Bible no Adwene
Afobu Nka a Wɔte—So Bere Nyinaa na Enye?
NNIPA pii na wosusuw sɛ, ɛmfata sɛ obi bɛte afobu nka. Ebinom te nka sɛnea Germanni nyansapɛfo Friedrich Nietzsche a ɔkaa nea edi so yi tee nka no: “Afobu yɛ yare a ɛyɛ hu sen biara a adi ako wɔ onipa mu pɛn.”
Nanso nhwehwɛmufo binom adwene resesa afei. Ɔbenfo Susan Forward, oduruyɛfo ne nhoma kyerɛwfo a wogye no tom wɔ aman horow mu no, ka sɛ: “Afobu yɛ biribi titiriw a ɛkyerɛ sɛ obi wɔ nkate, na onim ne benkum ne ne nifa. Ɛyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ obi wɔ ahonim.” Ɛnde, so afobu nka a wɔte nyinaa na enye? So tebea horow bi wɔ hɔ a afobu nka a wɔte betumi aboa?
Dɛn Ne Afobu?
Yɛte afotu nka bere a yehu sɛ yɛahaw obi a yedwen ne ho anaasɛ yɛannu gyinapɛn bi a yɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yedu ho no. Sɛnea nhoma bi ka no, afobu yɛ “te a obi te nka sɛ ɔde ka esiane huammɔdi, mfomso, nsɛmmɔne anaa bɔne bi a wadi nti.”
Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔde afobu bataa tumi a Israelni bi antumi annu Onyankopɔn Mmara ho no ho—ɛho nsɛm dodow no ara na epue wɔ Leviticus ne Numeri nhoma no mu. Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, wɔntaa mfa asɛmfua no nni dwuma wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Nanso mpɛn kakraa bi a epue no, ɛtaa fa bɔne a anibere wom a wɔyɛ tia Nyankopɔn ho.—Marko 3:29; 1 Korintofo 11:27.
Awerɛhosɛm ne sɛ, yebetumi ate afobu nka bere a yennii fɔ ankasa. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi hwehwɛ pɛyɛ tra so na ɔhyehyɛ gyinapɛn ahorow a ntease nnim ma ne ho a, huammɔdi biara a ɛbɛba n’akwan mu no betumi ama wate afobu a ɛmfata nka. (Ɔsɛnkafo 7:16) Anaasɛ ebia yebetumi anu yɛn ho wɔ mfomso anaa bɔne bi a yɛayɛ ho araa ma yɛn ani awu wɔ ɔkwan a ɛmfata so na akowie sɛ yɛde asotwe a enhia aba yɛn ho so. Ɛnde, mfaso bɛn na ebetumi afi afobu nka a yɛte no mu aba?
Afobu Nka a Wɔte Betumi Ayɛ Ade Pa
Afobu nka a wɔte betumi ayɛ ade pa wɔ anyɛ yiye koraa no akwan abiɛsa so. Nea edi kan no, ɛkyerɛ sɛ yenim gyinapɛn ahorow a ɛfata. Ɛma yehu sɛ yɛn ahonim yɛ adwuma. (Romafo 2:15) Nokwarem no, nhoma bi a Amerika Adwenem Ayaresa Fekuw tintimii no daa no adi sɛ sɛ ɔmanfo nte afobu nka a, ebetumi asɛe nneɛma. Nnipa a wɔn ahonim asɛe anaa awu no ntumi nhu nsonsonoe a ɛda papa ne bɔne mu, na ɛno betumi ayɛ asiane.—Tito 1:15, 16.
Nea ɛtɔ so abien, yɛn ahonim a ebu yɛn fɔ no betumi aboa yɛn ma yɛakwati nneyɛe a ɛmfata. Sɛnea nipaduam yaw bi kae yɛn sɛ yɛanya yare bi no, saa ara na nkate fam yaw a ɛbata afobu ho no kae yɛn sɛ yɛwɔ abrabɔ anaa honhom fam haw bi a ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma. Sɛ yehu mmerɛwyɛ no a, ɛma yɛkwati koraa sɛ yɛrempira yɛn ho, yɛn adɔfo, anaa afoforo bio daakye.—Mateo 7:12.
Awiei koraa no, bɔne ho mpaemuka betumi aboa ɔbɔnefo no ne nea wɔyɛɛ no bɔne no. Sɛ nhwɛso no, Dawid bɔne no maa odii yaw kɛse. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mimuaa m’ano no, me nnompe gurowee, m’apini a misii daa nyinaa nti.” Nanso bere a awiei koraa Dawid kaa ne bɔne kyerɛɛ Nyankopɔn no, ɔde anigye too dwom sɛ: “Wode nkwagye nnwom atwa me ho ahyia.” (Dwom 32:3, 7) Bɔneka betumi ama nea wɔfom no no mpo anya ahomeka efisɛ sɛ obi gye ne mfomso tom a, etumi ma nea wɔfom no no nya awerɛhyem sɛ ɔbɔnefo no dɔ no, ɛno nti na wanu ne ho anaa odi ho yaw kɛse no.—2 Samuel 11:2-15.
Afobu Nka a Wɔte Ho Adwene a Ɛkari Pɛ
Nea ɛbɛyɛ na woanya afobu ho adwene a ɛkari pɛ no, hyɛ abirabɔ kɛse bi a ɛwɔ ɔkwan a Yesu ne Farisifo no buu abɔnefo ne bɔne mu no nsow. Wɔ Luka 7:36-50 no, yɛkenkan ɔbea bi a ne bra asɛe a ɔkɔɔ Farisini Simon fie no ho asɛm. Ná Yesu redidi wɔ hɔ. Owuraa hɔ komm kɔɔ Yesu nkyɛn de ne nusu hohoroo ne nan ho, na ɔde ngo huamhuam a ne bo yɛ den sraa ho.
Farisini nyamesomni no buu ɔbea yi animtia sɛ ɔnyɛ obi a ɛsɛ sɛ wodi no ni na wonya ne ho adagyew. Osee ne ho sɛ: “Onipa yi, sɛ ɔyɛ odiyifo a, anka obehu onii ne ɔbea ko a ɔde ne nsa ka no yi; na ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo.” (Luka 7:39) Yesu teɛɛ ne nsusuwii no ntɛm ara. Ɔkae sɛ: “Woamfa ngo ansra me tirim, na ɔbea yi de, ɔde ngo huamhuam asra me nan ho. Na eyi nti mise wo sɛ, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no afiri, efisɛ ɔdɔ pii.” Akyinnye biara nni ho sɛ nsɛm a efi ayamye mu yi kanyan ɔbea no na edwudwoo ne koma.—Luka 7:46, 47.
Ná Yesu remfoa ɔbrasɛe so ɔkwan biara so. Mmom no, na ɔrekyerɛ saa Farisini hantanfo no sɛ ɔdɔ ne ade titiriw a ɛsɛ sɛ ɛkanyan obi ma ɔsom Onyankopɔn. (Mateo 22:36-40) Nokwarem no, na ɛfata sɛ ɔbea no buu ne ho fɔ wɔ ne brabɔne a wɔabu atwam no ho. Ɛda adi pefee sɛ, na wanu ne ho, efisɛ osui, na wammɔ mmɔden sɛ obebu ne ho bem wɔ ne kan abrabɔ no ho, na otuu anammɔn pa de hyɛɛ Yesu anuonyam wɔ baguam. Bere a Yesu huu eyi no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu!”—Luka 7:50.
Nea ɛne no bɔ abira no, Farisini no kɔɔ so buu ɔbea no animtia sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo. Ebia na osusuw sɛ ɔnam n’anim ase a obegu so ‘de Onyankopɔn ho suro bɛhyɛ no mu.’ Nanso mmɔden a yɛbɛbɔ daa de ama afoforo ate nka sɛ wodi fɔ esiane sɛ wɔnyɛ nea yesusuw bere nyinaa nti no nkyerɛ ɔdɔ, na awiei koraa no, mfaso biara remma so. (2 Korintofo 9:7) Nea ebetumi ayɛ mfaso sen biara ne sɛ yebesuasua Yesu—denam nhwɛso pa a yɛbɛyɛ, afoforo a yɛbɛkamfo wɔn nokwarem, na yɛanya wɔn mu ahotoso ɛmfa ho mpo sɛ ɛtɔ mmere bi a animka ne afotu ho behia no so.—Mateo 11:28-30; Romafo 12:10; Efesofo 4:29.
Enti, afobu nka a yɛbɛte no betumi ayɛ ade pa, na ayɛ nea ɛho hia mpo, bere a yɛayɛ bɔne bi no. Mmebusɛm 14:9 (Knox) ka sɛ: “Agyimfo bu bɔne a ehia afɔrebɔ adewa.” Yɛn ahonim a ebebu yɛn fɔ no betumi ama yɛaka yɛn bɔne, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa nso. Nanso, bere nyinaa ade titiriw a ɛsɛ sɛ yegyina so som Yehowa ne ɔdɔ, na ɛnyɛ afobu. (Hiob 1:9-11; 2:4, 5) Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ sɛ nnipa komapafo nya nkuranhyɛ ne abotɔyam bere a eyi wɔ wɔn adwenem a, wɔbɛyɛ nea wobetumi nyinaa. Nea ehia sen saa no, wɔn ani begye sɛ wɔyɛ saa.