Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi ne Me Nananom Anya Abusuabɔ Pa?
“Me nananom mmarima baanu no nyinaa taa ka abrabɔ mu nsɛm. Wɔn nsɛm no ma mete sɛnea mete ankasa ase”—Joshua.
BERE bi a atwam no, na abusuafo pii taa tra bom—mpɛn pii no, wɔ fie koro mu. Na wohu abusuabɔ pa wɔ mmanana ne nananom ntam bere nyinaa.
Ɛnnɛ, ebetumi aba sɛ ɛsono baabi a mmofra te na ɛsono baabi a wɔn nananom te koraa. Afei nso, awaregyae ama mmusua pii ntam atetew. The Toronto Star bɔɔ amanneɛ sɛ “awaregyae tumi ka nananom ma enti wontumi nnya kwan nkɔhwɛ wɔn mmanana a wɔdɔ wɔn no.” Ɛtɔ mmere bi nso a, mmofra pii na wonnya wɔn a wɔanyinyin no ho adwempa, na wobu wɔn sɛ wɔn bere atwam, ɛsono wɔn gyinapɛn, na ɛsono nneɛma a wɔn ani gye ho koraa. Dɛn na afi mu aba? Ama abusuabɔ pa a ɛda mmofra ne wɔn nananom ntam no asɛe.
Eyi yɛ awerɛhosɛm. Sɛnea asɛm a edii eyi anim kyerɛ no, abusuabɔ pa a mmanana ne wɔn nananom benya—ɛnkanka nananom a wosuro Nyankopɔn—no fata, mfaso wɔ so na ɛyɛ anigye.a Abeawa bi a wadi mfe 18 a wɔfrɛ no Rebekah ka ne nanabea ho asɛm sɛ: “Yetumi bom serew bere nyinaa.” Saa ara na aberantewaa bi a wɔfrɛ no Peter nso ka sɛ: “Ɛnyɛ me den sɛ mɛka sɛnea mete nka ne me botae ahorow ho asɛm akyerɛ wɔn. Ɛtɔ da a, minya abotɔyam kɛse bere a me ne wɔn wɔ hɔ no sen sɛ me ne m’awofo wɔ hɔ. Misusuw sɛ metumi ne me nananom abɔ biribiara ho nkɔmmɔ.”
Wo nso ɛ? Ebia bere a wusua no, na wo ne wo nananom wɔ abusuabɔ pa. Nanso, afei a woayɛ aberantewaa anaa ababaa no wonyɛɛ biribiara a ebetumi ama mo abusuabɔ no mu ayɛ den. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde wubetumi de Bible afotu a ɛwɔ 2 Korintofo 6:11-13 no adi dwuma wɔ ha, nea ɛse ‘montrɛw mo dɔ mu’ mma ɛnso wɔn so no. Asɛmmisa no ne sɛ, Wobɛyɛ no dɛn?
Anammɔn a Wubedi Kan Atu
‘Trɛw a wobɛtrɛw wo dɔ’ mu no kyerɛ sɛ wubedi kan atu anammɔn. Bible no mpo ka sɛ: “Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.” (Mmebusɛm 3: 27) Bere a na wusua no, ebia na wunni “tumi” kɛse a wode bɛyɛ biribi de ahyɛ wo ne wo nananom ntam abusuabɔ mu den. Nanso, bere a woanyin, na ebia woayɛ aberante anaa ababaa yi, wubehu sɛ akwan horow bi wɔ hɔ a wubetumi afa so.
Sɛ nhwɛso no, sɛ wo nananom te bɛn wo a, wubetumi ama wo nan ayɛ ntiantia wɔ wɔn hɔ. W’ani nnye ho saa? Ebia w’ani nnye ho, ɛnkanka sɛ wokɔ hɔ na mommɔ nkɔmmɔ biara a. Enti, fi nkɔmmɔbɔ ase! Dɛn na mubetumi abɔ ho nkɔmmɔ? Bible nnyinasosɛm a ɛwɔ Filipifo 2:4 no betumi aboa wo. Ɛka sɛ ‘ɛnsɛ sɛ yedwen yɛn nko yɛn ho, na mmom yennwen afoforo nso ho.’ Ɔkwan foforo so no, sɛ wobɛma wo nananom ho ahia wo. Ma wɔnka nneɛma a ɛho hia wɔn nkyerɛ wo. Wɔte nka dɛn wɔ ho? Dɛn na wɔreyɛ? Ebia wɔn ani begye sɛ wɔbɛka nneɛma bi a asisi atwam ho asɛm. Enti bisa wɔn sɛnea na asetra te bere a na wɔyɛ mmofra no. Anaa sɛn na na wo papa ne wo maame te bere a na wosusua no? Sɛ wo nananom yɛ Kristofo a, ma wɔnkyerɛ wo nea ɛyɛe a wohuu Bible mu nokware no.
Nananom taa nim abusua ho nsɛm pii, na ebia wɔpɛ ankasa sɛ wɔbɛka nsɛm bi a w’ani gye ho akyerɛ wo. Nokwarem no, wubetumi ama bere a ɛte saa no ayɛ anigye bere mpo. Bɔ mmɔden bisabisa wo nananom nsɛm, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛ ho kyerɛwtohɔ anaa kyere gu kasɛt anaa video so. Sɛ wunnim nsɛm a ɛsɛ sɛ wubisa a, ma w’awofo mmoa wo. Ɛda adi sɛ wubetumi asua nneɛma pii a ebetumi ama woate wo nananom, w’awofo, ne w’ankasa mpo, ase yiye. Joshua ka sɛ: “Me nananom mmarima baanu no nyinaa taa ka abrabɔ mu nsɛm. Wɔn nsɛm no ma mitumi te sɛnea mete ankasa ase.”
Afei nso, mma wo werɛ mmfi sɛ wo nananom ani gye sɛnea wote ne wo dwumadi ho. Sɛ woma wohu nea woreyɛ a, na worema wɔahu w’asetra mu nsɛm. Eyi betumi ama mo abusuabɔ no mu ayɛ den ankasa. Aberantewaa bi a ɔwɔ France a wɔfrɛ Igor ka sɛ: “Me ne me nanabea taa kɔ adidibea kɔnom tii, na obiara ka nea ɔreyɛ nnansa yi ho asɛm.”
Dɛn na Yebetumi Abom Ayɛ?
Bere a moatumi abɔ nkɔmmɔ no, ebia mubetumi akɔ so ayɛ nneɛma foforo abom. Sɛ moma mo ani da hɔ kakraa bi a, mubetumi ahu biribiara a mubetumi abom ayɛ no. Ababaa bi a wɔfrɛ no Dara ka sɛ: “Me nananom mmea baanu no akyerɛ me aduannoa, nnuan so kora, paanootõ, ne turoyɛ.” Amy ne ne nananom bom gye wɔn ani na wɔbom kɔ ahomegyebea. Esiane sɛ nananom bi mfe nkɔɔ anim kɛse nti, wɔwɔ apɔwmuden. Aaron taa ne ne nanabea kɔbɔ gɔlf. Joshua ne ne nanabarima bom koyi mpataa na wɔyɛ fie nnwuma ahorow nso.
Sɛ wo nananom yɛ Yehowa asomfo a, ebetumi ayɛ anigye ankasa sɛ mobɛbom ayɛ Yehowa som adwuma no, sɛ ebia mobɛka Bible mu asɛm akyerɛ afoforo. Igor ne ne nanabea kɔɔ amanaman ntam nhyiam a Yehowa Adansefo yɛe wɔ Poland no bi. Ɔka sɛ: “Na ɛyɛ osuahu a yɛn werɛ remfi da, na ɛde besi nnɛ no, yɛda so ara ka ho asɛm.” Nokwarem no, ɛnyɛ nananom nyinaa na wotumi tu kwan saa. Nanso, mfaso wɔ so sɛ wo ne wɔn bɛbɔ.
Honhom Fam Agyapade
Wɔ Bible mmere mu no, ɔbea bi a na ne din de Lois boaa ne banana Timoteo kɛse ma ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn somfo a ɔda nsow. (2 Timoteo 1:5) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Kristofo nananom pii di dwuma a ɛte saa ara nnɛ. Joshua ka ne nananom ho asɛm sɛ: “Wɔde mfe a ɛsen nea madi na asom Yehowa, enti mibu wɔn kɛse, a ɛnyɛ sɛ wɔyɛ me nananom nko ntia, na mmom sɛ wɔyɛ mudi mu kurafo nso.” Amy ka sɛ: “Daa me nananom ka sɛnea ɛyɛ nkuranhyɛ ne anigye sɛ wohu sɛ mede nokwaredi resom Yehowa. Nanso, wɔn nhwɛso pa ne mmɔden a wɔbɔ wɔ Yehowa som mu sɛ akwampaefo [bere nyinaa asɛmpakafo] no ahyɛ me den wɔ akwampae adwuma no mu.”
Chris ka sɛ ne nanabea “ne obi a ɔhyɛɛ no adesua ho nkuran kɛse ma ne ho kokwawee.” Ɔde ka ho sɛ: “Me werɛ remfi n’asɛm a ɔtaa ka sɛ ‘ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa ma Yehowa’ no.” Pedro nananom aboa no kɛse ma ne ho akokwaw wɔ honhom fam. Ɔka sɛ: “Wɔn suahu aboa me kɛse. Me nananom de me kɔ asɛnka daa, na m’ani sɔ kɛse.” Yiw, nananom a wɔsom Nyankopɔn a wo ne wɔn benya abusuabɔ pa no betumi aboa wo ma woasom Onyankopɔn yiye.
Nananom a Wɔte Akyirikyiri
Na sɛ wo nananom te akyirikyiri nso ɛ? Sɛ ɛbɛyɛ yiye a taa kɔsra wɔn. Ansa na wobɛkɔ akɔsra wɔn no, bɔ mmɔden ne wɔn nnya nkitahodi. Hornan kɔsra ne nananom mprɛnsa pɛ afe biara, nanso, ɔka sɛ: “Mefrɛ wɔn wɔ telefon so Kwasida biara.” Dara a ɔno nso ne ne nananom ntam kwan ware no ka sɛ: “M’asetra ho hia wɔn, na yɛfrɛ yɛn ho wɔ telefon so anaa yɛde E-mail kyerɛw yɛn ho dapɛn biara.” E-mail ne telefon di dwuma soronko nanso, mmu krataa kyerɛw a ɛyɛ adeyɛ a akyɛ no adewa. Ɛyɛ mmofra pii nwonwa sɛ wɔahu sɛ wɔn nananom de krataa biara a wɔakyerɛw wɔn pɛn fi mmofraberem no asie. Wobetumi akenkan krataa mpɛn pii—na wotumi kyerɛ ho anigye nso. Enti, hwɛ sɛ wobɛkyerɛw!
Nananom taa nya ɔdɔ soronko ma wɔn mmanananom. (Mmebusɛm 17:6) Akwan pii wɔ hɔ a wubetumi afa so ne wo nananom no anya abusuabɔ pa na moama saa abusuabɔ no atra hɔ, sɛ wɔte akyirikyiri anaasɛ mote bɛn no. Yɛ nea wubetumi biara na munnya abusuabɔ pa.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . . Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Me ne Me Nananom Nya Abusuabɔ Pa?” a ɛwɔ May 8, 2001, Nyan! mu no.