Kente—Ahemfo Ntama
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ GHANA HƆ
NTAMNWEMFO nsa de ahoɔhare di akɔneaba wɔ ntama no so. Bere a ntamanwemfo no nsa ne ntiamu a ɔtwetwe gyigye kɔtwe-kɔtwe kuro-kuro-kuro no, ɔde n’adwene si ntamasin fɛfɛ a ɛda n’anim no so. Ɔde nhama hyehyɛ ne nansoaa ntam; saa nhama yi na ɛtwetwe asahama—asa a ɛkɔ soro ba fam na ebuebue nsá no nhama (asaawa tenten) a wɔtwe mu kɔ asadua no anim bɛyɛ mita asia no mu ma otumi nwene ntama no.a Ɔde ne nsateaa nwene sirikyi hama a ɛyɛ fɛ a ayiyi mmiako mmiako wurawura nsá a wabue mu no fi nifa so kɔ benkum so di akɔneaba, na afei wabɔ so denneennen ma ayɛ ntama.
Ntamasin a wotumi nwene no tɛtrɛtɛ yɛ sɛntimita du pɛ. Nanso kɔla ahorow ne adwini a ɛyɛ fɛ pii wom. Ntamanwemfo no de abotɔyam serew bere a ɔhwɛ nyansadwuma a wayɛ no—kente a edi mũ.
Tete Adwini
Adwumfo a wɔn ho akokwaw afa tete kwan so anwene ntama mfirihyia mpempem pii. Wɔnam siwabiri, asaawa, ne sirikyi a wɔto so na enya nwentoma bere nyinaa. Ná wɔnam nnua ntini ne nhaban so na enya kɔla ahorow, na ɛmaa ntamanwemfo no tumi dii adwini nkakrankakra wɔ wɔn ntama a na wɔnwene no mu.
Afrikafo ntamanwemfo a na wodi atutra yɛɛ nsadua nketewa a na ɛnyɛ den sɛ wobetutu afi beae biako akɔ beae foforo. Ná wɔfrɛ no nsadua, na na wɔde nwene ntama nteanteaa a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ sɛntimita ason ne fã kosi dubiako ne fã na ɛyɛ. Afei wɔkeka ntama nteanteaa atenten no sisi anim pam de yɛ ntama kɛse a wotumi fura. Na mmoa soa nsadua nketewa no de twa kwan anhweatam so, fa nsubɔnten mu, foro mmepɔw. Esiane sɛ na wɔde asadua fa tete aguadi kwan so nti, enyaa nkurɔfo a na wɔde di dwuma no so nkɛntɛnso kɛse.
Ntama Ho Anigye
Afrika Atɔe fam ahemfo ne wɔn mpanyimfo na na wodi asase a fagude pii wɔ so a Europa abɔrehufo frɛɛ no Gold Coast no so.b Wotuu sika kɔkɔɔ pii wɔ ha na ɛmaa Asante ahemfo ne wɔn adehye nyaa wɔn ho yiye. Na saa ahemfo yi ne wɔn mpanyimfo atitiriw de sika kɔkɔɔ agude a emu yɛ duru hyehyɛ wɔn ho fura nwentoma de da wɔn ahode, wɔn ahoɔden, ne wɔn tumi adi kyerɛ wɔn manfo. Wɔbɛtoo ntama soronko a na saa sodifo yi fura no din kente, asɛmfua a ebetumi aba sɛ ntama no nwene a ɛne kɛntɛnnwene di nsɛ nti na ɛma wɔtoo din saa. Mmusua foforo a wɔwɔ Gold Coast nso nwenee ntama nteanteaa no bi, nanso wɔ Asante ahemfo fam no, kente bɛyɛɛ anuonyam ne adehye ho ade.
Gold Coast ntama nteanteaa anwemfo no de asaawa a wɔto wɔ hɔ na ɛnwenee. Asaawa a na wɔahyɛ no bruu nkutoo na na ɛwɔ hɔ. Ná wɔde nhama bruu yi nwenee asaawa ntama fitaa a ani dum no mu de dii adwini nkakrankakra wom maa ɔmanfo no.
Nnipa kakraa bi pɛ na na wɔma wɔnwene ɔhene adehye kente a ɛyɛ fɛ no. Wɔhyehyɛɛ ahene ntamanwemfo a na wɔn ho akokwaw no akuwakuw ma wɔyɛɛ nhama a edi mu. Wɔhwɛ maa wɔbɔɔ sɛnea wɔnwene no no ho ban, na wɔnwenee wɔ kokoam. Wɔbaraa ntamanwemfo a aka nyinaa sɛ wɔnnwene ntama a adwini a ɛwɔ ahemfo ne adehye ntama mu wom no bi. Ɔhene no boaboaa ntama ɔhaha pii ano, a na ɛsono adwini a wɔadi agu emu biara mu. Sɛnea amammerɛ kyerɛ no, na omfura ntama koro mma baguam mmoro pɛnkoro da.
Kɔla a Wɔhwehwɛe
Wɔ afeha a ɛto so 16 mu no, ntama foforo bi fii ase baa Gold Coast. Wɔannwene ntama yi wɔ Afrikafo nsadua so na mmom wɔyɛɛ no akyirikyiri asase so. Europa hyɛn mu adwumayɛfo a na wɔrehwehwɛ asonse, sika kɔkɔɔ, ne nkoa no na wɔde bae. Nhama a ne kɔla hyerɛn na ɛyɛ fɛ na wɔde yɛɛ ntama a efi amannɔne bae no. Ankyɛ na ntama a ɛyɛ fɛ a wɔde nhama a ne kɔla yɛ kɔkɔɔ, akokɔsrade, ne ahabammono anwene yi bɛyɛɛ aguade a ne bo yɛ den. Nnipa kakraa bi pɛ na na wɔwɔ sika a wobetumi atɔ ntama a ɛte saa a na ne bo yɛ den a Europa aguadifo de bae no bi. Asantefo asikafo a na wɔhwɛ sika kɔkɔɔ, asonse, ne nkoa a na wɔde wɔn kɔ mframahyɛn a ɛretwɛn wɔ mpoano no so no nkutoo na na wotumi tɔ bi. Nanso, na ɛnyɛ ntama a wɔanwene no na na Asante hene ne mpanyimfo no hwehwɛ.
Sɛ wɔtɔ ntama no wie a, na anwemfo no brɛ wɔn ho sansan yiyi nhama a wɔahyɛ no kɔla a wɔn ani bere no, na sɛ wowie a, wɔtow ntama no fã a aka no gu. Afei ahene ntamanwemfo no san de nhama a ɛsom bo yi nwene ntama wɔ nsadua so. Dodow a ntamanwemfo no nyaa nhama a ne kɔla gu ahorow no, dodow no ara na wɔdaa wɔn ahokokwaw ne adwinni nyansa a wɔwɔ wɔ ntamanwene mu no adi sen bere biara, na wodii adwini ahorow guu ntama mu sen bere biara. Asante ahemfo faa ntamanwemfo a wɔn ho akokwaw fii mmusua foforo mu ma wɔyɛɛ adwuma maa wɔn, na wɔnwenee kente a ɛso bi nni.
Wɔde ahwɛyiye dii adwini a ɛsɛ mpataa, nnomaa, nnuaba, nhaban, awiatɔ, nyankontɔn, ne abɔde mu nneɛma foforo a ɛyɛ fɛ na ne nyinaa kyerɛ biribi guu ntama no mu. Ntama a wɔde sika kɔkɔɔ kɔla anwene mu kyerɛ ahonyade, ahabammono kɔla kyerɛ ade foforo, tuntum yɛ awerɛhow ho sɛnkyerɛnne, kɔkɔɔ kyerɛ abufuw, na dwetɛ yɛɛ ahotew ne anigye ho sɛnkyerɛnne.
Ntamanwemfo no de boasetɔ yɛɛ adwuma a wɔampere wɔn ho de asram pii nwenee ntama biako, a na wonim sɛ sɛ wowie a ɛno so na wobegyina ahu wɔn ahokokwaw ne adwinni nyansa a wɔwɔ no. Na wɔntɔ ntama a wɔbrɛ wɔn ho saa yɛ no kɛse, efisɛ nnipa kakraa bi pɛ na na wobetumi atɔ kente a ɛho yɛ nã na ne bo yɛ den saa no bi.
Ɛnnɛyi Kente
Bere kɔɔ so no, ahemfo ne wɔn mpanyimfo a wɔwɔ tumi no nkɛntɛnso brɛɛ ase. Na ɛho nhia bio sɛ wɔnam ntama so ma nsonsonoe da adehye ne mpapahwekwa ntam. Bere a wofii ase sɛ wɔde ntama yi bedi dwuma foforo aka ahensɛm ho no, wofii ase tɔɔ no kɛse. Bere a wɔde ahoɔhare nwenee kente esiane nnipa pii a na wɔrepɛ bi atɔ nti no, ɛmaa ntama no tebea, ntoboase a na wɔde nwene, ne ne bo kɔɔ fam.
Ɛnnɛ wɔde rɔba nhama na ɛnwene kente dodow no ara, na afei wɔnwene no pii de bi pam bag, tae, bɛlt, kyɛw, ne ntade. Ntamanwemfo kakraa bi pɛ na wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛfa tete akwan a ɛyɛ den na egye bere pii no so anwene kente. Ɛnnɛ, wobu tete kente papa sɛ agyapade, na awo ntoatoaso biako de gya awo ntoatoaso foforo sɛ mmusua mu agyapade. Nokwarem no, ɛnnɛ wommu kente sɛ ntama a ɛso bi nni a ne nwene gye adwinni nyansa a ɛyɛ nwonwa a wɔnwene wɔ nsadua so, frɛ no ahemfo ntama bio.
[Ase hɔ nsɛm]
a Nsá—yɛ asaawa a wɔato tenteenten a wɔtwe mu de hyɛ asadua no mu. Mfa—yɛ asaawa mmiako mmiako pii a wɔde di akɔneaba fofa nsá asaawa no ntam.
b Ɛnnɛyi Ghana.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]
Nsadua mu yɛ hare na wotumi de kɔ baabiara
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Ntamanwemfo no de ne nan twetwe asahama, anaa asa no