Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 11/8 kr. 25-29
  • Wubetumi Anya Mmoa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubetumi Anya Mmoa
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Di Nneɛma a Ɛnna Adi no Ho Dwuma
  • Ka Ho Asɛm Kyerɛ Obi
  • Wonyaa Mmoa a na Wohia
  • Wo Nkwa Hia Ebinom
  • Nea Enti a Asetra Fono Ebinom
    Nyan!—2001
  • Sɛ Minya Adwene Sɛ Minkum Me Ho a, Bible Betumi Aboa Me Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɔhaw Bi a Ɛwɔ Wiase Nyinaa
    Nyan!—2001
  • Wobetumi Agyina Asetra Mu Nsɛm Ano—Dɛn Nti Na Ebinom Paw Sɛ Wobekum Wɔn Ho?
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 11/8 kr. 25-29

Wubetumi Anya Mmoa

SWITZERLANDNI aberante bi a wadi mfe 28 bisaa ne ho sɛ: ‘Nna aduru 49 gu kuruwa mu. Mennom anaa minnyae?’ Ná ne yere ne ne mma agya no hɔ ama no anya adwenemhaw kɛse bi. Nanso bere a ɔnom aduru no wiei no, ɔkae sɛ: ‘Dabi. Mempɛ sɛ miwu!’ Ne tiri yɛɛ yiye, wanwu, enti otumi kaa asɛm no. Ɛnyɛ da biara na sɛ ɛba obi mu sɛ onkum ne ho a ekowie owu mu.

Alex Crosby a ɔwɔ U.S. Asoɛe a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano no kaa mmabun a wɔbɔ mmɔden sɛ wobekum wɔn ho no ho asɛm sɛ: “Sɛ wutumi siw wɔn kwan nnɔnhwerew kakraa bi mpo a, wubetumi ama wɔagyae. Sɛ wusiw wɔn kwan a, wɔn mu bebree renkum wɔn ho. Wubetumi agye wɔn nkwa.”

Bere a na Ɔbenfo Hisashi Kurosawa yɛ adwuma wɔ Japan Medical College no Asoɛe a Ɛhwɛ Gye Nkurɔfo Nkwa Wɔ Ahokyere Mu no, ɔboaa nnipa a na wɔayɛ wɔn adwene sɛ wobekum wɔn ho no bebree maa wɔn ani gyee ho bio sɛ wɔbɛtra ase. Ampa, sɛ woyɛ biribi de siw wɔn kwan a, wubetumi agye bebree nkwa. Mmoa bɛn na ehia?

Di Nneɛma a Ɛnna Adi no Ho Dwuma

Sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no, nhwehwɛmufo kyerɛ sɛ wɔn a wokum wɔn ho no ɔha mu 90 yɛ wɔn a na wɔanya adwenemyare anaa wɔn a na wɔnom nnubɔne ne nsa boro so. Enti, Eve K. Mościcki a ɔwɔ U.S. Ɔman Asoɛe a Ɛhwɛ Adwenemyare Ho Nsɛm no kyerɛ sɛ: “Sɛ yetumi siw nnubɔne ne nsanom mmoroso ne adwenemyare ano a, ɛbɛboa paa na mpanyin ne mmofra nyinaa ankum wɔn ho.”

Awerɛhosɛm ne sɛ wɔn a wɔwɔ saa haw yi no pii nhwehwɛ mmoa. Adɛn ntia? “Efisɛ,” sɛnea Yoshitomo Takahashi a ɔwɔ Tokyo Kuropɔn no Asoɛe a Ɛhwɛ Adwenemyare Ho Nsɛm kyerɛ no, “nkurɔfo bu wɔn animtia paa.” Ɔde toaa so sɛ ɛno nti, wɔn a wɔn yare mu nyɛɛ den papa no mpo mpɛ sɛ wɔhwehwɛ ayaresa ntɛm.

Nanso, ebinom mma aniwu nsiw wɔn kwan. Hiroshi Ogawa a obiara nim sɛ ɔbɔ amanneɛ wɔ television so a ɔno ara ahwɛ ne dwumadi so mfe 17 wɔ Japan no kaa no baguam sɛ wanya adwenemhaw na ɛkaa kakraa bi mpo sɛ okum ne ho. Ogawa kae sɛ: “Adwenemhaw te sɛ adwene a papu abɔ no.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ebi betumi ayɛ obiara, nanso ebetumi akɔ.

Ka Ho Asɛm Kyerɛ Obi

Béla Buda, oduruyɛfo a ɔwɔ Hungary a yɛaka n’asɛm no ka sɛ: “Sɛ biribi haw obi na ɔde hyɛ ne tirim a, mpɛn pii no ohu asɛm no sɛ ɛso paa a ontumi nyɛ ho hwee.” Saa asɛm yi ma yehu sɛ nyansa wɔ Bible mu asɛm a akyɛ yi mu: “Nea watew ne ho no hwehwɛ anoyi daa, na ade biara ho yɛ no ahi.”—Mmebusɛm 18:1.

Tie saa nsɛm a nyansa wom no. Ntra hɔ mma nsɛm akɛse a ɛhaw wo no mfa wo te sɛ po. Hwehwɛ obi a wugye no di a wubetumi aka w’asɛm akyerɛ no. Anhwɛ a wobɛka sɛ, ‘Minni kakyerɛfo.’ Sɛnea adwenemyare ho duruyɛfo Naoki Sato kyerɛ no, saa na ɛyɛ nnipa pii. Sato kae sɛ ayarefo mpɛ sɛ wɔka wɔn asɛm kyerɛ nkurɔfo efisɛ wɔmpɛ sɛ obiara hu sɛ biribi haw wɔn.

Ɛhe na obi betumi anya kakyerɛfo? Mmeae pii wɔ hɔ a obenya asoɛe a esiw ahodɔmdi ano, obetumi aka ho asɛm akyerɛ onimdefo bi wɔ telefon so a ɔmmɔ ne din, na obetumi akohu oduruyɛfo a ɔwɔ dimpa a ɔhwɛ wɔn a wɔanya adwenemyare. Animdefo bi nso kyerɛ sɛ ade foforo bi nso boa—asɔre. Ɛboa wɔ kwan bɛn so?

Wonyaa Mmoa a na Wohia

Marin, ɔyarefo bi a ɔwɔ Bulgaria yɛɛ n’adwene denneennen sɛ obekum ne ho. Da bi, onyaa Ɔwɛn-Aban, nsɛmma nhoma a Yehowa Adansefo tintim no bi. Ɔmaa Yehowa Adansefo baa ne nkyɛn sɛnea nsɛmma no kae no. Marin kyerɛkyerɛ nea ekowiei no mu: “Misua fii wɔn hɔ sɛ nkwa yɛ akyɛde a yɛn soro Agya no de ama yɛn, enti yenni kwan sɛ yɛsɛe yɛn ho anaa yɛhyɛ da twa yɛn nkwa so. Enti, mesesãã adwene a ɛbaa me tirim sɛ minkum me ho no, na m’ani gyee sɛ mɛtra ase bio!” Kristofo asafo no nso de ɔdɔ boaa Marin. Ɔda so yɛ yarefo de, nanso ɔka sɛ: “Seesei anigye ne asomdwoe wɔ m’asetra mu, na nneɛma pa pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ meyɛ—minnya adagyew nyɛ ne nyinaa mpo! Yehowa ne N’adansefo adaworoma na aba saa.”

Yehowa Adansefo boaa Switzerlandni aberante a yɛaka ne ho asɛm dedaw no nso. Ɛnnɛ ɔka sɛ “Kristofo abusua bi yɛɛ papa paa” gyee no traa wɔn fie. Ɔtoa so sɛ: “Akyiri yi, [Yehowa Adansefo] asafo no mufo too nsa frɛɛ me mmiako mmiako kɔɔ wɔn fie kodidii daa. Ɛnyɛ hwɛ a wɔhwɛɛ me no nko na ɛboaa me, minyaa obi a mɛka m’asɛm akyerɛ no nso.”

Nea aberante no sua fii Bible mu no hyɛɛ no nkuran paa, ɛnkanka bere a ohuu ɔdɔ a nokware Nyankopɔn, Yehowa de dɔ nnipa no. (Yohane 3:16) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ‘wuyi wo yam kyerɛ’ Yehowa Nyankopɔn a, obetie wo. (Dwom 62:8) “N’aniwa kyini fa asase nyinaa so” a ɛnyɛ n’adwene ne sɛ ɔrehwehwɛ yɛn ho mfomso, na mmom “sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho no.” (2 Beresosɛm 16:9) Yehowa ma yenya awerɛhyem sɛ: “Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.”—Yesaia 41:10.

Switzerlandni aberante no kaa Onyankopɔn bɔ a wahyɛ sɛ ɔde wiase foforo bɛba no ho asɛm sɛ: “Aboa me paa ama manya anidaso.” Anidaso a ɛte sɛ “ɔkra sɛkyɛ” yi yɛ bɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛma yɛn daa nkwa wɔ Paradise asase so.—Hebrifo 6:19; Dwom 37:10, 11, 29.

Wo Nkwa Hia Ebinom

Ampa, wubetumi akɔ tebea bi mu a ɛbɛyɛ wo sɛ wunni boafo biara na sɛ wuwu nso a ɛmfa obiara ho. Nanso kae sɛ: Ɛsono sɛ ɛyɛ wo sɛ wunni obiara, ɛna ɛsono sɛ wunni obiara. Bible ka odiyifo Elia ho asɛm sɛ ɔbotow bere bi wɔ n’asetra mu. Ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “W’adiyifo nso, wɔde nkrante akunkum wɔn; na me nko na maka.” Yiw, ɛyɛɛ Elia sɛ aka ɔno nko, na na edi sɛ ɔka. Ná wɔakunkum adiyifo a ɔne wɔn yɛ adwuma no bebree. Ná ɔno nso ne tiri kekã, enti na ɔreguan apere ne ti. Ɛyɛ ampa sɛ na aka ɔno nko ara? Dabi. Yehowa maa no hui sɛ na anokwafo bɛyɛ 7,000 a wɔte sɛ no wɔ hɔ a wɔde nokwaredi rebɔ mmɔden asom nokware Nyankopɔn no wɔ saa amanehunu bere no mu. (1 Ahene 19:1-18) Na wo nso ɛ? Ɛyɛ ampa sɛ ɛnkaa wo nko sɛnea ɛyɛ wo no?

Wo ho hia ebinom. W’awofo wɔ hɔ, wo hokafo wɔ hɔ, wo mma wɔ hɔ, wo nnamfo nso wɔ hɔ. Ebinom nso ka ho. Wubetumi anya Kristofo a wɔn ho akokwaw wɔ Yehowa Adansefo asafo no mu a wɔdwene wo ho a wobenya abotare atie wo ne wo abɔ mpae na wɔabɔ bi ama wo. (Yakobo 5:14, 15) Sɛ nnipa a wɔtɔ sin nyinaa ma wo nsa si fam mpo a, Obi wɔ hɔ a ɔno de ɔntow wo nkyene da. Ɔhene Dawid a ɔtraa ase tete no kae sɛ: “Na m’agya ne me na agyaw me, na [Yehowa, NW] de, ogye me.” (Dwom 27:10) Ampa, Yehowa ‘dwene wo ho.’ (1 Petro 5:7) Mma wo werɛ mmfi da sɛ wosom bo wɔ Yehowa ani so.

Nkwa yɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn. Ɛyɛ nokware sɛ ɛtɔ da a ɔhaw tumi dɔɔso araa ma yenhu mpo sɛ nkwa yɛ akyɛde. Nanso, sɛ wode ade a ne bo yɛ den kyɛ obi na ɔtow kyene ansa na wahyɛ da de ayɛ adwuma a, anka ɛbɛyɛ wo dɛ? Nnipa a yɛtɔ sin nnya mfaa nkwa a Onyankopɔn de akyɛ yɛn no nyɛɛ adwuma mpo. Nokwarem no, Bible kyerɛ sɛ nkwa a yɛwɔ mu nnɛ yi mpo nyɛ “nokware nkwa no” wɔ Onyankopɔn ani so. (1 Timoteo 6:19) Yiw, ɛnkyɛ biara yebenya ahotɔ ne abotɔyam ne anigye pii wɔ asetra mu. Ɛbɛyɛ dɛn na aba saa?

Bible se: ‘Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.’ (Adiyisɛm 21:3, 4) Fa w’ani kɔ bere a nsɛm yi abam no na hwɛ sɛnea w’asetra bɛyɛ. To wo bo ase. Bɔ mmɔden fa w’adwene yɛ mfonini a kɔla pii wom. Saa mfonini no nyɛ adwennwene hunu. Sɛ wotra ase dinn hwɛ sɛnea Yehowa yɛɛ ne nkurɔfo wɔ tete mmere mu a, ɛma wunya awerɛhyem kɛse wɔ ne mu sɛ mfonini no bɛbam ampa.—Dwom 136:1-26.

Ebia ɛbɛyɛ kakra ansa na woanya anigye bio koraa sɛ wobɛtra ase. Kɔ so bɔ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu” no mpae. (2 Korintofo 1:3, 4; Romafo 12:12; 1 Tesalonikafo 5:17) Yehowa bɛma woanya ahoɔden a wuhia. Ɔbɛkyerɛ wo sɛ mfaso wɔ so sɛ wobɛtra ase.—Yesaia 40:29.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 27]

Dɛn na Wobɛyɛ De Aboa Obi a Ɔpɛ sɛ Okum Ne Ho?

Sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ ɔpɛ sɛ okum ne ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? “Yɛ aso tie no.” Saa na U.S. Asoɛe a Esiw Nyarewa Ano (CDC) ka. Ma no nka sɛnea ɔte nka. Kae mmom sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wokum wɔn ho no pii ko wɔn ho na wɔnka wɔn tirim asɛm. Hu sɛ ɔredi yaw paa na wabotow a onni anidaso biara. Sɛ woto wo bo ase kyerɛ no ne nneyɛe pɔtee bi a woahu sɛ asesa a, ebia ɛbɛma no aka a’atirimsɛm akyerɛ wo.

Sɛ woretie no a, kyerɛ sɛ wowɔ tema. CDC ka sɛ, “ɛho hia sɛ wusi so sɛ ne nkwa hia wo ne ebinom nso.” Ma no nhu sɛ sɛ owu a, ɛbɛhaw wo ne afoforo binom paa. Boa no ma onhu sɛ ne Bɔfo no dwene ne ho.—1 Petro 5:7.

Animdefo nso kyerɛ sɛ eye sɛ wubeyi biribiara a obetumi de adi ne ho awu afi hɔ—ɛnkanka atuo. Sɛ asɛm no ani soso a, hyɛ no nkuran ma onkohu oduruyɛfo. Sɛ ani soso boro so a, frɛ oduruyɛfo bra hɔ amonom hɔ ara.

[Adaka wɔ kratafa 29]

‘Enti Onyankopɔn De Adwene a Minyae Yi Bɛkyɛ Me?’

Nnipa bebree de wɔn ho abɔ Yehowa Adansefo ma enti adwene a wonyae sɛ wobekum wɔn ho no afi wɔn tirim. Nanso asetra mu haw ne abɛbrɛsɛ anaa adwenemhaw betumi ato obiara nnɛ. Kristofo a ɛba wɔn tirim sɛ wonkum wɔn ho no adwene bu wɔn fɔ paa akyiri yi. Sɛ wɔn adwene bu wɔn fɔ saa a, ɛma wɔn adwennwene yɛ kɛse kwa. Enti ɛbɛyɛ dɛn na saa atenka no afi hɔ?

Ade biako a ehia sɛ yɛkae ne sɛ mmarima ne mmea anokwafo bi a Bible ka wɔn ho asɛm botowee wɔ asetram ma enti wɔkekaa nsɛm bi a ɛmfata koraa. Bere bi, abusuasɛm bi haw agyapanyin Isak yere Rebeka paa maa no kae sɛ: “M’asetra afono me.” (Genesis 27:46) Hiob a ɔhweree ne mma, n’ahoɔden, n’agyapade, ne n’anuonyam no kae sɛ: “Me nkwa yɛ me kra nwini.” (Hiob 10:1) Mose su guu Nyankopɔn so bere bi sɛ: “Okum mmom na kum me.” (Numeri 11:15) Onyankopɔn diyifo Elia kaa no bere bi sɛ: “Ɛdɔɔso, afei, [Yehowa, NW], fa me kra.” (1 Ahene 19:4) Odiyifo Yona nso kaa no mpɛn pii sɛ: “Owu ye ma me sen nkwa.”—Yona 4:8.

Nsɛm a nkurɔfo yi kekae yi nti, Yehowa buu wɔn fɔ anaa? Dabi. Ɔkoraa so wɔ Bible mu mpo. Ehia sɛ yɛhyɛ no nsow mmom sɛ anokwafo no mu biara nni hɔ a ne haw no maa no kum ne ho. Ná wɔn ho hia Yehowa; ná ɔpɛ sɛ wɔtra ase. Asɛm no ara ne sɛ, abɔnefo nkwa mpo hia Onyankopɔn. Ɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔnsakra wɔn kwan na ‘wonnya nkwa.’ (Hesekiel 33:11) Ɛnde hwɛ sɛnea ɔpɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya n’anim dom no tra ase koraa!

Onyankopɔn ama yɛanya ne Ba no agyede afɔre no, Kristofo asafo no, Bible, ne hokwan a yɛde bɔ mpae. Mpaebɔ-kwan a yɛfa so ne Nyankopɔn kasa no so nyɛɛ ma da. Onyankopɔn betumi atie wɔn a wɔde ahobrɛase koma kɔ n’anim nokwaredi mu no, na obetie wɔn nso. “Enti momma yɛmfa nnam mmra ɔdom ahengua no anim, na yɛanya mmɔborohunu, na yɛahu ɔdom, na ɛbere a ɛsɛ mu aboa yɛn.”—Hebrifo 4:16.

[Adaka wɔ kratafa 28]

Wo Dɔfo Bi Akum Ne Ho Anaa?

Sɛ obi kum ne ho a, ɛde adwennwene pii bɛto n’abusuafo ne ne nnamfo paa so. Nnipa bebree ka sɛ wɔn na wɔama awerɛhosɛm no aba. Wɔkeka nsɛm bi te sɛ: ‘Sɛ metraa ne nkyɛn kyɛe kakra saa da no a,’ ‘Sɛ mekaa m’ano toom saa bere no a,’ ‘Sɛ meboaa no kakra kaa ho a.’ Nea wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ ara ne sɛ, ‘Sɛ meyɛɛ sei anaa sei a, anka me dɔfo yi anwu.’ Nanso wugye di sɛ ɛyɛ ne kwan so sɛ wobɛka sɛ wo na womaa obi kum ne ho?

Kae sɛ, sɛ obi kum ne ho wie a na wuhu sɛ ɔyɛɛ nneɛma bi kyerɛe sɛ ɔpɛ sɛ okum ne ho. Bere a onkum ne ho no de, ɛyɛ den sɛ wubehu. Bible ka sɛ: ‘Koma na enim ne kra awerɛhow, na n’anigye nso, ɔhɔho mfa ne ho mfra mu.’ (Mmebusɛm 14:10) Ɛtɔ da a, nea wobɛyɛ biara no, wunhu obi tirim asɛm anaa nea ɛhaw no. Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum wɔn ho no bebree ntumi nkyerɛkyerɛ nea ɛhaw wɔn paa no mu yiye nkyerɛ obiara, wɔn abusuafo paa mpo.

Giving Sorrow Words nhoma no ka nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ obi pɛ sɛ otwa ne nkwa so no ho asɛm sɛ: “Nokwasɛm no ara ne sɛ ɛyɛ den sɛ wubehu nsɛnkyerɛnne a ɛte saa.” Nhoma yi ara ka bio sɛ, sɛ wuhuu biribi mpo a, ɛnkyerɛ sɛ anka wubetumi ama no agyae wu. Wubetumi de Ɔhene Salomo nyansafo no nsɛm yi akyekye wo werɛ na woannwennwene anhaw wo ho: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Wɔnyɛ wo dɔfo no ayayade wɔ hellgya mu. Adwennwene ne ateetee a ɛmaa no kum ne ho no nso atwam. Onhu amane; gye ara na ɔregye n’ahome.

Seesei nea ehia sɛ woyɛ paa ne sɛ wobɛdwene ateasefo ho, a wo nso woka ho. Salomo toaa so sɛ: “Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ,” bere a wote ase yi. (Ɔsɛnkafo 9:10) Nya awerɛhyem sɛ nea ɛbɛto wɔn a wokum wɔn ho daakye de, ɛwɔ Yehowa, “mmɔborohunu agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn no” nsam.—2 Korintofo 1:3.a

[Ase hɔ nsɛm]

a Wubenya nea ɛbɛto wɔn a wokum wɔn ho no ho adwene a ɛfata wɔ “The Bible’s Viewpoint: Suicides—A Resurrection?” a ɛwɔ September 8, 1990, Engiresi Nyan! mu no mu.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]

Wo nkwa hia ebinom

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ka ho asɛm kyerɛ obi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena