Ɔkwan a Yɛbɛfa So Ayi Ɔtan Afi Hɔ
“Monnɔ mo atamfo.”—MATEO 5:44.
AMAN abien bi a wɔtan wɔn ho mpanyimfo de nna pii yɛɛ asomdwoe ho apam a emu yɛ den. Ɔman bi a anya nkɔanim kɛse mampanyin nso traa nhyiam yi mu, na ɔde tumi a ɔwɔ ne ahokokwaw kɛse dii dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa ma afanu no ate wɔn ho ase. Nanso huammɔdi kɛse na efii mmɔdenbɔ a ɛte saa no mu bae. Sɛnea Newsweek nsɛmma nhoma no kae no, wɔ adapɛn kakraa bi akyi no, “basabasayɛ kɛse a ebi mmaa wɔn ntam da wɔ mfe aduonu” mu kɔɔ so wɔ aman abien no ntam.
Wɔ wiase nyinaa no, mmusua ne aman ntam ɔtan ntumi ntwa ɛmfa ho sɛ aman mpanyimfo no bɔ mmɔden kɛse no. Ɔtan kɔ so kɛse na nea ɛkɔfa ba ne afoforo ho ntease pa a wonni, adwemmɔne, ne nnaadaasɛm. Enti, bere a atumfoɔ a wɔwɔ hɔ nnɛ brɛ wɔn ho hwehwɛ akwampa a wɔbɛfa so asiw ɔtan ano no, wonhu sɛ tete asɛm bi ne ano aduru papa no—asɛm a akyɛ a ɛne Bepɔw so Asɛnka no. Bere a na Yesu Kristo reka saa nsɛm no, ɔhyɛɛ wɔn a na wɔretie no nkuran sɛ wɔnnantew Onyankopɔn akwan so. Bere a ɔreka asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no na ɔkae sɛ, “Monnɔ mo atamfo” no. Saa afotu no nyɛ ɔtan ne adwemmɔne ano aduru a edi mu nko na mmom ɛno nkutoo ne ɔkwan biako pɛ a yebetumi afa so asiw ɔtan ano!
Akyinnyegyefo bɔ adwene a ɛne sɛ obi bɛdɔ n’atamfo no gu ka sɛ ɛyɛ ade a mfaso biara nni so. Nanso, sɛ ɔtan yɛ su a nkurɔfo sua a, so yentumi nka sɛ wobetumi nso agyae? Enti, Yesu asɛm no ma nnipa nya anidaso ankasa. Ɛkyerɛ sɛ yebetumi ayi ɔtan a emu yɛ den paa no mpo afi hɔ.
Susuw tebea a na Yudafo a wɔretie Yesu no wom no ho hwɛ. Na wɔn atamfo bɛn wɔn paa. Roma asraafo no kɔɔ so dii Yuda man no so, twaa tow akɛse maa wɔn, hyɛɛ wɔn so, yɛɛ wɔn ayayade na wosisii wɔn. (Mateo 5:39-42) Nanso, na Yudafo no bi nya wɔn ho wɔn ho tan esiane wontwiwontwi bi a na wɔama asɛe wɔn ntam no nti. (Mateo 5:21-24) So na Yesu bɛhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔretie no no bɛdɔ nkurɔfo a wɔde asɛmmɔne bi adi wɔn no?
Nea “Ɔdɔ” Kyerɛ
Nea edi kan no, kae sɛ na ɛnyɛ nea Yesu repɛ akyerɛ ne sɛ “ɔdɔ” yɛ abusuabɔ pa a ebetumi ada nnamfo ntam ara kwa. Hela asɛm a ɔde kyerɛɛ ɔdɔ wɔ Mateo 5:44 no fi a·ga’pe mu. Saa asɛmfua yi ka ɔdɔ a edi mu ho asɛm. Ɛnyɛ abusuabɔ pa a ɛda afoforo ntam ara kɛkɛ. Esiane sɛ ɛyɛ mmara a ɛteɛ nti, ɔdɔ a ɛte saa no kanyan afoforo ma wɔhwehwɛ afoforo yiyedi, ɛmfa ho sɛnea wɔn su te. Enti a.ga’pe dɔ no tumi yi ɔtan a ɛwɔ ankorankoro ntam no fi hɔ. Yesu ankasa yɛɛ eyi ho nhwɛso efisɛ sɛ anka ɔbɛdome Roma asraafo a wɔsɛn no no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Agya, fa firi wɔn na wonnim nea wɔyɛ!”—Luka 23:34.
So yebetumi ahwɛ kwan sɛ wiase no de Yesu nkyerɛkyerɛ no bedi dwuma ma enti nnipa a wɔwom no bɛdodɔ wɔn ho? Dabi, efisɛ Bible no kyerɛ sɛ wiase yi bɛkɔ so asɛe. 2 Timoteo 3:13 ka too hɔ sɛ: “Nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu.” Nanso, ankorankoro betumi asua adetrenee afi Bible mu de ama ɔtan agyae. Adanse nyinaa kyerɛ pefee sɛ nnipa atumi asiw nneɛma pii a ɛde ɔtan ba no ano. Susuw nokwasɛm kakra bi ho hwɛ.
Ɔdɔ a Yebesuasua
Bere a José dii mfe 13 no, ɔkɔdɔm amumɔyɛfo kuw bi a wosisi nkurɔfo.a Wɔkyerɛɛ no sɛ ɔntan nkurɔfo a wɔama nsisi aba no. Na n’atirimpɔw ne sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔbɛma nsisi no agyae. Esiane sɛ José nnamfo pii wuwui nti, ɛmaa no benyaa adwemmɔne sɛ obedi were. Sɛ ɔreyɛ atuo a, ɛyɛ a ɔtaa bisa ne ho sɛ, ‘Dɛn nti na amanehunu abu so saa? Sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a, dɛn nti na ɔhwɛ ma ɛkɔ so?’ Mpɛn pii na osu, yɛ basaa na onhu nea ɔnyɛ.
Akyiri yi, José huu Yehowa Adansefo a wɔwɔ faako a ɔte no. Da a edi kan a ɔkɔɔ nhyiam no, ohuu ɔdɔ a ɛwɔ wɔn ntam no ntɛm ara. Obiara de anigye kyiaa no. Akyiri yi, bere a wɔne no susuw asɛm a ɛne “Dɛn Nti na Onyankopɔn Ama Nsɛmmɔnedi Ho Kwan?” ho no, onyaa ne nsɛmmisa nyinaa ho mmuae.b
Akyiri yi, esiane sɛ José nyaa Bible mu nimdeɛ pii nti, ɔsesaa n’abrabɔ ne ne nsusuwii. Obehui sɛ ‘nea onni dɔ no te owu mu. Obiara a ɔtan ne nua no yɛ owudifo; na daa nkwa rentra owudifo biara mu.’—1 Yohane 3:14, 15.
Nanso, anyɛ mmerɛw amma no sɛ ɔbɛtew ne ho afi ne mfɛfo a ɔne wɔn dɔm amumɔyɛfo kuw no ho. Bere biara a ɔbɛkɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so no, na wɔtetɛ no. Kuw no mufo no bi mpo kɔɔ nhyiam kakra sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu nea ama José ayɛ nsakrae saa no. Bere a wobehui sɛ ɔnyɛ ɔfatwafo anaasɛ onni wɔn ho adwemmɔne no, wogyaee n’asɛm maa no. Bere a José dii mfe 17 no, wɔbɔɔ no asu maa no bɛyɛɛ Yehowa Dansefo. Ankyɛ koraa na ofii ase de ne bere nyinaa kaa asɛmpa no. Sɛ anka obekum nkurɔfo no, afei de ɔka ɔdɔ ne anidaso nsɛm kyerɛ wɔn!
Mmusua Ntam Ɔtan a Woyi Fi Hɔ
So mmusuakuw betumi ayi ɔtan a ɛda wɔn ntam no afi hɔ? Susuw Yehowa Adansefo kuw a wɔde Amharic kasa yɛ wɔn adesua wɔ London, England, no ho hwɛ. Kuw yi mufo dodow bɛyɛ 35—emu 20 yɛ Ethiopiafo na emu 15 yɛ Eritreafo. Wɔde biakoyɛ som wɔ asomdwoe mu ɛmfa ho sɛ Eritreafo ne Ethiopiafo a wɔwɔ Afrika no koo denneennen nnansa yi no.
Ethiopiani Dansefo bi abusuafo ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Nnye Eritreafo nni da!’ Nanso ɛnnɛ, ɛnyɛ sɛ ogye ne mfɛfo Kristofo a wɔyɛ Eritreafo no di nko na mmom ɔfrɛ wɔn ne nuanom nso! Ɛwom sɛ Eritreafo yi ka wɔn kasa a ɛne Tigrinya no de, nanso wɔasua Amharic—kasa a wɔn nuanom Ethiopiafo no ka—na ama wɔatumi ne wɔn abom asua Bible no. Hwɛ sɛnea eyi yɛ adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ no yɛ “pɛyɛ hama” ampa!—Kolosefo 3:14.
Nea Atwam a Yɛbɛma Atwam
Nanso, sɛ wɔayɛ obi atirimmɔdenne pɛn nso ɛ? So ɛmfata sɛ obenya wɔn a wɔyɛɛ no atirimmɔdenne no ho tan? Susuw Manfred a ɔyɛ Danseni wɔ Germany no ho hwɛ. Esiane sɛ na ɔyɛ Yehowa Danseni kɛkɛ nti, Komunisfo de no too afiase mfe asia. So onyaa ne nhyɛsofo no ho tan pɛn anaasɛ wanya ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ bi atua wɔn ka? Ɔkae sɛ, “Minnyaa adwene a ɛte saa.” Sɛnea German atesɛm krataa Saarbrüker Zeitung kyerɛ no, Manfred kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ woyɛ obi amumɔyɛsɛm anaasɛ woyɛ bi tua obi ka a . . . ɛma ɔtan no kɔ so tra hɔ na ɛno kɔfa ɔhaw foforo ba.” Ɛda adi sɛ Manfred dii Bible mu asɛm yi so: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! . . . Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.”—Romafo 12:17, 18.
Wiase a Ɔtan Nnim!
Yehowa Adansefo nka sɛ wɔn ho nni asɛm biara wɔ nea yɛreka yi mu. Mpɛn pii no, wohu sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi beyi ɔfoforo ho tan a wanya no afi ne mu. Egye mmɔdenbɔ kɛse ansa na obi atumi de Bible no abɔ ne bra. Nanso, ɛda adi pefee sɛ Yehowa Adansefo yɛ nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ Bible no betumi ama ɔtan agyae. Adansefo no nam ofie Bible adesua so boa nkurɔfo mpempem pii ma wonya nnipa nyinaa ho adwempa.c (Hwɛ adaka mu asɛm, “Bible Afotu Tumi Yi Ɔtan Fi Hɔ” no.) Saa nkonimdi no yɛ wiase nyinaa nkyerɛkyerɛ a ɛrenkyɛ ɛbɛma ɔtan ne nneɛma a ɛde ba afi hɔ koraa no ho nhwɛso. Saa daakye nkyerɛkyerɛ no bɛba Onyankopɔn Ahenni, wiase nyinaa nniso, no ase. Yesu kyerɛe sɛ yɛmmɔ saa Ahenni no ho mpae wɔ Awurade Mpaebɔ no mu, bere a ɔkae sɛ: “W’ahenni mmra,” no.—Mateo 6:9, 10.
Bible no hyɛ bɔ sɛ sɛ ɔsoro nniso yi fi ase a, “[Yehowa, NW] hu bɛyɛ asase ma.” (Yesaia 11:9; 54:13) Odiyifo Yesaia nsɛm a yɛtaa fa ka no benya ne mmamu wɔ wiase nyinaa: “[Onyankopɔn bebu] amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛka aman bebree anim, na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare, ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” (Yesaia 2:4) Onyankopɔn ankasa nam saa kwan no so beyi ɔtan afi hɔ koraa.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɛnyɛ ne din ankasa.
b Hwɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu, a Yehowa Adansefo tintimii no, ti 8, “Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?”
c Yehowa Adansefo betumi ne wo abɛyɛ ofie Bible adesua a wuntua hwee denam hu a wubehu wɔn anaa kyerɛw a wobɛkyerɛw akɔma wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi no so.
[Adaka wɔ kratafa 11]
Bible Afotu Tumi Yi Ɔtan Fi Hɔ
● “Ɛhe na ɔsa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fi? Emfi mo akɔnnɔ a ɛne mo honam akwaa ko no mu anaa?” (Yakobo 4:1) Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebegyae pɛsɛmenkominya a, yɛne afoforo ntam akameakamedi to betwa.
● “Mommma obiara nnhwɛ ne nko ade, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi.” (Filipifo 2:4) Afoforo ho a yebedi kan asusuw no yɛ ɔkwan biako a ebetumi ama yɛagyae akameakamedi a ɛho nhia.
● “Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ, nhoran wo bo, na ebewie bɔne nko.” (Dwom 37:8) Yebetumi adi abufuw a ekowie bɔne mu so ma ayɛ yiye.
● ‘Onyankopɔn maa nnipa aman nyinaa fii onipa biako mu traa asase so.’ (Asomafo no Nnwuma 17:24, 26) Ntease nnim sɛ obi besusuw sɛ ɔkorɔn sen ɔfoforo esiane sɛ yɛn nyinaa yɛ adesamma abusua biako.
● “Munnnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛase adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛn mo ankasa ho.” (Filipifo 2:3) Nyansa nnim sɛ yebebu yɛn ho akyɛn afoforo—efisɛ mpɛn pii no saa nnipa no wɔ su ahorow ne ɔdom akyɛde bi a yenni bi. Abusua anaa ɔman biara nni hɔ a wɔyɛ adepa nkutoo.
● “Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.” (Galatifo 6:10) Anammɔn a yebedi kan atu kɛkɛ abɛn afoforo na yɛaboa wɔn ɛmfa ho abusua anaa ɔman a wofi mu no, betumi ama yɛne wɔn adi nkitaho na ama yɛne wɔn ntam adwo.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8, 9]
Ethiopiafo ne Eritreafo Adansefo bom som wɔ asomdwoe mu
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Manfred a ɔdee ne ho fii Komunisfo afiase no antan obiara
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Bible no betumi ayi ɔtan a ɛwɔ nkurɔfo ntam no afi hɔ