Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 7/8 kr. 12-14
  • So Onyankopɔn Betie Me Mpaebɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Onyankopɔn Betie Me Mpaebɔ?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nyankopɔn Yɛ Obi Ankasa
  • Nyansa ne Tumi Wura
  • Atɛntrenee ne Ɔdɔ Nyankopɔn
  • Onyankopɔn a Yɛne no Bɛfa Adamfo
  • Mpaebɔ Yɛ Hokwan Kɛse
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Sɛnea Wubetumi Abɛn Onyankopɔn
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Sɛnea Wubenya Mmoa Denam Mpaebɔ So
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 7/8 kr. 12-14

Mmofra Bisa Sɛ . . .

So Onyankopɔn Betie Me Mpaebɔ?

“Mebɔ biribiara ho mpae efisɛ Yehowa yɛ m’adamfo, na minim sɛ sɛ ɔhaw bi to me a, ɔbɛboa me.”—Andrea.

ABERANTEWAA Andrea wɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn tie ne mpaebɔ. Nanso, ɛnyɛ mmerante ne mmabaa nyinaa na wotumi nya ahotoso a ɛte saa. Ebinom te nka sɛ Onyankopɔn wɔ akyiri araa ma wontumi mmɛn no. Ebia wobesusuw mpo sɛ Onyankopɔn dwene wɔn ho ma enti obetie wɔn mpaebɔ anaa.

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae? Sɛ yebetwa no tia a, ɛma yɛne Onyankopɔn nya adamfofa pa. Odwontofo no bɔɔ mpae sɛ: “Wɔn a wonim wo din de wɔn ho bɛto wo so.” (Dwom 9:10) Wo nso ɛ? Wunim Onyankopɔn yiye ma enti wowɔ ahotoso sɛ obetie wo mpaebɔ? Yɛsrɛ sɛ ansa na wobɛkɔ so akenkan asɛm yi no, bɔ mmɔden bua adaka no mu nsɛmmisa a n’asɛmti ne “Wunim Onyankopɔn yiye kodu he?” no. Emu ahe na wubetumi abua?

WUNIM ONYANKOPƆN YIYE KODU HE? Hwɛ mmuae no wɔ kratafa 14

1. Onyankopɔn din de dɛn, na dɛn na ɛkyerɛ?

2. Onyankopɔn su atitiriw anan bɛn na Bible da no adi?

3. Onyankopɔn dɔ a ɛsen biara a wada no adi akyerɛ adesamma no ne dɛn?

4. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ne Onyankopɔn anya adamfofa?

5. Su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi bere a yɛrebɔ mpae no?

Wubetumi ama nsɛmmisa no bi ho mmuae ansa mpo na woakenkan asɛm yi awie? Ɛnde na wunim Nyankopɔn ho nneɛma pii sen nnipa dodow no ara. Nanso, ebetumi aba sɛ wo mmuae kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wunya ne ho nimdeɛ pii, na ama woahu no yiye. (Yohane 17:3) Ne saa nti, susuw nneɛma kakraa bi a Bible ka fa “Mpaebɔ tiefo” no ho ho hwɛ.—Dwom 65:2.

Nyankopɔn Yɛ Obi Ankasa

Nea edi kan no, Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn nyɛ tumi bi a enni nipasu. Ɔyɛ ɔteasefo a ne din de Yehowa. (Dwom 83:18) Wɔ Hebri mu no, nea edin no kyerɛ ne “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Obetumi ayɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara na ama n’atirimpɔw abam. Tumi biara kɛkɛ a enni nipasu ntumi nyɛ saa! Enti sɛ worebɔ mpae a, wubetumi anya ahotoso sɛ ɛnyɛ tumi bi a yennim n’adeban na wo ne no rekasa anaasɛ worekasa agu mframa mu. Worekasa akyerɛ obi ankasa, obi a obetumi atie wo mpaebɔ na wama wo ho mmuae.—Efesofo 3:20.

Enti, ababaa Diana kae sɛ: “Minim sɛ baabiara a mewɔ no, Yehowa betie me.” Sɛ wubetumi anya ahotoso a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ wubu Onyankopɔn sɛ obi ankasa! Bible ka sɛ: “Ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ.”—Hebrifo 11:6.

Nyansa ne Tumi Wura

Onyankopɔn betumi aboa yɛn ankasa efisɛ ne tumi so. Saa tumi no nni ano, sɛnea amansan nwonwaso a aniwa tua yi ma ɛda adi no. Bible ka sɛ Yehowa nim nsoromma biara din—ɛmfa ho sɛ ɔpepepem pii na ɛwɔ amansan yi mu no! Nea ɛkyɛn saa no, ɔno ne tumi a ɛwɔ nsoromma yi nyinaa mu no wura. (Yesaia 40:25, 26) So ɛno nyɛ nwonwa? Nanso, ɛmfa ho sɛ eyinom yɛ ahodwiriw no, Bible no ka sɛ ‘ɛyɛ ne tumi no mu kakraa bi pɛ’!—Hiob 26:14, Today’s English Version.

Susuw Yehowa nyansa a emu dɔ no nso ho hwɛ. Bible ka sɛ n’adwene “mu dɔ pii.” (Dwom 92:5) Ɔno na ɔbɔɔ nnipa, ma enti onim sɛnea yɛte sen sɛnea yɛn ankasa nim no. (Dwom 100:3) Esiane sɛ ofi “tete akyirikyiri kosi daakye akyirikyiri” nti, ne suahu nni ano. (Dwom 90:1, 2) Ɔte biribiara ase.—Yesaia 40:13, 14.

Ɔkwan bɛn so na Yehowa de saa tumi ne nyansa yi nyinaa di dwuma? 2 Beresosɛm 16:9 ka sɛ: “[Yehowa, NW] de n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho no.” Ɔhaw biara nni hɔ a wubehyia a Onyankopɔn ntumi nni ho dwuma anaasɛ ontumi mmoa wo mma wunnyina ano. Ababaa Kayla ka sɛ: “Nnansa yi, bere a yɛn abusua no kɔɔ ahokyere mu no, mebɔɔ Yehowa mpae, na mihu sɛ ɔboaa yɛn ma yetumi gyinaa ɔhaw ne nsɛnnennen a anka yɛn nkutoo ntumi nnyina ano no ano.” Sɛ wo ne Onyankopɔn kasa a, ɛkyerɛ sɛ wode wo ho ato nyansa wura no so. Biribiara nni hɔ a ebetumi aboa sen saa!

Atɛntrenee ne Ɔdɔ Nyankopɔn

Nanso, woyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔboa wo? Efisɛ paw kɛkɛ na Yehowa apaw sɛ ɔbɛma yɛahu no denam ne tumi ne ne nyansa a enni ano anaa n’atɛntrenee a ɛkari pɛ, no nkutoo so. Mmom no, Yehowa da ne su titiriw a ɛne ɔdɔ no nso adi. 1 Yohane 4:8 ka sɛ: ‘Onyankopɔn ne dɔ.’ Na ne dɔ a ɛkyɛn so yi ma yenya ahotoso sɛ obetie yɛn mpaebɔ. Ɔdɔ a ɛsen biara a ɔdaa no adi no ne ne Ba a ɔde no bɔɔ afɔre gyee yɛn na ama yɛanya daa nkwa no.—Yohane 3:16; 1 Yohane 4:9, 10.

Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ dɔ nti, ɛnsɛ sɛ wusuro sɛ ɔbɛpo wo anaasɛ ɔne wo bedi no nwenenwenenwene. Deuteronomium 32:4 ka sɛ: “N’akwan nyinaa yɛ trenee.” Ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma wo no ma wunya ahotoso sɛ obetie wo. Eyi ma yetumi fi yɛn pɛ mu ka yɛn ahiasɛm biara kyerɛ no.—Filipifo 4:6, 7.

Onyankopɔn a Yɛne no Bɛfa Adamfo

Nokwarem no, Yehowa pɛ sɛ yɛne no bɔ nkɔmmɔ. Ɔmpɛ sɛ yɛne ne ntam kwan bɛyɛ tenten. Mmom no, wɔ nnipa abakɔsɛm nyinaa mu no, Yehowa ato nsa afrɛ nkurɔfo sɛ wɔmmɛyɛ ne nnamfo. Mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin, a na wɔsɔ Nyankopɔn ani no tumi ne no faa nnamfo. Na wɔn mu bi ne Abraham, Ɔhene Dawid, ne Yesu maame Maria.—Yesaia 41:8; Luka 1:26-38; Asomafo no Nnwuma 13:22.

Wo nso wubetumi ayɛ Yehowa adamfo. Nokwarem no, adamfofa a ɛte saa no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wubu Onyankopɔn sɛ tumi bi a sɛ wuhia biribi anaasɛ wuhyia ɔhaw bi nkutoo a na wobɛn no. Enni sɛ yɛbɔ nea ehia yɛn nkutoo ho mpae. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn nnamfo a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani ku n’apɛde a yɛbɛyɛ ho ankasa—na ɛnyɛ nea ehia yɛn nkutoo. (Mateo 7:21) Enti, Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ nneɛma a ɛho hia Onyankopɔn ho mpae. Ɔkae sɛ: “Enti mommɔ mpae sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Ɛsɛ sɛ yeyi Onyankopɔn ayɛ na yɛda no ase wɔ yɛn mpaebɔ mu nso!—Dwom 56:12; 150:6.

Nanso, enni sɛ yesusuw sɛ ɛho nhia sɛ yɛbɛbɔ yɛn ahiade ne yɛn haw ho mpae. Steve ka sɛ: “Ɛwom sɛ mifi me pɛ mu bɔ Onyankopɔn mpae de, nanso, ɛtɔ da a, mete nka sɛ ɛnsɛ sɛ mede honam fam nneɛma a mihia haw no.” Bere biara a wobɛte nka saa no, kae asɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Ɛnyɛ nkasanoma anum na wɔtɔn wɔn gye mman abien? Nso Onyankopɔn anim de, ani mpa wɔn mu biako so. . . . Enti munnsuro, mosen nkasanoma bebree.” (Luka 12:6, 7) So eyi nhyɛ nkuran?

Ɛnyɛ den koraa sɛ wubehu sɛ dodow a wusua Yehowa ho ade no, dodow no ara na wutumi bɔ no mpae na wunya ahotoso sɛ Yehowa betumi aboa wo na ɔbɛboa wo nso. Ɛnde, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ wunya bere a worebɔ Onyankopɔn mpae no? Ɛsɛ sɛ woda obu ne ahobrɛase adi na ɛnsɛ sɛ woyɛ pɛsɛmenkominya. Wususuw sɛ sɛ wosrɛ asase so tumfoɔ bi ade na woda ahantan ne aniammɔho adi a, obetie wo? Ɛnde, enni sɛ ɛyɛ wo nwonwa sɛ Yehowa hwɛ kwan sɛ wobɛkyerɛ obu ama ɔne ne gyinapɛn ahorow ansa na watie wo mpaebɔ.—Mmebusɛm 15:29.

Mmerante ne mmabaa pii a wɔwɔ Nyankopɔn suro no tumi ka wɔn akoma mu asɛm kyerɛ Onyankopɔn. (Dwom 62:8) Brett ka sɛ: “Sɛ Yehowa tie me mpaebɔ a, ɛma minya ahotoso sɛ ɔda so ara yɛ m’adamfo.” Wo nso ɛ? Wobɛyɛ dɛn atumi ne Onyankopɔn anya adamfofa a ɛte saa ara? Kristofo mmeawa baanu bi kaa nsɛm a edidi so yi:

Rachel: “Mete nka sɛ sɛ metumi ne Yehowa anya abusuabɔ pa a, ɛsɛ sɛ misua N’asɛm no daa, na merebɔ mmɔden sɛ menya su a ɛte saa.”—1 Petro 2:2.

Jenny: “Misusuw sɛ dodow a woyere wo ho yɛ Yehowa som adwuma no, dodow no ara na wo ne no nya abusuabɔ pa.”—Yakobo 4:8.

So woasusuw mfaso a ɛwɔ mpae a wobɛbɔ so no ho pɛn? Kristoni abeawa bi ka sɛ: “Sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛ me anaa ɔde nkrasɛm bi brɛ me a, ɛbɛma matumi abɛn no.” Esiane sɛ Yehowa nkasa nkyerɛ yɛn bere a yɛrebɔ mpae no nti, ɔkwan bɛn so na yebetumi anya mpaebɔ so mfaso ankasa? Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm bi a ɛbɛba no mu.

[Adaka wɔ kratafa 14]

Nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa 12 no ho mmuae

1. Yehowa. Ɛkyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.”

2. Ɔdɔ, tumi, atɛntrenee ne nyansa.

3. Ɔsomaa ne Ba a ɔwoo no koro, Yesu, ma obewu gyee yɛn.

4. Denam dwene a yɛnnwene nea ehia yɛn nkutoo ho na mmom yɛbɛdwene Onyankopɔn apɛde ho na yɛayɛ so.

5. Ɛsɛ sɛ yɛda ahobrɛase ne obu adi na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ pɛsɛmenkominya.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 13]

Bible no a wubesua na woasusuw abɔde ho no bɛma woatumi ahu Onyankopɔn yiye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena