Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyae Adwennwen Bebrebe?
“Nneɛma a ɛhaw mmofra sen biara no mu biako betumi ayɛ nea ɛfa wɔn daakye ho. Wudwennwen wo ho. So mimfi fie? Menkɔ sukuu? Menyɛ bere nyinaa som adwuma? Menware? Nneɛma pii wɔ hɔ a ɛbɔ wo hu.”—Shane a wadi mfe 20.
WOTAA dwennwen pii? Mmofra pii dwennwen, na nneɛma pii na ɛma wɔyɛ saa. Nsɛm a wɔatintim wɔ krataa so de ma awofo akwankyerɛ bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nhwehwemu bi a wɔyɛe nnansa yi faa mmofra a wɔadi fi mfe 15 kosi 18 ho wɔ aman 41 mu no daa no adi sɛ adwuma pa a wobenya ayɛ ne ɔhaw kɛse a ɛda ɛnnɛ mmofra so.” Ɔhaw foforo a edi hɔ no fa wɔn awofo akwahosan ho. Wɔn haw titiriw biako nso ne wɔn adɔfo a wɔbɛhwere wɔn.
Nhwehwɛmu bi a U.S. Dwumadibea a Ɛhwɛ Nhomasua so yɛe daa adi sɛ, “sɛ wɔbɛbɔ mmɔden wɔ sɔhwɛ mu” no yɛ dadwen kɛse a ɛda mmofra pii a wɔwɔ United States no so. Nhwehwɛmu koro no ara da no adi sɛ mmofra pii te nka sɛnea Shane (a yɛaka ne ho asɛm mfiase no) tee no ara pɛ. Abofra foforo a wɔfrɛ no Ashley nso ka sɛ: “Meredwen me daakye ho.”
Nanso mmofra foforo dwen wɔn ahobammɔ ho. Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ 1996 kyerɛ no, mmofra a wɔwɔ United States bɛyɛ ɔha mu 50 te nka sɛ basabasayɛ pii resisi wɔ wɔn sukuu mu. Wɔn a wɔadu wɔn mpanyin afe so bɛboro ɔpepem awotwe (ɔha mu 37) bɔɔ amanneɛ sɛ wonim obi a wɔatow no tuo pɛn!
Mmom, ɛnyɛ adwennwen nyinaa na ɛmfata. Wɔ mmofra pii fam no wɔn dadwen kɛse fa wɔn asetra ho. Kɔmputa so nsɛmma nhoma a wɔkyerɛw maa awofo ka sɛ: “Mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so dwen sɛnea wobenya nnamfo ho, nanso mpɛn pii no wodwen nnamfo a wonni bi koraa no ho.” Abeawa bi a wadu mpanyin afe so a wɔfrɛ no Meagan di yaw sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na woasɛ obi a wasi so anaa n’ani abue? Mihia nnamfo.” Saa ara na, Kristoni aberantewaa Natanael a wadi mfe 15 no nso ka sɛ: “Mmofra a wɔwɔ sukuu mu no dwennwen nneɛma a aba so ho. Wodwen sɛnea wɔnantew, wɔkasa, ne sɛnea afoforo hu wɔn no ho. Wosuro sɛ wobedi wɔn ho fɛw.”
Nsɛnnennen—Ɛyɛ Asetra Fã
Sɛ yebetumi atra ase a yenhyia ɔhaw biara a, anka eye. Nanso, Bible ka sɛ: “Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, ɔhaw mee no.” (Hiob 14:1) Enti nsɛnnennen—ne ɔhaw ahorow a ɛka ho—yɛ asetra fã. Nanso sɛ woma ɔhaw ne dadwen ahorow hyɛ wo nsusuwii so a, ɛde ɔhaw pii bɛbrɛ wo. Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Onipa komam awerɛhow botow no.”—Mmebusɛm 12:25.
Ɔkwan biako a wubetumi afa so akwati adwennwen a ɛho nhia ne sɛ wubedi w’ankasa wo nneyɛe so. Ana a wadi mfe dunsia no ka sɛ: “M’adesuakuw mufo pii haw sɛ ebia wobenyinsɛn anaa wobenya nyarewa a wonya fi ɔbea ne ɔbarima nna mu.” Nanso wubetumi akwati ɔhaw ahorow a ɛtete saa denam Bible abrabɔ gyinapɛn a wode bedi dwuma no so. (Galatifo 6:7) Ɛno mpo no, ɛnyɛ wo nsɛnnennen nyinaa na wubetumi ate ase anaa wubetumi adi ho dwuma ntɛm. Wobɛyɛ dɛn agyae adwennwen pii?
“Dwennwen Nyansam”
Nnipa pii ma kwan ma adwennwen bubu wɔn. Nanso asɛm bi a epuei wɔ nsɛmma nhoma bi a ɛfa mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so ho hyɛɛ nyansa sɛ obi betumi ‘adwennwen nyansam’ denam dan a ɔbɛdan adwennwen no ma ayɛ ade a mfaso wɔ so so! Nnyinasosɛm pii wɔ Bible no mu a ɛbɛboa wo ma woatumi ayɛ saa. Susuw Mmebusɛm 21:5 ho hwɛ: “Nsiyɛfo adwene de adedodow ara na ɛba, na obiara a ɔpere ho no, ɛde no kɔ ohia nko mu.” Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ, wopɛ sɛ wotow wo nnamfo bi a wɔwɔ asafo no mu pon. Nhyehyɛe pa a wobɛyɛ betumi ayi adwennwen pii afi wo so. Bisa wo ho sɛ, ‘Henanom pɔtẽẽ na mɛto nsa afrɛ wɔn? Bere bɛn na mepɛ sɛ wodu ha? Bere bɛn na mepɛ sɛ wɔkɔ? Sika ahe ankasa na mehia de atotɔ nnɔkɔnnɔkɔwade? Nneɛma bɛn na yɛbɛyɛ de agyigye yɛn ani a obiara ani begye ho?’ Sɛ wususuw nneɛma ho yiye a, ebetumi ayɛ yiye sɛ w’apontow no bɛkɔ so kama.
Nanso, wubetumi ama adwennwen no ayɛ pii, denam ma a wobɛma kwan ma nneɛma ayɛ hwanyann dodo no so. Yesu Kristo de afotu yi maa ɔbea bi a ɔbrɛɛ no ho pii wɔ nnuan a na ɔrenoa ama n’ahɔho no ho sɛ: “Ade biako na ehia.” (Luka 10:42) Enti bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na ehia ankasa na ama saa apontow yi adi mũ?’ Nneɛma a worenyɛ no akɛse dodo betumi aboa wo ma wo dadwen so atew.
W’ahobammɔ wɔ sukuu mu nso betumi ayɛ dadwen foforo. Ebetumi aba sɛ worentumi nyɛ pii mfa nsesa tebea a ɛwɔ hɔ no. Nanso wubetumi afa akwan a mfaso wɔ so so abɔ wo ho ban. Mmebusɛm 22:3 ka sɛ: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.” Kwati a wobɛkwati mmeae a ɛhɔ yɛ hu—ɛnyɛ mmeae a atew ne ho nko na mmom mmeae a polisifo nwɛn hɔ a basabasayɛfo taa boa wɔn ho ano no—betumi atew ɔhaw a wubetumi akɔ mu no so.
Sukuu nnwuma a wobɛyɛ nso betumi ayɛ dadwen foforo. Ebia wowɔ sukuu nnwuma a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ woyɛ, na ɛhaw wo sɛ worentumi nwie ne nyinaa ntɛm. Nnyinasosɛm a ɛwɔ Filipifo 1:10 no betumi aboa: ‘Monsɔ nneɛma a eye koraa no nhwɛ.’ Yiw, sua sɛnea wobɛyɛ nneɛma a egye ntɛmpɛ no! Hwɛ sɛ dwumadi bɛn na egye ntɛmpɛ, na yɛ ɛno kan. Na afei, kɔ nea edi hɔ no so. Nkakrankakra wobɛte nka sɛ woredi tebea no so.
Hwehwɛ Mmoa
Bere a Aaron yɛ abofra no, nkonim a obedi wɔ sɔhwɛ a etwa tõ mu no yɛɛ no dadwen araa ma ne koko yɛɛ no yaw. Ɔka sɛ: “Mekaa ho asɛm kyerɛɛ m’awofo, na wɔde me kohuu oduruyɛfo. Ohui ntɛm ara sɛ asɛm biara nni me koma ho na ɔkyerɛkyerɛɛ sɛnea dadwen betumi aka nipadua no mu. Akyiri yi m’awofo boaa me ma mihui sɛ mayɛ nea metumi nyinaa de asiesie me ho ama sɔhwɛ no na afei nea ehia sɛ midwen ho kɛse ne sɛ mɛhwɛ me ho yiye. Me dadwen no fii me so, me koko a na ɛyɛ me yaw no gyaee, na mebɔɔ mmɔden wɔ me sɔhwɛ no mu.”
Sɛ wote nka sɛ dadwen ahyɛ wo so a, nyɛ komm mfa nhyɛ wo ho, ka ho asɛm kyerɛ obi. Mmebusɛm 12:25 a yɛkaa mu nsɛm kakraa bi mfiase no mu nsɛm nyinaa ne sɛ: “Onipa komam awerɛhow botow no, na asɛmpa ma koma tɔ yam.” Sɛ woka ‘w’awerɛhow’ ho asɛm kyerɛ nkutoo a na wubenya “asɛmpa” a ɛbɛhyɛ wo nkuran!
Nea edi kan no, wobɛpɛ sɛ wo ne w’awofo susuw ho; wobetumi de nyansahyɛ ahorow bi ama. Wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ honhom fam a wɔwɔ mo hɔnom Kristofo asafo no mu nso betumi aboa. Janelle a wadi mfe dunum no ka sɛ: “Na medwen ntoaso sukuu a mɛkɔ no ho, na biribiara a mehyia wɔ hɔ no bɔ me hu—nnubɔne, ɔbea ne ɔbarima nna, basabasayɛ—kosii sɛ mekaa ho asɛm kyerɛɛ asafo mu panyin bi. Ɔmaa me nyansahyɛ a mfaso wɔ so pii. Me ho sanee me ntɛm ara efisɛ afei de mihui sɛ metumi adi tebea no ho dwuma.”
Nnyɛ Mmɔtohɔ
Ɛtɔ mmere bi a na biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ, nanso yɛnyɛ efisɛ yɛte nka sɛ yɛn ani nnye ho. Sɛ nhwɛso no, na wontwiwontwi bi da Shevone a wadi mfe dunkron no ne Kristoni bi ntam. Na onim sɛ ehia sɛ ɔne no susuw asɛm no ho, nanso ɔtwentwɛn ne nan ase. Ɔka sɛ: “Bere a metwentwɛn me nan ase no, ɛkɔɔ so haw me.” Afei Shevone kaee Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 5:23, 24 a ɛka kyerɛ Kristofo sɛ wonsiesie nsɛnnennen a ɛda wɔn ntam no ntɛm ara no. Shevone ka sɛ: “Bere a awiei koraa no meyɛɛ saa no, me ho tɔɔ me.”
So woreyɛ biribi ho mmɔtohɔ—dwumadi bi a wote nka sɛ w’ani nnye ho anaa obi a worekohyia no a w’ani nnye ho? Ɛnde, hwɛ di ho dwuma ntɛm na ama wo dadwen so atew.
Tebea Horow a Anibere Wom
Ɛnyɛ tebea nyinaa na wotumi di ho dwuma ntɛm. Susuw aberantewaa Abdur ho hwɛ. Na kokoram ayɛ ne maame, na na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ no ne ne nuabarima kumaa nso. Sɛnea ɛte no, na Abdur dwen ne maame tebea no ho. Nanso ɔka sɛ: “Misuaa biribi fii Yesu nsɛm, ‘Mo mu hena na odwinnwen a, obetumi de basafa biako ato ne tenten so?’ no mu. Sɛ anka m’abaw mu bebu no, mebɔɔ mmɔden susuw tebea no ho, na medwen nea metumi ayɛ wɔ ho ho.”—Mateo 6:27.
Sɛ́ wobɛyɛ komm bere a wowɔ nsɛnnennen no nna fam. Ebinom haw araa ma wobu ani gu wɔn ho so a wonnidi. Nanso, Helping Your Teenager Deal With Stress nhoma no bɔ kɔkɔ sɛ, sɛ wugyae nnuan titiriw bi di a, “ɛmma wuntumi nnyina ɔhaw a nneɛma no de ba no ano na ebetumi abɔ wo yare kɛse.” Enti hwɛ wo ho so yiye. Nya bere pii fa home na didi sɛnea ɛsɛ.
Wubetumi anya ahotɔ kɛse denam Bible mu afotu a wode bedi dwuma no so: ‘Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.’ (Dwom 55:22) Na Shane a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no dwen ne daakye ho. Ɔka sɛ: “Mifii ase de m’adwene sii Nyankopɔn Asɛm ne n’atirimpɔw so kɛse.” Ankyɛ na obehui sɛ sɛ ɔsom Nyankopɔn wɔ n’asetra mu a, ne daakye bɛyɛ nea anigye wom. (Adiyisɛm 4:11) Shane ka sɛ: “Migyaee adwennwen no. Mewɔ biribi a ɛho hia paa a na ɛsɛ sɛ medwen ho.”
Enti sɛ wuhu sɛ woredwennwen pii a, hwehwɛ akwampa a wobɛfa so adi wo haw no ho dwuma. Hwehwɛ mmoa a edi mũ. Na nea ɛsen ne nyinaa no, dan wo dadwen to Yehowa so “efisɛ odwen wo ho.” (1 Petro 5:7) Denam ne mmoa so no, ebia wobegyae adwennwen bebrebe.
[Mfonini wɔ kratafa 13]
Wo ne w’awofo nsusuw wo dadwen no ho
[Mfonini wɔ kratafa 14]
Sɛ wudi nsɛnnennen ho dwuma ntɛm a, wubetumi agyae adwennwen