Ahude a Esisi, Anidaso a Ɛma
“ADAN A ATWA ME HO AHYIA NYINAA WOSOWEE NA OGYA TOTƆƆ MU. BERE A MEREGUAN NO, METEE SƐ NNIPA NYINAA RESU, REBƆ MPAE HWEHWƐ MMOA. MISUSUWII SƐ WIASE AWIEI NO ABA.”— G. R., OBI A OFI ASASEWOSOW BI MU KAE.
AFE biara, asasewosow ɔpepem pii sisi wɔ yɛn okyinnsoromma a etwa ne ho bere nyinaa yi so. Nokwarem no, emu dodow no ara yɛ nea yɛnte nka.a Nanso, sɛ yɛkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, asasewosow bɛyɛ 140 na esisi afe biara, na ɛsɛe ade ma enti yebetumi aka ho asɛm sɛ “emu yɛ den,” “ani soso,” anaa “ɛyɛ hu.” Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, eyi ama nnipa ɔpepem pii awuwu na agyapade a asɛe no yɛ nea yentumi nhu ano.
Asasewosow ma wɔn a wofi mu ka no di nkate fam yaw kɛse nso. Sɛ nhwɛso no, bere a asasewosow abien sii El Salvador wɔ 2001 mfiase no, saa ɔman no apɔwmuden asoɛe no boayikuw a ɛhwɛ de adwenem ayaresa ho afotu ma no titrani no kae sɛ: “Nkurɔfo rehyɛn adwene ne nneyɛe ho haw bere bi mu, na nea ɛde aba ne awerɛhow, abasamtu ne abufuw.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ, akwahosan ho adwumayɛfo a wɔwɔ El Salvador no bɔɔ amanneɛ sɛ ayarefo a wɔanya adwenemhaw ne adwennwen ntraso no dodow nyaa nkɔanim ɔha mu 73. Nokwarem no, akontaabu daa no adi sɛ nsu ne ade a edi kan a wɔn a wɔwɔ ogye nsraban mu no hia, na nea edi hɔ ne adwenemhaw ho ayaresa.
Nanso ɛnyɛ owu, adesɛe, ne abasamtu nko na asasewosow de ba. Wɔ nsɛm pii mu no, asiane ahorow yi aka nkurɔfo ama wɔada ayamye ne afɔrebɔ honhom soronko adi. Nokwarem no, ebinom ayɛ adwumaden de asiesie adan a asɛe ahyɛ wɔn a wɔn ho kaa mu no nkuran. Anidaso ho hann a ɛte saa no ahyerɛn wɔ ahude a asisi a ɛsen biara mpo mu, sɛnea yebehu no.
[Ase hɔ asɛm]
a Nea ɛka eyi ho ne asasewosow nketewa koraa, a mpempem pii sisi da biara no.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]
Wɔ Athens, Greece no, agya bi ani agye sɛ wɔayi ne ba abeawa a wadi mfe anum
[Asɛm Fibea]
AP Photos/Dimitri Messinis