Nsubɔnten Abien Bi Ho Nsɛm
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ INDIA HƆ
Nsubɔnten abien bi a nnipa nkwa gyina so wɔ India asasepɔn no so no ma nnipa ɔpepehaha pii nya wɔn ano aduan. Mmeae a n’abien nyinaa ti wɔ no mu ntwe koraa wɔ bepɔw a ɛware sen biara a asukyenee wɔ so wɔ wiase no mu, na asu yi mu biara tene kɔ akyirikyiri bɛboro kilomita 2,400 wɔ aman abien mu. Ɛsono po a emu biara tene kɔbom no. Asu no mu biara dii dwuma titiriw wɔ tete anibuei mu. Emu biara ama nyamesom kɛse bi aba. Nnipa kyerɛ nea emu biara ma wonya no ho anisɔ na wɔakɔ so asom emu biako de abesi nnɛ mpo. Edin bɛn na wɔde frɛ emu biara? Indus ne Ganges, na wɔfrɛ Ganges wɔ India sɛ Ganga.
ESIANE sɛ adesamma hia nsu na ama wɔatumi atra ase nti, tete anibuei fii ase wɔ nsu ho. Esiane sɛ ɛtɔ mmere bi a na wobu nsu sɛ anyame ne anyamewa nti, ɛho atetesɛm abu so. Eyi te saa titiriw wɔ Indus ne Ganga, a wonim no wɔ India sɛ Ganga Ma (Eno Ganga), no abakɔsɛm mu.
Wɔ Hindufo ne Buddhafo fam no, Bepɔw Kailash a ne tenten yɛ anammɔn 22,027 ne Ɔtare Manasarovar no so na wɔn anyame te. Bere tenten ni no, na wogye di sɛ nsubɔnten akɛse anan na ɛsen fi ɔtare a efi mmoa anom no mu. Ná Indus yɛ gyata asubɔnten, na na Ganga yɛ kohaa asubɔnten.
Ná Tibetfo no mma amannɔne abɔrehufo mma hɔ. Nanso, wɔ 1811 mu no, Engiresi mmoa duruyɛfo bi a India Apuei fam Adwumakuw no faa no adwuma mu no sakraa ne ho akwan ahorow so tuu kwan faa asase no so. Ɔbɔɔ amanneɛ sɛ nsubɔnten biara nni hɔ a ɛsen fi Manasarovar mu, ɛwom sɛ bepɔw so asuten bi sen kogu mu de. Afeha a ɛto so 20 mfiase no mu ansa na wɔrebehu baabi a Indus ne Ganga nyinaa ti wɔ. Indus ti wɔ Tibet, Himalaya mmepɔw no kusuu fam, na Ganga ti wɔ Himalaya mmepɔw no bodan bi asukyenee a ɛwɔ India kusuu fam no mu.
Baabi a Tete Anibuei Fii Ase
Wɔka sɛ wɔn a wodii kan kɔɔ India asasepɔn no so no kɔtraa apuei fam wɔ Indus Bon no mu. Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu biribi a ɛkyerɛ sɛ na nkurɔfo a wɔn ani abue yiye tete mmeae te sɛ Harappa ne Mohenjo-Daro. Wɔ afeha a ɛto so 20 no mfiase no, saa nneɛma yi a wohui no maa adwene a na nkurɔfo kura sɛ wɔn a wodii kan kɔtraa India no yɛ tete mmusua a wodii atutra no sakrae. Bɛboro mfe 4,000 a atwam no, sɛ na wɔn a wɔte Indus no Ani Mmue nsen wɔn a wɔte Mesopotamia no a, na wɔne wɔn yɛ pɛ. Adanse a ɛne sɛ na akwan a ɛyɛ fɛ, aborosan atenten ne adan pa a wɔde ntayaa asi, akã ne tonkon a ɛkyɛn so, afie ne asɔredan a ɛsoso, ne ɔtare a wɔde mu nsu tew afoforo ho wɔ kurow mu no nyinaa twe adwene si so sɛ na wɔn ani abue kɛse. Adanse nso wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Indus ne Mesopotamia ne Mediterranea Supɔw no sofo wɔ aguadi mu nkitahodi, a na Indusfo ayɛ kwantempɔn kilomita ɔhaha pii kosi Arabia Po no so hɔ.
Mfehaha a atwam no, asiane pii—te sɛ asasewosow anaa nsuyiri akɛse—ama nkɔso a wɔn a wɔtete Indus Bon mu anya no ho aba asɛm. Eyi amma wɔantumi ansiw Asia Mfinimfini fam mmusua pii a wɔfrɛ wɔn Aryanfo a wɔbaa hɔ no kwan. Wotuu wɔn a na wɔtete nkurow a na ɛwɔ asubɔnten no ho no dodow no ara fii hɔ ma enti saa bere yi wɔn a na wɔtete Indus no de wɔn amammerɛ no kɔɔ India kesee fam, baabi a seesei Dravidian abusua no na wɔdɔɔso wɔ hɔ sɛ India abusua titiriw biako no.
Aryan abusua no bi de wɔn ani kyerɛɛ India apuei fam kɔtraa Asubɔnten Ganga Tataw no so. Enti Aryan abusua a wɔkɔɔ saa asasepɔn no so no benyaa wɔn ankasa amammerɛ wɔ India atifi fam wɔ Asubɔnten Ganga ho, baabi a wɔakɔ so atra de besi nnɛ.
Nsubɔnten Abien ne Nyamesom Abien
Nneɛma a wɔatutu fam ahu ada no adi sɛ na nsɛdi bi wɔ wɔn a wɔte Indus Bon no mu som ne wɔn a na wɔte Mesopotamia no de mu. Wɔahu Hindusom a wofi bere tenten agye adi sɛ ɛyɛ Aryanfo som no ho nkaede wɔ Indus nkurow no amamfõ so. Hindusom no gyina tete anyame ne Aryanfo anyame ne wɔn som mu gyidi ahorow so. Na Aryanfo no bu Indus sɛ asubɔnten kronkron, nanso bere a wotu kɔɔ apuei fam kɔtraa Ganga ho no, wɔsom Asubɔnten Ganga mmom. Mfehaha pii twaam no, wɔkyekyeree nkurow te sɛ Haridwar, Allahabad, ne Varanasi wɔ Ganga ho. Na eyinom nyinaa yɛ Hindusom mufo. Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii tu kwan kɔ saa mmeae yi koguare Ganga mu de hwehwɛ ayaresa anaa wɔde tew wɔn ho.
Bere a Hindusom fii ase wɔ Indus ho no, Buddhasom fii ase wɔ Ganga ho. Sarnath, a ɛbɛn Varanasi no ne baabi a Siddhārtha Gautama, a wɔfrɛ no Buddha no, dii kan kaa asɛm. Wɔkyerɛ sɛ bere a odii mfe 79 no, oguare twaa Ganga fã a ɛtrɛw paa no.
Nsubɔnten no Te Dɛn Nnɛ?
Nsubɔnten no mu nsu ho hia nnɛ sen mfe 4,000 a atwam no, bere a nkurɔfo tu kɔtraa Indus ne Ganga ho de pɛɛ wɔn ano aduan no. Sɛ nsubɔnten no bɛboa nnipa pii a wɔte India, Pakistan, ne Bangladesh no a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ so yiye. (Hwɛ asase ho mfonini a ɛwɔ kratafa 28-29 no.) Esiane sɛ ɛnyɛ ɔman biako pɛ mu na nsubɔnten no nam nti, ɛsɛ sɛ aman a asu no nam mu no nyinaa yɛ ho nhyehyɛe. Pakistan ayɛ Tarbela Ban a ne tenten yɛ kilomita 3 na ne sorokɔ yɛ anammɔn 470 no na ama wɔanya nsu agugu wɔn nnɔbae so. Ɛyɛ nsuban a ɛso sen biara wɔ wiase no mu biako ma enti ebetumi afa anhwea a ɛwɔ asase kɛse mita 148,500,000 so. Farakka Barrage a wɔayɛ wɔ Ganga so no ma wonya nsu a ɛfata wɔ asubɔnten no mu na ama nsu so hyɛn pii atumi agyina Calcutta Hyɛn Gyinabea hɔ.
Sɛnea ɛte wɔ nsubɔnten pii ho no, wɔretoto nneɛma funu pii gu Ganga mu. Enti, wɔ 1984 mu no, India aban no hyehyɛɛ mmara katee a ɛne Nhyehyɛe a Ɛbɛbɔ Ganga Ho Ban no. Wɔde adwene sii sumina ne nsufĩ a wɔde besiesie asase anaa wɔde bɛyɛ fango, ne nsuka a wɔmma enkogu asubɔnten no mu bio, ne mfiri a wɔbɛyɛ de asiesie awuduru, so.
Ma a wɔbɛsan ama asase so nsubɔnten pii ayɛ kama te sɛ nea na ɛte no yɛ nea nnipa ahyehyɛde ntumi nyɛ. Nanso ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛyɛ no yiye. Wɔ N’ahenni tumi ase no, ‘asu akɛse bɛbobɔ wɔn nsam’ bere a asase nyinaa dan paradise no.—Dwom 98:8.
[Adaka/Asase mfonini wɔ kratafa 28, 29]
Asubɔnten Kɛse Indus
Esiane sɛ asuten pii na ɛbom yɛ Indus nti, wontumi nhu beae pɔtee a asu no ti wɔ. Nanso ɛyɛ nokware sɛ asu kɛse yi fi Himalaya mmepɔw no mu. Asubɔnten yi a ɛsen kɔ kusuu fam atɔe kɔbɔ nsuten foforo a ɛdeda kwan mu no mu no tene kɔ akyiri kilomita 320 kɔfa Tibet koko no so, “beae a ɛkorɔn sen biara wɔ wiase no.” Sɛ asubɔnten no du India ahye so wɔ Ladakh mantam mu a, ɛsen fa mmepɔw no mu, na etwa kwan wɔ mmepɔw no mu ma nsuka bɛda Himalaya ne Karakoram mmepɔw no ntam. Bere a afei adu India asasesin mu no, etwa nsuka a ɛkɔ fam bɛyɛ mita 3,700, na ɛtene kɔ akyiri bɛyɛ kilomita 560 no. Bere a ɛde n’ani kyerɛ kusuu fam no, ɛdan kɔfa Himalaya atɔe fam, baabi a ɛkɔbɔ Gilgit, asubɔnten a ɛwɔ Hindu Kush no, mu no. Afei, asubɔnten no sen kɔ kesee fam kɔfa Pakistan. Bere a Indus redi apere wɔ mmepɔw no mu na ɛde ahoɔden kɛse woro so no, edu asasetaw no so, na ɛtoa so kɔfa Punjab. Saa din yi ase ne “Nsubɔnten Anum,” efisɛ nsubɔnten akɛse anum—Beas, Sutlej, Ravi, Jhelum, ne Chenab—na ehyiam sɛ nsa kɛse bi a wɔatrɛw mu dan asubɔnten Indus, a ɛtene twa bɛboro kilomita 2,900 no.
Ganga a Wɔsom No
Efi faako a asubɔnten Indus ti wɔ wɔ Himalaya mmepɔw no kesee fam bɛyɛ kilomita 100 na asubɔnten Ganga fi ase na ɛtene kilomita bɛboro 2,500 kɔbɔ Bengal Po faka no mu. Asubɔnten yi fi ase wɔ beae a ɛhɔ korɔn mita 3,870 a asukyenee bi a ɛte sɛ nantwi ano, a wɔfrɛ no Gaumukh wɔ Hindi kasa mu no wɔ, na ɛbɛdan asuten a wɔfrɛ no Bhagirathi. Ɛtene fi baabi a ɛsen no bɛyɛ kilomita 214 kɔbɔ asuten foforo, Alaknanda, mu wɔ Devaprayag. Nsuten abien yi ne Mandakini, Dhauliganga, ne Pindar bom bɛyɛ Ganga.
Bere a Ganga sen kɔ asasepɔn no kesee fam atɔe no, nsubɔnten akɛse foforo te sɛ Yamuna a ɛwɔ Allahabad wɔ India ne asubɔnten kɛse Brahmaputra a ɛwɔ Bangladesh no bom. Asubɔnten Ganga a ɛtrɛw sɛ papa no ne n’abɔmma no fɔw India asase no mu nkyem anan, a wɔfrɛ no Ganga Asasetaw a ɛbɔ nnɔbae no. Nsu no fɔw beae a ne tenten ne ne kɛse mu biara yɛ kilomita 1,035,000, na ɛboa nnipa dodow a wɔte India, faako a nnipa kyere so sen biara no biako wɔ wiase yi mu, no abiɛsa mu biako a wɔn ano si ɔpepepem biako no. Sɛ edu Bangladesh a, ɛtrɛw yiye, te sɛ po, a hyɛmma ahorow nyinaa bi fa so. Afei Ganga mu kyekyɛ yɛ nsubɔnten akɛse ne nsuten nketewa bebree ma ɛbɛdan asubɔe a ɛsõ sen biara wɔ wiase.
[Asase mfonini]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Tibet
PAKISTAN
Indus
Jhelum
Chenab
Sutlej
Harappa
Mohenjo-Daro
INDIA
Ganga
Yamuna
Brahmaputra
Allahabad
Varanasi
Patna
Calcutta
BANGLADESH
NEPAL
BHUTAN
[Asɛm Fibea]
Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 28]
Hindufo guare wɔ Ganga mu
[Asɛm Fibea]
Copyright Sean Sprague/Panos Pictures