Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 2/8 kr. 22-26
  • Ayeforohyia Da—Ɛyɛ Anigye Nanso Ɔbrɛ Wom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ayeforohyia Da—Ɛyɛ Anigye Nanso Ɔbrɛ Wom
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahosiesie
  • Ɛka Ahorow
  • So Ɛsɛ sɛ Yedi Amammerɛ Akyi?
  • Anigye ne Nkate
  • Ma W’ayeforohyia Da Nyɛ Anigye Kɛse na Ɛho Mmra Nyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • “Ɛda a Ɛyɛ Anigye Sen Biara Wɔ Yɛn Asetra Mu”
    Nyan!—2002
  • Aware A Nidi Wom Wɔ Onyankopɔn Ne Nnipa Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Ayeforohyia a Ɛhyɛ Yehowa Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 2/8 kr. 22-26

Ayeforohyia Da—Ɛyɛ Anigye Nanso Ɔbrɛ Wom

BIBLE da no adi sɛ Yehowa Nyankopɔn—a onim nnipa yiye sen obi foforo biara no—na ɔhyehyɛɛ aware a edi kan no. Ɔhyehyɛɛ aware sɛ adesamma abusua no fapem titiriw. (Genesis 2:​18-​24) Na wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible, a efi honhom mu mu no, yehu nnyinasosɛm ahorow a ebetumi akyerɛ yɛn kwan bere a yɛpɛ sɛ yehyia ayeforo no.

Sɛ nhwɛso no, Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo de ‘Kaesare de ma Kaesare.’ (Mateo 22:21) Enti, ɛsɛ sɛ wodi ɔman no mu mmara so. Aware a wɔde hyɛ mmara ase no bɔ awarefo no ho ban akwan pii so, na ɛkyerɛkyerɛ asɛyɛde ahorow a wɔwɔ mu, te sɛ mmofra no ho asɛyɛde (a nea ɛka ho ne wɔn asetrade ne nhomasua a wɔde bɛma wɔn) ne hokwan a wɔwɔ sɛ obi di ne yɔnko ade. Mmara ahorow nso wɔ hɔ a ɛbɔ abusuafo ho ban fi ayayade anaa basabasayɛ ho.a

Ahosiesie

Sɛ ɛbɛda adi sɛ ɔbarima ne ɔbea bi bɛware na sɛ aware no begyina Bible mmara ne nnyinasosɛm ne ɔman a wɔwom no mmara so a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wosusuw ho? Eyinom mu bi ne da a wɔde behyia ayeforo no ne ayeforohyia ko a wɔpɛ.

Nhoma bi ka adeyɛ yi ho asɛm sɛ: “Ebetumi aba sɛ awarefo no nsusuwii ne awofo no de nhyia, na ebia wontumi nhu sɛ wɔmpaw nea wɔn ankasa pɛ anaa wɔnyɛ nea abusua no pɛ.” Dɛn na wobetumi ayɛ? “Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobedi eyi ho dwuma, gye sɛ wɔyɛ anifere tie asɛm, susuw ɔhaw ahorow ho fefeefe, na wogye nhyehyɛe ahorow tom. Ɛyɛ bere a obiara brɛ wɔ nkate fam, na nsɛm ho a wobedi kan asusuw kakra ne ntease a wobenya bɛboa kɛse ma nhyehyɛe no ayɛ mmerɛw.”—The Complete Wedding Organiser and Record.

Ɛwom sɛ awofo a wɔwɔ dɔ no betumi ayɛ pii de ama nneɛma akɔ yiye de, nanso ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye na wɔansisi gyinae amma awarefo no. Ɔkwan foforo so no, ɛwom sɛ ayeforo ne ayeforokunu no na wosi gyinae a etwa to de, nanso ɛsɛ sɛ wotie afotu a aba wom no. Sɛ awarefo no resusuw nyansahyɛ ko a wɔpɛ sɛ wogye tom ho a, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔbɛkae Bible afotu yi: “Ade nyinaa ho kwan da hɔ, na ɛnyɛ ne nyinaa na eye; ade nyinaa ho kwan da hɔ, na ɛnyɛ ne nyinaa na ɛma nkɔso. Obiara nnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, na mmom ɔnhwehwɛ nea ɛyɛ ne yɔnko de.”—1 Korintofo 10:23, 24.

Nneɛma pii na ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ho ma, a ebi ne nsa a wɔbɛto afrɛ afoforo ne beae a wobehyia adidi anom. H. Bowman ka wɔ ne nhoma Marriage for Moderns mu sɛ: “Dodow a saa ahosiesie yi di mu na wɔda nhumu ne nhyehyɛe pa adi no, dodow no ara na ɔbrɛ ne ahoyeraw so tew.” Ɔbɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔ tebea a eye kyɛn biara mpo mu no, wɔbɛbrɛ kakra, na nyansa wom sɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi biara de atew ɔbrɛ no so.”

Nnwuma pii na ɛsɛ sɛ woyɛ, na ɛsɛ sɛ wugye ahɔho a wɔbɛba ani. So nnamfo ne abusuafo betumi atu wɔn ho ama aboa? So mubetumi de nneɛma bi a ɛnsɛ sɛ ayeforo ne ayeforokunu no ankasa yɛ no ahyɛ afoforo a wɔn ani ku asɛyɛde ho nsa?

Ɛka Ahorow

Sikasɛm ho nhyehyɛe a ɛfata ho hia. Ɛbɛyɛ nea ntease ne ɔdɔ nnim sɛ wɔbɛhwɛ kwan sɛ awarefo no anaa wɔn awofo bɛbɔ bosea de ayɛ ayeforohyia a ɛboro wɔn ahoɔden so. Nnipa pii a wobetumi ayɛ ayeforohyia a ɛsõ mpo paw sɛ wɔbɛyɛ no korokorowa. Sɛnea ɛte biara no, awarefo bi ahu sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔbɛyɛ ka ankasa a wosusuw sɛ wɔbɛbɔ no ho kyerɛwtohɔ. Ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so nso sɛ wubenya bere a ɛsɛ sɛ mode wie nneɛma nyinaa no ho kyerɛwtohɔ. Adwene mu kɛkɛ a mode bɛhyɛ sɛ mubewie biribi ɛda pɔtee bi no betumi ayɛ nhyɛso ɔkwan biara so.

Ɛka ahe na mobɛbɔ wɔ ayeforohyia no ho? Ɛsono baabiara ne nneɛma bo, nanso ɛmfa ho baabiara a wote no, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wubebisa wo ho sɛ: ‘So yebetumi atotɔ nneɛma a yɛayɛ sɛ yɛbɛtɔ no nyinaa? So ɛho hia ankasa?’ Tina, a wahyia ayeforo foforo no kae sɛ: “Nneɛma bi a na ɛte sɛ nea ‘ɛho hia kɛse’ saa bere no bɛyɛɛ nea ɛho nhia.” Susuw Yesu afotu yi ho: “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentra ase mmu ho akontaa ansa sɛ ɔwɔ nea ɔde betumi awie?” (Luka 14:28) Sɛ wuntumi ntɔ biribiara a wopɛ sɛ wotɔ a, yiyi nneɛma no bi fi mu. Sɛ wubetumi atotɔ pii mpo a, ɛho da so hia sɛ wonyɛ nneɛma kyenkyenee.

Wɔ Italy no, guasodeyɛ bi a wɔyɛ de bɔɔ nnwuma ne nneɛma a ebehia ama ayeforohyia ho dawuru no de akontaabu bi a ɛfa ka dodow a Italiani a ɔrehyia ayeforo betumi abɔ ho too gua. Ahoɔfɛ ntoaso ne ti asiesie, $450; kar a edi mu a wobegye atua ho ka, $300; video a wobetwa, $600; nhoma a wɔde ayeforohyia mfonini bɛhyehyɛ mu (mfonini no nka ho), $125-​500; nhwiren, $600; apontow, $45-​90 wɔ onipa biako biara ho; ayeforo atade, $1,200 rekɔ. Sɛ wususuw sɛnea adeyɛ no ho hia ho a, ɔpɛ a wubenya sɛ wobɛyɛ biribi titiriw bi no yɛ nea ntease wom. Nanso ɛsɛ sɛ mokari pɛ wɔ biribiara a musi gyinae sɛ mobɛyɛ mu.

Ɛwom sɛ ebinom sɛe sika pii de, nanso afoforo nya anigye sɛ wɔmmɔ ka pii—anaasɛ wɔyɛ saa esiane sɛ wonni biribi foforo biara a wɔbɛpaw nti. Ayeforo bi kae sɛ: “Ná yɛn baanu nyinaa yɛ akwampaefo [bere nyinaa asɛmpakafo], na na yenni sika biara, nanso na ɛmfa yɛn ho. M’asew bea tɔɔ ntama a yɛde bɛpam ntade no, na m’adamfo bi nso pam kyɛɛ me sɛ m’ayeforohyia akyɛde. Me kunu na ɔde ne nsa kyerɛw nsɛm a yɛde reto nsa afrɛ nkurɔfo no, na yɛn adamfo Kristoni bi de ne kar fɛm yɛn. Ɛdefa adidii no ho no, yɛtotɔɔ nneɛma a ɛho hia no, na obi maa yɛn nsa. Ná ɛnyɛ biribi a ɛboro so, nanso na ɛfata.” Sɛnea ayeforokunu bi kyerɛ no, sɛ abusuafo ne nnamfo yɛ mmoa a, “ɛka no so tew koraa.”

Ɛmfa ho sɛnea wɔn sikasɛm te biara no, ɛsɛ sɛ Kristofo awarefo kwati sɛ wɔbɛyɛ nneɛma aboro so, wɔmma ɛnyɛ sɛ wiase adeyɛ, na wɔkwati akɛsesɛm. (1 Yohane 2:​15-​17) Hwɛ awerɛhow a ɛbɛyɛ sɛ anigyede a ɛte sɛ ayeforohyia bɛma obi abu Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow a ɛfa anidahɔ a yɛbɛyɛ ho a ɛkasa tia potwaa, asabow, anaa biribi foforo biara a ɛbɛma ‘wɔanya obi ho asɛmmɔne aka’ so no!—Mmebusɛm 23:​20, 21; 1 Timoteo 3:2.

Kwati su a ɛne sɛ wobɛyɛ ayeforohyia a edi mu na ɛsen afoforo de no. Susuw nkataanim kyenkyenee bi a ayeforo baanu bi de guu wɔn ti wɔ ɔman bi mu no ho hwɛ—na nkataanim biako tenten yɛ mita 13 na na emu duru yɛ kilogram 220; na foforo no nso tenten yɛ mita 300, na na ɛhwehwɛ sɛ ayeforo mmaawa 100 na wosom. So ɛne Bible afotu a ɛfa ntease a yebenya na yɛansuasua afɛfɛsɛm a ɛte saa ho no hyia?—Filipifo 4:5.

So Ɛsɛ sɛ Yedi Amammerɛ Akyi?

Ɛsono ɔman biara ne sɛnea ayeforohyia ho amammerɛ te, na yɛrentumi nka ne nyinaa ho asɛm. Sɛ awarefo no resi gyinae sɛ wobedi amammerɛ bi akyi a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobisa wɔn ho sɛ: ‘Ase ne dɛn? So ɛbata gyidihunu a ɛkyerɛ siade anaa abawo ho—te sɛ ɛmo a wɔde bɛpete wɔn a wɔrehyia ayeforo foforo no so? So ɛbata atoro som anaasɛ nneyɛe foforo a Bible kasa tia ho? So ɛyɛ nea ntease nnim anaa ɛnkyerɛ ɔdɔ? So ebetumi ahyɛ afoforo aniwu anaasɛ ato wɔn hintidua? So ebetumi ama afoforo adwenem ayɛ wɔn naa wɔ nea awarefo no reyɛ no ho? So ɛyɛ nea nkurɔfo ani nnye ho?’ Sɛ mo adwene mu nteɛ mo wɔ saa nsɛm yi bi ho a, ɛbɛyɛ papa sɛ mobɛkwati saa amammerɛ no, na sɛ ɛho hia a, momma ahɔho a wɔbɛba no nni kan nhu gyinae a moasi no.

Anigye ne Nkate

Nkate a ɛda adi wɔ da kɛse yi mu no betumi ayɛ anigye na ebetumi ayɛ awerɛhow nso. Ayeforo bi ka sɛ: “Yɛn ani gyei yiye, na ayɛ sɛ dae bi a ɛrebam.” Nanso ayeforokunu bi ka sɛ: “Ná ɛyɛ da bɔne a ɛsen biara, nanso ɛno ne m’asetram da a edi mu sen biara. Me nsenom sui yiye efisɛ na wɔn babea panyin refi wɔn nkyɛn, me yere sui esiane sɛ na n’awofo resu nti, na awiei koraa no, me nso misui efisɛ na mintumi nhyɛ me ho so bio.”

Ɛnsɛ sɛ nneyɛe a ɛte sɛɛ yɛ yɛn nwonwa—ahoyeraw na ɛde ba. Na sɛ ɛtɔ mmere bi na nsɛnnennen ba abusuafo ntam, sɛ awarefo no mpo ntam a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. The Complete Wedding Organiser and Record ka sɛ: “Anyɛ yiye koraa no, ebia ɛno ne bere a edi kan a wɔreyɛ ade titiriw bi abom, na anigye a wonya no bɛka wɔn abusuabɔ ɔkwan biara so. Ɛnyɛ papa sɛ wo bo befuw esiane sɛ nneɛma nkɔ sɛnea wohwɛɛ kwan nti; afotu ne mmoa a wobɛhwehwɛ wɔ bere a ɛte sɛɛ mu no bɛyɛ mmoa kɛse.”

Ayeforokunu bi kae sɛ: “Ade a anka mɛkyerɛ ho anisɔ kɛse na sɛ me nsa anka a, anka menu me ho bere nyinaa ne ɔfotufo a metumi de me ho ato no so na maka me komam asɛm akyerɛ no.” Hena na obetumi adi asɛyɛde a ɛte saa ho dwuma yiye sen adamfo anaa busuani a ne ho akokwaw anaa Kristofo asafo no muni foforo a ɔwɔ suahu?

Sɛ awofo hu sɛ wɔn ba refi abusua no mu a, wɔn ani betumi agye, wɔahoahoa wɔn ho, wɔn ani agyina, na wɔabɔ hu. Nanso, ɛsɛ sɛ wofi ayamye mu hu sɛ bere asõ sɛ wɔn ba no ‘gyaw n’agya ne ne na,’ na ɔde ne ho kɔbata ne hokafo ho na ‘wɔyɛ honam koro’ sɛnea Ɔbɔadeɛ no hyehyɛe no. (Genesis 2:24) Bere a ɛna bi reka nea ɔyɛe bere a ne babarima panyin reware ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Misui, nanso sɛ saa awerɛhodi no da nkyɛn a, m’ani gyei sɛ manya asew a medɔ no ankasa.”

Nea ɛbɛyɛ na adeyɛ no ayɛ anigye na ayɛ nea ɛhyɛ nkuran no, ɛsɛ sɛ awofo da Kristofo su a ɛne biakoyɛ, kommyɛ, ayamye, ne boasetɔ adi—sɛ ayeforo ne ayeforokunu no araa.—1 Korintofo 13:​4-8; Galatifo 5:​22-​24; Filipifo 2:​2-4.

Ayeforo binom bɔ hu sɛ ebia nneɛma renkɔ yiye koraa wɔ ayeforohyia da no—ebia kar a wɔbɛtra mu kɔba bedwo na wɔaka akyi wɔ afahyɛ no ase, ebia osu bɛtɔ, anaasɛ ebia ayeforohyia atade no bɛsɛe awiei koraa. Ebetumi aba sɛ emu biara rensi. Nanso, susuw nneɛma ho yiye. Ɛnyɛ biribiara na ebetumi akɔ so pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ wugye huammɔdi ahorow tom. (Ɔsɛnkafo 9:11) Bɔ mmɔden sɛ womma w’anigye nyera bere a ɔhaw ahorow sɔre no, na nya adwene a ɛfata. Sɛ ɛba sɛ biribi ankɔ yiye a, kae sɛ daakye bi, mobɛka ho asɛm aserew. Mma ɔhaw nketenkete a ebesisi no nka ayeforohyia mu anigye no nhyɛ.

[Ase hɔ asɛm]

a Ɛdefa eyi ho no, aman ahorow bi bara mmea baanu aware, mogyafra, amimdi, aware mu basabasayɛ, ne mmofra aware.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]

“Nneɛma bi a na ɛte sɛ nea ‘ɛho hia kɛse’ saa bere no bɛyɛɛ nea ɛho nhia.”—TINA, AYEFORO BI

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 25]

NNEƐMA A MOBƐHWƐ SO ASIESIE MO HOb

Asram 6 anaa nea ɛboro saa

❑ Wo ne wo kunu anaa wo yere a worebɛware no, wo nsenom, ne awofo nsusuw nhyehyɛe no ho

❑ Munsusuw ayeforohyia ko a mopɛ sɛ moyɛ ho

❑ Monsese ɛho ka

❑ Munhu nneɛma a mmara hwehwɛ sɛ moyɛ

❑ Yɛ baabi a mobɛkɔ akohyia atie afotu anom anonne ho nhyehyɛe

❑ Hwehwɛ mfoninitwafo

Asram 4

❑ Paw (ntade dedaw a wowɔ no bi), tɔ, anaa pam ayeforohyia ntade

❑ nhwiren ho nhyehyɛe

❑ Yɛ nkratasin a mode bɛto nsa afrɛ afoforo ho nhyehyɛe

Asram 2

❑ Momfa nkratasin nkɔma wɔn a moreto nsa afrɛ wɔn no

❑ Tɔ nkawa

❑ Nya nkrataa a ɛho hia no

Ɔsram 1

❑ Munsusuw ayeforohyia ntade no nhwɛ

❑ Munsi nneɛma a mubehia ne nhyehyɛe foforo a moayɛ no pi

❑ Monkyerɛw nkrataa nkɔda ase wɔ akyɛde biara a mo nsa adi kan aka no ho

Dapɛn 2

❑ Mumfi ase mfa mo nneɛma nkɔ mo atrae foforo no

Dapɛn 1

❑ Hwɛ hu sɛ wɔn a wɔbɛboa mo nyinaa nim nea mohwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ

❑ Yɛ nhyehyɛe a ɛbɛma moasan de biribiara a mugye tuaa ho ko anaasɛ mokɔfɛmee asan akɔ

❑ Momfa nneɛma nhyehyɛ afoforo nsa sɛnea mubetumi

[Ase hɔ asɛm]

b Mubetumi asakra eyi mu ma ɛne mo hɔnom mmara ne mo ankasa nsɛm tebea ahyia.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

“Nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena