Asasewosow Bi Ho Nhwehwɛmu
“YƐATRA ASASE A ETIM HƆ DENNEN SO ARAA MA SƐ EFI ASE WOSOW A NA ABUNKAM YƐN ADWENE SO.”—“THE VIOLENT EARTH.”
“ASASEWOSOW ka adebɔ mu tumi ahorow a ano yɛ den na ɛsɛe ade sen biara no ho,” saa na The World Book Encyclopedia ka. Saa asɛm no nyɛ nea wɔaka agugu mu, efisɛ ahoɔden a asasewosow a ano yɛ den gyae mu no boro ahoɔden a atom ɔtopae a wodii kan toe gyaee mu no mpɛn 10,000! Nea ɛma ade no yɛ hu kɛse koraa ne sɛ asasewosow tumi si wɔ tebea biara mu, ne bere biara. Na ɛwom sɛ nyansahufo betumi ahu baabi a asasewosow a ano yɛ den bi betumi asi de, nanso wontumi nkyerɛ bere ko.
Asasewosow si bere a abotan pii sesa wɔn dabere wɔ asase mu no. Saa adeyɛ yi kɔ so daa. Mpɛn pii no, dabere a wɔsesa no nnyigyei ano nyɛ den sɛnea yɛbɛte wɔ asase ani, nanso asasewosow afiri betumi ahu na ayɛ ho kyerɛwtohɔ.a Ɛtɔ mmere bi a, abotan akɛse paapae na ɛtwetwe kɔ mmeae foforo, na twetwe a ɛtwetwe no ano yɛ den yiye ma ɛwosow asase no kɛse.
Nanso dɛn nti na asase no keka ne ho bere nyinaa? Ɔman Asoɛe a Ɛhwɛ Asasewosow Ho Nsɛm So (NEIC) no ka sɛ: “Nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ asase no mu akyekyɛ nketenkete na etumi keka ne ho, adwene a asesa nnipa nsusuwii wɔ asase ho nyansahu mu no, bɛma yɛanya mmuae no.” NEIC de ka ho sɛ: “Yenim sɛ asase nkyekyɛm akɛse ason na ɛwɔ hɔ, na ason yi nso mu akyekyɛ nketenkete bebree, na ne nyinaa bom twetwe kɔ mmeae foforo bere nyinaa, na ɛtwetwe milimita 10 kosi 130 afe biara.” NEIC ka sɛ, asasewosow dodow no ara si wɔ mmeae a akwan a ɛdeda abotan no ntam susua no. Saa mmeae yi na asasewosow akɛse ɔha mu 90 tumi sisi.
Ne Kɛse ne Emu Den
Nea wɔde hu asasewosow bi ano den ne ne kɛse ne emu den. Charles Richter yɛɛ nsenia bi wɔ 1930 mfe no mu a wɔde susuw asasewosow kɛse. Bere a asasewosow dwumadibea ahorow no yɛɛ pii no, wogyinaa Richter nsusuwii no so yɛɛ nsenia afoforo. Sɛ nhwɛso no, nea wɔfrɛ no moment nsenia no susuw ahoɔden a ɛde asasewosow no ba no.
Nokwarem no, ɛnyɛ bere nyinaa na nsenia ahorow yi da adesɛe a asasewosow bi de ba no adi. Susuw asasewosow bi a esii wɔ Bolivia atifi fam wɔ June 1994 mu ho hwɛ; na ne kɛse yɛ 8.2, na wɔbɔ amanneɛ sɛ ekum nnipa baanum pɛ. Nanso, asasewosow a esii wɔ Tangshan, China, wɔ 1976 mu—a na ne kɛse yɛ 8.0 no—kunkum nnipa ɔpehaha pii!
Nea ɛne asasewosow kɛse bɔ abira no, asasewosow mu den kyerɛ ɔhaw a asasewosow de ba nnipa, adan, ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia so. Eyi ma yehu sɛnea asasewosow bi mu yɛ den fa ankasa. Nokwarem no, asasewosow no ankasa ntaa mpira nnipa. Mmom no, afasu a ebubu, gas nnurubɛn a ɛpaapae anaa anyinam ahoɔden nhama a ɛsɛe, nneɛma a ɛkeka hwe, ne nea ɛtete saa no na epirapira nnipa dodow no ara kunkum wɔn.
Asasewosow ho animdefo botae biako ne sɛ wobetumi de asasewosow ho kɔkɔbɔ adi kan ama. Wɔreyɛ nhyehyɛe bi a wɔde behu baabi a asasewosow besi a wɔfrɛ no Asasewosow Ho Nhwehwɛmu a Ɛkɔ Akyiri ne Ɛho Nhyehyɛe. Sɛnea CNN amanneɛbɔ bi kyerɛ no, saa nhyehyɛe yi—ne nsɛm a saa nhyehyɛe yi ma wonya ne mfiri foforo a ano yɛ den a ɛboa ma wonya nsɛm no—bɛboa mpanyimfo no ma “bere nyinaa wɔatumi akyerɛ mmeae a asasewosow asɛe ade kɛse no ntɛm ara.” Eyi nso bɛma ayɛ mmerɛw ama mpanyimfo no sɛ wɔde mmoa bɛkɔ mmeae a ɔhaw asi no.
Ɛda adi sɛ, ahoboa a yɛbɛyɛ ama asasewosow no betumi atew opira, ne adesɛe so na—nea ehia sen biara no—akora nkwa so. Nanso asasewosow kɔ so sisi. Enti asɛmmisa no sɔre sɛ: Ɔkwan bɛn so na wɔaboa ma nnipa agyina ɔhaw a efi mu ba no ano?
[Ase hɔ asɛm]
a Asasewosow afiri yɛ afiri bi a wɔde susuw asase no ahokeka yɛ ho kyerɛwtohɔ bere a asasewosow bi si no. Wɔyɛɛ afiri a edi kan no wɔ 1890 mu. Ɛnnɛ, asasewosow mfiri bɛboro 4,000 na ɛyɛ adwuma wɔ wiase nyinaa.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 19]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Asasewosow Ahe Na Esisi?
Afiri a Ɛkyerɛ Asasewosow Dodow a Esi
Ne Kɛse Bi Kɛse Afe Biara
Ɛyɛ Hu 8 ne nea ɛboro saa 1
Ani Soso 7-7.9 18
Emu Yɛ Den 6-6.9 120
Ɛhɔ ne Hɔ 5-5.9 800
Ano nyɛ den 4-4.9 6,200*
Esua 3-3.9 49,000*
Esua koraa <3.0 Ne kɛse 2-3:
bɛyɛ 1,000da biara
Ne kɛse 1-2:
bɛyɛ 8,000 da biara
* Saa na wosusuw.
[Asɛm Fibea]
Source : National Earthquake Information Center By permission of USGS/National Earthquake Information Center, USA
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 19]
Seismogram on pages 18 and 19: Figure courtesy of the Berkeley Seismological Laboratory