So Okunkɛse no Betumi Asi Bio?
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SWEDEN HƆ
WƆ January 26-28, 2000 mu no, amampanyin ne aban ahorow ananmusifo 48 a wofi wiase nyinaa hyiaa mu wɔ Sweden ahenkurow mu yɛɛ Stockholm Amanaman Ntam Okunkɛse Ho Nhyiam. Nsɛm bi a wɔkae wɔ nhyiam no ase no kyerɛe sɛ wiase akannifo bɔ hu wɔ Nasi nneyɛe a ebetumi afi ase bio no ho. Israel kan Mampanyin Ehud Barak kae sɛ: “Saa nhyiam yi de kɔkɔbɔ ma wiase nyinaa sɛ: Ɛnsɛ sɛ obiara ma nniso bɔne a ɛkanyan awudi ne nnipa mu nyiyim esiane wɔn som, abusua a wofi mu anaa honam ani hwɛbea nti no kwan wɔ asase yi so baabiara.”
Ɛnyɛ Yudafo Nkutoo na Ɛfa Wɔn Ho
Wɔ wiase nyinaa no, nnipa pii susuw sɛ “Okunkɛse” no fa Yudafo nkutoo ho. Nanso, afoforo nso huu amane. Wɔ Yudafo Okunkɛse ho nkaedi bi a wɔyɛe wɔ Great Synagogue of Stockholm ase no, Sweden mampanyin no de nyansahyɛ mae sɛ wɔnhyɛ bɔ bi a ebetumi ama obiara akɔ nneɛma akorae ahorow a ɛwowɔ wiase nyinaa no na ama ɔmanfo ahu Okunkɛse no ho nsɛm. Ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yehu biribi fa Roma [Gypsyfo] ne dɛmdifo a wokunkum wɔn, mmarima a wɔne wɔn ho da, asɔretiafo ne Yehowa Adansefo, a wɔtaa wɔn na wokunkum wɔn, no ho.”
Sweden aban no atintim nhoma afa Okunkɛse no ho a wɔato din Tell Ye Your Children, na wɔakyekyɛ ama mmusua a mmofra wom nyinaa wɔ ɔman no mu. Nhoma yi ka sɛ Yehowa Adansefo “poe sɛ wɔbɛka ntam de akyerɛ sɛ wogyina Hitler ne Nasi Germany nniso no akyi. Adeyɛ a ɛte saa no yɛ nwonwa efisɛ na wɔn nsa a wɔde bɛhyɛ krataa ase de akyerɛ sɛ wogyina nniso no akyi no bɛma wɔagyae wɔn—nanso wɔn mu kakraa bi pɛ na wɔyɛɛ saa.”
Okunkɛse no ne Yehowa Adansefo
Wɔ 1933 mu no, na Yehowa Adansefo bɛyɛ 25,000 na wɔwɔ Germany. Ná wɔn mu mpempem pii ka nnipa a wodii kan de wɔn koguu Nasi nneduaban ne afiasedan ahorow mu no ho. Sɛ́ Kristofo no, wɔannyina amammuisɛm ne asraafo dwumadi biara akyi. Wɔanhyɛ Hitler anuonyam. Wɔamfoa abusua ho adwene a na Nasi kura no so na wɔamfa wɔn ho ammɔ Hitler amammui ahyehyɛde no. Wɔn mu bɛyɛ 2,000 na wowuwui, na eyi mu bɛboro 350 na wɔhyɛɛ da kum wɔn.
Bio nso, Adansefo a wɔde wɔn guu afiase no boaa mfɛfo nneduafo ma wogyinaa mu, a na Yudafo ne afoforo ka ho. Wɔyɛɛ saa denam Bible mu anidaso a wɔkaa ho asɛm ne nea wɔwɔ biara a wɔne ayarefo ne wɔn a wɔayɛ mmerɛw kyɛe no so, na mpɛn pii no, na wɔde wɔn aduan ketewaa bi a aka no bi ma. Wɔ Nasi ntua no mfiase pɛɛ no, wɔhwɛɛ nea na ɛrekɔ so wɔ nneduaban ahorow mu no nyinaa. Efi saa bere no, wɔatintim nsɛm pii a ɛfa ayayade a Nasi de yɛɛ nkurɔfo ne wɔn a wofii mu kae no suahu ho nsɛm pii wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a wɔkyekyɛ wɔ wiase nyinaa no mu.
Ananmusifo a wɔkɔɔ Stockholm Amanaman Ntam Okunkɛse Ho Nhyiam no bi no bɔɔ hu sɛ ebia na wɔbɛsan akanyan Nasi nneyɛe no bio. Ɔbenfo Yehuda Bauer, a ɔyɛ Amanaman Ntam Okunkɛse Ho Adesuabea a ɛwɔ Dwumadibea a Ɛhwɛ Yuda ne Israelfo Ho Nsɛm so no kaa no saa kwan yi so sɛ: “Esiane sɛ asi pɛn nti, ebetumi asi bio, ɛnyɛ ɔkwan koro no ara so, na ɛnyɛ nkurɔfo koro no ara na wobekum nnipa koro no ara, na mmom, obi biara betumi de ayɛ onipa foforo. Ná ɛyɛ hu ankasa, nanso abɛyɛ nhwɛsode nnɛ.”
[Mfonini wɔ kratafa 28]
Ntama kɔkɔɔ ahinasa no daa Yehowa Adansefo adi wɔ nsraban ahorow mu
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 28, 29]
1. Nasifo kum Julius Engelhardt, a ɔyɛ Yehowa Dansefo no wɔ Brandenburg wɔ August 14, 1944
2. Yehowa Adansefo baasa de wɔn ani kyerɛɛ fie bere a woyii wɔn fii Sachsenhausen, wɔ 1945 mu no
3. Elsa Abt, Ɔdansefo a wɔtew no fii ne ba abeawa ketewaa bi ho de no kɔtoo afiase bɛyɛ mfe abiɛsa no
[Asɛm Fibea]
Nordrhein-Westfälisches Hauptstaatsarchiv, Düsseldorf
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 29]
Adansefo a wofii mu fii no ka nea ɛtoo wɔn wɔ saa video yi mu