Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 1/8 kr. 22-27
  • Nhomasua Nhyehyɛe a Ɛsen Biara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhomasua Nhyehyɛe a Ɛsen Biara
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhoma Ahorow a Wotintim Wɔ Wiase Nyinaa
  • Nea Enti a Wɔkyerɛ Ase Kɔ Kasa Foforo Mu
  • Nea Enti a Nkurɔfo Kyerɛ Adwuma no Ho Anisɔ
  • Nhomasua a Ehia a Wɔboa Nkurɔfo Ma Wonya
  • Nnwinnade a Yɛde Ka Asɛm No​—Nhoma a Wɔyɛ Ma Yɛde Ka Asɛm no Wɔ Wiase Nyinaa
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Asɛmpa A Ɛwɔ Kasa Ahorow 500 Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • “Momma Nsupɔ Nyinaa Nni Ahurisie”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Yehowa Reboa Ma Yɛayɛ Ɔkyerɛkyerɛ Adwuma no Wɔ Wiase Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 1/8 kr. 22-27

Nhomasua Nhyehyɛe a Ɛsen Biara

“Nhomanimfo nkutoo na wɔwɔ ahotɔ.”—Epictetus, bɛyɛ 100 Y.B.

AFEHA 19 no muni William H. Seward a na ɔko tia nkoatɔ no gye dii sɛ “adesamma nkɔso gyina Bible nkyerɛkyerɛ a nnipa pii kyerɛ ho anigye no so.”

Yehowa Adansefo nso wɔ obu kɛse ma Bible no. Wogye di sɛ wɔn a wɔde mu nsɛm bɔ wɔn bra no bɛyɛ okununom pa, ɔyerenom pa, ne mmofra pa—yiw, nnipa a wɔn bra ye sen biara wɔ wiase no mu. Enti wotie ahyɛde a Yesu Kristo de mae no: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo, . . . na monkyerɛkyerɛ wɔn.”—Mateo 28:19, 20.

Nea ɛbɛyɛ na Yehowa Adansefo atumi akyerɛkyerɛ nkurɔfo Bible no, wɔafi nea wobetumi afrɛ no nhomasua nhyehyɛe a ɛsen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu ase. Ɛhe na saa nhyehyɛe yi akɔ akodu?

Nhoma Ahorow a Wotintim Wɔ Wiase Nyinaa

Adansefo no de Bible a wɔakyerɛ ase kɔ kasa pii mu na edi dwuma wɔ wɔn asɛnka adwuma no mu. Nanso, wɔatintim New World Translation of the Holy Scriptures no wɔ kasa 21 mu na wɔatintim New World Translation of the Christian Greek Scriptures (nea wɔfrɛ no Apam Foforo no) wɔ kasa 16 foforo mu. Afei nso, wɔafi ase rekyerɛ Bible yi ase wɔ kasa foforo 11 mu nso. Adansefo no san tintim nhoma ahorow a egyina Bible no so na ɛboa ma nkurɔfo te ase yiye.

Sɛ nhwɛso no, wotintim Nyan! nsɛmma nhoma yi wɔ kasa 83 mu, na ebiara a ɛba no boro 20,380,000. Wotintim nsɛmma nhoma a ɛka ho, Ɔwɛn-Aban no, mu biara a ɛba no 23,042,000 wɔ kasa 139 mu. Eyi kyerɛ sɛ nsɛmma nhoma yi bɛboro ɔpepepem biako na wotintim no afe biara! Afei nso, kasa ahorow a wotintim Ɔwɛn-Aban no wom yi mu 124 na wotintim no bere koro mu, na kasa ahorow 58 na wotintim Nyan! no nso wom wɔ bere koro mu. Enti, wɔ wiase nyinaa no, nnipa pii a ɛsono wɔn mu biara kasa na wotumi kenkan nsɛmma nhoma yi wɔ wɔn kasa mu wɔ bere koro mu.

Bio nso, Yehowa Adansefo atintim nhoma afoforo a wɔde sua Bible no ɔpepem pii nnansa yi. Wotintim Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no bɛboro ɔpepem 107. Akyiri yi, wontintim Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no bɛboro ɔpepem 81, na wɔatintim Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no bɛboro ɔpepem 75 wɔ kasa 146 mu nnansa yi ara. Afei nso, wɔatintim Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa a ekura nkratafa 32 no bɛboro ɔpepem 113 wɔ kasa 240 mu.

Wɔatintim nhoma afoforo bi nso de adi ahiade pɔtee bi ho dwuma. Wɔatintim Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm a wɔyɛ maa mmofra no, bɛboro ɔpepem 51. Wɔatintim nhoma ahorow abien, Your Youth—Getting the Best Out Of It ne Questions Young People Ask—Answers That Work, a wɔhyɛɛ da yɛ maa mmerante ne mmabaa titiriw no, nyinaa bɛboro ɔpepem 53. Na wɔatintim Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba, a aboa mmusua ɔpepem pii ma wɔadi wɔn haw ahorow ho dwuma no, wɔ kasa 115 mu.

Wɔatintim nhoma afoforo anan a woyii no adi fi 1985 mu a ɛhyɛ gyidi den wɔ Ɔbɔadeɛ no, ne Ba no, ne Bible mu, no bɛboro ɔpepem 117. Nhoma yi ne Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation?, Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn, The Bible—God’s Word or Man’s?, ne Is There a Creator Who Cares About You?

Ɛnnɛ, nhoma ahorow a wɔde sua Bible a Yehowa Adansefo atintim no wɔ kasa ahorow 353 mu, na ɛnkyɛ wobetintim eyinom mu bi akɔ kasa foforo 38 mu. Nokwarem no, efi 1970 no, Yehowa Adansefo atintim nhoma, nhomawa, ne nsɛmma nhoma, bɛboro ɔpepepem 20! Eyi da nkyɛn a, nnipa bɛyɛ ɔpepem asia nso de nsi rekyerɛkyerɛ afoforo Bible mu nimdeɛ wɔ aman bɛboro 230 mu. Nanso, ɛyɛɛ dɛn na wotumi yɛɛ eyinom nyinaa, na aka nkurɔfo asetra dɛn?

Nea Enti a Wɔkyerɛ Ase Kɔ Kasa Foforo Mu

Sɛnea wubetumi de w’adwene abu no, egye mmɔdenbɔ kɛse na wɔatumi atintim nhoma a edi mu wɔ kasa bɛboro ɔha mu bere koro mu. Nsɛm asekyerɛ akuw, a wɔatu wɔn ho ama no de wɔn bere ne nimdeɛ a wɔwɔ no di dwuma na wɔnam kɔmputa nhyehyɛe so tintim nhoma a edi mu wɔ ahoɔhare so. Ɛno nti, wɔ kasa a wonni nnipa pii a wɔkyerɛ ase mpo mu no, wotumi tintim nhoma ahorow no ntɛm so. Seesei, mmarima ne mmea bɛboro 1,950 na wɔkyerɛ nhoma ahorow ase wɔ wiase nyinaa a wonnye hwee. Nanso, dɛn nti na mmɔdenbɔ a ɛte saa ho hia? So mmɔdenbɔ no ho hia ankasa bere a nnipa pii a wɔka kasa a ennyee din kɛse no wɔ kasa ahorow a agye din no nso ho nimdeɛ bi no?

Yehowa Adansefo ahu sɛ mmɔdenbɔ no so wɔ mfaso ankasa esiane nea William Tyndale, afeha 16 no muni Bible nkyerɛasefo a wagye din, kae no nti. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mahu sɛ sɛ yɛankyerɛ kyerɛw nsɛm no ase ankɔ kasa a asɔremma no ka mu na wɔanhu nea ɛka ne nsɛntitiriw a ɛwom no a, wɔrennye asɛm biara a yɛka no ntom.”

Ɛyɛ ampa sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na nkurɔfo betumi anya Bible ho nhoma wɔ wɔn ankasa kasa mu. Nanso, sɛ wɔn nsa tumi ka wɔ wɔn ankasa kasa mu a, ɛma wogye Bible mu nokware no tom na ɛkanyan wɔn yiye. Eyi ada adi wɔ kan Soviet Union aman a mmusua pii a ɛwɔ hɔ no mu biara ka ne kasa no mu. Wɔ afeha a etwaam no mfiase pɛɛ no, aman yi mu pii kaa wɔn ho boom bɛyɛɛ Soviet Union na wɔkyerɛɛ wɔn—ma wɔkaa—Russia kasa. Enti, na wɔkenkan, kyerɛw Russia kasa, na bere koro no ara no na wɔka wɔn ankasa kasa nso.

Efi bere a Soviet Union gui wɔ 1991 mu reba titiriw no, aman yi mu pii pɛ sɛ wɔde wɔn kurom kasa di dwuma. Eyi te saa wɔ wɔn a wɔka Adyghe, Altai, Belorussia, Georgia, Kirghiz, Komi, Osset, ne Tuva kasa anaa kasa afoforo pii a aka no, fam. Ɛwom sɛ wɔn mu dodow no ara te Russia kasa de, nanso Bible ho nhoma a wɔakyerɛw wɔ Russia kasa mu no ntumi nka wɔn koma kɛse. Mmom no, wɔn ani tumi gye nhoma a wɔde wɔn kasa akyerɛw no ho kɛse. Ɔbarima bi a wɔmaa no kratawa a wɔde Altai kasa akyerɛw no kae sɛ: “Eye sɛ moafi ase retintim nhoma wɔ yɛn kasa mu.”

Eyi ho nhwɛso foforo sii wɔ Greenland, Arctic supɔw a nnipa a wɔte hɔ no dodow bɛyɛ 60,000 pɛ no so. Wɔatintim Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nyinaa wɔ Greenland kasa mu, na nsɛmma nhoma yi agye din—te sɛ nhoma afoforo a Yehowa Adansefo atintim wɔ Greenland kasa mu no ara pɛ. Nokwarem no, nhoma a ɛte saa no bi wɔ afie a atew ne ho wɔ akyirikyiri wɔ supɔw no so no mu.

Wɔ South Pacific no, nnipa bɛyɛ 7,000 na wɔka Nauru kasa, 4,500 ka Tokelau kasa, na 12,000 na wɔka Rotuma kasa. Seesei Adansefo no tintim Bible mu nkratawa ne nhomawa wɔ saa kasa no mu ne Ɔwɛn-Aban a ɛba ɔsram biara wɔ Niue kasa a nnipa bɛyɛ 8,000 ka, ne Tuvalu kasa a nnipa bɛyɛ 11,000 ka mu. Nokwarem no, Yehowa Adansefo yɛ akuw akɛse a wotintim nhoma wɔ kasa a wɔnka no kɛse mu no mu biako, na wotintim Bible ho nhoma wɔ kasa te sɛ Bislama, Hiri Motu, Papiamento, Mauritius Creole, New Guinea Pidgin, Seychelles-Creole, Solomon Islandfo Pidgin, ne kasa afoforo pii mu.

Mpɛn pii no, sɛ nnipa a wɔka kasa bi no nnɔɔso a, ɛtaa ba sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wɔte akyirikyiri na ahia wɔn. Nanso, ebetumi aba sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no nim nhoma yiye. Na ɛtaa ba sɛ Bible a wɔakyerɛw wɔ wɔn kasa mu no ne nhoma kakraa bi a ɛwɔ hɔ no mu biako. Nokwarem no, wontintim atesɛm krataa mpo wɔ kasa yi bi mu esiane sɛ wonnya so mfaso biara nti.

Nea Enti a Nkurɔfo Kyerɛ Adwuma no Ho Anisɔ

Esiane sɛ Yehowa Adansefo tintim nhoma a ɛboa ma nkurɔfo asetra tu mpɔn nti, nnipa pii akamfo mmɔden a wɔbɔ de kyerɛ nhoma ase no. Linda Crowl, a ɔwɔ Asoɛe a Ɛhwɛ Nhomasua so wɔ Pacific, a ɛwɔ South Pacific Sukuupɔn mu wɔ Suva, Fiji, no kae sɛ nhoma a Adansefo no kyerɛ ase no yɛ “ade kɛse wɔ Pacific ha.” Ɔkamfo wɔn nhoma no kyerɛ esiane sɛ edi mu nti.

Bere a wofii ase tintim Nyan! a ɛba asram abiɛsa biara mu wɔ Samoa kasa mu no, ɛhɔ atesɛm nkrataa ne TV dwumadi no kaa ho asɛm. Bere a wɔreka ho asɛm no, wɔde Nyan! no kyerɛe na wosii asɛm biara a ɛwom so dua. Wɔkyerɛkyerɛɛ emu nsɛm no mu biara mu.

Anigyesɛm ne sɛ, wɔ aman bi mu no, kasa adesuabea ahorow taa kohu Adansefo a wɔkyerɛ nhoma ase no wɔ kasa ho mmara, nsɛmfua bi kyerɛw, sɛnea wɔde nsɛmfua foforo di dwuma ne afoforo pii ho. Ɛda adi pefee sɛ nkyerɛkyerɛ a Yehowa Adansefo de ma a wonnye hwee no aka nnipa pii a wonnya mmɛyɛɛ wɔn asafo ahorow no mufo nso koma kɛse.

Nanso, sɛnea yehui wɔ asɛm a edi kan no mu no, mpanyimfo bɛyɛ sɛ ɔpepepem biako—bɛyɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa asia mu biako—na wonnim nhoma. Mmoa bɛn na saafo yi renya na ama wɔatumi akenkan nsɛm a ɛho hia ate ase?

Nhomasua a Ehia a Wɔboa Nkurɔfo Ma Wonya

Wɔ aman pii mu no, Adansefo no ayɛ akenkan ne akyerɛw ho nhyehyɛe a wonnye hwee de boa nkurɔfo ma wohu akyerɛw ne akenkan. Wɔayɛ wɔn ankasa nkyerɛkyerɛ nhoma te sɛ Apply Yourself to Reading and Writing, a ɛwɔ kasa 28 mu. Saa akenkan ne akyerɛw sukuu yi aboa nnipa ɔpepem pii, a mmea, nkwakoraa ne mmerewa, nso ka ho.

Wɔ Burundi no, Yehowa Adansefo nam akyerɛw ne akenkan sukuu yi so aboa nnipa ɔhaha pii. Bere a ɔman no Dwumadibea a Ɛhwɛ Akenkan ne Akyerɛw so susuw nneɛma pa a afi dwumadi no mu aba ho no, wɔmaa Adansefo akyerɛkyerɛfo baanan akyɛde wɔ Amanaman Ntam Nhomasua Da no wɔ September 8, 1999.

Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ Mozambique no mu bɛyɛ 700 de amanneɛbɔ yi ma faa akenkan ne akyerɛw sukuu no ho: “Nnipa bɛboro 5,089 na wɔawie sukuu no bɛboro mfe anan a atwam no mu, na mprempren nnipa bɛyɛ 4,000 na wɔkɔ sukuu no.” Sukuuni biako kyerɛw sɛ: “Mepɛ sɛ mifi komam da mo ase wɔ sukuu no ho . . . Na meyɛ obi a minnim hwee. Sukuu no aboa me ma mitumi kenkan, na mitumi kyerɛw ade, ɛmfa ho sɛ mebrɛ ho kakra no.”

Efi 1946 mu a wofii ase yɛɛ kyerɛwtohɔ no, nnipa 143,000 na wɔaboa wɔn ma wɔahu akenkan ne akyerɛw wɔ sukuu a ɛtete saa no mu wɔ Mexico. Ɔbea bi a wadi mfe 63 kyerɛwee sɛ: “Meda Yehowa Adansefo ase kɛse sɛ wɔakyerɛkyerɛ me ma mahu akenkan ne akyerɛw. Na m’asetra yɛ awerɛhow ankasa. Nanso, seesei mitumi kenkan Bible nya afotu, na emu nsɛm no ama manya anigye.”

Wɔ Amerika Anafo man a ɛne Brazil mu no, Adansefo no akyerɛkyerɛ nnipa mpempem pii ma wɔahu akenkan ne akyerɛw. Ɔbea bi a wadi mfe 64 kae sɛ: “Akenkan a mahu no te sɛ nea wɔasan me afi nkɔnsɔnkɔnsɔn bi a wɔde agu me mfe pii mu. Mitumi kenkan biribiara seesei. Nea ɛsen saa no, Bible no a mekenkan na misua no ama made me ho afi atoro nkyerɛkyerɛ ho.”

Mpɛn pii no, Bible akyerɛkyerɛfo a wɔyɛ Yehowa Adansefo no boa wɔn asuafo no ma wɔn ankasa kenkan. Wɔ Philippines no, na Martina ahyɛn ne mfe 80 mu bere a Ɔdansefo bi kɔsraa no no. Na Martina pɛ sɛ ɔne no sua Bible no daa, nanso na ontumi nkenkan. Martina Bible kyerɛkyerɛfo no boaa no ma onyaa nkɔso na onyaa ntetee fii n’asafo no mu na otumi de Bible no kyerɛkyerɛɛ afoforo. Ɛnnɛ, onim akenkan ne akyerɛw na ɔkyerɛkyerɛ afoforo Bible no daa.

Nokwarem no, obiara wɔ hokwan sɛ obehu akyerɛw ne akenkan. Nanso, yebetumi abisa sɛ, So Bible mu nimdeɛ a ɛfa Onyankopɔn ne n’atirmpɔw ho no so betumi aba nkurɔfo mfaso? Yebehu mmuae no wɔ ɔfa a etwa to wɔ asɛm yi mu no mu.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 27]

“Mintumi Nka Ho Asɛm Nwie . . .”

Aban mpanyimfo, nhomanimfo, ne nnipa foforo nyinaa ahu mmɔden a Yehowa Adansefo rebɔ de ama wiase nhomasua atu mpɔn no. Nea edi so yi ne nsɛm a wɔaka no bi:

“Me ne aban no nyinaa ani agye kɛse efisɛ saa nhoma yi [Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So, a ɛwɔ Tuvalu kasa mu] yɛ nhoma foforo a akyerɛ sɛnea Tuvalu kasa no som bo ‘na edi mu’ fa. Ɛsɛ sɛ moma mo ani gye nea moatumi ayɛ, ne ɔkwampa a monam so ma ɔman yi mu nnipa honhom fam asetra yɛ papa no ho. Migye di sɛ wɔde nhoma yi bɛka nhoma ahorow a ɛwɔ Tuvalu kasa mu no ho sɛ ɔkyerɛkyerɛ nhoma.”—Oduruyɛfo T. Puapua, kan Tuvalu man soafo panyin wɔ South Pacific.

“Yehowa Adansefo wɔ nhyehyɛe a edi mu a wɔnam so tintim nhoma na wɔnam mfiridwuma ho nimdeɛ a edi mu so na ɛyɛ saa wɔ South Pacific. . . . Nhoma tintim yi da nsow koraa sɛ yɛde toto sɛnea wɔbɔ nsɛm ho amanneɛ . . . wɔ Pacific Nsupɔw no so ho a.”—Linda Crowl, South Pacific Sukuupɔn, Suva, Fiji.

“Hwɛ sɛnea Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma a ɛwɔ Isoko kasa mu no som bo na etu mpɔn fa! Yɛda adwumayɛfo a wɔkyerɛɛ nhoma no ase kɔɔ Isoko kasa mu na ama yɛate nhoma no ase yiye no ase.”—C.O.A., Nigeria.

“Minhu sɛnea menna mo ase wɔ Bible nkyerɛase yi [New World Translation a ɛwɔ Serbia kasa mu] a ama ayɛ mmerɛw sɛ yɛbɛte ase no ho. Bere bi a atwam no, mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkenkan Bible no nyinaa, nanso na mintumi efisɛ na mente kasa a wɔde kyerɛwee no ase. Seesei, mitumi kenkan nkyerɛase soronko yi te ase!”—J. A., Yugoslavia.

“Yɛda mo ase sɛ moatintim nhoma a etu mpɔn na etumi kyerɛkyerɛ nkurɔfo wɔ Tiv kasa mu. Nokwarem no, mintumi nka sɛnea nhoma ne nhomawa ahorow yi aboa kɛse na ahyɛ yɛn nkuran no ho asɛm nwie. Nnipa ɔpepem pii nsa aka nhoma ahorow yi bi.”—P.T.S., Nigeria.

[Mfonini]

Ɔpepem 36 wɔ kasa 115 mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 22, 23]

Wɔatintim “New World Translation” no bɛboro ɔpepem 100 wɔ kasa 37 mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]

Wɔ wiase nyinaa no, Yehowa Adansefo bɛyɛ 2,000 na wɔkyerɛ nhoma ahorow ase. (Zulu nkyerɛase kuw wɔ South Africa, benkum; ne obi a ɔkyerɛ Japan kasa ase, ase hɔ)

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Afe biara wotintim “Ɔwɛn-Aban” ne “Nyan!” nsɛmma nhoma bɛboro ɔpepepem biako

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa boa nkurɔfo ma wosua akyerɛw ne akenkan (Mexico, nifa; ne Burundi, ase hɔ)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena