Ɛsɛ sɛ Yɛkyerɛ Mmofra Ho Anigye na Yɛdɔ Wɔn
“KYERƐ wo ba ho dɔ kakraa bi hwɛ, na wubehu sɛ mfaso kɛse wɔ so.” Saa na Engiresi nhoma kyerɛwfo ne nhwehwɛmufo John Ruskin a ɔtraa ase afeha 19 mu no kae. Akyinnye biara nni ho sɛ awofo pii gye tom sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔbɛdɔ wɔn mma a ɛnyɛ sɛ wɔn mma nso bɛdɔ wɔn bi kɛkɛ nti, na mmom esiane mfaso kɛse a ɔdɔ a ɛte saa de bɛba nti.
Sɛ nhwɛso no, Love and Its Place in Nature nhoma no kae sɛ, sɛ wɔannɔ “mmofra a, wotumi wu.” Na Ashley Montagu, a ɔyɛ nnipa asetra ho nimdefo a wagye din a ofi Britania no nso ka kɔɔ akyiri sɛ: “Ɛsono sɛnea abofra a wɔnnɔ no no te wɔ nipadua ne adwene mu, ɛnna ɛsono sɛnea abofra a wɔdɔ no no te wɔ saa nneɛma no mu. Ɛsono sɛnea nea wɔnnɔ no no nyin mpo.”
Saa ara na nhwehwɛmu bi a wɔyɛe a Toronto Star bɔɔ ho amanneɛ kyerɛ. Ɛkae sɛ: “Mmofra a wɔnnye wɔn agoru, wɔnkyerɛ wɔn ho anigye, nnya ɔdɔ mma wɔn no . . . taa haw kɛse.” Nokwarem no, sɛ wɔtow obi asaworam bere a osua a, “enya n’adesua ne sɛnea ɔkae nsɛm no so nkɛntɛnso kɛse.”
Nhwehwɛmu ahorow yi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ awofo bɛn wɔn mma. Anyɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi ne wɔn mma anya abusuabɔ pa? Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, wɔ aman a wodi yiye mpo mu no, nea wɔyɛ mprempren ne sɛ wɔbɛma abofra bi nea ohia nkutoo a enhia sɛ n’awofo bɛbɛn no. Wɔde wɔn mma kɔ sukuu, de wɔn kɔ mmofra asɔre, gya wɔn ma wɔkɔ adwuma, wɔne wɔn mfɛfo mmofra bom kogye wɔn ani, na wɔma wɔn sika ma wɔkɔ anigyebea. Bere a mmofra ɔpempem pii tew wɔn ho koraa fi wɔn abusua ho no, wɔbɛte nka sɛ wɔato wɔn sraha, na wonni wɔn ho dɔ, na aka wɔn nkutoo a mpanyimfo a wɔwɔ wiase retan wɔn ani. Ɛbɛyɛ sɛ su a ɛte saa a mmofra da no adi no ne ade biako nti a mmofra bɛyɛ 3,000 tete mmɔnten wɔ Berlin no. Wɔn mu biako ne Micha a ɔkae sɛ: “Na obiara mpɛ m’asɛm.” Saa ara na Germanni abarimaa bi a wadi mfe akron kae sɛ: “Na yɛn kraman mpo so wɔ mfaso sen me.”
Ayayade a Wɔde Yɛ Mmofra no Gu Ahorow
Mmofra a wɔto wɔn asaworam no ma nea Bible ka ho asɛm no bam sɛ “wonni dɔ.” (Romafo 1:31; 2 Timoteo 3:3) Na ebetumi akowie ayayade a ɛyɛ asefem mu. Sɛ nhwɛso no, efi bere a wɔyɛɛ Amanaman Ntam Mmofra Afe nhyiam wɔ 1979 mu no, wɔde adwene asi mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade na wɔto wɔn mmonnaa no so kɛse. Nokwarem no, yentumi nhu mmofra dodow a wɔyɛ wɔn ayayade ankasa, na ɛsono sɛnea ɛte wɔ baabiara. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ mmofra a wɔto wɔn mmonnaa no haw kɛse na sɛ wonyin mpo a saa haw no mfi hɔ.
Ɛmfa ho sɛnea ayayade no te no, ɛma mmofra no te nka sɛ wɔnnɔ wɔn na wɔapo wɔn. Na ɛte sɛ nea adwene a ɛte saa no kɔ so tra hɔ. German atesɛm krataa Die Welt ka sɛ, “mmofra bebree nyinyin bɛyɛ wɔn a wɔmpɛ nnipa.” Ɛka nso sɛ: “Mmofra no ani nka fie. Sɛnea [Gerd Romeike, a ɔyɛ asoɛe a ɛhwɛ mmofra so wɔ Hamburg no panyin] kyerɛ no, nkate fam abusuabɔ a ɛda awofo ne wɔn mma ntam no resɛe, anaasɛ ebi mpo nni hɔ koraa. Mmofra a wɔte saa no te nka sɛ wɔato wɔn asaworam na wonni ahobammɔ biara.”
Mmofra a wɔmpɛ wɔn asɛm na wɔnnɔ wɔn no tumi nya adwemmɔne, na wonya wɔn awofo ne obiara ho tan. Bɛyɛ mfe du a atwam ni no, Canada fekuw bi bɔɔ amanneɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔman no yɛ biribi ntɛm anyɛ saa a, “wɔn a wɔte nka sɛ afoforo nnwene wɔn ho” no bɛhaw kɛse.
Mmerante ne mmabaa a wɔnnɔ wɔn na wɔto wɔn asaworam no taa guan fi fie sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛtɔ wɔn, nanso wɔkɔtɔ ɔhaw kɛse mu wɔ nkurow akɛse mu, faako a nsɛmmɔnedi, nnubɔnenom, ne ɔbrasɛe, abu no. Nokwarem no, polisifo nhwehwɛmu kyerɛ sɛ mfe 20 a atwam no, na mmofra 20,000 a wonnya nnii mfe 16 na wɔabɔ ko wɔ U.S. kurow kɛse biako pɛ mu. Wɔkaa wɔn ho asɛm sɛ “wofi mmusua a emu atetew a mpɛn pii no awofo a wɔbow nsa na wɔnom nnubɔne yɛ wɔn ayayade mu. Wotu fi fie, si tuutuu na ama wɔanya wɔn ahiade, wɔn wuranom boro wɔn na wɔmfa wɔn nyɛ hwee, wosuro sɛ wobeguan adwuma a wɔama wɔreyɛ no efisɛ woguan a wɔbɛhaw wɔn.” Awerɛhosɛm ne sɛ, ɔhaw yi da so ara wɔ hɔ ɛmfa ho mmɔden kɛse a wɔabɔ sɛ wobesiw ano no.
Mmofra a wɔwɔ tebea a yɛaka ho asɛm yi mu no nyinyin bɛyɛ mpanyin bɔne, na mpɛn pii no wontumi ntete wɔn ankasa mma yiye. Esiane sɛ wɔtoo wɔn asaworam na wɔankyerɛ wɔn ho dɔ nti, wɔn nso bɛwo wɔn nsɛso mma—mmofra a wɔato wɔn asaworam na wonni ɔdɔ biara mma wɔn. Germanni ɔmanyɛfo bi kaa no pen sɛ: “Mmofra a wɔnkyerɛ wɔn ho dɔ no nyinyin bɛyɛ wɔn a wonni dɔ koraa.”
Nokwarem no, awofo ɔpepem pii rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn mma ahu sɛ wɔpɛ wɔn asɛm na wɔdɔ wɔn. Ɛnyɛ ka nko na wɔka kyerɛ wɔn mma sɛ wɔdɔ wɔn, na mmom wɔma wɔn ani ku wɔn ho na wɔyɛ nea mmofra pɛ nyinaa bi ma wɔn. Nanso, ɔhaw pii da so wɔ hɔ—ɔhaw a awofo no ankasa ntumi nni ho dwuma koraa. Sɛ nhwɛso no, wɔ aman bi mu no, esiane sikasɛm ne amammui nhyehyɛe a ɛnyɛ papa nti mmofra ntumi nnya ayarehwɛ a ɛfata, nhomasua a edi mu, ne aduan a ɛfata, na wɔde pii di paa ka asetra a emu ayɛ den no ho. Na mpɛn pii no, mpanyimfo adifudepɛfo, mpanyimfo a wɔn bra asɛe, wɔyɛ pɛsɛmenkominya na wonsusuw afoforo ho no na wɔma ɔhaw no yɛ kɛse.
Kofi Annan, Amanaman Nkabom no kyerɛwfo panyin no kyerɛw ɔhaw ahorow a mmofra hyia no bi ho asɛm sɛ: “Mmofra ɔpepem pii kɔ so di hia buruburoo; akodi ne sikasɛm mu ahokyere de ɔpehaha pii to ahokyere kɛse mu; akodi ama ɔpedudu pii adi dɛm; afoforo pii adan nyisaa anaa HIV/AIDS akunkum wɔn.”
Nanso, ɛnyɛ awerɛhosɛm nkutoo na yɛte! UN ahyehyɛde ahorow, te sɛ Amanaman Nkabom Mmofra Ho Foto (UNICEF) ne Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no ayɛ ade kɛse ama mmofra. Annan kae sɛ: “Mmofra pii wɔ akwahosan pa na wɔama afoforo pii nnuru a ɛko tia nyarewa; mmofra pii nim akenkan ne akyerɛw; pii wɔ hokwan sɛ wobesua ade na wotumi di agoru biara a wɔpɛ, sen mfe du a atwam no.” Nanso, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Ɛnsɛ sɛ eyi a yɛatumi ayɛ no ma yɛn tirim yɛ yɛn dɛ.”
Wɔn a Wohia Mmoa Kɛse
Mmofra binom hia mmoa kɛse. Wɔ 1960 mfe no mfiase no, mmofra a wɔbɔɔ amanneɛ sɛ aduru a wɔfrɛ no thalidomide ama wɔadi dɛm no maa obiara ho dwiriw no. Sɛ apemfo nom thalidomide a, ɛma wɔyɛ siamoo na wɔwo nkokoaa a wonni nsa ne nan. Mpɛn pii no nkokoaa yi nsa ne wɔn nan yɛ ntiantiaa te sɛ apataa abon.
Mfe aduanan akyi no, atopae a wɔde ahyehyɛ fam no ne ade a ebetumi adi mmofra dɛm asen biara.a Ebinom bu akontaa sɛ atopae ɔpepem 60 kosi 110 na ɛda so ara hyehyɛ fam wɔ wiase nyinaa. Nnipa bɛyɛ 26,000 na ekunkum wɔn anaa edi wɔn dɛm afe biara—a mmofra pii ka ho. Efi 1997 a Jody Williams nyaa Nobel Asomdwoe Akyɛde wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛma wɔabara atopae a wɔde hyehyɛ fam mu no, wɔde adwene asi ɔhaw yi so kɛse. Nanso, atopae da so ara hyehyɛ fam. German ɔmanyɛfo bi kaa mmɔden a wɔrebɔ sɛ ebesiw adeyɛ a ɛte saa ano ho asɛm sɛ: “Ɛte sɛ mmɔden a obi bɔ sɛ ɔde atere bɛsesaw nsu afi guasɛn mu bere a nsu da so bu gu mu no.”
Mmofra foforo a wohia mmoa kɛse ne wɔn a wonni awofo. Yehowa Nyankopɔn a ɔbɔɔ nnipa no pɛ ne sɛ mmofra benyin a wɔn agya ne wɔn na nyinaa dɔ wɔn na wɔn ani ku wɔn ho. Ehia sɛ awofo de ɔhwɛ a ɛfata saa no ma mmofra.
Mmeae a wɔhwɛ nyisaa ne ahyehyɛde afoforo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma mmofra a wonni awofo anya wɔn ahiade. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, mmofra mmɔborɔfo a wohia mmoa a ɛte saa denneennen—ayarefo, wɔn a wontumi nsua ade, wɔn a wɔadi dɛm anaa wɔn a wɔn awofo yɛ ahɔho—no ntaa nnya mmoa a ɛte saa.
Ahyehyɛde ahorow hyɛ afoforo nkuran sɛ wɔmmoa wɔ sika fam na wɔmfa ‘nhwɛ’ mmofra a wɔwɔ aman a enni yiye mu. Wɔde sika a nkurɔfo yi no hwɛ mmofra no sukuu anaa wɔde di wɔn asetram ahiade ho dwuma. Sɛ wɔpɛ a wobetumi de wɔn mfonini akɔma mmofra no anaasɛ wɔbɛkyerɛw wɔn krataa de ahyɛ wɔn abusuabɔ no mu den. Ɛwom sɛ nhyehyɛe a ɛte saa aboa de, nanso entumi mfaa ɔhaw no ano aduru ankasa mmae.
Nhwɛso a edi mu biako a wɔnam so de mmoa ama nyisaa nso ne ahyehyɛde a wɔ 1999 mu no edii n’afe a ɛto so 50 no.
SOS Mmofra Atrae No
Wɔ 1949 mu no, Hermann Gmeiner tew nea ɔfrɛɛ no SOS Mmofra Atrae wɔ Imst, Austria. Ahyehyɛde a efii ase wɔ ɔkwan ketewaa bi so no abenya nkorabata 1,500 na ahyehyɛde a ɛte saa bi nso wɔ Afrika, Amerika, Asia, ne Europa aman 131 mu.
Gmeiner gyinaa nneɛma anan yi so na ɛtew n’ahyehyɛde no—ɛna, anuanom, ofie, ne atrae. “Ɛna” hwɛ “abusua” a mmofra baanum anaa baasia—wobetumi aboro saa—wom so. Ɔne wɔn tra na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ wɔn ho dɔ ne anigye te sɛ n’ankasa mma. Mmofra no kɔ so ne “ɛna” no tra “abusua” no mu kosi sɛ bere bɛso ma wɔafi “fie.” Mmofra a ɛsono wɔn mfe na wɔwɔ “abusua” biara mu. Esiane sɛ mmofra no wɔ “nuabarimanom” ne “nuabeanom” a wɔanyinyin anaasɛ wosusua sen wɔn nti, wotumi nya wɔn ho adwempa, ma enti wɔmmɛyɛ pɛsɛmenkominyafo. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma mmofra no ahu wɔn ho wɔ “abusua” no mu fi bere a wɔadi afe pɛ no. Wɔma anuanom a wofi maame biako no tra “abusua” koro mu bere nyinaa.
“Mmusua” bɛyɛ 15 na wɔbom tra atrae biako, na abusua biara te ne fie. Wɔkyerɛkyerɛ mmofra no nyinaa ma wɔboa wɔn ‘na’ no wɔ fie nnwuma mu. Ɛwom sɛ agya biara nni hɔ de, nanso wɔyɛ nhyehyɛe ma ɔbarima bi de afotu ne nteɛso ma sɛ agya. Mmofra no kɔ sukuu wɔ faako a wɔte no ara. Wotwa sika pɔtee bi ma “abusua” biara ma wɔde totɔ nneɛma a wohia. Wɔtɔ ntade ne aduan wɔ faako a wɔte no ara. Atirimpɔw no ne sɛ wɔbɛma mmofra no ahu sɛnea abusua te ankasa na wɔahu ɔhaw ne anigye a ɛwom, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔanya asetram anigye sɛnea ɛte. Eyi boa ma wotumi hwɛ wɔn ankasa mmusua bere a wɔanyinyin no.
Yɛda So Ara Hia Ɔhaw no Ano Aduru Ankasa
Ahyehyɛde ahorow a wɔhwɛ nyisaa, SOS Mmofra Atrae, UNICEF, ne ahyehyɛde ahorow a ɛtete saa no, di dwuma kɛse bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa mmofra a wɔyɛ mmɔborɔfo no. Nanso, emu biara ntumi nnye kyim sɛ nnipa bi da so ara yɛ mmɔborɔfo. Ɛmfa ho mmɔden biara a wɔbɛbɔ no, wontumi nsa abofra bi a ne nsa ne ne nan nni hɔ yare, wontumi mma abofra a wadi dɛm wɔ adwenem ho nsan no, wontumi nka abofra bi ne n’awofo a wɔagyae aware mmom, anaasɛ wontumi nnyan ne maame anaa ne papa a ɔdɔ no a wawu no.
Nnipa bɔ mmɔden sɛ dɛn ara a, wontumi nyi ɔhaw a mmofra hyia no mfi hɔ koraa. Nanso ɔhaw no befi hɔ! Yiw, ebefi hɔ nnansa yi ara sen sɛnea wususuw. Nanso, ɔkwan bɛn so?
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ asɛm a “Land Mines—What Can Be Done?” a ɛbaa yɛn May 8, 2000, Engiresi de mu no.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8, 9]
Ɛsɛ sɛ agya ne ɛna nyinaa dɔ wɔn ba