Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Ama Bible Akenkan Ayɛ Anigye Kɛse?
“Ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ den sɛ wobɛte Bible no ase, na ɛno betumi ayɛ abasamtu.”—Annalieza, a wadi mfe 17.
“Ɛyɛ me anihaw sɛ mɛkenkan Bible no.”—Kimberly, a wadi mfe 22.
NNIPA pii ani nnye akenkan ho. Enti ebetumi ayɛ anihaw sɛ nkurɔfo—wɔn a wɔn ani gye akenkan ho mpo—bɛkenkan nhoma a ɛsõ, te sɛ Bible. Tammy, a wadi mfe 17 no ka sɛ: “Me fam no, na Bible no yɛ nhoma kɛse a nsɛm akɛse a asete yɛ den wom. Bible a wobɛkenkan no gye nsusuwho ne boasetɔ kɛse.”
Bio nso, ebia sukuu nnwuma a wɔde ba fie bɛyɛ, ofie nnwuma, ne ahomegye begye wo bere ne w’ahoɔden pii. Eyi nso betumi ama ayɛ den sɛ wode w’adwene besi Bible akenkan so na w’ani agye ho. Alicia, a ɔyɛ Yehowa Dansefo no, nso gye bere yɛ ahoboa kɔ Kristofo nhyiam ahorow na ɔka ne gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo. Ɔka sɛ: “Bible akenkan betumi ayɛ den efisɛ ɛte sɛ nea nneɛma a woyɛ no nni ano.”
Nanso, Alicia, Tammy, ne mmofra foforo pii atumi adi ɔhaw no ho dwuma. Seesei, wɔde anigye kenkan Bible no daa. Wo nso wubetumi ayɛ saa! Susuw nneɛma abiɛsa a wubetumi ayɛ de ama Bible akenkan ayɛ anigye kɛse no ho.
Nya Bere Ma Bible Akenkan
Kelly, a wadi mfe 18 no, ka sɛ: “Misusuw sɛ mmofra ntaa nkenkan Bible, enti wɔka sɛ ɛyɛ anihaw.” Sɛnea w’ani gye agumadi ne agodie a wunya mu kyɛfa daa ho no, saa ara na sɛ wokenkan Bible no daa a, w’ani begye ho kɛse.
Na sɛ wunni bere koraa nso ɛ? Ɔsomafo Paulo tu fo sɛ: “Monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo. Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.” (Efesofo 5:15, 16) Wubetumi ‘ahwɛ w’adagyew so yiye’ bere a wonsɛe bere pii wɔ nneɛma a ɛho nhia kɛse te sɛ TV hwɛ ho. Asɛm a Paulo de dii dwuma maa “adagyew” no betumi akyerɛ bere a wɔde si hɔ ma ade pɔtee bi. Bere pɔtee bɛn na wubetumi de ayɛ wo Bible akenkan?
Nnipa pii kenkan Bible no anɔpa bere a wɔasusuw kyerɛwsɛm ne ɛho nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daaa nhomawa mu ho awie no. Afoforo nso kenkan ansa na wɔakɔda anadwo. Paw bere a ɛbɛyɛ ama wo na yɛ nsakrae a ehia. Alicia ka sɛ: “Nsakrae a meyɛ no boa me titiriw ma mekenkan Bible no daa.”
Kristofo mmofra bi de simma 10 kosi 15 kenkan Bible no da biara. Wɔnam saayɛ so akenkan Bible mũ no nyinaa wɔ afe anaa mfe abien ntam! Sɛ wuntumi nyɛ saa mpo a, fa yɛ wo botae sɛ wobɛkenkan Bible no fã bi da biara. Sɛ wudi bere a wode kenkan Bible no so paa a, ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn Asɛm no bɛyɛ kɛse.—Dwom 119:97; 1 Petro 2:2.
Bɔ Mpae Srɛ Nyansa
Nokwarem no, ɛyɛ den ma wɔn a wɔkenkan Onyankopɔn Asɛm daa no pii mpo sɛ wɔbɛte n’afã bi ase. Bible no Kyerɛwfo, Yehowa Nyankopɔn, pɛ sɛ wote N’asɛm no ase. Asomafo no Nnwuma no ka Etiopiani kwantuni bi a na ɔnte nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia ti 53 no ase ho asɛm. Ná ɔbarima no wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛhwehwɛ mmoa, na Yehowa bɔfo somaa ɔsomafo Filipo ma ɔkɔkyerɛkyerɛɛ nkɔmhyɛ no mu kyerɛɛ no.—Asomafo no Nnwuma 8:26-39.
Ɛnde sɛ obi Bible akenkan betumi atu mpɔn a, ɛsɛ sɛ ɔde mpaebɔ mmom fi ase. Ebinom de ayɛ wɔn su sɛ ansa na wobebue Bible mu no, wobedi kan abɔ Yehowa mpae asrɛ nyansa ne ntease na nea wɔresua no akɔ wɔn komam. (2 Timoteo 2:7; Yakobo 1:5) Onyankopɔn honhom betumi akaakae wo Bible nkyekyem ahorow a ɛbɛboa wo ma woabua nsɛm bi anaasɛ woagyina sɔhwɛ ahorow ano no.
Kristoni aberante bi ka sɛ: “Bere a midii mfe 12 no, me papa guan gyaw yɛn. Da koro anadwo bi, na merebɔ mpae wɔ mpa mu asrɛ Yehowa sɛ ɔmma me papa nsan mmra fie. Afei mefaa me Bible kenkanee Dwom 10:14: ‘Wo [Yehowa], nsam na ɔbrɛfo de ne ho hyɛ, ayisaa boafo ne wo ara.’ Migyinae kakra. Metee nka sɛ Yehowa ne me rekasa, na na ɔrema mahu sɛ ɔno ne me boafo; ɔno ne me papa. Agya pa bɛn na metumi anya sɛ ɔno?”
So wubetumi de ayɛ wo su sɛ wobɛbɔ mpae bere biara a wotra ase sɛ wobɛkenkan Bible no? Adrian ka sɛ: “Bɔ mpae ansa na woakenkan—na sɛ wuwie nso a, bɔ mpae, efisɛ ɛno ho hia—na ama ayɛ sɛ nea wo ne Yehowa redi nkitaho ankasa.” Komam a wubefi abɔ mpae no bɛhyɛ wo den ma woadi wo Bible akenkan nhyehyɛe so na ahyɛ wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu den.—Yakobo 4:8.
Ma Asɛm no Nyɛ Sɛ Nea Ɛresi
Kimberly, a yɛbɔɔ ne din mfiase no, kyerɛe sɛ Bible akenkan yɛ no anihaw. Ampa, Bible no yɛ nhoma a akyɛ yiye,—wɔkyerɛwee bere tenteenten ansa na kɔmputa, television, anaasɛ wimhyɛn reba na—nnipa a wɔn ho nsɛm wɔ Bible mu no awu mfe mpempem pii a atwam ni. Nanso, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu.” (Hebrifo 4:12) Ɔkwan bɛn so na nhoma a akyɛ saa betumi ayɛ nea ahoɔden wom?
Wɔ ɔkyerɛwfo Esra bere so no, na mmarima ne mmea mpempem pii, ne “obiara a obetumi atie” hyiam wɔ Yerusalem tie bere a wɔkenkan Mose Mmara no. Saa bere no, na Mmara no adi bɛboro mfirihyia 1,000 dedaw! Nanso, Esra ne n’aboafo ‘kenkan Onyankopɔn mmara nhoma no fann, na wɔkyerɛɛ ase ma wɔtee ne kenkan no ase.’ Bere a saa mmarima yi kyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu na wɔmaa ɛyɛɛ sɛ nea asɛm no resi no, dɛn na efi mu bae? “Ɔman no nyinaa kɔe kodidii na wɔnomee, na wɔde bi kyekyɛe, na wonyaa anigye kɛse pa, efisɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.”—Nehemia 8:1-12.
Wobɛyɛ dɛn ama wo Bible akenkan ‘ayɛ nea ntease wom’? Cathy, a akenkan yɛ no anihaw no, kenkan no den na ama ɔde n’adwene asi nea ɔrekan no so. Nicki yɛ sɛ nea asɛm no fa no ho. Ɔka sɛ: “Hwɛ sɛnea anka mɛte nka wɔ saa tebea no mu! Kyerɛwtohɔ a m’ani gye ho paa ne nea ɛfa Rut ne Naomi ho no. Mitumi kenkan no mpɛn pii. Bere a mitu kɔɔ kurow foforo mu no, saa asɛm yi maa minyaa awerɛkyekye efisɛ na mitumi hu sɛnea Rut tee nka bere a ɔkɔyɛɛ ɔnanani wɔ obi kurow so no. Mihuu sɛnea onyaa Yehowa mu ahotoso no, na ɛboaa me ma me nso meyɛɛ saa.”—Rut, ti 1-4.
Sɛ Bible no ‘bɛma wo ahoɔden’ a, nsusuwho ho hia. Bere biara a wobɛkenkan no, gye bere susuw kyerɛw nsɛm a wokenkan ne sɛnea wode nea woasua no bedi dwuma ho. Wubetumi ayɛ nhwehwɛmu wɔ Bible ho nhoma ahorow a Yehowa Adansefo atintim no mu na ama woatumi ate nea worekenkan no ase.b
Mpa Abaw!
Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛkenkan Bible daa. Ɛtɔ mmere bi a, ɛho behia sɛ woyɛ nsakrae wɔ Bible akenkan nhyehyɛe a agye ntini mpo mu. Wobɛyɛ dɛn atumi akɔ so abata wo Bible akenkan nhyehyɛe ho daa?
Wo nnamfonom ne w’abusuafo betumi aboa. Amber, a wadi mfe dunnum no, ka sɛ: “Me ne me nuabea na ɛda. Anadwo bi wɔ hɔ a, mitumi brɛ araa ma ɛyɛ a na mepɛ sɛ meda, nanso me nuabea no kae me sɛ menkenkanee Bible. Enti ɛmpa me ti so!” Sɛ wuhu sɛ kyerɛwsɛm pɔtee bi anaa asɛm bi yɛ anigye a, wo ne afoforo mmɔ ho nkɔmmɔ. Eyi bɛma wɔanya anisɔ kɛse ama Onyankopɔn Asɛm na akanyan wɔn anigye mpo ma wɔn nso akenkan Bible no. (Romafo 1:11, 12) Sɛ woantumi ankenkan Bible no da koro anaa bere tenten bi a, mpa abaw! San toa so fi baabi a wugyaee no, na fa nsi kɛse di wo nhyehyɛe no so.
Mma wo werɛ mmfi mfaso pii a efi Bible akenkan mu ba no da. Sɛ wutie Yehowa denam N’asɛm so a, wubetumi ne no anya abusuabɔ a emu yɛ den. Wobɛba abehu ne nsusuwii ne ne nkate. (Mmebusɛm 2:1-5) Nokwasɛm a ɛsom bo a efi yɛn soro Agya no hɔ no bɛyɛ ahobammɔ. Odwontofo no bisae sɛ: “Ɛdɛn na aberante de bɛtew ne kwan ho? Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛnea wo nsɛm se.” (Dwom 119:9) Enti fi ase yɛ Bible akenkan nhyehyɛe—na di akyi. Wubehu sɛ ɛyɛ anigye sen sɛnea na wususuw no koraa!
[Ase hɔ nsɛm]
a Yehowa Adansefo na wotintimii.
b October 1, 2000, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 16-17, no de nyansahyɛ ahorow a ɛbɛboa ma woayɛ Bible mu nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri ma.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 28]
Mpaebɔ ne nhwehwɛmu bɛma wo Bible akenkan atu mpɔn na aboa ma woate Kyerɛwnsɛm no ase
[Mfonini wɔ kratafa 29]
Asɛm no a wobɛfa no sɛ wo na ɛreto wo no bɛma Kyerɛwnsɛm mu nsɛm no ayɛ sɛ nea ɛresi ankasa