Bible No Adwene
So Nyansahu Betumi Ama Yɛanya Daa Nkwa?
MFE PII a atwam no, na ɛte sɛ nea asɛmmisa a ɛte saa no yɛ nea ntease nnim. Nanso, seesei, nnipa bi resusuw saa asɛmmisa yi ho anibere so. Nyansahufo afa akwan a ebinom susuw sɛ wobetumi de adi dwuma wɔ nnipa ho no so atumi ama bere a nwansena ne asunson tumi de tra nkwa mu no abu abɔ ho.
Nhwehwɛmu ada no adi sɛ nkwammoaa a ɛwɔ nnipa mu no tumi wu, na wɔkyekyɛ wɔn ho mu kosi bere bi kɛkɛ. Ɛno akyi no, wɔn mu nkɔ so nkyekyɛ bio. Ɛyɛ adeyɛ bi a wɔde atoto wɔɔkye a ɛkyerɛ bere a nnipa nyin na wowu ho. Nyansahufo rebɔ mmɔden seesei sɛ wɔbɛma saa wɔɔkye no ayɛ adwuma.
Nkyerɛkyerɛ biako bi a agye din kyerɛ sɛ ade a ɛma nnipa nyin ne DNA no beae bi a wɔfrɛ no telomere no. Wɔde telomere no atoto rɔba a ɛwɔ mpaboa hama ano a ɛbɔ hama no ho ban na ansɛe no ho. Nyansahufo ahu sɛ bere biara a nkwammoaa no bi mu kyɛ no, telomere no so tew te sɛ ade bi a ɛrehyew. Awiei koraa no, sɛ telomere no so tew kodu baabi a, nkwammoaa no mu gyae kyekyɛ koraa. Nanso, sɛ telomere no nya aduannuru pɔtee bi a, wɔn so ntew. Enti sɛnea nkyerɛkyerɛ no da no adi no, eyi betumi ama nkwammoaa no anya ahoɔden de akɔ so akyekyɛ wɔn ho mu daa. Adwumakuw bi a wɔka ho ma wɔyɛɛ saa nhwehwɛmu yi panyin bi kae sɛ: “Eyi ne bere a edi kan a yɛatumi ahu sɛ onipa betumi atra ase daa.” Nanso, ɛnyɛ nyansahufo nyinaa na wogye tom.
Nea Ɛyɛe a Owu Bae
Nokwarem no, nnipa a wogye Bible no di no gye di sɛ bere bi bɛba a nnipa betumi atra ase daa. Wɔn gyidi no nnyina nnipa nyansahufo so na mmom Nyansahufo Kunini a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, Yehowa Nyankopɔn, so.—Dwom 104:24, 25.
Bible da no adi sɛ na owu nka Ɔbɔadeɛ no atirimpɔw ho. Wɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan no Onyankopɔn suban so na wɔde wɔn traa paradise turo mu. Ná wɔyɛ pɛ, na na wɔn adwene ne wɔn nipadua ntɔɔ kyima. Enti, na wobetumi atra asase so daa. Ná ɛno ne Onyankopɔn atirimpɔw ma wɔn. Ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnwo na awiei koraa no wɔntrɛw Paradise mu nkɔ asase nyinaa so.—Genesis 1:27, 28; 2:8, 9, 15.
Sɛnea wɔada no adi wɔ Genesis ti 3 no, na Adam nim sɛ nea ebefi atuatew mu aba ne owu, nanso ɔboapa tew Onyankopɔn so atua. Bio nso, bere a ɔtew atua no, ɔde bɔne ne owu baa n’asefo a na onnya nwoo wɔn no so. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Enti, esiane sɛ Adam yɛɛ bɔne nti, na ɔnna so ara nyɛ pɛ bio. Onyinii na awiei koraa no owui. Ɔde saa dɛmdi no maa n’asefo.
Enti Adam atuatew ne atemmu a Onyankopɔn de baa no so no nti na nnipa wu. Nnipa rentumi nsesa saa atemmu no. Ɛwom sɛ nyansahu anya nkɔanim pii wɔ aduruyɛ mu de, nanso Mose nsɛm a efi honhom mu a wɔkyerɛw no mfe 3,500 a atwam ni no da so yɛ nokware: “Yɛn mfirihyiam nna, emu wɔ mfe aduɔson, na sɛ ɛboro so a, na ɛredu aduɔwɔtwe, na emu ahoahoade yɛ ɔbrɛ ne ahuhude, na etwam ntɛmso, na yetu kɔ.”—Dwom 90:10.
Yehowa Nsiesiei a Ɛbɛma Yɛanya Daa Nkwa
Anigyesɛm ne sɛ, yɛwɔ anidaso! Ɛwom sɛ mprempren nnipa nyinaa wu de, nanso ɛnyɛ Yehowa atirimpɔw ne sɛ saa tebea yi bɛkɔ so daa. Bere a na ɛfata sɛ Adam ne Hawa wu no, na Onyankopɔn nim sɛ n’asefo a wonnya nwoo wɔn no pii wɔ hɔ a wɔbɛkyerɛ n’akwankyerɛ a ɛfata no ho anisɔ. Ɔyɛɛ nsiesiei maa saafo no na wɔanya daa nkwa wɔ asase so. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Nanso ɔkwan bɛn so na eyi bɛfa aba?
Ɛnyɛ DNA mu ahintasɛm bi a nnipa behu na ɛde eyi bɛba. Mmom no, daa nkwa yɛ akyɛde a Yehowa de bɛma wɔn a wɔkyerɛ ne mu gyidi no. Bere a Onyankopɔn hui sɛ Adam ne Hawa asefo hia ogye no, ɔyɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so anya daa nkwa ho nhyehyɛe—Yesu Kristo ogye afɔre no. Yesu kaa nsiesiei yi ho asɛm sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di anyera, na wanya daa nkwa.”—Yohane 3:16.
Te sɛ Adam no, na Yesu yɛ onipa a ɔyɛ pɛ. Yesu anyɛ n’ade sɛ Adam, enti ɔyɛɛ setie maa Nyankopɔn wɔ ade nyinaa mu. Enti na Yesu betumi de ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no atua Adam bɔne no. Ɛdenam adeyɛ a ɔdɔ wom yi a ɛmaa atɛntrenee nsenia no karii pɛ so no, na wobetumi agye Adam asefo afi owu ho afobu mu. Enti, wɔn a wɔkyerɛ Yesu mu gyidi nyinaa benya Onyankopɔn akyɛde a ɛne daa nkwa no.—Romafo 5:18, 19; 1 Timoteo 2:5, 6.
Sɛ na nnipa betumi ayi sintɔ afi hɔ na wɔde daa nkwa aba a, anka agyede biara ho renhia. Bible no de afotu a nyansa wom yi ma sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so. Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera. Nhyira ne nea Yakob Nyankopɔn ne ne boafo, nea n’ani da [Yehowa, NW], ne Nyankopɔn, so. Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwom nyinaa, ɔno na ɔkora nokware daa.”—Dwom 146:3-6.
Ɛnyɛ nyansahu mu nhwehwɛmu na ɛde daa nkwa bɛba, na mmom Yehowa. Biribiara a Onyankopɔn bɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, obetumi ayɛ, na ɔbɛyɛ. “Onyankopɔn fam de, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ.”—Luka 1:37.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 26]
© Charles Orrico/SuperStock, Inc.