui wɔ afe biako mu, no ho. Na ɛsɛ sɛ Maria bɔ ne ho mmɔden na watumi asɔre afi kɛtɛ so akɔyɛ n’adwuma. Ɛkame ayɛ sɛ daa na ɔkɔkyerɛkyerɛ afoforo Bible no, na na ɔkɔ Kristofo nhyiam ahorow daa. Sɛ Maria ba fie a, ɔsan kae ne haw no kɛse. Nanso, esiane ɔpɛ a Maria wɔ sɛ ɔbɛboa afoforo nti, otumi gyina ne haw no ano.

Na sɛ ɛba sɛ yentumi mmɔ mpae anaasɛ yentumi nka nkɔ afoforo ho nso ɛ? Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔhwehwɛ ‘mmoa wɔ asafo no mu mpanyimfo hɔ.’ (Yakobo 5:13-16) Ɔbarima bi a ofi bere tenten agyina adwenemhaw ano kae sɛ: “Ɛtɔ da a, obi a wowɔ ne mu ahotoso a wo ne no bɛbɔ ho nkɔmmɔ no betumi ama woanya anigye, na ama woadwennwen nneɛma pa ho.” (Mmebusɛm 17:17) Nokwarem no, sɛ abasamtu no tra hɔ kyɛ na sɛ yesusuw sɛ ɛyɛ yare a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ oduruyɛfo a ɔwɔ ho nimdeɛ hɔ kɔhwehwɛ mmoa.b—Mateo 9:12.

Ɛwom sɛ abasamtu ano a yebegyina no nyɛ mmerɛw de, nanso ɛnsɛ sɛ yebu mmoa a Onyankopɔn betumi de ama no adewa. (2 Korintofo 4:8) Mpae a yɛbɛkɔ so abɔ, bɛn a yɛbɛbɛn afoforo, na yɛahwehwɛ mmoa afi wɔn a wɔwɔ nimdeɛ hɔ no betumi ama yɛagyina ɔhaw no ano. Bible hyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn beyi nneɛma a ɛde abasamtu a emu yɛ den ba yɛn so no afi hɔ koraa. Kristofo de wɔn ho to ne so denneennen, a wɔhwɛ bere a ‘wɔrenkae nneɛma a ebetwam yi bio no’ kwan no.—Yesaia 65:17; Adiyisɛm 21:4.

[Ase hɔ nsɛm]

a Ɛnyɛ ne din ankasa.

b Nyan! nkamfo ayaresa pɔtee bi nkyerɛ. Ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ hu sɛ ayaresa biara a wɔpaw no ne Bible nnyinasosɛm hyia. Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, hwɛ October 15, 1988, Engiresi Ɔwɛn-Aban, nkratafa 25-9.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena