Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 8/8 kr. 12-13
  • So Ɛfata sɛ Yedi Awerɛhow?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛfata sɛ Yedi Awerɛhow?
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ayiyɛ Ho Nimdefo Bi Suahu
  • Amammerɛ Ahorow, Nkate Ahorow
  • “Mɛyɛ Dɛn De M’awerɛhow No Atra Ase?”
    Nyan!—1988
  • Nea Ɛwɔ Nhoma Yi Mu: Nea Ɛbɛboa Wɔn A Wɔn Biribi Awu
    Nyan!—2018
  • Sɛnea Wubegyina Awerɛhodi Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Mɛyɛ Dɛn Agyina M’awerɛhow No Ano?
    Bere a Obi a Wodɔ No Awu
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 8/8 kr. 12-13

So Ɛfata sɛ Yedi Awerɛhow?

ODURUYƐFO Elisabeth Kübler-Ross ka wɔ ne nhoma On Children and Death mu sɛ: “Mpanyimfo pii da so ara di awerɛhow esiane sɛ wɔantumi anyi ɛyaw a na wodi wɔ wɔn mmofraberem no amfi hɔ nti. Enti ɛsɛ sɛ wɔma mmofra kwan ma wodi awerɛhow na wogyae sɛ wɔbɛka nsɛm te sɛ wo tirim yɛ wo dɛ anaa woyɛ ohufo, anaa ‘Barima nsu,’ akyerɛ wɔn no.”

Eyi ne su a aman bi kura a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ obiara ma afoforo hu sɛ ɔredi awerɛhow no bɔ abira koraa.

Ayiyɛ Ho Nimdefo Bi Suahu

Yehu nsonsonoe yi wɔ nea New York ayiyɛ ho nimdefo Robert Gallagher kae bere a Nyan! bisabisaa no nsɛm no mu. Wobisaa no sɛ ebia wahu nsonsonoe bi wɔ sɛnea Amerikafo ankasa ne Latinfo a wɔatu kwan aba hɔ no di awerɛhow no ntam anaa.

“Yiw, ɛte saa. Bere a mifii adwuma yi ase wɔ 1950 mu no, na Italiafo mmusua pii tete yɛn mpɔtam hɔ. Na nsɛm tumi haw wɔn yiye. Seesei yehyia wɔn mma ne wɔn mmanananom wɔ ayi ase, na ɛda adi sɛ nsɛm ntaa nhaw wɔn pii. Wɔntaa nni awerɛhow pii.”

Na Bible mmere mu Hebrifo no di awerɛhow. Hyɛ sɛnea Bible ka Yakob awerɛhowdi no ho asɛm bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ aboa bɔne bi awe ne ba Yosef no nsow: “Yakob sunsuanee ne ntade mu, na ɔde atweaatam bɔɔ n’asen, na osuu ne ba no kyɛe. Na ne mmabarima nyinaa ne ne mmabea nyinaa sɔree sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ, nanso wamma wɔankyekye ne werɛ, na ose: Mede awerɛhow yi ara mɛkɔ me ba nkyɛn wɔ asaman. Na n’agya suu no.” (Genesis 37:34, 35; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Yiw, anyɛ Yakob aniwu sɛ obesu ne ba a wawu no.

Amammerɛ Ahorow, Nkate Ahorow

Ɛyɛ ampa sɛ amammerɛ gu ahorow. Sɛ nhwɛso no, nhoma kyerɛwfo bi a ɔde mfe 20 atra Afrika no ka sɛ, ɛwom sɛ wɔ Nigeria mmusua bi mu no wɔwo mma pii na yare ahorow ma wɔtaa wuwu de, “nanso sɛ obi ba wu, ɛnkanka sɛ ɔyɛ ɔbarima ne abakan a, odi awerɛhow kɛse. Nea ɛda nsow wɔ Nigeriafo ho ne sɛ wodi awerɛhow kɛse nanso ɛnkyɛ. Enni asram pii anaa mfe mpo.”

Wɔ Mediterranea anaa Latin-America aman bi mu no, wonya ntetee a ɛma wotumi da wɔn nkate adi bere biara a wɔpɛ, na wobu eyi sɛ asɛm biara nni ho. Ɛhɔfo tumi da anigye ne awerɛhow adi wɔ baguam. Wɔmfa wɔn nsa nkyia kɛkɛ; wɔyɛ wɔn ho atuu nso. Saa ara na wotumi di awerɛhow te nusu.

Nhoma kyerɛwfo Katherine Fair Donnelly kyerɛw sɛ, “ɛnyɛ awerɛhow nko na” agya a ne ba bi awu no “gyina ano, na mmom osuro a ɛne sɛ wobebu no ohufo bere a osu wɔ baguam no nso.” Nanso, ɔka sɛ, “sɛ obi ba wu a, ɛho hia sɛ odi awerɛhow, a ɔremma mmara bi nkyekyere no. Awerɛhow kɛse a wɔboapa di de tew owufo kra ho no te sɛ bere a wɔde oyiwan retwa pɔmpɔ mu de ayi bɔre no afi mu no.”

Enti, aman bi mufo tumi di awerɛhow kɛse sen afoforo. Nanso, ɛnsɛ sɛ yebu awerɛhow a obi di na osu no sɛ mmerɛwyɛ. Yesu Kristo mpo “sui” bere a n’adamfo Lasaro wui no, ɛwom sɛ na Yesu nim sɛ ɛrenkyɛ obenyan no de.—Yohane 11:35.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]

Anyɛ Yakob aniwu sɛ obesu ne ba a wawu no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena