Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 4/8 kr. 12-13
  • So Ɛsɛ sɛ Kristofo Hwɛ Onyankopɔn Ahobammɔ Kwan?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ sɛ Kristofo Hwɛ Onyankopɔn Ahobammɔ Kwan?
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anwonwakwan so Ahobammɔ a Ɛwɔ Bible Mu
  • Nea Enti a Nneɛma Bɔne To Onyankopɔn Asomfo Anokwafo
  • Sɛnea Yehowa Bɔ ne Nkurɔfo Ho Ban Nnɛ
  • Onyankopɔn Yɛ Ade Sɛnea ne Pɛ Te
  • Tumi a Ɔde Bɔ Ne Nkurɔfo Ho Ban—“Onyankopɔn Yɛ Yɛn Guankɔbea”
    Bɛn Yehowa
  • ‘Yehowa Rennyaw Ne Man’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Onyankopɔn Ho a Ɔde Gye Nsɛm Mu—Dɛn Na Yebetumi Ahwɛ Kwan?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nokware Kristofo Betumi Ahwɛ Onyankopɔn Ahobammɔ Kwan?
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 4/8 kr. 12-13

Bible no Adwene

So Ɛsɛ sɛ Kristofo Hwɛ Onyankopɔn Ahobammɔ Kwan?

Bible no taa ka bɔ a Onyankopɔn bɔ n’asomfo ho ban fi ɔhaw ho no ho asɛm. Ɔhene Dawid kae sɛ: “[Yehowa, NW], yi me fi onipa bɔne nsam, bɔ me ho ban, ɔbarima kokobirifo ho.” (Dwom 140:1) Ɛnnɛ, Onyankopɔn asomfo pii hyia basabasayɛ, nsɛmmɔnedi, anaa asiane bi a ɛtoo wɔn a wɔanwu anaa wɔampira. Ebinom asusuw sɛ ebia Onyankopɔn bɔɔ wɔn ho ban anwonwa kwan so wɔ tebea horow a ɛte saa mu, ne titiriw esiane sɛ bere bi nkurɔfo bi a wosuro Onyankopɔn antumi ankwati tebea a ɛtete saa na mmom wohyiaa asiane a ɛyɛ hu, na mpo wowuu atɔfowu no nti.

SO Yehowa Nyankopɔn bɔ ebinom ho ban fi asiane ho nanso ɔmmɔ afoforo ho ban? So ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebenya anwonwakwan so ogye afi basabasayɛ ne asiane ahorow mu nnɛ?

Anwonwakwan so Ahobammɔ a Ɛwɔ Bible Mu

Kyerɛwtohɔ pii wɔ Bible no mu a ɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn de ne ho gyee n’somfo nsɛm mu anwonwakwan so. (Yesaia 38:​1-8; Asomafo no Nnwuma 12:​1-​11; 16:25, 26) Afei nso Kyerɛwnsɛm no ka sɛnea wɔannye Yehowa asomfo amfi amane mu wɔ mmere ahorow bi mu ho asɛm. (1 Ahene 21:​1-​16; Asomafo no Nnwuma 12:​1, 2; Hebrifo 11:35-​38) Enti ɛda adi sɛ, bere biara a Yehowa pɛ no, obetumi de ahobammɔ ama wɔ nsɛm tebea pɔtee bi mu anaa atirimpɔw foforo bi ho. Enti sɛ wɔannye Kristofo binom amfi sɔhwɛ ahorow mu a, ɛnsɛ sɛ wɔka sɛ Onyankopɔn agyaw wɔn. Ɛsɛ sɛ yegye nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nneɛma bɔne betumi ato Yehowa asomfo anokwafo mpo no tom. Dɛn nti na eyi te saa?

Nea Enti a Nneɛma Bɔne To Onyankopɔn Asomfo Anokwafo

Ade biako nti a eyi te saa ne sɛ yɛn nyinaa nyaa bɔne ne sintɔ fii Adam ne Hawa hɔ. Enti yebetumi ahyia ɔyaw, amanehunu, ne owu. (Romafo 5:​12; 6:​23) Ade foforo nso ne sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu. Bible no ka yɛn bere yi mu nnipa ho asɛm sɛ “wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa.” (2 Timoteo 3:1-5) Eyi ho adanse ne mmonnaato a abu so, nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie, awudi ne nsɛmmɔnedi horow a ɛyɛ hu.

Onyankopɔn asomfo pii na wɔne basabasayɛfo te na wɔne wɔn yɛ adwuma, na ɛtɔ mmere bi mpo a basabasayɛfo de wɔn ani si wɔn so. Yebetumi akɔ tebea bi a ɛde yɛn nkwa bɛto asiane mu mu esiane sɛ ebia yɛkɔɔ baabi wɔ bere a enye mu nti. Afei nso yehyia tebea a Salomo kaa ho asɛm bere a ɔkae sɛ ‘ɛbere ne asiane to wɔn nyinaa’ no.​—Ɔsɛnkafo 9:11.

Bio nso, ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ esiane sɛ Kristofo som Onyankopɔn nti wɔbɛtaa wɔn. Ɔkae sɛ: “Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.” (2 Timoteo 3:12) Wɔ mfe kakra a abɛsen mu no, eyi abam wɔ aman pii so.

Enti wɔn a wɔsom Onyankopɔn mfaa wɔn ho nnii wɔ basabasayɛ, nsɛmmɔnedi, asiane, anaa akwanhyia wu ho. Satan abɔ mmɔden sɛ ɔde asɛm a ɛne sɛ Yehowa abɔ Ne nkurɔfo ho ban ahyia enti amanehunu nto wɔn no bedi dwuma. (Hiob 1:​9, 10) Ɛnyɛ saa na asɛm no te. Nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ Yehowa anyi yɛn amfi tebea bi mu anwonwa kwan so mpo a, ɔbɔ ne nkurɔfo ho ban.

Sɛnea Yehowa Bɔ ne Nkurɔfo Ho Ban Nnɛ

Yehowa nam N’asɛm so de n’akwankyerɛ a ɛbɔ ne nkurɔfo ho ban ma. Honhom fam yiyedi ne Bible mu nimdeɛ betumi ama yɛde atɛmpa adi dwuma na ebetumi aboa yɛn ma yɛakwati mfomso ahorow na yɛasi gyinae horow a nyansa wom. (Dwom 38:4; Mmebusɛm 3:​21; 22:3) Sɛ nhwɛso no, Bible afotu a ɛfa nna mu abrabɔ pa, abufuw, ne basabasayɛ akyi a yedi ho no ama amanehunu pii apa Kristofo ti so. Afei nso, esiane sɛ yɛne nnipa abɔnefo mmɔ fekuw nti, ɛda adi sɛ yɛntra beae a ebia nneɛma bɔne sisi​—wɔ beae a ennye wɔ bere a ɛmfata mu. (Dwom 26:​4, 5; Mmebusɛm 4:​14) Mpɛn pii no, wɔn a wɔde Bible nnyinasosɛm tra ase no nya asetra pa, na nea ekowie ne adwenem ne honam fam akwahosan pa.

Nea ɛyɛ awerɛkyekye kɛse koraa ne sɛ, sɛ Onyankopɔn ma nneɛma bɔne ho kwan ma esisi mpo a, ɔbɛma n’asomfo ahoɔden a ehia a wobetumi de agyina ano. Ɔsomafo Paulo ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mutumi so, na mmom ɔbɛma ɔkwan a mode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi asoa.” (1 Korintofo 10:13) Afei nso, Bible hyɛ bɔ sɛ, yebenya “tumi a ɛboro so” a ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina ano.​—2 Korintofo 4:7.

Onyankopɔn Yɛ Ade Sɛnea ne Pɛ Te

So ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ kwan sɛ Onyankopɔn begye wɔn anwonwa kwan so wɔ asiane biara a ebesi ho? Bible mu kyerɛwtohɔ mfoa akwanhwɛ a ɛte saa so.

Ɛwom, Yehowa Nyankopɔn betumi apaw sɛ ɔde ne ho begye n’asomfo mu biara nsɛm mu tẽẽ. Na sɛ obi gye di sɛ wakwati ɔhaw bi denam gye a Onyankopɔn de ne ho gyee ne nsɛm mu a, ɛnsɛ sɛ wɔkasa tia no. Na sɛ Yehowa paw sɛ ɔmmfa ne ho nnye nsɛm bi mu a, ɛnsɛ sɛ yebu no da sɛ yɛahwere n’anim dom.

Momma yennya awerɛhyem sɛ ɛmfa ho sɔhwɛ anaa tebea biara a yehyia no, Yehowa bɛbɔ n’asomfo anokwafo ho ban denam tebea no a ebia obeyi afi hɔ, ahoɔden a ɔbɛma yɛanya de agyina ano, anaasɛ sɛ yewu a, nyan a obenyan yɛn aba daa nkwa mu wɔ ne wiase foforo mu no so.​—Dwom 37:10, 11, 29; Yohane 5:​28, 29.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena