Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 8/8 kr. 24-27
  • Biribi a Yebesua Afi Afeha a Edi Kan Mu Kristofo no Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Biribi a Yebesua Afi Afeha a Edi Kan Mu Kristofo no Hɔ
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tra a Yɛbɛtra Ase ‘Ama Kristo’
  • Womfi Wiase
  • ‘Tie Onyankopɔn Sɛ Sodifo Mmom Sen Nnipa’
  • Asuade a Yebetumi Anya
  • Daakye a Ɛyɛ Anigye
  • ‘Wɔnyɛ Wiase no Fã’
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Onyankopɔn A Yɛne No Bɛnantew Wɔ Basabasayɛ Wiase Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • “Womfi Wiase”
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Wiase a Akodi Nnim Bɛba Nnansa Yi Ara
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 8/8 kr. 24-27

Biribi a Yebesua Afi Afeha a Edi Kan Mu Kristofo no Hɔ

“Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase mfitiasesɛm so na ɛnnam Kristo so ammɛfa mo nnommum.”—Kolosefo 2:8.

ƐNO ne kɔkɔbɔ a ɔsomafo Paulo de maa afeha a edi kan mu Kristofo no faa asiane a ɛwɔ nnipa nyansapɛ a wobebu wɔn ani agu nneɛma so adi akyi mu no ho. Ná wobetumi de wɔn ho ato akwankyerɛ a edi mu a Yesu ne n’asomafo de mae no so, nkyerɛkyerɛ a na ɛde nhyira pii abrɛ wɔn dedaw no, anaasɛ na wobetumi agyae wɔn ho mu ama nnipa nkyerɛkyerɛ a ɛsakra daa no, adeyɛ a na ɛde yaw ne amanehunu abrɛ ɔpepem pii dedaw no.—1 Korintofo 1:19-21; 3:18-20.

Tra a Yɛbɛtra Ase ‘Ama Kristo’

Mmeamudua ho akofo a wɔtraa ase bɛyɛ mfirihyia apem a atwam no antumi ansusuw sɛ tra a wɔbɛtra ase ‘ama Kristo’ no kyerɛ pii sen sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ wodi Yesu Kristo akyi kɛkɛ. (Mateo 7:21-23) Nea ɛkyerɛ ne sɛ wɔbɛtra ase koraa ma ɛne Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible a efi honhom mu no mu ahyia. (Mateo 7:15-20; Yohane 17:17) Yesu Kristo kae sɛ: ‘Sɛ motra m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa.’ (Yohane 8:31) Ɔkae sɛ: ‘Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.’—Yohane 13:35.

Nokwarem no, na saa mmeamudua ho akofo no ‘agyae wɔn ho mu ama nnipa nkyerɛkyerɛ.’ Na ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔdaadaa mpapahwekwa bere a wɔn nyamesom mu akannifo, wɔn asɔfo mpanyin mpo, ‘de wɔn ho hyɛɛ sraadi mu no.’ Cyclopedia of Biblical, Theological, and Ecclesiastical Literature a McClintock ne Strong yɛe no ka sɛ: “Ɔko honhom bi daa adi kɛse wɔ asɔfo no mu araa ma bere biara a wonim sɛ [ɛno nti] wobenya mfaso bi no, na wɔyɛ krado sɛ wɔbɛko.”

Dɛn na ɛkɔfaa saa tebea bɔne yi bae? Bere a afeha a edi kan mu Kristofo asomafo no wuwui no, asɔre akannifo a wɔawae no kɔɔ so man fii Kristo nkyerɛkyerɛ ho, sɛnea Onyankopɔn Asɛm ka siei no. (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Awiei koraa no, asɔre a aporɔw no de ne ho hyehyɛɛ wiase nsɛm mu. Wɔ afeha a ɛto so anan mu no, Roma Hempɔn Constantine kyerɛe sɛ wadan Kristoni bere a na aka kakra ma wawu no. Afei, Cyclopedia no ka sɛ, “Mmeamudua no a wɔdan no honi no ma ɛbɛyɛɛ ɔhyɛ sɛ Kristoni biara bɛsom sɛ sraani.”

Nokwarem no, na Kristofo nni ahyɛde a ɛte saa ase ankasa. Nanso “nnaadaasɛm” a ɛwɔ nnipa nyansapɛ mu no ma wobuu wɔn ani guu nea na Kristo gyina hɔ ma no so koraa. (Kolosefo 2:4) Wɔde nnaadaasɛm bi adi dwuma bere tenten de akyerɛ sɛ ɔko ne ntawntawdi fata. Nanso, Cyclopedia no ka sɛ, sɛ́ onipa a ɔwɔ ahummɔborɔ na okura nsusuwii pa de ne ho bɛhyɛ “ɔko ho atirimɔdensɛm mu, sɛnea ebinom de wɔn ho hyɛɛ mu nkakrankakra wɔ tete anaa nnɛ mmere yi mu no ntumi nyɛ biribi a ɛne . . . Kristosom nnyinasosɛm hyia koraa.”

Ɔsom ahorow a wɔnyɛ Kristoman no nso adi ako wɔ mfehaha no nyinaa mu. Te sɛ Kristoman asɔre ahorow no, wɔakunkum wɔn ankasa som mufo ne afoforo esiane ɔman, amanyɔsɛm, ne ɔsom mu nsonsonoe nti. Wɔnam basabasayɛ anaa ahunahuna so atwe afoforo aba wɔn som mu. Wɔn mu binom de wɔn ho ahyɛ okunkɛse a akɔ so wɔ abakɔsɛm mu no mu de abɔ mmɔden sɛ wɔn nsa bɛka nea wɔhwehwɛ. Wɔnyɛ soronko wɔ Kristoman som ahorow no ho.

Womfi Wiase

Ɛyɛɛ dɛn na afeha a edi kan mu Kristofo no tumi twee wɔn ho fii mogyahwiegu akodi ne amammuisɛm a ɛkɔɔ so wɔ wɔn bere so no ho? Nnyinasosɛm atitiriw abien na ɛboaa wɔn. Nea edi kan no, bere a ɔsomafo Petro twee nkrante sɛ ɔde bɛbɔ Yesu ho ban no, Yesu hyɛɛ no sɛ: “Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.” (Mateo 26:52) Nea ɛto so abien ne nsɛm a Yesu ka kyerɛɛ Pilato bere a obisaa ahenni ko a Yesu ho wom ho asɛm no: “M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha.”—Yohane 18:36.

Ɔkwan bɛn so na afeha a edi kan mu Kristofo no de saa nnyinasosɛm no dii dwuma? Wɔtwee wɔn ho fii wiase no ho koraa, na wɔannya ɔfã biara wɔ amammui ne sraadi ho nsɛm mu. (Yohane 15:17-19; 17:14-16; Yakobo 4:4) Wɔamfa akode anni dwuma antia wɔn yɔnko nnipa. Ɛda adi wɔ abakɔsɛm mu sɛ afeha a edi kan mu Kristofo no amfa wɔn ho ammɔ Yuda man no fekuw ahorow ne Roma asraafo a na wodi wɔn so no. Bere koro no ara no, wɔammɔ mmɔden ankyerɛ amammui akannifo no nea wɔnyɛ, efisɛ na ɛno yɛ aban akannifo no ankasa asɛm.—Galatifo 6:5.

Justin Martyr, a ɔtraa ase afeha a ɛto so abien Y.B. mu no kyerɛw biribi faa Kristofo a ‘wɔde wɔn nkrante bobɔɔ nsɔw’ no ho. (Mika 4:3) Bere a na Tertullian rebua wɔn a wɔkasa tia gyinabea a Kristofo wom no, obisae sɛ: “So ɛyɛ mmara sɛ yɛbɛkɔ sraadi, bere a Awurade kyerɛ sɛ nea ɔtwe nkrante bewu wɔ nkrante ano no?”

‘Tie Onyankopɔn Sɛ Sodifo Mmom Sen Nnipa’

Ɔko a na tete Kristofo no nkɔ no amma nneɛma anyɛ mmerɛw amma wɔn. Ná etia gyidi ahorow a nkurɔfo gye tom saa bere no. Celsus, a na ɔsɔre tia Kristosom no, dii wɔn gyinabea no ho fɛw. Ná ne gyidi ne sɛ ɛsɛ sɛ obiara kɔ ɔko bere a atumfoɔ no hwehwɛe sɛ wɔyɛ saa no. Ɛmfa ho nitan bebrebe no, tete Kristofo no anni nnipa nyansapɛ a na ɛne Kristo nkyerɛkyerɛ bɔ abira no akyi. Wɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.”—Asomafo no Nnwuma 4:19; 5:29.

Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ adi wɔn nhwɛso no akyi. Wɔ Nasi Germany sɛ nhwɛso no, wɔpoe koraa sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ Hitler awudi akodi no mu. Wɔpɛe sɛ wɔbɛtaa wɔn atirimɔden so, na sɛ ɛho behia mpo a, wɔawu mmom sen sɛ wobegyae ɔfã biara a Kristofo nni no mu asiesie. Wɔbɔ amanneɛ sɛ “wɔn mu fã” na Nasifo “de wɔn guu afiase, na wɔn mu nkyem anan mu biako na wokunkum wɔn” esiane Bible nnyinasosɛm mu a wokurae nti. (Of Gods and Men) Enti, nnipa ɔpepem pii a wokunkum wɔn wɔ Wiase Ko II mu no mu biako mpo nni hɔ a Yehowa Dansefo bi na okum no. Sɛ́ anka Adansefo no bekum afoforo no, wonyaa ɔpɛ mmom sɛ wɔde wɔn nkwa bɛbɔ afɔre, sɛnea wɔn mu pii yɛe no.

Asuade a Yebetumi Anya

Asuade bɛn na abakɔsɛm betumi ama yɛanya? Nokwarem no, emu biako ni: Nnipa nyansapɛ ama nitan ne mogyahwiegu akɔ so wɔ aman ne nkurɔfo ntam bere nyinaa. Ɔsɛnkafo 8:9 ka ma ɛfata sɛ: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” Na yehu nea enti a eyi te saa no wɔ Yeremia 10:23, baabi a Onyankopɔn Asɛm ka eyi no: “Onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” Dabi, Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ wɔn ankasa nni wɔn ho so, a ne mmoa nka ho. Wɔamma wɔn saa tumi yi. Nea asisi wɔ abakɔsɛm mu nyinaa kyerɛ saa.

Seesei, sɛ́ ankorankoro no, yɛrentumi nsakra nea amanaman no akannifo yɛ no bere a wɔsan yɛ awerɛhosɛm a atwam no, na saa ara na wɔmmaa yɛn tumi sɛ yɛmma wɔmfa ɔkwan pɔtee bi so. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma wɔdaadaa yɛn ma yɛde yɛn ho hyɛ wɔn ntawntawdi no mu na yenya mu kyɛfa. Yesu ka faa n’akyidifo ho sɛ: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” (Yohane 17:14) Nea ɛbɛyɛ na yɛmfa yɛn ho nhyɛ wiase ntawntawdi mu no, ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn Asɛm, Bible, no kyerɛ yɛn kwan—na ɛnyɛ nnipa nyansapɛ a ɛsakra daa no.—Mateo 7:24-27; 2 Timoteo 3:16, 17.

Daakye a Ɛyɛ Anigye

Onyankopɔn Asɛm a wotumi de ho to so no ma yenya nea atwam ne nea ɛkɔ so nnɛ nyinaa ho nimdeɛ. Ɛma yenya daakye ho anidaso pa nso. (Dwom 119:105; Yesaia 46:9-11) Ɛma yehu atirimpɔw a Onyankopɔn kura ma okyinnsoromma yi pefee. Ɔremma nnipa nsɛe asase no denam tumi mmoroso a nyansahu ne nyansahu mu nimdeɛ ama wɔanya a wɔde di dwuma ɔkwan a nyansa nnim so no so. Ɔbɛhwɛ ahu sɛ asase yi bedu Paradise tebea a ɔbɔɔ ne tirim mfiase no ho.—Luka 23:43.

Ɛdefa eyi ho no, Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so na wɔatu nkontompofo afi so.” (Mmebusɛm 2:21, 22) Eyi bɛbam nnansa yi ara, bere a mmere dennen a yɛwom yi di adanse sɛ yɛte mprempren nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” mu no. (2 Timoteo 3:1-5, 13) Na ɔkwan biara so no, wɔakan nna a edi akyiri yi nna; ne nna resã. Bible nkɔmhyɛ kyerɛ yɛn sɛ: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17; Daniel 2:44.

Ɛrenkyɛ Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no’ na ɔde wiase foforo a “trenee te mu” asi mprempren basabasayɛ wiase no ananmu. (Adiyisɛm 11:18; 2 Petro 3:10-13) Saa bere no, “ɔbɛpopa wɔn” a wɔbɛka no “aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.” (Adiyisɛm 21:1-4) Akodi ne basabasayɛ betwam koraa, bere a nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 2:4 bam koraa no: ‘Wɔde wɔn nkrante bɛbobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.’ Wo nso wubetumi anya daakye a ɛyɛ anigye a ɛtra hɔ daa no mu kyɛfa bere a wusua biribi fi abakɔsɛm mu no.—Yohane 17:3.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]

Yehowa Adansefo asua biribi afi afeha a edi kan mu Kristofo no hɔ

[Mfonini wɔ kratafa 24, 25]

Yesu kae sɛ n’ahenni mfi wiase

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Onyankopɔn Asɛm hyɛ daa nkwa wɔ pɛyɛ mu wɔ paradise asase so ho bɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena